Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma No’

‘Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma No’

‘Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma No’

“Ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, . . . yɛ ɔsɛmpakafo adwuma [no].”—2 TIMOTEO 4:5.

1. Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’akyidifo?

WƆREKA Yehowa din ne n’atirimpɔw ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Nea enti a eyi te saa ne sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so no de ahyɛde a Yesu Kristo de maa n’akyidifo no ato wɔn koma so sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.

2. Ahyɛde bɛn na Timoteo nyae sɛ ɔhwɛfo, na ɔkwan biako bɛn na Kristofo ahwɛfo betumi awie wɔn som adwuma?

2 Yesu afeha a edi kan mu asuafo no buu saa ahyɛde no aniberesɛm. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne yɔnko Kristoni ɔhwɛfo Timoteo nkuran sɛ: “Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som [adwuma] no koraa.” (2 Timoteo 4:5) Ɛnnɛ, ɔkwan biako a ɔhwɛfo fa so wie ne som adwuma ne sɛ ɔbɛyɛ Ahenni dawurubɔfo a ɔyɛ nsi, obi a onya asɛnka mu kyɛfa daa. Sɛ nhwɛso no, Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo wɔ hokwan a ɛyɛ anigye sɛ obedi anim wɔ asɛnka adwuma no mu na watete afoforo. Paulo dii n’ankasa asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛka asɛmpa no ho dwuma, na ɔboa ma wɔtetew afoforo maa ɔsom adwuma no.—Asomafo no Nnwuma 20:20; 1 Korintofo 9:16, 17.

Tete Mmere Mu Asɛmpakafo a Na Wɔyɛ Nsi

3, 4. Osuahu ahorow bɛn na Filipo nyae sɛ ɔsɛmpakafo?

3 Ná wonim tete Kristofo no sɛ asɛmpakafo a wɔyɛ nsi. Susuw ɔsɛmpakafo Filipo ho hwɛ. Ná ɔyɛ “mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma” a wɔpaw wɔn sɛ wɔnkyekyɛ aduan mma Kristofo akunafo a wɔwɔ Yerusalem a wɔyɛ Helafo ne wɔn a wɔyɛ Hebrifo no a animhwɛ biara nnim no mu biako. (Asomafo no Nnwuma 6:1-6) Bere a saa dwumadi titiriw no baa awiei na ɔtaa maa wɔn nyinaa hwetee ma ɛkaa asomafo no nkutoo no, Filipo kɔɔ Samaria. Ɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ na honhom kronkron hyɛɛ no den ma otuu ahonhommɔne na ɔsaa mpakye ne mmubuafo yare. Samariafo pii gyee Ahenni asɛm no toom na wɔbɔɔ wɔn asu. Bere a asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee eyi no, wɔsomaa asomafo Petro ne Yohane kɔɔ Samaria sɛnea ɛbɛyɛ a gyidifo a wɔabɔ wɔn asu foforo no benya honhom kronkron.—Asomafo no Nnwuma 8:4-17.

4 Onyankopɔn honhom san de Filipo kohyiaa Etiopiani piani no wɔ Gasa kwan so. Bere a Filipo kyerɛkyerɛɛ Yesaia nkɔmhyɛ no mu fann akyi no, saa “barima” yi “a ɔyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo” no kyerɛɛ Yesu Kristo mu gyidi ma wɔbɔɔ no asu. (Asomafo no Nnwuma 8:26-38) Ɛno akyi no, Filipo kɔɔ Asdod ne afei Kaesarea na “ɔkaa asɛmpa no nkurow” a ɛwɔ kwan no so “no nyinaa mu.” (Asomafo no Nnwuma 8:39, 40) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ asɛmpaka adwuma no yɛ mu!

5. Ade titiriw bɛn na na wɔde nim Filipo mmabea baanan no?

5 Bɛyɛ mfe 20 akyi no, na Filipo da so ara de nnam reyɛ ɔsom adwuma no wɔ Kaesarea. Bere a Paulo ne Luka kɔtraa ne fie no, “na ɔwɔ mma, mmabun baanan, a wɔhyɛ nkɔm.” (Asomafo no Nnwuma 21:8-10) Ɛda adi sɛ na wɔanya honhom fam ntetee pa, na wɔyɛ nsi wɔ ɔsom adwuma no mu, na wonyaa hokwan mpo sɛ wɔhyɛ nkɔm. Ɛnnɛ, nsi a awofo yɛ wɔ ɔsom adwuma no mu betumi anya wɔn mmabarima ne wɔn mmabea so nkɛntɛnso pa, na aka wɔn ma wɔde nsi ayɛ asɛnka adwuma no wɔn nkwa nna nyinaa.

Asɛmpakafo a Wɔyɛ Nsi Nnɛ

6. Nkɔso bɛn na afeha a edi kan mu asɛmpakafo no nyae?

6 Wɔ Yesu Kristo nkɔmhyɛ kɛse a na ɛtwe adwene si yɛn bere yi ne awiei bere no so mu no, ɔkae sɛ: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Ná awiei no bɛba bere a wɔaka asɛmpa no wɔ “wiase nyinaa” no. (Mateo 24:14) Bere a Paulo ne afeha a edi kan mu asɛmpakafo foforo kaa asɛmpa no, nnipa pii bɛyɛɛ gyidifo, na wɔtew asafo ahorow wɔ Roma Ahemman no mu mmeae pii. Mpanyimfo a wɔpaw wɔn sɛ wɔnsom wɔ asafo ahorow yi mu no ne wɔn nuanom mmarima ne mmea nyaa asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa kaa asɛm no wɔ mmaa nyinaa. Yehowa asɛm kɔɔ so nyinii na egyee ntini saa bere no, sɛnea agye ntini nnɛ esiane sɛ Yehowa Adansefo ɔpepem pii reyɛ asɛmpaka adwuma no nti no. (Asomafo no Nnwuma 19:20) So woasi wo bo sɛ wobɛyɛ nnipa a wɔde anigye yi Yehowa ayɛ no mu biako?

7. Dɛn na Ahenni adawurubɔfo reyɛ nnɛ?

7 Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ pii de hokwan ahorow redi dwuma de anya kyɛfa kɛse wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Mpempem pii resom sɛ asɛmpatrɛwfo, na ɔpehaha pii nya bere nyinaa asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo. Na hwɛ adwuma pa ara a mmarima, mmea, ne mmofra reyɛ bere a wɔsom sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi no! Nokwarem no, Yehowa nkurɔfo nyinaa renya ne nhyira a ɛyɛ anigye bere a wɔde mmati koro som no sɛ Kristofo asɛmpakafo no.—Sefania 3:9.

8. Agyiraehyɛ adwuma bɛn na wɔreyɛ no nnɛ, na henanom na wɔreyɛ?

8 Onyankopɔn ama Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no asɛyɛde sɛ wɔnka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Wɔn a wɔka wɔn ho wɔ asɛmpaka adwuma yi mu ne Kristo “nguan foforo” a wɔn dodow renya nkɔanim no. (Yohane 10:16) Nkɔmhyɛ kwan so no, wɔde saa adwuma yi toto agyirae a wɔhyɛ wɔ wɔn a wosi apini di yaw wɔ akyide a ɛrekɔ so nnɛ moma so no ho. Wɔbɛsɛe abɔnefo nnansa yi ara. Ɛnkosi saa bere no, hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ yɛde nokware a egye nkwa no bɛkɔ akɔma nnipa a wɔte asase so no!—Hesekiel 9:4-6, 11.

9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo no wɔ asɛnka mu?

9 Sɛ yɛayɛ asɛmpaka adwuma no bere tenten bi ni a, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ayɛ biribi de aboa wɔn a wɔyɛ foforo wɔ asafo no mu no. Bere ne bere mu no, yebetumi ama wɔaka yɛn ho wɔ asɛnka mu. Wɔn a wɔsom sɛ mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de hyɛ mfɛfo gyidifo den wɔ honhom fam. Mmɔden a edi mu a ahwɛfo fi ahobrɛase mu bɔ no betumi aboa afoforo kɛse ma wɔayɛ asɛmpakafo a wɔyɛ nsi na wɔsow aba.—2 Petro 1:5-8.

Adanse a Yebedi Wɔ Afie Afie

10. Nhwɛso bɛn na Kristo ne ne kan akyidifo no yɛe wɔ ɔsom adwuma no mu?

10 Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so maa n’akyidifo sɛ ɔsɛmpakafo. Ɛdefa Kristo ne n’asomafo no som adwuma ho no, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho.” (Luka 8:1) Na asomafo no ankasa nso ɛ? Bere a wohwiee honhom kronkron no gui wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, “wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.”—Asomafo no Nnwuma 5:42.

11. Sɛnea Asomafo no Nnwuma 20:20, 21 kyerɛ no, dɛn na ɔsomafo Paulo yɛe wɔ ne som adwuma mu?

11 Esiane nsi a ɔsomafo Paulo de yɛɛ asɛmpaka adwuma no nti, otumi ka kyerɛɛ Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no sɛ: “Mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu.” Bere a na Paulo ‘reka asɛm no wɔ afie afie no,’ so na ne mfɛfo Yehowa asomfo nkyɛn na ɔkɔ, kɔsrasra agyidifo wɔ wɔn afie? Dabi, efisɛ ɔkɔ so ka sɛ: “Midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.” (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21) Sɛnea ɛte biara no, na wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa dedaw no renhia akwankyerɛ fa “Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho.” Paulo tetee Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no wɔ afie-afie adwuma no mu bere a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn a wɔnyɛ agyidifo adwensakra ne gyidi ho ade no. Wɔ eyi yɛ mu no, Paulo suasua Yesu nhwɛso a ɔde sii hɔ no.

12, 13. Nea ɛne Filipifo 1:7 hyia no, dɛn na Yehowa nkurɔfo ayɛ wɔ hokwan a wɔde ka asɛm no ho?

12 Afie-afie adwuma no betumi ayɛ asɛnnennen. Sɛ nhwɛso no, ebinom bo fuw bere a yɛde Bible mu asɛm kɔ wɔn fie no. Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛhyɛ nkurɔfo abufuw. Nanso, afie-afie adwuma no yɛ adwuma a egyina Kyerɛwnsɛm so, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yedi adanse wɔ saa kwan yi so. (Marko 12:28-31) Nea ɛbɛyɛ na ‘yɛayi yɛn ho ano na yɛakura’ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛka asɛm no wɔ afie afie no mu wɔ mmara kwan so no, yɛde nsɛm akɔdan asɛnnibea ahorow, a United States Asɛnnibea Kunini no ka ho. (Filipifo 1:7) Ɛkame ayɛ sɛ saa asɛnnibea no bu yɛn bem bere nyinaa. Eyi ho nhwɛso ne atemmu a edi so yi:

13 “Nyamesom nkratawa a wɔkyekyɛ no yɛ asɛmpatrɛw adwuma ho ade a akyɛ—akyɛ te sɛ nhomatintim mfiri ara. Ayɛ tumi a ano yɛ den wɔ nyamesom kuw ahorow mu wɔ mfe a abɛsen kɔ no nyinaa mu. Nyamesom kuw ahorow a wɔn asɛmpakafo de Asɛmpa no kɔ nnipa mpempem pii nkyɛn wɔ wɔn afie no de saa nkratawa yi di dwuma kɛse, na wɔnam nsrahwɛ a wɔyɛ so twe akra ba wɔn gyidi no mu. . . . Ɔsom mu dwumadi a ɛte saa yi kura nidi koro no ara wɔ [United States Amanyɔ Mmara] no Mu Nsakrae a Edi Kan a Wɔyɛe no mu te sɛ nea som a wɔsom wɔ asɔre ahorow mu ne asɛnka agua so a wogyina kyerɛkyerɛ wɔ no ara.”—Murdock v. Pennsylvania, 1943.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ So Ka Asɛm No?

14. Nkɛntɛnso foforo bɛn na yɛn asɛnka adwuma no betumi anya?

14 Ntease pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yedi adanse wɔ afie afie. Bere biara a yɛkɔ ofiewura bi nkyɛn no, yɛbɔ mmɔden dua Kyerɛwnsɛm mu nokware ho aba bi. Sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ a, yegugu so nsu. Na eyi betumi anya nkɛntɛnso foforo nso, efisɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii.” (1 Korintofo 3:6) Enti momma yɛnkɔ so ‘nnua na yengugu so nsu,’ na yennya awerɛhyem sɛ Yehowa ‘bɛma anyin.’

15, 16. Dɛn nti na yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn daa?

15 Yɛyɛ asɛmpakafo adwuma no efisɛ nkurɔfo nkwa da asiane mu. Sɛ yɛka asɛm no a, yebetumi agye yɛn ho ne yɛn atiefo nkwa. (1 Timoteo 4:16) Sɛ yenim sɛ obi nkwa da asiane mu a, so yɛrennyɛ biribiara mfa mmoa no? Yɛbɛyɛ! Esiane sɛ nkwagye ho asɛm wom nti, yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn mpɛn pii wɔ wɔn afie. Nsɛm tebea kɔ so sakra. Ebia obi a onni adagyew koraa sɛ obetie yɛn bere bi no benya ɔpɛ sɛ obetie Bible mu asɛm no bere foforo. Ebia abusua no muni foforo betie yɛn, na ɛno betumi akowie Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ mu.

16 Ɛnyɛ afiewuranom tebea nko na etumi sakra, na mmom wɔn nneyɛe nso. Sɛ nhwɛso no, obi dɔfo a ɔhwere no yayaayaw wɔ owu mu no betumi aka no ma watie Ahenni asɛm no. Yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkyekye onii ko no werɛ, yɛama wahu ne honhom fam ahiade, na yɛakyerɛ no sɛnea obedi ho dwuma.—Mateo 5:3, 4.

17. Ntease a ɛsen biara bɛn nti na yɛka asɛm no?

17 Nneɛma a enti yedi adanse wɔ afie afie anaa yɛde yɛn ho hyɛ Kristofo som adwuma no afã foforo mu no mu nea ɛsen biara ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebenya Yehowa din a wɔma wohu mu kyɛfa no. (Exodus 9:16; Dwom 83:18) Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ bere a yɛn asɛmpaka adwuma no boa wɔn a wɔdɔ nokware ne trenee ma wobeyi Yehowa ayɛ no! Odwontofo no too dwom sɛ: “Mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra: Wonyi [Yehowa, NW] din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛsõ, n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.”—Dwom 148:12, 13.

Asɛmpaka Adwuma no Boa Yɛankasa

18. Ɔkwan bɛn so na asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no boa yɛn?

18 Asɛmpaka adwuma no a yɛyɛ no boa yɛankasa wɔ akwan ahorow so. Asɛmpa no a yɛde kɔ afie afie no boa yɛn ma yenya odwo su, titiriw bere a wonnye yɛn fɛw so no. Sɛ yɛbɛyɛ asɛmpakafo a yetu mpɔn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Paulo a ‘ɔyɛɛ ade nyinaa maa nnipa nyinaa na wagye ebinom nkwa’ no. (1 Korintofo 9:19-23) Osuahu a yenya wɔ asɛnka mu no boa yɛn ma yɛyɛ anifere. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛpaw yɛn nsɛm yiye a, yebetumi de Paulo afotu yi adi dwuma: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”—Kolosefo 4:6.

19. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no boa asɛmpakafo?

19 Asɛmpaka adwuma no ka yɛn ma yɛde yɛn ho to Onyankopɔn honhom kronkron no so nso. (Sakaria 4:6) Honhom no aba—a ɛne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, [ne ahosodi]” no—nso da adi wɔ yɛn som adwuma no mu. (Galatifo 5:22, 23) Ɛka sɛnea yɛne nkurɔfo di nsɛm, efisɛ honhom no akwankyerɛ akyi a yedi no boa yɛn ma yɛda ɔdɔ, anigye ne asomdwoe, abodwokyɛre ne ayamye, papayɛ ne gyidi, odwo ne ahosodi adi bere a yɛreka asɛmpa no.

20, 21. Nhyira ne mfaso bɛn na asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no anibere so no de ba?

20 Nhyira foforo a yenya sɛ asɛmpakafo ne sɛ ɛma yenya tema ankasa. Sɛ nkurɔfo ka wɔn haw—yare, adwuma a wonnya nyɛ, afie mu sɔhwɛ—kyerɛ yɛn a, yɛnyɛ yɛn ade sɛ afotufo, na mmom, yɛne wɔn susuw kyerɛw nsɛm a ɛhyɛ nkuran na ɛma awerɛkyekye ho. Yedwen nnipa a wɔn ani afura wɔ honhom fam nanso ɛte sɛ nea wɔdɔ trenee no ho. (2 Korintofo 4:4) Na hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛde honhom fam mmoa bɛma wɔn a ‘wɔpɛ daa nkwa no’!—Asomafo no Nnwuma 13:48.

21 Asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa a yenya daa no boa yɛn ma yɛde yɛn adwene si honhom fam nneɛma so. (Luka 11:34) Ɛno yɛ mfaso ankasa, efisɛ anyɛ saa a, anka yebegyae yɛn ho mu ama honam fam adedodowpɛ ho sɔhwɛ a abu so wɔ saa wiase yi mu no. Ɔsomafo Yohane hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:15-17) Asɛmpaka adwuma no a yɛbɛyɛ no anibere so na yɛayɛ pii wɔ Awurade adwuma mu no boa yɛn ma yɛnnɔ wiase no.—1 Korintofo 15:58.

Hyehyɛ W’ademude Wɔ Soro

22, 23. (a) Ademude bɛn na Kristofo asɛmpakafo kora so? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn?

22 Ahenni asɛnka adwuma a yɛde nsi yɛ no de mfaso a ɛtra hɔ daa ba. Yesu daa eyi adi bere a ɔkaa nea edi so yi no: “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. Na monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia; na nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.”—Mateo 6:19-21.

23 Momma yɛnkɔ so nhyehyɛ yɛn ademude wɔ soro, a yenim sɛ yɛrennya hokwan biara a ɛsen sɛ yebegyina Amansan Hene Yehowa ananmu sɛ N’adansefo no. (Yesaia 43:10-12) Bere a yɛyɛ yɛn adwuma sɛ Onyankopɔn asomfo no, yɛbɛte nka te sɛ Kristoni bea bi a ɔwɔ ne mfe 90 mu a ɔkaa bere tenten a ɔde asom Onyankopɔn no ho asɛm yi no: “Ne nyinaa mu no, meda Yehowa ase sɛ waka me ho mfe yi nyinaa mu, na mebɔ mpae anibere so sɛ ɔbɛyɛ me daa Agya a ɔwɔ dɔ.” Saa ara na sɛ yɛn ani sɔ abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no a, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ ɔsɛmpakafo adwuma no fefeefe. Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛahu ɔkwan a yebetumi afa so awie yɛn som adwuma no koraa.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ɔsɛmpakafo adwuma no?

• Dɛn na wubetumi aka afa asɛmpakafo a wɔtraa ase tete ne nnɛ mmere mu no dwumadi ho?

• Dɛn nti na yedi adanse wɔ afie afie?

• Ɔkwan bɛn so na asɛmpaka adwuma a woyɛ no boa w’ankasa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Asɛmpakafo te sɛ Filipo ne ne mmabea no wɔ nnɛyi mfɛfo a wɔwɔ anigye

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Ɔkwan bɛn so na w’ankasa wunya mfaso bere a woka asɛmpa no kyerɛ afoforo no?