Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wie Wo Som Adwuma No Koraa’

‘Wie Wo Som Adwuma No Koraa’

‘Wie Wo Som Adwuma No Koraa’

“Yɛ wo som adwuma no fefeefe.”—2 TIMOTEO 4:5, Byington.

1, 2. Ɛwom sɛ Kristofo nyinaa yɛ asɛmpakafo de, nanso dɛn na Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ fi mpanyimfo hɔ?

SO WOYƐ Ahenni ɔdawurubɔfo? Sɛ saa a, da Yehowa Nyankopɔn ase wɔ hokwan nwonwaso yi ho. So woyɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu? Ɛno yɛ hokwan foforo a efi Yehowa hɔ. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae bere nyinaa sɛ ɛnyɛ wiase nhomasua anaa yɛn ano a atew no na ɛma yɛfata ma ɔsom adwuma no anaa ɔhwɛ adwuma wɔ asafo no mu. Yehowa na ɔma yɛfata ma ɔsom adwuma no, na esiane sɛ yɛn mu mmarima bi du Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow ho nti na wɔanya hokwan som sɛ ahwɛfo.—2 Korintofo 3:5, 6; 1 Timoteo 3:1-7.

2 Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa yɛ asɛmpakafo adwuma no, nanso ɛsɛ sɛ ahwɛfo anaa mpanyimfo titiriw yɛ nhwɛso pa wɔ ɔsom adwuma no mu. Mpanyimfo a “wɔyɛ asɛnka ne kyerɛkyerɛ ho adwuma” no yɛ nnipa a Onyankopɔn ne Kristo ne mfɛfo Yehowa Adansefo hu wɔn. (1 Timoteo 5:17; Efesofo 5:23; Hebrifo 6:10-12) Wɔ tebea ahorow nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin nkyerɛkyerɛ hyɛ den wɔ honhom fam, efisɛ ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ɔhwɛfo Timoteo sɛ: “Ɛbere bi bɛba a wɔrentie ɔkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm. Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som [adwuma] no koraa.”—2 Timoteo 4:3-5.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ na amma atoro nkyerɛkyerɛ amfa asafo no honhom fam yiyedi anto asiane mu?

3 Nea ɛbɛyɛ na ɔhwɛfo ahwɛ ahu sɛ atoro nkyerɛkyerɛ mfa asafo no honhom mu yiyedi nto asiane mu no, ɛsɛ sɛ otie Paulo afotu yi: “Ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, . . . yɛ wo som adwuma no fefeefe.” (2 Timoteo 4:5, Byington) Yiw, ɛsɛ sɛ ɔpanyin ‘wie ne som adwuma koraa.’ Ɛsɛ sɛ owie no koraa, ɔyɛ no fefeefe, anaa ɔyɛ kosi ase. Ɔpanyin a owie ne som adwuma koraa no di n’asɛyɛde nyinaa ho dwuma sɛnea ɛfata, a ommu n’ani ngu biribi so anaasɛ ɔnyɛ nwie. Ɔbarima a ɔte saa no di nokware wɔ nneɛma nketenkete mpo mu.—Luka 12:48; 16:10.

4. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛawie yɛn som adwuma no koraa?

4 Ɔsom adwuma no a yebewie no koraa no nhwehwɛ bere nyinaa sɛ yebenya bere a ɛdɔɔso, na mmom nea ɛhwehwɛ ne sɛ yɛde bere no bedi dwuma yiye. Nneɛma a yɛbɛma akari pɛ no betumi aboa Kristofo nyinaa ma wɔatumi awie nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ɔsom adwuma mu no. Nea ɛbɛyɛ na ɔpanyin de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no, ɛsɛ sɛ ɔtõtõ nneɛma yiye na ɔma ne bere nhyehyɛe kari pɛ na ohu nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔde hyɛ afoforo nsa ne ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ saa. (Hebrifo 13:17) Nokwarem no, ɔpanyin a wobu no no ankasa nso yɛ n’afam de, te sɛ Nehemia a n’ankasa nso nyaa Yerusalem fasu no si mu kyɛfa no. (Nehemia 5:16) Na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa nya Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa.—1 Korintofo 9:16-18.

5. Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ ɔsom adwuma no ho?

5 Adwuma a ɛyɛ anigye bɛn ara na yɛanya sɛ ɔsoro Ahenni a wɔde asi hɔ no ho adawurubɔfo yi! Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛrenya asɛmpaka no mu kyɛfa wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba no. (Mateo 24:14) Ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso yebetumi anya awerɛkyekye afi Paulo nsɛm yi mu: “Yɛwɔ saa ademude yi [ɔsom adwuma no] anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.” (2 Korintofo 4:7) Yiw, yebetumi de ɔsom a ɛsɔ ani ama—nanso Onyankopɔn ahoɔden ne ne nyansa nkutoo na ɛbɛma yɛatumi ayɛ saa.—1 Korintofo 1:26-31.

Onyankopɔn Anuonyam a Yɛbɛda no Adi

6. Abirabɔ bɛn na na ɛwɔ honam fam Israel ne honhom fam Israel ntam?

6 Bere a Paulo retwe adwene asi Kristofo a wɔasra wɔn so no, ɔkae sɛ Onyankopɔn ‘ama yɛafata ayɛ apam foforo asomfo.’ Ɔsomafo no de apam foforo a wɔnam Yesu Kristo so ne honhom fam Israel yɛe no toto Mmara apam dedaw a wɔnam Mose so ne honam fam Israel yɛe no ho. Paulo de ka ho sɛ bere a Mose fi Bepɔw Sinai so bae a na abopon a Mmara Nsɛm Du no wɔ so ka ne ho no, na n’anim hyerɛn araa ma Israelfo no ntumi nhwɛ no. Nanso bere bi akyi no, biribi a ɛyɛ anibere paa sii esiane sɛ “wɔn adwene pirimii” na nkataanim kataa wɔn koma so nti. Nanso, sɛ obi de ɔsom a efi koma nyinaa mu dan ba Yehowa nkyɛn a, woyi nkataanim no. Bere a Paulo resan atwe adwene asi adwuma a wɔde maa wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu so no, ɔkae sɛ: “Yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ [Yehowa, NW] anuonyam no sɛ [wɔhwɛ] ahwehwɛ mu.” (2 Korintofo 3:6-8, 14-18; Exodus 34:29-35) Yesu “nguan foforo” a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso anya hokwan sɛ wɔbɛda Yehowa anuonyam adi.—Yohane 10:16.

7. Ɔkwan bɛn so na nnipa betumi ada Onyankopɔn anuonyam adi?

7 Ɔkwan bɛn so na adesamma abɔnefo betumi ada Onyankopɔn anuonyam adi bere a obiara ntumi nhu n’anim ntra ase no? (Exodus 33:20) Wiɛ, sɛ Yehowa ankasa anuonyam da nkyɛn a, n’anuonyam atirimpɔw a wɔde besian ne tumidi ho denam N’ahenni so no nso wɔ hɔ. Nokware ahorow a ɛfa Ahenni ho no yɛ “Onyankopɔn ade kɛse” a wɔn a wohwiee honhom kronkron no guu wɔn so wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no kaa ho asɛm no fã. (Asomafo no Nnwuma 2:11) Ɛdenam honhom kronkron no akwankyerɛ so no, wotumi wiee adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no koraa.—Asomafo no Nnwuma 1:8.

8. Ɛdefa ɔsom adwuma no ho no, dɛn na Paulo sii ne bo sɛ ɔbɛyɛ?

8 Paulo sii ne bo sɛ ɔremma biribiara nsiw no kwan sɛ obewie ne som adwuma no koraa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛwɔ saa ɔsom yi, sɛnea wɔahu yɛn mmɔbɔ no, yɛmpa abaw, na mmom yɛapa aniwude a wohintaw so, na yɛnnantew anifere mu, nso yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu, na mmom yɛde nokware adiyi yi yɛn ho kyerɛ nnipa ahonim nyinaa, Onyankopɔn anim.” (2 Korintofo 4:1, 2) Ɛdenam nea Paulo frɛɛ no “ɔsom yi” so no, yɛda nokware no adi na yɛka honhom fam hann ho asɛm wɔ mmaa nyinaa.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Yehowa anuonyam adi?

9 Ɛdefa honam ne honhom fam hann Fibea ho no, Paulo kyerɛw sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.” (2 Korintofo 4:6; Genesis 1:2-5) Esiane sɛ wɔama yɛn hokwan a ɛso bi nni sɛ Onyankopɔn asomfo nti, momma yenkura ahotew mu na ama yɛada Yehowa anuonyam adi sɛ ahwehwɛ.

10 Nnipa a wɔwɔ honhom fam sum mu no rentumi nhu Yehowa anuonyam anaa hyerɛn a ɛnam Yesu Kristo, Mose Ɔkɛseɛ, so hyerɛn no. Nanso sɛ́ Yehowa asomfo no, yenya anuonyam hann a efi Kyerɛwnsɛm mu no na yɛma ɛharan ma afoforo. Sɛ wɔn a wɔwɔ honhom fam sum mu mprempren no bɛkwati ɔsɛe a, wohia hann a efi Onyankopɔn hɔ. Ɛnde, momma yɛmfa anigye ne nsi kɛse ntie Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ yɛmma hann no nhyerɛn wɔ sum mu no, na yɛahyɛ Yehowa anuonyam.

Ma Wo Kanea Nhyerɛn Wɔ Ofie Bible Adesua Mu

11. Dɛn na Yesu ka faa yɛn kanea a yɛbɛma ahyerɛn no ho, na ɔkwan biako bɛn na yɛbɛfa so ayɛ eyi wɔ yɛn som adwuma mu?

11 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mone wiase hann. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ ɔkorow ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɔdan no mu nyinaa. Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:14-16) Yɛn nneyɛe pa betumi ama afoforo ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. (1 Petro 2:12) Na yɛn asɛmpaka adwuma no afã ahorow no ma yenya hokwan pii a yɛde bɛma yɛn kanea ahyerɛn. Botae atitiriw a yekura no biako ne sɛ yɛbɛma honhom fam hann a efi Onyankopɔn Asɛm mu no ahyerɛn denam ofie Bible adesua ahorow a etu mpɔn a yɛbɛyɛ so. Eyi yɛ ɔkwan titiriw paa a yebetumi afa so awiei yɛn som adwuma koraa. Nyansahyɛ ahorow bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ Bible adesua a ɛka wɔn wɔrehwehwɛ nokware no koma?

12. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ ne ofie Bible adesua a yɛbɛyɛ no wɔ abusuabɔ?

12 Mpae a yɛbɛbɔ Yehowa wɔ eyi ho no kyerɛ ɔpɛ a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua ahorow. Ɛkyerɛ nso sɛ yehu hia a ehia sɛ yɛboa afoforo ma wonya Onyankopɔn ho nimdeɛ no. (Hesekiel 33:7-9) Yehowa betie yɛn mpaebɔ ɔkwan biara so na wahyira mmɔden kɛse a yɛbɔ wɔ ɔsom adwuma no mu so. (1 Yohane 5:14, 15) Nanso yɛmmmɔ mpae sɛ yebenya obi a yɛne no bɛyɛ ofie Bible adesua kɛkɛ. Bere a yɛahyehyɛ adesua no, mpae a yɛbɛbɔ ne dwen a yebedwen Bible suani no ahiade pɔtee ho no bɛboa yɛn ma yɛayɛ adesua biara wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.—Romafo 12:12.

13. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ Bible adesua a etu mpɔn?

13 Sɛ yɛbɛyɛ ofie Bible adesua a etu mpɔn a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye ma ɔfã biara. Sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata a, ɛbɛyɛ mmoa kɛse sɛ yɛbɛhwɛ sɛnea Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo di dapɛn biara adesua ho dwuma no. Ɛtɔ mmere bi a, yebetumi aka Ahenni adawurubɔfo a biribi pa bi afi ofie Bible adesua a wɔyɛ mu aba no ho akɔ asɛnka. Nokwarem no, ehia sɛ yesusuw Yesu Kristo nneyɛe ne akwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no ho titiriw.

14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adu Bible suani bi komam?

14 Yesu ani gyei sɛ ɔbɛyɛ ne soro Agya no apɛde na waka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ afoforo. (Dwom 40:8) Ná odwo na otumi duu n’atiefo komam. (Mateo 11:28-30) Enti momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yebedu yɛn Bible asuafo komam. Sɛ yɛbɛyɛ saa a, ehia sɛ yesiesie yɛn ho ma adesua biara, a osuani no nsɛm tebea pɔtee bi wɔ yɛn adwenem. Sɛ nhwɛso no, sɛ ofi abusua bi a wonnye Bible no nni mu a, ɛsɛ sɛ yɛboa no ma ogye di sɛ Bible no yɛ nokware. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛho behia sɛ yɛkenkan kyerɛwsɛm pii kyerɛkyerɛ mu kyerɛ no.

Boa Asuafo Ma Wɔnte Mfatoho Ahorow Ase

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa osuani a ɔnte mfatoho a wɔde dii dwuma wɔ Bible mu ase no? (b) Sɛ yɛn nhoma ahorow no bi de mfatoho a ɛyɛ den sɛ Bible suani bi bɛte ase di dwuma a, dɛn na yebetumi ayɛ?

15 Ebia na Bible suani bi nte mfatoho pɔtee bi a wɔde dii dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ase. Sɛ nhwɛso no, ebia na ɔnte nea na Yesu repɛ akyerɛ bere a ɔkae sɛ wɔmfa kanea nsi kaneadua so no ase. (Marko 4:21, 22) Ná Yesu reka tete kanea bi a na wɔde ngo gu mu na ntamabamma hyem ho asɛm. Ná wɔde saa kanea no si dua titiriw bi so ma etumi hyerɛn ofie no mu beae bi. Ebia ɛho behia sɛ woyɛ nsɛmti “Lamp” (Kanea) ne “Lampstand” (Kaneadua) ho nhwehwɛmu wɔ nhoma te sɛ Insight on the Scriptures mu na ama Yesu mfatoho no mu ada hɔ. * Nanso hwɛ mfaso ara a ɛwɔ so sɛ ansa na mobɛyɛ adesua no, na wowɔ nkyerɛkyerɛmu a osuani no bɛte ase na n’ani begye ho dedaw!

16 Ebia nhoma bi a wɔde sua Bible no de mfatoho bi a ɛyɛ den sɛ osuani bi bɛte ase di dwuma. Gye bere kyerɛkyerɛ mu, anaasɛ fa mfatoho foforo a ekura ntease koro no ara di dwuma. Ebia na nhoma bi resi so dua sɛ ɔhokafo pa ne nneɛma a wɔyɛ bom ho hia wɔ aware mu. Sɛ yɛbɛyɛ eyi ho mfatoho a, ebia wɔbɛtwe adwene asi ofinibufo bi a ohuruw fi apa a ogyina so wɔ wim so ma apa no kɔ, na afei ɔhwɛ kwan sɛ ofinibufo foforo beso ne mu. Sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan foforo so a, ɛda adi sɛ yebetumi de sɛnea adwumayɛfo a wɔresesaw nnaka agu hyɛn bi mu yɛ biako, bere a ebinom sesaw nnaka no ma afoforo na wɔn nso de sisi hyɛn no mu no adi dwuma de ahu hia a ɔhokafo pa ne nneɛma a wɔyɛ bom ho hia no.

17. Ɛdefa mfatoho ahorow ho no, dɛn na yebetumi asua afi Yesu hɔ?

17 Ebia mfatoho foforo a yɛde bedi dwuma no hwehwɛ sɛ yedi kan siesie yɛn ho. Nanso, ɛno ne ɔkwan a yɛbɛfa so akyerɛ sɛ yɛn ani gye Bible suani no ho. Yesu de mfatoho a asete nyɛ den dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ nsɛmti a ɛyɛ den mu. Ne Bepɔw so Asɛnka no de eyi ho nhwɛso ma, na Bible no da no adi sɛ ne nkyerɛkyerɛ nyaa n’atiefo so nkɛntɛnso pa. (Mateo 5:1–7:29) Yesu fi boasetɔ mu kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu efisɛ na ɔwɔ afoforo ho anigye kɛse.—Mateo 16:5-12.

18. Dɛn na wɔkamfo kyerɛ wɔ kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ yɛn nhoma ahorow mu no ho?

18 Afoforo ho anigye a yɛwɔ no bɛkanyan yɛn ma yɛne wɔn ‘asusuw Kyerɛwnsɛm no ho.’ (Asomafo no Nnwuma 17:2, 3) Eyi hwehwɛ sɛ yɛde mpaebɔ besua ade na yɛde nhoma ahorow a “akoa nokwafo” no tintim no adi dwuma nyansam. (Luka 12:42-44) Sɛ nhwɛso no, kyerɛw nsɛm pii wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu. * Esiane sɛ nhoma no sua nti, wɔtwe adwene si kyerɛw nsɛm no bi so kɛkɛ. Bere a Bible adesua no gu so no, ɛho hia sɛ anyɛ yiye koraa no, wobɛkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so yi bi akyerɛkyerɛ mu. Anyɛ hwee koraa no, Onyankopɔn Asɛm so na yɛn nkyerɛkyerɛ no gyina, na ɛwɔ tumi kɛse. (Hebrifo 4:12) Twe adwene si Bible no so wɔ adesua no nyinaa mu, na fa kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nkyekyɛm ahorow no mu no di dwuma bere nyinaa. Boa osuani no ma onhu nea Bible ka fa asɛmti anaa nneyɛe bi ho. Bɔ mmɔden ma onhu sɛnea setie a ɔbɛyɛ ama Onyankopɔn no so bɛba no mfaso.—Yesaia 48:17, 18.

Bisa Nsɛm a Ɛkanyan Adwene

19, 20. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode nsɛmmisa a wɔde hu obi adwene di dwuma bere a woreyɛ ofie Bible adesua no? (b) Sɛ asɛmti pɔtee bi hia nkyerɛkyerɛmu foforo a, dɛn na yebetumi ayɛ?

19 Nsɛmmisa a Yesu de dii dwuma wɔ ahokokwaw mu no boaa nkurɔfo ma wosusuw nsɛm ho. (Mateo 17:24-27) Sɛ yebisa nsɛm a wɔde hu afoforo adwene a ɛremma Bible suani no nyɛ basaa a, ebia ne mmuae bɛkyerɛ adwene a okura fa asɛmti bi ho. Ebia yebehu sɛ ɔda so ara kura nsusuwii ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so. Sɛ nhwɛso no, ebia na ogye Baasakoro no di. Nimdeɛ nhoma no da no adi wɔ ti 3 no sɛ asɛmfua “Baasakoro” no mpue wɔ Bible mu. Nhoma no fa kyerɛw nsɛm bi mu nsɛm ka san twe adwene si kyerɛw nsɛm no bi so de kyerɛ sɛ ɛsono Yehowa, ɛnna ɛsono Yesu, ne sɛ honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi, ɛnyɛ onipa. Bible kyerɛw nsɛm yi a mobɛkenkan asusuw ho no betumi ama wate nneɛma ase. Na sɛ nkyerɛkyerɛmu pii ho hia nso ɛ? Ebia bere a yɛayɛ adesua a edi hɔ awie no, yebetumi de bere bi asi hɔ de asusuw asɛmti yi ho sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Yehowa Adansefo nhoma foforo, te sɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? nhomawa mu no. Ɛno akyi no, yebetumi atoa adesua no so wɔ Nimdeɛ nhoma no mu.

20 Fa no sɛ mmuae a osuani no de bɛma wɔ asɛmmisa bi a wɔde hu obi adwene ho no bɛma wo ho adwiriw wo anaasɛ w’abasam atu. Sɛ ɛfa sigaretnom anaa adeyɛ bi a ɛho asɛm ka yɛ den ho a, yebetumi akyerɛ no sɛ ɔmma yɛntoa adesua no so na yensusuw asɛm no ho bere foforo. Nim a yenim sɛ osuani no da so nom sigaret no bɛma yɛahwehwɛ nsɛm a wɔatintim a ebetumi aboa no ma wanya nkɔso wɔ honhom fam. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedu osuani no koma mu no, yebetumi abɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no ma onnyin wɔ honhom fam.

21. Sɛ yɛsakra akwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ mu ma ɛne Bible suani no ahiade pɔtee hyia a, dɛn na ɛbɛba?

21 Ɛdenam ahosiesie pa ne Yehowa mmoa so no, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi asakra akwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ no mu ma afa Bible suani no ahiade pɔtee ho. Bere kɔ so no, yebetumi aboa no ma wanya ɔdɔ a emu yɛ den ama Onyankopɔn. Yebetumi aboa no ma wanya obu ne anisɔ ama Yehowa ahyehyɛde no nso. Na hwɛ abotɔyam ara a ɛyɛ bere a Bible asuafo gye tom sɛ ‘Onyankopɔn wɔ yɛn mu no’! (1 Korintofo 14:24, 25) Enti momma yɛnyɛ Bible adesua ahorow a etu mpɔn na yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mmoa afoforo ma wɔmmɛyɛ Yesu asuafo.

Ademude a Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Ho Anisɔ

22, 23. Sɛ yebewie yɛn som adwuma koraa a, dɛn na ehia?

22 Sɛ yebewie yɛn som adwuma koraa a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma so. Bere a Paulo reka ɔsom adwuma no ho asɛm no, ɔkyerɛw mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.”—2 Korintofo 4:7.

23 Sɛ́ yɛyɛ wɔn wɔasra wɔn anaa “nguan foforo” no mufo no, yɛte sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw. (Yohane 10:16) Nanso, Yehowa betumi ama yɛn ahoɔden a yehia de ayɛ yɛn adwuma ɛmfa ho nhyɛso a wɔde ba yɛn so no. (Yohane 16:13; Filipifo 4:13) Enti momma yenya Yehowa mu ahotoso koraa, yɛnkyerɛ yɛn ademude a ɛne ɔsom adwuma no ho anisɔ, na yenwie yɛn som adwuma koraa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 18 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ na ama wɔawie wɔn som adwuma koraa?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn fie Bible adesua ahorow atu mpɔn?

• Sɛ Bible suani bi nte mfatoho bi ase anaasɛ ohia asɛmti bi ho nkyerɛkyerɛmu foforo a, dɛn na wobɛyɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Kristofo mpanyimfo kyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu na wɔboa mfɛfo gyidifo wɔ ɔsom adwuma no mu

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Bible adesua ahorow a etu mpɔn a yɛbɛyɛ no yɛ ɔkwan biako a yɛfa so ma yɛn kanea hyerɛn