Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wode W’ani Resi Akatua no So?

So Wode W’ani Resi Akatua no So?

So Wode W’ani Resi Akatua no So?

YARE no fi ase nkakrankakra. Efi ase wɔ ano na ɛmma obi nhu ade yiye. Sɛ wɔanhwehwɛ ano aduru a, ebetumi atrɛw afa ani no so nyinaa. Awiei koraa no, ebetumi de anifurae aba. Ɛyɛ yare bɛn? Aniyare a wɔfrɛ no Glaucoma—ade titiriw a ɛde anifurae ba.

Sɛnea yɛn ani betumi afura nkakrankakra na apira yɛn no, saa ara na ebetumi afura wɔ Onyankopɔn som ho. Enti, ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ yiye wɔ Onyankopɔn som ho.

Akatua no a Yɛde Yɛn Ani Besi So

“Nneɛma a wonhu,” a ɛyɛ nneɛma yentumi mfa yɛn ani ankasa nhu no bi ne daa nkwa akatua a Yehowa de ma n’anokwafo no. (2 Korintofo 4:18) Nokwarem no, ade titiriw nti a Kristofo som Nyankopɔn ne sɛ wɔdɔ no. (Mateo 22:37) Nanso, Yehowa pɛ sɛ yɛhwɛ yɛn akatua kwan. Ɔpɛ sɛ yehu no sɛ Agya yamyefo a “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Enti, akatua a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no som bo ma wɔn a wonim no yiye na wɔdɔ no no, na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛbam.—Romafo 8:19, 24, 25.

Ɔwɛn-Aban yi ne ne hokafo Nyan! akenkanfo pii ani gye mfonini ahorow a ɛwom a ɛkyerɛ sɛnea asase so Paradise a ɛreba no bɛyɛ no ho. Ɛwom, yennim sɛnea asase so Paradise no bɛyɛ pɔtee, na mfonini a ɛwom no yɛ nea wɔde rekyerɛ biribi ara kwa a egyina Bible mu nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Yesaia 11:6-9 so. Nanso, Kristoni bea bi kae sɛ: “Sɛ mihu Paradise a ɛreba no ho mfonini wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu a, mehwɛ no yiye paa te sɛ nea obi bɛhwɛ akwantu nhoma mu yiye no. Mebɔ mmɔden sɛ metwa me ho mfonini wɔ hɔ, efisɛ wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, ɛhɔ na mehwɛ kwan sɛ mɛtra.”

Saa ara na ɔsomafo Paulo tee nka wɔ ne ‘soro frɛ’ no ho. Wansusuw sɛ ne nsa anya aka biribi dedaw, efisɛ na ɛsɛ sɛ odi nokware kosi ase. Enti, ɔtoaa so “twee ne mu pɛɛ anim de.” (Filipifo 3:13, 14) Saa ara na Yesu nso tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, esiane “anigye a ɛda n’anim” nti.—Hebrifo 12:2.

So woadwenem ayɛ wo naa wɔ wiase foforo no a wubenya mu akɔ ho pɛn? Esiane sɛ nkwa ho akatua a yebenya no gyina nokware a yebedi akosi ase so nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ papa sɛ worennye wo ho nni dodo. (Mateo 24:13) Nanso, sɛ yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebedu Onyankopɔn ahwehwɛde ho a, ɛnde ɛsɛ sɛ yenya ahotoso sɛ yɛn nsa betumi aka akatua no. Kae sɛ, Yehowa ‘mpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’ (2 Petro 3:9) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a ɔbɛboa yɛn ma yɛadu yɛn botae no ho. Nokwarem no, ɛnyɛ ne su sɛ ɔbɛhwehwɛ biribi agyina so ama wɔn a wofi nokwaredi mu yɛ n’apɛde no ayɛ wɔn a wɔmfata.—Dwom 103:8-11; 130:3, 4; Hesekiel 18:32.

Nim a yenim sɛnea Yehowa te nka wɔ ne nkurɔfo ho no ma yɛn anidaso—su a ɛho hia te sɛ gyidi ara pɛ. (1 Korintofo 13:13) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “anidaso” no kura adwene a ɛne anigye a obi de hwɛ “ade pa bi kwan.” Esiane sɛ na anidaso a ɛte saa wɔ ɔsomafo Paulo adwene mu nti, ɔkyerɛwee sɛ: “Yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdenbɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu ase, na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo.” (Hebrifo 6:11, 12) Hyɛ no nsow sɛ sɛ yɛkɔ so fi nokwaredi mu som Yehowa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn anidaso no bɛbam. Esiane sɛ anidaso yi nte sɛ wiase anidaso nti, ‘ɛnhyɛ aniwu.’ (Romafo 5:5) Enti yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn anidaso no ayɛ nea edi mũ na yɛde yɛn ani asi so?

Sɛnea Yebetumi Ama Yɛn Honhom Fam Aniwa Ahu Ade Yiye

Yɛrentumi mfa yɛn aniwa abien nyinaa nhwɛ toa mu. Saa ara na ɛte wɔ yɛn honhom fam aniwa ho. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani a yɛde besi nneɛma a ɛwɔ hɔ nnɛ yi so no beyi wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no afi yɛn adwenem. Bere kɔ so no, yɛn ani a enhu ade yiye no betumi afura koraa. Hwɛ awerɛhosɛm ara a ɛno bɛyɛ! (Luka 21:34) Ɛnde hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ‘ani da hɔ’ na ɛyɛ nea wɔde si Onyankopɔn Ahenni ne daa nkwa akatua no so!—Mateo 6:22.

Ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi ama w’ani ada hɔ. Ɔhaw a yehyia da biara da gye yɛn adwene, na nneɛma a ɛtwetwe adwene—mpo sɔhwɛ—betumi aba yɛn akwan mu. Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn ani asi Ahenni no ne Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no so a yemmu yɛn ani ngu nneɛma foforo a ehia so? Ma yensusuw akwan abiɛsa ho.

Sua Onyankopɔn Asɛm daa. Bible a yɛbɛkenkan no daa ne Bible ho nhoma ahorow a yebesua no bɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi Onyankopɔn asɛm so. Ɛyɛ nokware sɛ ebia yɛde mfe pii asua Onyankopɔn Asɛm, nanso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua ade, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkɔ so didi na ama yɛatumi atra ase no. Yennyae adidi esiane sɛ yɛadidi mpɛn pii dedaw nti. Enti, ɛmfa ho sɛnea yenim Bible mu no, yehia honhom fam aduan a ɛwom no daa na atumi ama yɛn ani ada hɔ na yɛn gyidi ne yɛn dɔ mu ayɛ den.—Dwom 1:1-3.

Fa anisɔ susuw Onyankopɔn Asɛm ho. Dɛn nti na nsusuwho ho hia? Nneɛma abien nti. Nea edi kan no, nsusuwho ma yɛte nea yɛkenkan no ase yiye na ɛma yenya ho anisɔ kɛse. Nea ɛto so abien no, nsusuwho mma yɛn werɛ mfi Yehowa, ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa, ne anidaso a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no. Sɛ nhwɛso no: Israelfo a wɔne Mose fii Misraim no de wɔn ani huu Yehowa tumi kɛse a ɔdaa no adi no. Wohuu ɔdɔ mu a ofi bɔɔ wɔn ho ban no nso, bere a na odi wɔn anim de wɔn rekɔ wɔn asase so no. Nanso, bere a Israelfo no duu sare so a wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, ankyɛ na wofii ase nwiinwii a ɛda adi sɛ na wonni gyidi koraa. (Dwom 78:11-17) Ná dɛn na ɛhaw wɔn?

Nkurɔfo no yii wɔn adwene fii Yehowa ne anidaso a ɛyɛ anigye a na ɔde ahyɛ wɔn bɔ no so de sii ahotɔ ne honam fam nneɛma a wobenya saa bere no so. Ɛmfa ho anwonwade ahorow a wohui no, Israelfo pii bɛyɛɛ anwiinwiifo a wonni gyidi. Dwom 106:13 ka sɛ: ‘Wɔn werɛ fii Yehowa nneyɛe ntɛm.’ Anibiannaso a ɛte saa a wɔyɛe yi a na wonni ho anoyi biara no amma saa awo ntoatoaso no ankɔ Bɔhyɛ Asase no so.

Enti, sɛ worekenkan Kyerɛwnsɛm no anaa Bible ho nhoma a, gye bere fa susuw nea worekenkan no ho. Nsusuwho a ɛte saa ho hia na ama wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ayɛ den. Sɛ nhwɛso no, sɛ worekenkan Dwom 106 a wɔaka ho asɛm kakra wɔ ha no a, susuw Yehowa su horow no ho. Hyɛ sɛnea onyaa abotare ne mmɔborohunu maa Israelfo no nsow. Hwɛ sɛnea ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔadu Bɔhyɛ Asase no so. Hyɛ sɛnea wɔkɔɔ so tew atua tiaa no no nsow. Susuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ho yeraw no na odii yaw bere a nkurɔfo a wɔyɛ bonniayɛfo ankasa yi sɔɔ ne mmoborohunu ne n’abotare hwɛe kɔɔ akyiri no ho hwɛ. Bio nso, sɛ yesusuw nkyekyɛm 30 ne 31, nea ɛka sɛnea Pinehas de akokoduru gyinaa pintinn ko maa trenee ho asɛm no ho a, yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa werɛ mfi n’anokwafo na ɔma wɔn akatua a ɛboro so.

Fa Bible nnyinasosɛm di dwuma wɔ w’asetra mu. Bere a yedi Bible nnyinasosɛm akyi no, yɛn ankasa hu sɛ Yehowa afotu boa yɛn. Mmebusɛm 3:5, 6 ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Susuw sɛnea nnipa pii bra a asɛe no de ɔhaw abrɛ wɔn wɔ adwenem, nkate, ne honam fam ho. Bere tiaa mu anigye a nnipa a wɔte saa de wɔn ho hyem no ma wotwa so aba bɔne—mfe pii—mpo wɔn nkwa nna nyinaa mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wɔnam “ɔkwan hihiaa” no so no hu sɛnea wiase foforo mu asetra bɛyɛ, na eyi hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so mfa nkwa kwan no so.—Mateo 7:13, 14; Dwom 34:8.

Bible mu nnyinasosɛm a yɛde bedi dwuma no betumi ayɛ den. Ɛtɔ bere bi a, ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔkwan a ennyina kyerɛwsɛm so a obi bɛfa so de adi tebea bi a ɛyɛ den ho dwuma no de ahotɔ bɛba ntɛm. Sɛ nhwɛso no, sɛ sika ho yɛ den a, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yebebu yɛn ani agu Ahenni nneɛma so. Nanso, wɔn a wɔyɛ wɔn ade gyidi mu na wɔma wɔn ani da hɔ wɔ Onyankopɔn som ho no wɔ awerɛhyem sɛ awiei no “ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn na wɔfrɛ no no yiye.” (Ɔsɛnkafo 8:12) Ebetumi aba sɛ ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ Kristoni bi yɛ adwuma boro nnɔnhwerew dodow a ɔde yɛ adwuma so, nanso ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sɛ Esau a obuu Onyankopɔn som animtia a wammu no sɛ ade a ɛho hia no.—Genesis 25:34; Hebrifo 12:16.

Yesu kyerɛkyerɛ yɛn asɛyɛde sɛ Kristofo mu fann. Ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan.’ (Mateo 6:33) Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa bɛda ne dɔ adi akyerɛ yɛn sɛ agya denam hwɛ a ɔbɛhwɛ ahu sɛ yebenya honam fam nneɛma a yehia no so. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔmpɛ sɛ yebedwen nneɛma a ɔka sɛ ɛwɔ ne nsam no ho ahaw yɛn ho wɔ ho. Saa dadwen a ɛho nhia yi betumi ayɛ te sɛ honhom fam aniyare—a sɛ yɛanhwɛ a, ɛde nkakrankakra bɛma yɛn ani ayɛ wusiwusi a ehu honam fam nneɛma nkutoo, na awiei koraa no ama yɛn ani afura wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ yɛtra saa tebea no mu a, Yehowa da no bɛba yɛn so “te sɛ afiri.” Hwɛ awerɛhosɛm a ɛno bɛyɛ!—Luka 21:34-36.

Ma W’ani Nna Hɔ Sɛ Yosua

Momma yɛmfa yɛn ani nsi Ahenni anidaso no so denneennen, na yɛmfa asɛyɛde foforo a aka no nhyɛ nea ɛfata. Sɛ yɛkɔ so sua ade daa, susuw nneɛma ho, na yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, yebetumi anya awerɛhyem wɔ yɛn anidaso no mu sɛnea Yosua yɛe no. Odii Israelfo no anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no, ɔkae sɛ: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yosua 23:14.

Ma Ahenni anidaso no nhyɛ wo den, na ɛmma w’ani nnye sɛnea ɛda adi wɔ wo nsusuwii, nkate, gyinaesi, ne dwumadi ahorow mu no ho.—Mmebusɛm 15:15; Romafo12:12.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

So w’adwenem ayɛ wo naa wɔ wiase foforo no a wobɛkɔ mu no ho pɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Nsusuwho yɛ Bible adesua fã a ɛho hia

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Kɔ so fa w’ani si Ahenni nneɛma so