Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘W’anim Yɛ Nyam Sen Mmepɔw No’

‘W’anim Yɛ Nyam Sen Mmepɔw No’

Sɛnea Yehowa Abɔde Yɛ Fɛ

‘W’anim Yɛ Nyam Sen Mmepɔw No’

BEPƆW FUJI atifi a wogyina hwɛ owiapuei yɛ osuahu a werɛ remfi da. Owia hann a ɛte sɛ gyaframa no tɔ asase no so, na ɛma sukyerɛma ne ɔbotan nsõnso no hyerɛn. Wɔ bere a da foforo refi ase no, bepɔw no sunsuma a wohu no fann no trɛw akwansin pii ntɛmntɛm fa siw ne abon no so.

Te sɛ Bepɔw Fuji—a bere bi na wɔde nsɛmfua a ɛkyerɛ “nea biribiara ne no nsɛ” ka ho asɛm—no, mmepɔw akɛse ma yɛn ho kɔ so dwiriw yɛn daa. Nokwarem no, ebia sɛnea mmepɔw no yɛ akɛse fa no ma yɛn ho dwudwo! Mmepɔw no wɔ anuonyam araa ma nnipa pii agye di sɛ mmepɔw atifi a ɛwɔ soro paa, a mpɛn pii no, omununkum ne osuwusiw akata hɔ no yɛ anyame atrae.

Onyankopɔn koro pɛ a mmepɔw atenten yi no ayɛ ankasa ne wɔn Bɔfo a ne ho akokwaw yiye no, Yehowa. Ɔno nkutoo ne ‘nea Ɔnwenee mmepɔw’ no. (Amos 4:13) Ɛkame ayɛ sɛ asase no nkyem anan mu biako yɛ mmepɔw, na bere a Onyankopɔn bɔɔ yɛn asase yi no, ɔyɛɛ tumi a awiei koraa no ɛmaa mmepɔw atenten ne mmepɔw a ɛtoatoam a ɛyɛ fɛ bae ho nhyehyɛe. (Dwom 95:4) Sɛ nhwɛso no, wogye di sɛ Himalayas ne Andes mmepɔw a ɛtoatoam no bae bere a asase no wosowee na dɔte hyehyew a ɛwɔ asase no ase paa no puw beguu asase no ani no.

Nnipa ntumi nte ɔkwan ne nea enti a mmepɔw bae no ase nyinaa nwie. Nokwarem no, yentumi mmua nsɛm a wobisaa Hiob yi: “Ɛhe na wowɔ, bere a mehyɛɛ asase ase no? . . . Dɛn so na wɔde ne nnyinaso sii?”—Hiob 38:4-6.

Nanso, yenim sɛ yɛn nkwa gyina mmepɔw no so. Wɔafrɛ wɔn nsu fibea, efisɛ nsubɔnten akɛse nyinaa fibea ne mmepɔw na nnipa a wɔte asase so mu fã nya wɔn nsu fi mmepɔw mu. (Dwom 104:13) Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, “yenya wiase yi mu nnuan titiriw 20 no mu 6 fi mmepɔw mu.” Wɔ bere a nneɛma a atwa yɛn ho ahyia kari pɛ wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɔde ahyɛ yɛn bɔ mu no, “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16; 2 Petro 3:13.

Wɔ nnipa pii fam no, sɛ woka mmepɔw ho asɛm a, ɛkae wɔn Europafo Alps no. Saa mmepɔw atenten, a Bepɔw Civetta ka ho, a ɛho mfonini wɔ ha yi de adanse a ɛyɛ anigye ma sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. (Dwom 98:8) Wɔkamfo Yehowa, nea ɔde ‘n’ahoɔden de mmepɔw tintim hɔ’ no.—Dwom 65:6. *

Nokwarem no, Alps no anuonyam, sukyerɛma a akata mmepɔw a ɛntoatoam ho ne n’atifi, ne nkyɛnmu, n’abon ne atare, ne ne sare a ɛwowɔ so yɛ fɛ yiye. Ɔhene Dawid da no adi sɛ Yehowa na “ɔma wura fifi mmepɔw so.”—Dwom 147:8.

Ebia, siw a ɛtoatoam—te sɛ nea ɛwɔ Guilin, China—no renyɛ fɛ te sɛ Alps de no, nanso ɛyɛ fɛ wɔ ɔkwan soronko so. Esisi Li Asubɔnten no ho nnidiso nnidiso pii, na akadobo a ɛwoware a n’atifi yɛ mfeamfeaa a ɛyɛ fɛ no ma nsrahwɛfo ho dwiriw wɔn. Bere a worehwɛ nsu kurennyenn a ɛsen fa saa asiw a ɛbɔ wɔ so yi ntam no, ɛkae wo odwontofo no nsɛm a edi so yi no: ‘Yehowa yi nsuaniwa, abon mu, ɛsen nennam mmepɔw ntam.’—Dwom 104:10.

Ɛfata sɛ yɛn ani gye mmepɔw ho efisɛ yehu wɔn sɛ Ɔbɔadeɛ no adebɔ a ɛwɔ anuonyam a ofi ɔdɔ mu de ama adesamma ma wɔn yiyedi ne anigye no fã. Ɛwom sɛ mmepɔw yɛ fɛ paa de, nanso ɛne Yehowa anuonyam nsɛ ɔkwan biara so. Nokwarem no, Ɔwɔ ‘anuonyam sen mmepɔw no.’—Dwom 76:4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Hwɛ 2004 Calendar of Jehovah’s Witnesses, March/April.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Wiase no mu nnipa nkyem du tete mmeae a mmepɔw wowɔ. Nanso, ɛno nyɛ akwanside kɛse a wɔn a wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ntumi nni so. Saa Kristofo asomfo yi reyɛ adwuma dennennen wɔ amantam a ɛwowɔ mmeae a ɛkorɔn no. Na “nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! Ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm!”—Yesaia 52:7.

Odwontofo too dwom sɛ: “Mmepɔw atenten yɛ guankɔbea ma akakragya.” (Dwom 104:18) Bepɔw so mmirekyi te sɛ Nubiafo akakragya a n’ammɛn yɛ fɛ no, ka mmoadoma a wotumi gyina hɔ pirim a wɔsen biara wɔ mmepɔw sotefo nyinaa mu no ho. Wɔnantew abotan a ɛso akwan yɛ hihiaa araa ma ɛyɛ te sɛ nea worentumi mfa so no so. Akakragya wɔ biribi a etumi ma ɔtra mmeae a ɛyɛ den sɛ wɔbɛkɔ hɔ. Sɛnea wɔyɛɛ wɔn tɔte no ka ho bi na ɛma wotumi yɛ saa. Abirekyi no mu duru tumi ma ne tɔte ntam akwan no mu buebue, na ɛmma aboa no nwatiriw bere a ogyina hɔ anaa ɔnam ɔbotan hihiaa so no. Nokwarem no, akakragya yɛ adwinni a edi mũ!

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Bepɔw Fuji, Honshu, Japan