Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Liberia Ahenni Asɛmpaka Adwuma no Nya Nkɔso a Ɔko Mfa Ho

Liberia Ahenni Asɛmpaka Adwuma no Nya Nkɔso a Ɔko Mfa Ho

Liberia Ahenni Asɛmpaka Adwuma no Nya Nkɔso a Ɔko Mfa Ho

ƆMANKO akɔ so wɔ Liberia bɛboro mfe du. Ebeduu afe 2003 mfinimfini no, na asɔretiafo ako abedu ahenkurow Monrovia mu. Tebea no hyɛɛ Yehowa Adansefo pii ma woguan fii wɔn afie mu mpɛn pii. Wɔfow nneɛma mpɛn pii.

Awerɛhosɛm ne sɛ, wokunkum nnipa pii bere a na ɔko no rekɔ so wɔ ahenkurow no mu no. Ná Adansefo baanu ka ho, onuabarima biako ne onuabea biako. Ɔkwan bɛn so na anuanom a aka no yɛɛ wɔn ade wɔ ahokyere no mu, na dɛn na wɔyɛ de boaa wɔn?

Mmoa a Wɔde Ma Wɔn a Ahia Wɔn

Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Liberia no yɛɛ nhyehyɛe de mmoa maa wɔn a na ahia wɔn wɔ ɔko bere no mu. Wɔmaa wɔn aduan, fie nneɛma a ɛho hia, ne nnuru. Aduan ho bɛyɛɛ den bere a na asɔretiafo no ako afa po so hyɛn gyinabea no. Na wɔn dwumadibea no ahu eyi asie dedaw, enti na wɔwɔ nneɛma a ɛho hia a wɔde bɛma Adansefo a wɔaguan akɔ Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ kurow no mu nyinaa so no. Anuanom no kyɛɛ aduan no nkakrankakra ma etumi sõõ wɔn kosii sɛ wɔsan buee po so hyɛn gyinabea no. Adansefo no dwumadibea a ɛwɔ Belgium ne Sierra Leone no de nnuru guu wimhyɛn mu brɛɛ wɔn, na Britain ne France dwumadibea nso de ntade pii brɛɛ wɔn.

Ɛmfa ho sɛ na tebea no haw adwene no, na yɛn nuanom no wɔ adwempa ne anigye. Asɛm a onua bi a waguan afi ne fie kae no te sɛ nea wɔn mu pii ka. Ɔkae sɛ: “Eyi ne tebea a yedi ho adanse no; yɛte nna edi akyiri mu.”

Wotie Asɛmpa No

Ɛmfa ho sɛ basabasayɛ ahyɛ ɔman no mu ma no, nnipa dodow no ara kɔ so tie Adansefo no wɔ asɛnka mu. Wonyaa Ahenni adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 3,879 wɔ afe 2003 January mu, na wɔyɛɛ Bible adesua 15,227 wɔ February mu.

Nnipa gye asɛmpa no tom ntɛm. Eyi ho nhwɛso sii wɔ akuraa bi ase wɔ ɔman no anafo apuei fam. Asafo bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ Kristo wu Nkaedi no wɔ akuraa kɛse a ɛde Bewahn ase, a wɔde bɛyɛ dɔnhwerew anum bɛnantew afi baabi a wɔtaa hyia no de akɔ hɔ no. Ansa na anuanom no rekɔ akuraa no ase akɔto nsa afrɛ nnipa aba Nkaedi no ase no, wodii kan too nsa frɛɛ Bewahn kurow sohwɛfo no. Bere a ne nsa kaa kratasin a wɔde to nsa frɛ no, ɔfaa ne Bible kɔɔ akuraa no asefo nkyɛn na ɔkenkan kyerɛwsɛm a ɛwɔ kratasin no so no kyerɛɛ wɔn na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ Nkaedi no ase. Enti bere a anuanom adawurubɔfo no beduu hɔ no, na wɔayɛ wɔn adwuma no ama wɔn! Kurow sohwɛfo no ne ne mma ne ne yerenom baanu baa Nkaedi no ase. Nnipa 27 na wɔkɔɔ bi. Efi saa bere no, kurow sohwɛfo no agyae Metɔdist asɔre no kɔ, na ɔne Adansefo no afi ase resua Bible no, na ɔde asase ama sɛ wɔmfa nsi Ahenni Asa.

Adwensakra Bi

Yɛn nuanom abrabɔ nso atumi asesa asɔretiafo binom nsusuwii wɔ nokware no ho. Susuw ɔbarima bi a wɔfrɛ no Opoku nhwɛso no ho hwɛ. Ɔkwampaefo titiriw bi hyiaa no wɔ asɛnka mu na ɔde Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma kyerɛɛ no. Ná Opoku ani gye asɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu ho nanso na onni sika. Ɔkwampaefo no de nsɛmma nhoma no maa no na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛbo biara nna so na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan abɛsra no. Bere a ɔkwampaefo no san kɔsraa no no, Opoku bisaa no sɛ: “Wunim me? Wo nkurɔfo a wɔwɔ Harper kurow no mu dodow no ara nim me. Ná metaa pam mo mma fi sukuu mu!” Afei ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na ɔyɛ ntoaso sukuu bi a ɛwɔ kurow no mu sohwɛfo, na na ɔpam Yehowa Adansefo mma esiane sɛ wonkyia frankaa nti.

Nanso, Kristofo dɔ a Yehowa Adansefo daa no adi wɔ tebea horow abiɛsa mu no maa Opoku san susuw sɛnea na ohu wɔn no ho. Nea edi kan no, ohuu sɛnea Adansefo no hwɛɛ wɔn som muni bi a na ɔyare denneennen no. Wɔyɛɛ nhyehyɛe mpo de no kɔɔ ɔman bi a na ɛbɛn hɔ mu kɔsaa no yare. Ná Opoku susuw sɛ onuabarima no a ɔyare no yɛ “onipa titiriw” bi wɔ Adansefo no mu, nanso obehui sɛ ɔyɛ Ɔdansefo bi ara kwa. Nea ɛto so abien no, wɔ 1990 mfe no mu no na Opoku yɛ oguanfo wɔ Côte d’Ivoire. Da bi a na osukɔm de no no, ɔkɔtɔɔ nsu wɔ aberante bi nkyɛn. Ná Opoku kura sika kɛse, na na aberante no nni nsesa a ɔde bɛma no nti, ɔde nsu no kyɛɛ Opoku. Aberante no de nsu no maa Opoku no, obisaa no sɛ: “So wugye di sɛ bere bi bɛba a nnipa te sɛ me ne wo de nneɛma bɛkyekyɛ wɔn ho wɔn ho?” Opoku kae sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo, na aberante no kae sɛ ɔyɛ bi. Onuabarima yi ayamye ne ne papayɛ no kaa no. Nea etwa to no, ɔpɛ a na ɔkwampaefo titiriw no wɔ sɛ ɔde nsɛmma nhoma no bɛkyɛ no no maa Opoku hui sɛ ne nsusuwii wɔ Adansefo no ho nteɛ, enti na ehia sɛ ɔsesa. Onyaa nkɔso wɔ Bible sua mu, na seesei ɔyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu.

Ɛwom sɛ anuanom a wɔwɔ Liberia no kɔ so hyia tebea a emu yɛ den paa de, nanso wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so na wɔde nokwaredi ka mmere pa a ɛreba wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso a trenee wom ase ho asɛmpa kyerɛ. Yehowa werɛ remfi adwumaden a wɔreyɛ ne ɔdɔ a wɔwɔ ma ne din no da.—Hebrifo 6:10.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 30]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

MONROVIA

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Wɔ ahokyere bere mu no, Yehowa nkurɔfo de honhom ne honam fam mmoa ma wɔn a ahia wɔn