Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma Kakra A Yɛde Bɔɔ Afɔre No Maa Yenyaa Nhyira Pii

Nneɛma Kakra A Yɛde Bɔɔ Afɔre No Maa Yenyaa Nhyira Pii

Asetram Nsɛm

Nneɛma Kakra A Yɛde Bɔɔ Afɔre No Maa Yenyaa Nhyira Pii

SƐNEA GEORGE NE ANN ALJIAN KA KYERƐE

Me ne me yere annwen ho da sɛ da bi yɛde asɛm “ɔkyerɛkyerɛfo” ne “akura” bedi nsesa. Saa ara nso na yɛannwen ho da sɛ wɔ yɛn mfe 60 mu no yebesua nkyerɛwde bi na ama yɛatumi ne nnipa a wofi Mediterranea Supɔw Apuei fam no adi nkitaho. Nanso, eyi ne ade a me ne Ann yɛe wɔ 1980 mfe no awiei mu. Ma yɛnka sɛnea nneɛma kakra a yɛde bɔɔ afɔre mfe a atwam no ama yɛanya nhyira pii.

MIFI Armenia abusua bi mu, na na mekɔ Armenia Asɔre. Ná Ann yɛ Roma Katolekni. Bere a yɛwaree wɔ afe 1950 mu no, yɛn nyinaa de yɛn gyidi guu nkyɛn. Ná madi mfe 27, na na Ann adi mfe 24. Yɛtraa abansoro dan bi mu wɔ Jersey City, New Jersey, U.S.A., baabi a m’adwuma a yɛhoro nneɛma wɔ no. Saa bere yi na makura adwuma yi mu bɛyɛ mfe anan.

Wɔ afe 1955 mu no, yɛtɔɔ ɔdan fɛfɛ bi wɔ Middletown, New Jersey. Ná efi saa fie no kɔ m’adwumam yɛ kilomita 60, na na meyɛ adwuma nnansia wɔ nnawɔtwe no mu. Ná da biara meba fie anadwo. Bere a na mihyia Yehowa Adansefo yɛ bere a na wɔbrɛ me Bible ho nhoma wɔ m’adwumam no nkutoo. Mekenkan nhoma no anigye so paa. Ɛwom sɛ na m’adwuma no gye me bere ne m’adwene pii de, nanso minyaa obu kɛse maa Bible no.

Ankyɛ na mihui sɛ, bere a mede ka kar kɔ adwuma ba no yɛ bere a na Ɔwɛn-Aban radio dwumadibea, WBBR, ma Bible ho ɔkasa. Mitiee ɔkasa yi yiye na minyaa ho anigye araa ma meka kyerɛɛ Adansefo no sɛ wɔmmɛsra me. Wɔ November 1957 mu no, George Blanton baa me fie ne me befii Bible adesua ase.

Yɛn Abusua no Bɛyɛɛ Biako wɔ Nokware Som Mu

Ann tee nka dɛn wɔ eyinom nyinaa ho? Ma ɔnka n’asɛm.

“Mfiase no, mesɔre tiae denneennen. Sɛ wɔne George reyɛ Bible adesua a na mehaw adwene paa ma nti ɔyɛe sɛ ɔbɛyɛ adesua no wɔ baabi foforo. Ɔyɛɛ saa asram awotwe. Saa bere no, George fii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow Kwasida wɔ Ahenni Asa so. Afei mihui sɛ na n’ani abere ne Bible adesua no ho efisɛ na saa da yi nkutoo na ɔmfa nkɔ adwuma. Nanso, ɔkɔɔ so yɛɛ okunu pa ne agya pa—ɔyɛ boroo so mpo—na mifii ase sesaa me suban. Nokwarem no, ɛtɔ da bi na sɛ merepopa asa so apon ho a, miwia me ho fa Nyan! nsɛmma nhoma a na George gyaw gu hɔ bere nyinaa no kenkan. Wɔ mmere foforo mu no, na George kenkan Nyan! mu nsɛm a ɛnka nkyerɛkyerɛ ho asɛm tẽẽ na mmom nea bere nyinaa ɛka Ɔbɔadeɛ no ho asɛm kyerɛ me.

“Anwummere bi bere a na George apue ne Onua Blanton reyɛ Bible adesua no, mefaa nhoma bi a na yɛn ba George a wadi mfe abien de ato ɔpon a esi me mpa nkyɛn so no. Ná ɛka anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo ho asɛm. Ɛwom sɛ na mabrɛ de, nanso mifii ase kenkanee efisɛ na me nanabea wui nkyɛe, enti na me werɛ ahow paa. Ntɛm ara na mihuu Bible mu nokwasɛm a ɛne sɛ awufo nte baabi a wɔrehu amane na wɔbɛsan aba nkwa mu bio daakye wɔ owusɔre mu no. Ankyɛ na mesɔre traa mpa so de anigye kenkanee na mesensan nsɛm bi a mepɛ sɛ mede kyerɛ George ase bere a wawie ne Bible adesua no aba fie no.

“Ná me kunu nnye nni sɛ ɛyɛ me na masesa saa no. Bere a ofii fie no na meyɛ ɔsɔretiafo nanso seesei de me na na m’ani agye Bible mu nokware a mahu ho yi! Yɛbɔɔ Bible no ho nkɔmmɔ anadwo mũ no nyinaa kosii ahemadakye. George kyerɛkyerɛɛ atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ ma asase no mu. Meka kyerɛɛ no saa anadwo no sɛ obetumi abɛyɛ adesua no wɔ fie na matumi atra mu bi.

“Onua Blanton hyɛɛ nyansa sɛ mmofra no ntra yɛn adesua no mu bi. Ná yesusuw sɛ wosusua dodo, efisɛ na wɔadi mfe abien ne mfe anan pɛ. Nanso, Onua Blanton buee Deuteronomium 31:12, a ɛka sɛ: ‘Ma ɔman no mmarima ne mmea, ne mmofra mmɔ gua na wontie, na wonsua’ no kyerɛɛ yɛn. Yegyee saa akwankyerɛ no toom na mpo yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ mmofra no betumi ama mmuae bere a yɛreyɛ Bible adesua no. Na yɛbom siesie nsɛm a yɛbɛka, nanso yɛanka asɛm anhyɛ wɔn ano da. Yɛte nka sɛ eyi na ɛboaa wɔn ma wogyee nokware no toom. Yɛn ani bɛsɔ akwankyerɛ a Onua Blanton de maa yɛn na ɛboa maa yɛn abusua no yɛɛ den wɔ Onyankopɔn som mu no bere nyinaa.”

Ɔhaw Ahorow a Ɛhwehwɛe sɛ Yɛde Nneɛma Bɔ Afɔre

Afei a na yɛresua Bible no wɔ biakoyɛ mu no, na yɛwɔ ɔhaw foforo a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma. Esiane sɛ na m’adwumam ne fie ntam kwan ware nti, na mentaa mmedu fie ntɛm gye sɛ anadwo nnɔnkron. Esiane eyi nti na mintumi nkɔ adesua wɔ nnawɔtwe no mu, nanso na mitumi kɔ Kwasida. Saa bere no na Ann kɔ nhyiam ahorow no nyinaa, na na ɔrenya nkɔso. Ná me nso mepɛ sɛ mekɔ nhyiam ahorow no nyinaa bi na meyɛ abusua adesua a etu mpɔn. Na minim sɛ ɛsɛ sɛ mede nneɛma bi bɔ afɔre. Enti misii gyinae sɛ mɛtew nnɔnhwerew dodow a mede yɛ adwuma no so, ɛmfa ho mpo sɛ na saa a mɛyɛ no remma minnya adwuma kɛse.

Saa nhyehyɛe yi boae paa. Yebuu abusua adesua no sɛ asafo nhyiam anum a yɛkɔ wɔ Ahenni Asa so no ara pɛ. Ná yɛfrɛ no yɛn nhyiam a ɛto so nsia. Ná ɛno kyerɛ da ne bere pɔtee—Wukuda biara anadwo 8:00 wɔ nnawɔtwe no mu. Ɛtɔ da bi a, yɛadi anwummere aduan awie na yɛreyɛ ahohoro nkyɛnsee mu awie no, obiako ka sɛ, “Aka kakra bi na ‘nhyiam’ bere aso!” Sɛ bere so na memmae a na Ann fi adesua no ase na sɛ mibedu a metoa so ntɛm ara.

Ade foforo a ɛma yɛyɛɛ den ne biako sɛ abusua ne da biara da asɛm a na yɛbom yɛ no anɔpa biara no. Nanso, na ɔhaw bi wɔ hɔ. Ná ɛsono bere a obiara de sɔre. Yesusuw eyi ho na yesii gyinae sɛ yɛn nyinaa bɛsɔre bere koro na yɛadidi anɔpa 6:30, na yɛabom asusuw daa asɛm no ho. Saa nhyehyɛe yi boaa yɛn paa. Bere a yɛn mma no nyinyinii no wɔpawee sɛ wɔbɛkɔ akɔsom wɔ Betel. Yɛtee nka sɛ da biara da asɛm no ka ho bi na ɛmaa wɔde wɔn ho hyɛɛ Onyankopɔn som mu.

Ɔsom Mu Hokwan Wɔ Asubɔ Akyi Hwehwɛe sɛ Yɛde Nneɛma Akɛse Bɔ Afɔre

Mebɔɔ asu wɔ afe 1962 mu, na metɔn m’adwuma a na makura mu mfe 21 no kɔyɛɛ obi adwuma wɔ yɛn mpɔtam hɔ ara na matumi abɛn m’abusua na ama yɛn nyinaa abom asom Yehowa. Eyi maa yenyaa nhyira pii. Yɛde yɛɛ yɛn botae sɛ yɛn nyinaa de yɛn ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Ɛno fii ase wɔ 1970 mfe no mfiase, bere a yɛn babarima panyin Edward, wiee ntoaso sukuu akyi pɛɛ na ɔbɛyɛɛ bere nyinaa somfo anaasɛ daa kwampaefo no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, yɛn babarima George fii akwampae adwuma ase, na ankyɛ na Ann nso fii ase. Wɔn baasa nyinaa hyɛɛ me nkuran yiye efisɛ na wɔka osuahu a wɔanya wɔ asɛnka mu no kyerɛ me. Sɛ́ abusua no yesusuw sɛnea yebetumi ama yɛn asetra aba fam na ama yɛn nyinaa atumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no ho. Yesii gyinae sɛ yɛbɛtɔn yɛn fie no. Ná yɛatra saa fie no mu mfe 18, na ɛhɔ na yɛtetee yɛn mma. Ná yɛn ani gye yɛn fie no ho paa, nanso Yehowa hyiraa gyinae a yesii sɛ yɛbɛtɔn no so.

Wɔtoo nsa frɛɛ Edward kɔɔ Betel wɔ afe 1972 mu, ne George wɔ afe 1974 mu. Ɛwom sɛ na me ne Ann ani gyina wɔn de, nanso yɛamma yɛn adwene antɔ ankɔ sɛnea ɛbɛyɛ fɛ sɛ wɔbɛtra yɛn mpɔtam hɔ, aware, na wɔawo mma no so. Mmom no, ɛyɛɛ yɛn dɛ sɛ yɛn mma no resom Yehowa wɔ Betel. * Yegye asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 23:15 a ɛka sɛ: “Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, me koma bɛtɔ me yam, me ara nso m’ani begye” no tom.

Yɛde Yɛn Ho Hyɛɛ Akwampae Titiriw Adwuma Mu

Esiane sɛ na yɛn mmabarima baanu no nyinaa wɔ Betel nti, yɛtoaa akwampae adwuma no so. Afei da koro bi wɔ afe 1975 mu no, yɛn nsa kaa krataa bi a ɛtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔyɛ akwampaefo atitiriw wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu wɔ Clinton County, Illinois. Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ yɛn nwonwa! Ná eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yefi New Jersey, baabi a na yɛbɛn yɛn mma no wɔ New York no ne baabi a na yɛwɔ nnamfo ne abusuafo no. Nanso, yɛfaa no sɛ adwuma a Yehowa de ama yɛn, na yɛde yɛn ho bɔɔ afɔre ma ɛde nhyira foforo bae.

Yɛyɛɛ adwuma asram pii wɔ asasesin no a wɔmfaa nhyɛɛ obiara nsa mu akyi no, yefii ase yɛɛ asafo nhyiam wɔ asa bi so wɔ Carlyle, Illinois. Nanso na yɛpɛ baabi a yebehyia daa. Onua bi ne ne yere a wɔwɔ hɔnom nyaa asase a na ɔdan ketewa bi si so a na yetumi tua ho ka. Yesiesiee ɔdan no mu ne ɛho nyinaa na yɛde yɛɛ nhyiam asa ketewa bi. Yɛde anigye kae ɔpɔnkɔ bi a na ɔpɛ sɛ ohu nea yɛyɛ no. Ná ɔtaa de ne ti bɛtɛ mfɛnsere no mu bɛhwɛ nea ɛkɔ so wɔ nhyiam no ase!

Bere bi akyi no, wɔhyehyɛɛ Carlyle Asafo no, na yɛn ani gyei sɛ yɛboae wɔ eyi yɛ mu. Steve ne Karil Thompson, awarefo akwampaefo nkumaa bi a na wɔn nso aba rebɛyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔmfaa nhyɛɛ obiara nsa mu no boaa yɛn. Steve ne Karil Thompson traa hɔ mfe pii, na akyiri yi wɔkɔɔ Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu, na wotu kɔɔ Afrika Apuei fam kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ hɔ, baabi a wɔsom wɔ akwantu adwuma no mu.

Ankyɛ na yɛn nhyiam asa ketewa yi fii ase yɛɛ ma, na ɛho behiae sɛ yenya asa kɛse. Saa onua no a ɔma yenyaa asa ketewaa no ara ne ne yere na wɔsan boae ma yɛtɔɔ asase a na ɛfata sɛ yesi Ahenni Asa wɔ so no. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Ahenni Asa dan foforo a wɔasi wɔ Carlyle so hyira wɔ mfe kakra bi akyi no! Minyaa hokwan maa ɔdan so hyira kasa no. Adwuma a yɛkɔyɛɛ wɔ hɔ no ma yenyaa osuahu a ɛyɛ anigye, nhyira a efi Yehowa hɔ.

Yɛkɔɔ Asasesin Foforo Mu

Yenyaa dwumadi foforo wɔ afe 1979 mu kɔɔ Harrison, New Jersey. Yɛde bɛyɛ mfe 12 somee wɔ hɔ. Yɛne Chinani bea bi fii Bible adesua ase wɔ saa bere no mu, na eyi maa yenyaa Chinafo pii ne wɔn suaa Bible no. Saa bere no yehui sɛ Chinafo sukuufo ne mmusua mpempem pii tete yɛn mpɔtam hɔ. Esiane eyi nti, ɛhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yebesua China kasa no. Ɛwom sɛ na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ da biara yegye bere sua kasa no de, nanso ɛmaa yenyaa Chinafo a ɛwɔ yɛn mpɔtam hɔ pii ne wɔn yɛɛ Bible adesua a ɛyɛ anigye.

Wɔ saa mfe no mu no, yenyaa osuahu pii a na ɛyɛ serew, titiriw bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka China kasa no. Da koro bi, sɛ anka Ann bɛda ne ho adi sɛ Bible “kyerɛkyerɛfo” no ɔdaa ne ho adi sɛ Bible “akura.” Nsɛmfua no di nsɛ paa. Ofiewura no serewee na ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo bra mu. Me ne Bible akura nkasae da.” Yɛda so ara resua kasa no.

Ɛno akyi no wɔmaa yɛn dwumadi wɔ New Jersey beae foforo bi a yetumi toaa so yɛɛ adwuma wɔ Chinafo mu. Akyiri yi wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yentu nkɔ Boston, Massachusetts, baabi a na Chinafo kuw bi afi ase bɛyɛ mfe abiɛsa no. Yɛanya hokwan aboa kuw yi mfe nson a atwam ni, na yɛn ani agye sɛ yɛahu sɛ abɛyɛ asafo wɔ January 1, 2003.

Yɛn Ho a Yɛde Bɔɔ Afɔre no Mu Nhyira

Yɛkenkan nsa a Yehowa to frɛ ne nkurɔfo sɛ wɔmfa wɔn ayɛyɛde ne wɔn afɔrebɔde mmrɛ no na onhwie ne nhyira ngu wɔn so ma ɛmmoro so no wɔ Malaki 3:10. Yɛde yɛn adwuma a na m’ani gye ho paa no bɔɔ afɔre. Yɛtɔn yɛn fie a na yɛn ani gye ho paa no. Na yɛde nneɛma foforo nso bɔɔ afɔre. Nanso sɛ yɛde nhyira no toto ho a, nneɛma a yɛde bɔɔ afɔre no sua.

Nokwarem no, hwɛ nhyira pii a Yehowa ahwie agu yɛn so! Yɛanya akomatɔyam sɛ yɛn mma no agye nokware no atom, na yɛn ani agye sɛ yenya kyɛfa wɔ bere nyinaa som adwuma a egye nkwa no mu, na yɛahu sɛnea Yehowa ama yɛn nsa aka yɛn ahiade nyinaa no. Nokwarem no, nneɛma kakra a yɛde bɔɔ afɔre no ama yɛanya nhyira pii!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Wɔda so ara de nokwaredi resom wɔ Betel—Edward ne ne yere Connie wɔ Patterson, na George ne ne yere Grace wɔ Brooklyn.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Louise ne George Blanton ne Ann, 1991

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ahenni Asa a ɛwɔ Carlyle no, wohyiraa so wɔ June 4, 1983

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Yɛne Chinafo asafo a wɔahyehyɛ no foforo wɔ Boston

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yɛne Edward, Connie, George, ne Grace