Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na 1 Korintofo 10:8 ka sɛ Israelfo a wowuwui da koro bere a wɔbɔɔ aguaman no yɛ 23,000 nanso Numeri 25:9 ka sɛ na wɔn dodow si 24,000?

Ebetumi aba sɛ nneɛma ahorow bi nti na kyerɛwtohɔ abien no nhyia. Yebetumi aka no tiawa sɛ na nnipa no dodow fi 23,000 kosi 24,000 ma enti sɛ obi ka emu biara a, ɛnyɛ mfomso.

Susuw eyi nso ho hwɛ. Ɔsomafo Paulo de asɛm a ɛtoo Israelfo wɔ Sitim no yɛɛ kɔkɔbɔ nhwɛso maa Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto a na ɛyɛ kurow a agye din wɔ ɔbrasɛe mu no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mommma yɛmmɔ aguaman sɛ wɔn mu binom bɔe na wɔn mu mpem aduonu abiɛsa totɔe da koro no.” Bere a na Paulo reka wɔn a wɔbɔɔ aguaman ma Yehowa ankasa kunkum wɔn no nkutoo ho asɛm no, ɔkae sɛ na wɔn dodow si 23,000.—1 Korintofo 10:8.

Nanso, Numeri ti 25 ka sɛ “Israel de ne ho bɔɔ Baal-Peor ho. Na [Yehowa, NW] bo fuw Israel.” Ɛno akyi no, Yehowa hyɛɛ Mose sɛ onkunkum “ɔman no mu atitiriw nyinaa.” Mose nso hyɛɛ atemmufo no sɛ wɔnyɛ sɛnea wɔaka no. Awiei koraa no, bere a Pinehas de ahoɔhare kum Israelni a ɔde Midianni bea bi baa wɔn nsraban no mu no, “ɔhaw no to twae.” Kyerɛwtohɔ no ba awiei sɛ: “Nnipa a wowuwui ɔhaw no mu no ano si ɔpeduonu anan.”—Numeri 25:1-9.

Ɛda adi sɛ Numeri kyerɛwtohɔ no fa “ɔman no mu atitiriw” a atemmufo no kunkum wɔn no ne wɔn a Yehowa ankasa kunkum wɔn no nyinaa ho. Ebetumi aba sɛ na nnipa a atemmufo no kunkum wɔn no yɛ apem na ɛno na ɛmaa dodow no koduu 24,000 no. Sɛ́ ebia saa akannifo yi anaa atitiriw no bɔɔ aguaman no bi, wɔde wɔn ho hyɛɛ afahyɛ ahorow no mu, anaasɛ wɔpenee so ma wɔyɛɛ saa no, wodii fɔ sɛ “wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-Peor ho.”

Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ asɛm “wɔde wɔn ho kɔbɔɔ” no betumi akyerɛ “obi ho a ɔde kɔbata ɔfoforo ho.” Ná Israel man no yɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa nanso bere a “wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-Peor ho no,” etwaa wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no mu. Bɛyɛ mfirihyia 700 wɔ asɛm yi akyi no, Yehowa nam odiyifo Hosea so ka faa Israel man no ho sɛ: “Wɔkɔɔ Baal-Peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude, na wɔn ho yɛɛ nwini sɛ nneɛma a wɔpɛe no ara.” (Hosea 9:10) Ná wɔn a wɔyɛɛ saa no nyinaa fata Onyankopɔn atemmu a ano yɛ den. Ɛno nti, Mose kaee Israel mma sɛ: “Mo aniwa ahu nea Baal-Peor nti [Yehowa, NW] yɛe, sɛ nnipa a wodii Baal-Peor akyi nyinaa [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn sɛee wɔn fii mo mu.”—Deuteronomium 4:3.