Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

666—Ɛnyɛ Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene Kɛkɛ

666—Ɛnyɛ Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene Kɛkɛ

666—Ɛnyɛ Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene Kɛkɛ

“Obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn gye nea ɔwɔ agyirae no anaa aboa no din anaa ne din akontaa nkyerɛwee nko. Ɛha na nyansa wɔ. Nea ɔwɔ adwene mmu aboa no akontaa ntoano, na ɛyɛ onipa akontaa ntoano, na n’akontaa ntoano si ahansia aduosia asia.”—Adiyisɛm 13:17, 18.

NKƆMHYƐ a ɛfa “aboa no” agyiraehyɛde anaa ne din 666 a wɔnte ase no ho no akanyan anigye paa na abɛyɛ ahiasɛm sen Bible mu nsɛm pii. Abɛyɛ ade a wɔtaa ka ho asɛm bere nyinaa wɔ television ne Intanɛt so, sini, nhoma ne nsɛmma nhoma ahorow mu.

Ebinom gye di sɛ 666 no yɛ antikristo a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu no agyiraehyɛde. Afoforo nso kyerɛ sɛ ɛyɛ nkyerɛwee bi a wɔhyɛ obi kyerɛw wɔ ne ho na ada no adi sɛ ɔyɛ aboa no akoa. Nnipa bi nso ka sɛ 666 no yɛ Katolek popenom agyiraehyɛde. Wotumi de Romafo nɔma ahorow bi si pope no abodin a ɛne Vicarius Filii Dei (Onyankopɔn Ba no Nanmusifo) no ananmu, na wɔnam nyansakwan so dannan no ka sɛ 666 no ne popenom no dibea. Wɔsan ka sɛ wobetumi anya nɔma koro no ara afi sɛnea wɔfrɛ Roma Ɔhempɔn Diocletian wɔ Latin mu ne sɛnea wɔfrɛ Nero Caesar wɔ Hebri mu no nso mu. *

Nanso yebehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu sɛ sɛnea wɔabɔ wɔn tirim akyerɛkyerɛ eyi mu ne nea Bible no ankasa ka fa aboa no ho no nhyia koraa. Bible da no adi sɛ Onyankopɔn de n’abufuhyew bɛba wɔn a wɔwɔ aboa no agyiraehyɛde no so bere a ɔde nneɛma nhyehyɛe yi reba n’awiei no. (Adiyisɛm 14:9-11; 19:20) Enti, nea 666 no gyina hɔ ma a yebehu no kyerɛ pii sen asɛm bi a ɛkyere adwene a yebehu ano ara kwa. Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa Nyankopɔn a ɔdɔ ahyɛ ne ma na ɔyɛ nokware nimdeɛ Wura no mfaa nokwasɛm a ɛwɔ ahiasɛm yi mu no nhintaw ne nkoa.—2 Timoteo 3:16; 1 Yohane 1:5; 4:8.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ akontaahyɛde ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ September 8, 2002, Nyan! no mu.