Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ko Tia Wiase A Ɛresakra No Honhom No

Ko Tia Wiase A Ɛresakra No Honhom No

Ko Tia Wiase A Ɛresakra No Honhom No

“Yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a ofi Nyankopɔn mu.”—1 KORINTOFO 2:12.

1. Akwan bɛn so na wɔdaadaa Hawa?

“ƆWƆ na ɔdaadaa me.” (Genesis 3:13) Asɛm tiawa yi na ɔbea a odi kan, Hawa, ka de kyerɛɛ nea enti a na watew atua atia Yehowa Nyankopɔn no. Ná nea ɔkae no yɛ nokware, nanso ɛno amma wanni bem wɔ bɔne a ɔyɛe no ho. Akyiri yi Onyankopɔn honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “[Hawa] na wɔdaadaa no.” (1 Timoteo 2:14) Wɔdaadaa no ma onyaa adwene sɛ asoɔden a ɔbɛyɛ—dua a wɔabara no aba a obedi—bɛma wanya mfaso, na wayɛ sɛ Onyankopɔn. Wanhu onii a na ɔredaadaa no no nso. Ná onnim koraa sɛ ɔwɔ no yɛ Satan Ɔbonsam kasamafo kɛkɛ.—Genesis 3:1-6.

2. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan daadaa nkurɔfo nnɛ? (b) Dɛn ne “wiase honhom” no, na nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Satan akɔ so adaadaa nkurɔfo fi Adam ne Hawa bere so abesi nnɛ. Nokwarem no, ‘ɔredaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Ɔnsesaa n’akwan. Ɛwom sɛ ɔmfa ɔwɔ ankasa nni dwuma bio de, nanso ɔda so ara de ne ho sie. Satan nam anigyede, nsɛm ho amanneɛbɔ, ne akwan foforo so daadaa nkurɔfo ma wonya adwene sɛ wonhia Onyankopɔn akwankyerɛ a ofi ɔdɔ mu de ma no, na saa ara na wonnya so mfaso biara. Ɔbonsam nnaadaa a ogu so de di dwuma no ma nnipa a wɔwɔ baabiara tew atua wɔ Bible mmara ne nnyinasosɛm ho. Bible frɛ eyi “wiase honhom.” (1 Korintofo 2:12) Saa honhom yi nya wɔn a wonnim Onyankopɔn no gyidi, wɔn suban, ne wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso kɛse. Ɔkwan bɛn so na saa honhom no da ne ho adi, na yɛbɛyɛ dɛn ako atia ne nkɛntɛnso bɔne no? Ma yɛnhwɛ.

Abrabɔ Pa Resɛe

3. Dɛn nti na “wiase honhom” no da adi kɛse wɔ ɛnnɛ bere yi mu?

3 “Wiase honhom” no abɛda adi kɛse nnɛ. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛda adi sɛ woahu sɛ abrabɔ pa resɛe. Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ nea enti a aba saa no mu. Bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ afe 1914 mu no, ɔko sii wɔ soro. Satan ne n’abɔfo bɔne no dii nkogu, na wɔtow wɔn guu asase so. Satan bo afuw ma wamia mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔbɛdaadaa amanaman nyinaa no mu. (Adiyisɛm 12:1-9, 12, 17) Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa ɔkwan biara a obetumi so ‘na sɛ ebetumi a, anka wadaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no po.’ (Mateo 24:24) Sɛ́ Onyankopɔn nkurɔfo no, yɛne nnipa a ɔde n’ani asi yɛn so titiriw. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛhwere Yehowa anim dom ne daa nkwa ho anidaso no.

4. Yehowa asomfo bu Bible no dɛn, na ɔkwan bɛn so na wiase no bu Bible no?

4 Satan bɔ mmɔden sɛ ɔremma nkurɔfo nnya Bible, nhoma a ɛsom bo a ɛkyerɛkyerɛ yɛn yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no ho ade no mu gyidi. Yehowa asomfo ani gye Bible ho na wobu no ade titiriw. Yenim sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee, na ɛnyɛ nnipa asɛm. (1 Tesalonikafo 2:13; 2 Timoteo 3:16) Nanso, Satan wiase no bɛpɛ sɛ yenya ho adwene a ɛmfata. Sɛ nhwɛso no, nhoma bi a ɛkasa tia Bible no nnianim asɛm ka sɛ: “Bible no nyɛ ‘kronkron’ ɔkwan biara so, na saa ara nso na ɛnyɛ ‘Onyankopɔn asɛm.’ Ɛnyɛ Onyankopɔn ahotefo na wɔkyerɛwee, na mmom asɔfo a wɔpɛ tumidi na wɔkyerɛwee.” Ɛnyɛ den koraa sɛ wɔn a wɔbɛma wɔanya adwene a ɛte saa no benya adwemmɔne a ɛne sɛ wobetumi asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan biara a wɔpɛ so—anaasɛ wɔrensom no koraa.—Mmebusɛm 14:12.

5. (a) Dɛn na nhomakyerɛwfo bi ka faa ɔsom ahorow a wɔkyerɛ sɛ egyina Bible so no ho? (b) Sɛ wɔde wiase adwene a nnipa pii kura no toto nea Bible ka no ho a, ɛte dɛn? (Fa adaka a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no mu nsɛm ka ho.)

5 Kasa a wɔkasa tia Bible no tẽẽ, anifere kwan a wɔfa so kasa tia no, ne ɔsom mu nyaatwom a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wogye di da no adi no ama nnipa pii ani nnye nyamesom ho, na ama wɔn ani nnye ɔsom mpo a ɛde Bible di dwuma nso ho. Nsɛm ho amanneɛbɔfo ne nhomanimfo sɔre tia nyamesom. Nhomakyerɛwfo bi kae sɛ: “Nkurɔfo pii nni Yudasom ne Kristosom ho adwempa. Sɛ yɛbɛka ho asɛm wɔ ɔkwan pa so a, yɛbɛka no sɛ ade dedaw a ɛyɛ anika; sɛ yɛbɛka ho asɛm wɔ ɔkwan a enye so a, ɛnde yɛbɛka sɛ ɛyɛ adwene dedaw a esiw nimdeɛ ne nyansahu nkɔso kwan. Nnansa yi animtiaabu no abɛdan fɛwdi ne akyinnyegye ankasa.” Wɔn a wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ na ‘wɔn nsusuwii adan hunu’ no na wɔtaa de akyinnyegye yi ba.—Romafo 1:20-22.

6. Adwene bɛn na wiase no kura wɔ nna mu nneyɛe a Onyankopɔn kasa tia no ho?

6 Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo reman afi Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ho koraa. Sɛ nhwɛso no, Bible frɛ nnipa a wokura bɔbeasu koro ntam nna “adapaade.” (Romafo 1:26, 27) Ɛka nso sɛ nguaman ne awaresɛefo rennya Onyankopɔn Ahenni no. (1 Korintofo 6:9) Nanso, wɔ aman pii mu no, ɛnyɛ sɛ wogye saa nna mu nneyɛe no tom kɛkɛ, na mmom wɔma ɛyɛ sɛ adeyɛ a ɛyɛ anigye wɔ nhoma, nsɛmma nhoma, nnwom, sini ne TV so dwumadi ahorow mu. Wobu wɔn a wɔkasa tia nneyɛe a ɛte saa no sɛ nnipa a wɔn adwenem nnɔ, wɔyɛ katee, na wɔaka akyiri wɔ asetram a wonnim nea ɛrekɔ so wɔ wiase. Sɛ́ anka wiase no bebu Onyankopɔn mmara sɛ ade a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn no, wobu no sɛ ade a esiw wɔn ahofadi ne wɔn anigye kwan.—Mmebusɛm 17:15; Yuda 4.

7. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

7 Bere a yɛte wiase a ɛresɔre tia Onyankopɔn kɛse mu no, ɛbɛyɛ ade a nyansa wom sɛ yɛn ankasa bɛhwɛ yɛn abrabɔ ne yɛn suban yiye. Bere ne bere mu no, ɛsɛ sɛ yefi mpaebɔ ne nokwaredi mu hwehwɛ yɛn mu hwɛ sɛ ebia yɛntwee yɛn ho nkakrankakra mfii Yehowa nsusuwii ne ne gyinapɛn ho anaa. Sɛ nhwɛso no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So mekyerɛ nneɛma bi a mfe bi a atwam no anka merentwa m’ani nhwɛ koraa ho anigye? So merekyerɛ nneyɛe bi a Onyankopɔn kasa tia ho anigye? So memfa Onyankopɔn som anibere koraa nnansa yi sɛnea na anka meyɛ bere bi a atwam no? So m’asetra kyerɛ sɛ mede Ahenni nneɛma di kan wɔ m’asetra mu?’ (Mateo 6:33) Nneɛma ho a yebesusuw wɔ saa kwan yi so no bɛboa yɛn ma yɛako atia wiase honhom no.

‘Nsiane Ho Da’

8. Ɛyɛ dɛn na obi tumi twe ne ho fi Yehowa ho?

8 Ɔsomafo Paulo kyerɛw ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu ma ɛboro so, na yɛansiane ho da bi.” (Hebrifo 2:1) Po so hyɛn a ɛman fi ne kwan so rennu baabi a ɛrekɔ no. Sɛ hyɛn mu panyin bi amma n’ani anna hɔ wɔ mframa ne asorɔkye ho a, ɛrenyɛ den koraa sɛ ne hyɛn no betumi asian hyɛn gyinabea bi a ɛhɔ ye ho akotim abo so wɔ mpoano. Saa ara na sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛsom bo no ho a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebetumi atwe yɛn ho afi Yehowa ho na yɛagu asu wɔ Onyankopɔn som mu. Enhia sɛ yɛbɛpo nokware no koraa ansa na yɛagu asu a ɛte saa. Nokwarem no, nnipa kakraa bi pɛ na wɔhyɛ da twe wɔn ho mpofirim fi Yehowa ho. Mpɛn pii no, wɔde wɔn ho hyɛ biribi a ɛtwetwe wɔn adwene fi Onyankopɔn Asɛm ho mu nkakrankakra. Ɛkame ayɛ sɛ wɔyɛ bɔne a wonhu. Te sɛ hyɛn mu panyin a wada no, nnipa a wɔte saa no ani bɛba wɔn ho so no na aka akyi dodo.

9. Akwan bɛn so na Onyankopɔn hyiraa Salomo?

9 Susuw Salomo asetra ho hwɛ. Yehowa ma odii Israel so hene. Onyankopɔn maa Salomo sii asɔrefie no, na ɔma ɔkyerɛw Bible no afã bi. Yehowa ne no kasae mprenu, na ɔmaa no ahonyade, din, ne nniso a asomdwoe wom. Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa maa Salomo nyansa bebree. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn maa Salomo nyansa ne nhumu bebree pa ne koma a emu trɛw sɛ mpoano nhwea. Na Salomo nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.” (1 Ahene 4:21, 29, 30; 11:9) Akyinnye biara nni ho sɛ, obi betumi asusuw sɛ, sɛ obi bedi Onyankopɔn nokware a na ɛyɛ Salomo. Nanso, Salomo bɛyɛɛ ɔwaefo. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

10. Akwankyerɛ bɛn na Salomo anni so, na dɛn na efii mu bae?

10 Ná Salomo nim Onyankopɔn Mmara, na na ɔte ase yiye. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkyerɛɛ akwankyerɛ a wɔde maa wɔn a wɔbɛyɛɛ Israel ahemfo no ho anigye kɛse. Ná saa akwankyerɛ no mu biako ne sɛ: “[Ɔhene no mmma] ne yerenom nnnɔɔso, na ne koma amman.” (Deuteronomium 17:14, 17) Akwankyerɛ a emu da hɔ yi nyinaa akyi no, Salomo waree yerenom ahanson ne yefam ahasa. Na saa mmea yi mu pii som abosom. Yennim nea enti a Salomo waree yerenom pii saa, na saa ara nso na yennim nea enti a obuu ne ho bem wɔ saa a ɔyɛe no ho. Nea yenim ne sɛ wanni Onyankopɔn akwankyerɛ a na emu da hɔ no so. Nea efii mu bae ne nea na Yehowa abɔ kɔkɔ sɛ ɛbɛba no ara. Yɛkenkan sɛ: “[Salomo] yerenom kom ne koma kodii anyame foforo akyi.” (1 Ahene 11:3, 4) Onyankopɔn nyansa a na ɔwɔ no yerae nkakrankakra. Ɔwaee. Bere kɔɔ so no, ɔpɛ a na Salomo wɔ sɛ ɔbɛsɔ ne yerenom abosonsomfo ani no besii ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ obetie Onyankopɔn na wasɔ n’ani no ananmu. Hwɛ awerɛhosɛm, efisɛ ɛyɛ Salomo na na wadi kan akyerɛw saa nsɛm yi: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora”!—Mmebusɛm 27:11.

Wiase Honhom no Ano Yɛ Den

11. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a yɛde hyɛ yɛn adwenem ka yɛn nsusuwii?

11 Salomo nhwɛso no kyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ hu sɛ yebenya adwene sɛ esiane sɛ yenim nokware no nti, wiase nneɛma ntumi nsɛe yɛn adwene. Sɛnea aduan yɛ yɛn nipadua mu adwuma no, saa ara na nneɛma a yɛde hyɛ yɛn adwenem no te sɛ aduan, na ɛyɛ yɛn adwenem adwuma. Nneɛma a yɛde hyɛ yɛn adwenem no ka yɛn nsusuwii ne yɛn abrabɔ. Esiane sɛ nnwumakuw nim eyi nti, afe biara wɔbɔ ka dɔla ɔpepepem pii de bɔ wɔn nneɛma ho dawuru. Nneɛma ho dawurubɔ a ɛyɛ adwuma yiye no de nnɛɛdɛe ne mfonini di dwuma de kanyan adetɔfo akɔnnɔ. Nneɛma ho adawurubɔfo nim nso sɛ sɛ wɔbɔ biribi ho dawuru pɛnkoro anaa mprenu a, ɛntaa nkanyan nkurɔfo adwene mma wɔnkɔtɔ wɔn nneɛma no. Nanso, sɛ nkurɔfo hwɛ no mpɛn pii a, bere bi akyi no, ɛma wɔn ani taa begye wɔn nneɛma no ho. Nneɛma ho dawurubɔ yɛ adwuma yiye—sɛ ɛnte saa a anka obiara mmɔ ho ka nyɛ. Enya ɔmanfo nsusuwii ne wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso kɛse.

12. (a) Ɔkwan bɛn na Satan fa so nya nkurɔfo nsusuwii so nkɛntɛnso? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wobetumi adaadaa Kristofo?

12 Te sɛ obi a ɔbɔ nneɛma ho dawuru no, Satan hyɛ ne nsusuwii ho nkuran denam ma a ɔma ɛyɛ anika so, na onim sɛ obetumi ama nkurɔfo agye ne nsusuwii atom. Satan nam anigyede ne nneɛma foforo so daadaa nkurɔfo ma wonya adwene sɛ papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa. (Yesaia 5:20) Nokware Kristofo binom mpo agye Satan atosɛm a ɔrebɔ ho dawuru no atom. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Honhom no ka fann sɛ akyiri nna bi mu ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho, atorokyerɛfo nkontompo nti. Wɔn na ɔhyehyew ano atwã wɔ wɔn ankasa ahonim mu.”—1 Timoteo 4:1, 2; Yeremia 6:15.

13. Dɛn ne fekubɔne, na ɔkwan bɛn so na yɛn fekubɔ ka yɛn?

13 Wiase honhom no betumi anya yɛn mu biara so nkɛntɛnso. Satan nhyehyɛe no nkɛntɛnso ne ne nnɛɛdɛe ano yɛ den. Bible tu yɛn fo nyansam sɛ: “Momma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, NW) Fekubɔne betumi ayɛ biribiara anaa obiara—wɔ asafo no mu mpo—a ɔda wiase honhom adi. Sɛ yenya adwene sɛ fekubɔne ntumi mpira yɛn a, ɛnde na yɛreka sɛ fekupa nso ntumi mmoa yɛn. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ mfomso ankasa! Bible ma asɛm no mu da hɔ fann, bere a ɛka sɛ: “Nea ɔne anyansafo bɔ no bɛyɛ onyansafo, nanso nea ɔne nkwasea bɔ no behu amane” no.—Mmebusɛm 13:20, NW.

14. Akwan bɛn so na yebetumi ako atia wiase honhom no?

14 Sɛ yebetumi ako atia wiase honhom no a, ɛsɛ sɛ yɛne anyansafo—wɔn a wɔsom Yehowa—bɔ. Ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a ɛhyɛ gyidi den hyɛ yɛn adwenem. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” (Filipifo 4:8) Sɛ nnipa a yɛde yɛn ho no, yetumi paw nneɛma a yɛpɛ sɛ yesusuw ho. Ɛmmra sɛ yebesusuw nneɛma a ɛbɛtwe yɛn abɛn Yehowa ho bere nyinaa.

Onyankopɔn Honhom Ano Yɛ Den Kɛse

15. Ɔkwan bɛn so na na ɛsono Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto no ne kurow no mufo a aka no?

15 Nokware Kristofo nte sɛ wɔn a wiase honhom adaadaa wɔn no, efisɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ɛkyerɛ wɔn kwan. Ɛyɛ asafo a ɛwɔ Korinto no na Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a ofi Nyankopɔn mu, na yɛahu nea Onyankopɔn de adom yɛn.” (1 Korintofo 2:12) Na tete Korinto yɛ kurow a wiase honhom ahyɛ mu ma. Na emufo dodow no ara bra asɛe araa ma wɔbɛtee asɛm a ɛne sɛ obi “bɛyɛ Korintoni” no ase sɛ “obebu bra bɔne.” Ná Satan afura nkurɔfo no adwene ani. Enti, na wonni nokware Nyankopɔn no ho nimdeɛ biara. (2 Korintofo 4:4) Nanso, Yehowa nam ne honhom kronkron so buee Korintofo no bi ani ma wotumi nyaa nokware nimdeɛ. Ne honhom kanyan wɔn kyerɛɛ wɔn kwan ma wɔyɛɛ nsakrae akɛse ma wotumi nyaa n’anim dom ne ne nhyira. (1 Korintofo 6:9-11) Ɛwom sɛ na wiase honhom no ano yɛ den de, nanso na Yehowa honhom no ano yɛ den sen no.

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn honhom na yɛakura mu?

16 Ɛte saa ara nnɛ. Yehowa honhom kronkron no yɛ tumi a ano yɛ den sen tumi biara wɔ amansan yi mu, na ofi ayamye mu de ma wɔn a wofi gyidi mu bisa no no kwa. (Luka 11:13) Nanso, sɛ yebenya Onyankopɔn honhom a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen wiase honhom no a yɛbɛko atia kɛkɛ no. Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm daa na yɛde di dwuma wɔ yɛn asetram nso sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn honhom—yɛn adwene—ne ne nsusuwii behyia. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa bɛhyɛ yɛn den ma yɛatumi agyina afiri biara a Satan de bedi dwuma sɛ ɔde bɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no ano.

17. Akwan bɛn so na Lot asɛm no yɛ awerɛkyekye ma yɛn?

17 Ɛwom sɛ Kristofo nyɛ wiase no fã de, nanso wɔte wiase. (Yohane 17:11, 16) Yɛn mu biara nni hɔ a obetumi akwati wiase honhom no koraa, efisɛ ebia yɛne wɔn a wɔnnɔ Onyankopɔn na wɔn ani nnye n’akwan ho na ɛyɛ adwuma anaasɛ ɛte. So yɛte nka sɛnea Lot a Sodom amumɔyɛfo a na ɔte wɔn mu no de wɔn amumɔyɛ no “haw no” anaasɛ wɔyɛɛ no ayayade no tee nka no? (2 Petro 2:7, 8) Sɛ ɛte saa a, yebetumi ama yɛn bo atɔ yɛn yam. Yehowa bɔɔ Lot ho ban gyee no, na obetumi ayɛ saa ara ama yɛn. Yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no hu yɛn nsɛm tebea nyinaa na onim, na obetumi ayɛ yɛn mmoa ama yɛn ahoɔden a ehia a yɛde bekura yɛne no ntam abusuabɔ pa mu no. (Dwom 33:18, 19) Sɛ yɛde yɛn ho to no so, na yesũ frɛ no a, ɔbɛboa yɛn ma yɛako atia wiase honhom no, ɛmfa ho sɛnea ebia yɛn tebea no yɛ den fa no.—Yesaia 41:10.

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho anisɔ kɛse?

18 Sɛ́ Yehowa nkurɔfo no, wɔde nokware nimdeɛ adom yɛn wɔ wiase a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho na Satan adaadaa no no mu. Enti yɛwɔ anigye ne asomdwoe a wiase no nni bi no. (Yesaia 57:20, 21; Galatifo 5:22) Yɛn ani gye daa nkwa wɔ Paradise, baabi a wiase a ɛrekɔ n’awiei yi honhom nni hɔ ho anidaso a ɛyɛ anigye no ho. Enti momma yɛnkyerɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no ho anisɔ kɛse na yɛmma yɛn ani nna hɔ, na yensiesie biribiara a ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi Onyankopɔn ho no. Momma yɛmmɛn Yehowa bere nyinaa, na ɔbɛboa yɛn ma yɛako atia wiase honhom no.—Yakobo 4:7, 8.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Akwan bɛn so na Satan adaadaa nkurɔfo?

• Yɛbɛyɛ dɛn akwati yɛn ho a yɛbɛtwe afi Yehowa ho?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wiase honhom no ano yɛ den?

• Yɛbɛyɛ dɛn anya Onyankopɔn honhom na yɛakura mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 11]

WIASE NYANSA NE ONYANKOPƆN NYANSA

Nokware wɔ anohyeto—nnipa ankasa na wɔkyerɛ ade a ɛyɛ nokware.

‘Onyankopɔn asɛm yɛ nokware.’—Yohane 17:17.

Ɛsɛ sɛ w’ankasa na wokyerɛ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ.

“Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye?”—Yeremia 17:9.

Yɛ nea w’ankasa wopɛ.

“Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.

Sika na ɛma anigye.

“Bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ.”—1 Timoteo 6:10.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Salomo wae fii nokware som ho kɔsom abosom

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Te sɛ obi a ɔbɔ nneɛma ho dawuru no, Satan hyɛ wiase honhom ho nkuran. So woko tia?