Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yebetumi Ahu Nea Aboa no ne N’agyiraehyɛde no Kyerɛ

Sɛnea Yebetumi Ahu Nea Aboa no ne N’agyiraehyɛde no Kyerɛ

Sɛnea Yebetumi Ahu Nea Aboa no ne N’agyiraehyɛde no Kyerɛ

SO W’ANI gye agoru a wɔfrɛ no sɛ agya rekɔ ogyaw me ade bi anaa aborɔme ho? Sɛ wobisa wo asɛm wɔ saa agoru yi mu na sɛ wubetumi ayi ano a, gye sɛ wɔka ade ko no ho nsɛm kakra kyerɛ wo ansa. Onyankopɔn ama yɛahu akwan a yebetumi afa so ahu nea aboa a wɔaka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 13 no nɔma 666, nea ne din anaa n’agyiraehyɛde no gyina hɔ ma no wɔ N’asɛm mu.

Yebesusuw akwan atitiriw anan a yebetumi afa so ahu nea aboa no agyiraehyɛde no gyina hɔ ma no ho wɔ asɛm yi mu. Yebesusuw (1) sɛnea ɛtɔ mmere bi a wonya Bible mu din ahorow, (2) nea aboa no gyina hɔ ma, (3) sɛ wɔka sɛ 666 no yɛ “onipa akontaa ntoano” a, nea ɛkyerɛ, ne (4) nea nɔma 6 no kyerɛ ne afei nea enti a wɔakyerɛw abɔ ho abiɛsa, ɛne sɛ 600 ne 60 ne 6 a wɔaka abom anaa 666 no ho.—Adiyisɛm 13:18.

Bible Mu Din Horow—Ɛnyɛ Agyiraehyɛde Ara Kwa

Bible mu din horow, titiriw nea Onyankopɔn paw mae no, taa kyerɛ biribi titiriw bi. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ na Abram bɛba abɛyɛ aman pii agya nti, Onyankopɔn sesaa tete agya no din ma ɛbɛyɛɛ Abraham a asekyerɛ ne “Nnipakuw Agya.” (Genesis 17:5) Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yosef ne Maria sɛ wɔmfrɛ abofra a na Maria rebɛwo no no sɛ Yesu, edin a asekyerɛ ne sɛ “Yehowa Ne Nkwagye.” (Mateo 1:21, NW, ase hɔ asɛm; Luka 1:31) Nea ɛne saa din no hyia no, Yehowa nam Yesu som adwuma no ne n’afɔrebɔ wu no so yɛɛ nkwagye ho nhyehyɛe maa yɛn.—Yohane 3:16.

Saa ara na ɛsɛ sɛ nɔma 666 a Onyankopɔn de ama sɛ aboa no din no nso gyina hɔ ma nea Onyankopɔn hu no sɛ ɛyɛ aboa no su no. Sɛ yɛbɛte aboa no su horow no ase a, ɛsɛ sɛ yehu nea aboa no gyina hɔ ma na yesua ne nneyɛe no ho ade.

Wɔahu Nea Aboa no Gyina Hɔ Ma

Bible mu nhoma a ɛne Daniel no de nkyerɛkyerɛmu pii ma wɔ nea sɛnkyerɛnne kwan so mmoa bi gyina hɔ ma ho. Ti 7 no de nkyerɛkyerɛmu a emu dɔ ma yɛn wɔ “mmoa akɛse anan” a wɔne gyata, osisi, ɔsebɔ ne aboa bi a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so a ɔwɔ dade se akɛse ho. (Daniel 7:2-7) Daniel ka sɛ saa mmoa no gyina hɔ ma “ahene” anaa amammui tumidi ahorow a ɛba nnidiso nnidiso bedi ahemman ahorow so tumi no.—Daniel 7:17, 23.

The Interpreter’s Dictionary of the Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ aboa a wɔaka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:1, 2 no “wɔ su horow a mmoa anan a wɔaka wɔn ho nsɛm wɔ Daniel anisoadehu no mu no wɔ no nyinaa bi . . . Enti [Adiyisɛm] mu aboa a odi kan no gyina hɔ ma amammui tumidi ahorow nyinaa a ɛwɔ wiase a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi no.” Saa asɛm yi yɛ nokware efisɛ Adiyisɛm 13:7 ka fa aboa no ho sɛ: ‘Wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi.’ *

Dɛn nti na Bible no de mmoa gyina hɔ ma nnipa nniso wɔ sɛnkyerɛnne kwan so? Anyɛ hwee koraa no, nneɛma abien bi ntia. Nea edi kan no, efisɛ nniso ahorow no ayɛ wɔn ade te sɛ mmoa ahwie mogya pii agu mfehaha pii. Abakɔsɛm akyerɛwfo Will ne Ariel Durant ka sɛ: “Wɔadi ako wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu, na anibue ne dodow amammu a aba no mmaa ɛto ntwae.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware sɛ “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne”! (Ɔsɛnkafo 8:9) Ade a ɛto so abien nti a Bible no de mmoa gyina hɔ ma nnipa nniso no ne sɛ ‘ɔtweaseɛ no, Satan, de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa aboa no.’ (Adiyisɛm 12:9; 13:2) Esiane saa nti, nnipa nniso fi Ɔbonsam ma enti ɛwɔ ɔtweaseɛ no mmoa su no bi.—Yohane 8:44; Efesofo 6:12.

Nanso eyi nkyerɛ sɛ Satan de nnipa sodifo biara di dwuma tẽẽ. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa nniso no yɛ adwuma sɛ “Onyankopɔn asomfo” wɔ ɔkwan bi so, efisɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a anka asomdwoe mma ɔman mu. Atumfo binom mpo ako ama nnipa ahofadi a hokwan a nkurɔfo de bɛsom wɔ nokwaredi mu ka ho—ade a Satan mpɛ. (Romafo 13:3, 4; Esra 7:11-27; Asomafo no Nnwuma 13:7) Nanso, esiane Ɔbonsam nkɛntɛnso nti, onipa anaa ahyehyɛde biara nni hɔ a atumi ama nnipa anya asomdwoe ne ahobammɔ a edi mũ pɛn. *Yohane 12:31.

“Onipa Akontaa Ntoano”

Ade a ɛto so abiɛsa a ɛbɛma yɛahu nea 666 no kyerɛ ne ka a wɔka sɛ ɛyɛ “onipa akontaa ntoano” no. Esiane sɛ Satan nkutoo na ɔwɔ tumi wɔ aboa no so na onipa biara nni tumi wɔ aboa no so nti, saa asɛm yi ntumi nnyina hɔ mma onipa biako bi. (Luka 4:5, 6; 1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 13:2, 18) Mmom no, nea wɔ a aboa no wɔ “onipa akontaa ntoano” anaa agyiraehyɛde no kyerɛ ne sɛ ɛnyɛ honhom anaa adaemone, na mmom ɛyɛ nnipa ahyehyɛde na ɛwɔ nnipa su ahorow bi. Dɛn na ebetumi ayɛ saa su yi? Bible ma ho mmuae bere a ɛka sɛ: “Wɔn [nnipa] nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Romafo 3:23) Enti, “onipa akontaa ntoano” a aboa no wɔ no kyerɛ sɛ nniso ahorow no wɔ nnipa sintɔ ahorow a ɛma wohu sɛ nnipa nyɛ pɛ na wɔtɔ sin no bi.

Abakɔsɛm da no adi sɛ eyi yɛ nokware. Kan U.S. Ɔman Soafo Henry Kissinger kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nniso biara a ɛba so no gu. Abakɔsɛm yɛ mmɔdenbɔ a ansi hwee, anidaso a amma mu ho kyerɛwtohɔ . . . Enti ɛsɛ sɛ abakɔsɛm kyerɛwfo biara hwɛ kwan sɛ ɔhaw a ɛte saa betumi aba.” Asɛm a Kissinger kae no foa saa nokwasɛm a Bible ka yi so sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.

Afei, bere a yɛahu nea aboa no gyina hɔ ma ne sɛnea Onyankopɔn hu no no, yebetumi ahwehwɛ asɛm a ɛkyere adwene no fã a etwa to a ɛne nea enti a wɔakyerɛw akontaa ntoano asia no abɔ ho abiɛsa—666 anaa 600 ne 60 ne 6 a wɔaka abom—no mu.

Asia a Wɔasi so Mprɛnsa—Dɛn Ntia?

Wotumi de nɔma ahorow bi gyina hɔ ma biribi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛnea ɛte no, wɔtaa de nɔma ason gyina hɔ ma ade a Onyankopɔn bu no sɛ edi mũ anaa ɛyɛ pɛ. Sɛ nhwɛso no, mmere tenten a Onyankopɔn de wiee asase yi so nneɛma nyinaa bɔ koraa no yɛ ‘nna’ ason. (Genesis 1:3–2:3) Onyankopɔn anom “nsɛm” te sɛ dwetɛ a “wɔayiyi mu mpɛn ason” a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔatew ho ma ayɛ kronkron. (Dwom 12:6; Mmebusɛm 30:5, 6) Wɔka kyerɛɛ Naaman a na ɔyare kwata no sɛ onkoguare mpɛn ason wɔ Yordan Asubɔnten no mu na bere a ɔyɛɛ saa no, ne yare no kɔe koraa.2 Ahene 5:10, 14.

Akontaahyɛde asia nnu ason. So ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ ebegyina hɔ ama ade a enni mũ wɔ Onyankopɔn ani so? Ɛfata dodo! (1 Beresosɛm 20:6, 7) Bio nso, asia a wɔasi so mprɛnsa sɛ 666 no si no pi sɛ dekode no nni mũ koraa. Ka a wɔka sɛ 666 no yɛ “onipa akontaa ntoano” nso ma yehu sɛ nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama abedu ha yi yɛ nokware. Enti sɛ yesusuw nea aboa no ayɛ, n’akontaahyɛde a ɛyɛ “onipa akontaa ntoano” no ne nɔma 666 no ho a, ɛde adanse a emu da hɔ fann ma sɛ wɔ Yehowa ani so no, ɛnsɛ na ɛmfata koraa.

Aboa no sintɔ ahorow a wɔaka ho asɛm no ma yɛkae nea wɔka faa tete Babilon hene Belsasar ho no. Yehowa nam Daniel so ka kyerɛɛ saa ɔhene no sɛ: “Wɔakari wo nsenia mu, na wɔahu wo sɛ wunnu.” Saa anadwo no ara, wokum Belsasar sɛee Babilon Ahemman kɛse no nso. (Daniel 5:27, 30) Saa ara na atemmu a Onyankopɔn de bɛba amammui ahyehyɛde a egyina hɔ ma aboa no ne wɔn a woagye n’agyiraehyɛde no, de aboa no ne n’akyidifo no nyinaa bɛba awiei. Nanso, saa bere no de, ɛnyɛ amammui ahyehyɛde koro bi na Onyankopɔn beyi afi hɔ, na mmom ɔbɛsɛe nnipa nniso nyinaa. (Daniel 2:44; Adiyisɛm 19:19, 20) Enti, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yennye aboa no agyiraehyɛde a ɛde nkurɔfo bɛkɔ owu mu no!

Wɔahu Nea Agyiraehyɛde no Gyina Hɔ Ma

Bere a Adiyisɛm nhoma no kaa nɔma 666 no ho asɛm wiei pɛ na ɛkaa nnipa 144,000 a wɔyɛ Oguammaa Yesu Kristo akyidifo a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne N’agya Yehowa din wɔ wɔn moma so no nso ho asɛm. Saa edin abien a wɔakyerɛw wɔ wɔn moma so no da no adi sɛ nkurɔfo no yɛ Yehowa ne ne Ba no a saafo no de anigye di wɔn ho adanse no dea. Saa ara na wɔn a wɔwɔ aboa no agyiraehyɛde no da no adi sɛ wɔyɛ aboa no nkoa. Enti, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, nea wɔ a obi wɔ aboa no agyiraehyɛde wɔ ne nsa nifa anaa ne moma so no kyerɛ ne sɛ onipa kõ no som wiase amammui ahyehyɛde ahorow a wɔyɛ wɔn ade sɛ mmoa no. Wɔn a wɔwɔ aboa no agyiraehyɛde no de nea ɛyɛ Onyankopɔn de ma “Kaesare.” (Luka 20:25; Adiyisɛm 13:4, 8; 14:1) Ɔkwan bɛn so? Efisɛ wɔde ɔsom mu nidi ma ɔman no, n’agyiraehyɛde ahorow, ne n’asraadi mu ahoɔden, na wogye di sɛ wɔn anidaso ne wɔn nkwa gyina aboa no so. Ɔsom biara a wɔde ma Onyankopɔn no nsɔ n’ani.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible no tu yɛn fo sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:3, 4) Wɔn a wotie saa afotusɛm a mfaso wɔ so yi nte abasamtu nka bere a nniso ahorow no antumi anni wɔn botae ahorow ho dwuma anaa bere a tumi fi akannifo a nkurɔfo pɛ wɔn asɛm yiye nsa no.—Mmebusɛm 1:33.

Eyi nkyerɛ sɛ adesamma tebea no mfa nokware Kristofo ho. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔde nnamyɛ ka Onyankopɔn Ahenni a wogye di sɛ ɛyɛ nniso a ebeyi adesamma haw nyinaa afi hɔ no ho asɛm.—Mateo 24:14.

Onyankopɔn Ahenni—Adesamma Anidaso Koro

Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔde Onyankopɔn Ahenni na ɛyɛɛ n’asɛnka no asɛmti titiriw. (Luka 4:43) Wɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso a wɔtaa frɛ no Awurade Mpaebɔ no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ saa Ahenni no mmra na wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase yi so. (Mateo 6:9, 10) Ɛnyɛ asase yi so kuropɔn bi so na nniso no befi adi tumi, na mmom Ahenni no befi soro na adi tumi. Ɛno nti na Yesu frɛɛ no sɛ “ɔsoro ahenni” no.—Mateo 11:12.

Hena na ɔfata sɛ obedi Ahenni no so Hene sen Yesu Kristo a obewu gyee wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ Ahenni no manfo no nkwa no? (Yesaia 9:6, 7; Yohane 3:16) Ɛrenkyɛ, saa Sodifo a ɔyɛ pɛ a seesei ɔyɛ honhom abɔde no bɛtow aboa no, n’ahemfo, ne n’asraafodɔm no nyinaa agu “ogya tare a sufrɛ dɛw mu” a ɛkyerɛ ɔsɛe koraa no mu. Nanso, sɛ wɔyɛ eyi wie a na ɛnsae. Yesu bɛsan ayi Satan a onipa biara ntumi nyɛ no hwee no afi hɔ.—Adiyisɛm 11:15; 19:16, 19-21; 20:2, 10.

Onyankopɔn Ahenni bɛma ne manfo a wɔyɛ ahobrɛasefo no anya asomdwoe. (Dwom 37:11, 29; 46:8, 9) Wobeyi awerɛhow, ɛyaw, ne owu mpo afi hɔ. Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara na ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔkwati sɛ wobegye aboa no agyiraehyɛde sɛɛ yi!—Adiyisɛm 21:3, 4.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ saa nkyekyɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, a Yehowa Adansefo tintimii no ti 28.

^ nky. 11 Ɛwom sɛ nokware Kristofo nim sɛ mpɛn pii no nniso ahorow no yɛ wɔn ade te sɛ mmoa de, nanso sɛnea Bible no de akwankyerɛ ma no, wɔbrɛ wɔn ho ase ma ‘atumfo a wɔkorɔn’ no. (Romafo 13:1, NW) Nanso, sɛ saa atumfo no hyɛ sɛ wɔnyɛ biribi a etia Onyankopɔn mmara de a, ‘wotie Onyankopɔn mmom sen nnipa.’—Asomafo no Nnwuma 5:29.

[Adaka wɔ kratafa 5]

Nea Ɛbɛma Yɛate 666 no Ase

1. Mpɛn pii no, Bible mu din horow te sɛ Abraham, Yesu ne afoforo a aka no ka biribi fa wɔn ho. Saa ara na aboa no nɔma no a ɛyɛ ne din no ma yehu sɛnea ne suban te.

2. Mmoa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible nhoma a ɛne Daniel mu no gyina hɔ ma nnipa nniso anaa ahemman a wɔba nnidiso nnidiso bedi tumi no. Aboa a wɔaka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:1, 2 no gyina hɔ ma wiase nyinaa amammui ahyehyɛde a Satan na ɔma no tumi na odi so no.

3. Wɔ a aboa no wɔ “onipa akontaa ntoano” no kyerɛ sɛ ɛnyɛ adaemone ahyehyɛde na mmom ɛyɛ nnipa ahyehyɛde. Ɛno nti, ɛwɔ nnipa mmerɛwyɛ a bɔne ne sintɔ de aba wɔn so no bi.

4. Wɔ Onyankopɔn ani so no, akontaahyɛde asia no gyina hɔ ma ade a ɛnyɛ pɛ efisɛ ennu ason a wɔde ka nneɛma a ɛyɛ pɛ ho asɛm wɔ Bible mu no. Nɔma no a wɔasi so mprɛnsa ma ayɛ 666 no si so dua sɛ ade no aporɔw atete.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Nnipa nniso adi nkogu, ɛfata sɛ wɔde akontaahyɛde 666 agyina hɔ ama no

[Asɛm Fibea]

Abofra a ɔkɔm rekum no: UNITED NATIONS/Photo by F. GRIFFING

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Yesu Kristo de nniso a ɛyɛ pɛ bɛba asase so