Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ayamye A Yɛbɛda No Adi Wɔ Nitan Wiase Mu

Ayamye A Yɛbɛda No Adi Wɔ Nitan Wiase Mu

Ayamye A Yɛbɛda No Adi Wɔ Nitan Wiase Mu

“Onipa adɔeyɛ na ɛma wɔdɔ no.”—MMEBUSƐM 19:22.

1. Dɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛda ayamye adi?

SO WUBU wo ho sɛ wowɔ ayamye? Sɛ saa a, ɛnnɛ wiase a wobɛtra mu no betumi ayɛ asɛnnennen. Ampa, wɔka ayamye ho asɛm wɔ Bible mu sɛ “honhom aba” no fã, nanso, dɛn nti na ɛyɛ den yiye sɛ yɛbɛda ayamye adi wɔ nsase a wose wɔyɛ Kristofo mpo no so? (Galatifo 5:22) Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, yebetumi ahu mmuae no fã bi wɔ nea ɔsomafo Yohane kyerɛwee no mu—wiase nyinaa da honhom abɔde tirimɔdenfo, Satan Ɔbonsam, tumi mu. (1 Yohane 5:19) Yesu Kristo daa Satan adi sɛ “wi yi ase sodifo.” (Yohane 14:30) Enti, wiase yi su te sɛ ne sodifo tuatewfo a atirimɔden ahyɛ no ma no de no ara.—Efesofo 2:2.

2. Nsɛnnennen bɛn na ebetumi aka ayamye a yɛbɛda no adi?

2 Sɛ afoforo ne yɛn anni no ayamye so a, ɛhaw yɛn yiye. Afipamfo a wonkura adwempa, ahɔho a wɔyɛ atutupɛ, ne nnamfo ne abusuafo mpo a ɛtɔ da bi a, wɔnyɛ ade nyansam no, betumi ada atirimɔden adi. Nkitahodi a yɛne nnipa a wommu ade na wɔteɛteɛm gu wɔn ho wɔn ho so di no ma yɛte abasamtu kɛse nka. Ayamye a ɛte saa a afoforo nna no adi no betumi ama yɛn nso yɛate nka sɛ yɛnna su a ɛte saa adi, na ebia yebesusuw sɛ yɛn nso yɛmfa bɔne ntua bɔne so ka. Nsusuwii a ɛte saa betumi akowie honhom anaa honam fam haw mpo mu.—Romafo 12:17.

3. Ɔhaw ahorow a emu yɛ den bɛn na nkurɔfo hyia a ɛma ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛda ayamye adi?

3 Ebia wiase yi mu dadwen ahorow no nso bɛma ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛda ayamye adi. Sɛ nhwɛso no, dadwen hyɛ adesamma nyinaa so esiane ahunahuna ne amumɔyɛsɛm, akode a wɔde mmoawammoawa gu mu ne nuklea akode a aman ahorow no betumi de adi dwuma nti. Bio nso, nnipa ɔpepem pii di hia, wonnya aduan a ɛsɛ nni, wɔnna adan pa mu, wonnya ntade pa nhyɛ, na wonnya aduruyɛ a edi mu. Sɛ tebea no yɛ te sɛ nea anidaso biara nni mu a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛda ayamye adi.—Ɔsɛnkafo 7:7.

4. Adwene a ɛmfata bɛn na ebinom betumi anya bere a wɔresusuw ayamye a wɔbɛda no adi akyerɛ afoforo ho no?

4 Obi betumi aka kɛkɛ sɛ ayamye a yɛbɛda no adi no ho nhia titiriw biara na ebetumi akyerɛ mmerɛwyɛ mpo. Obetumi ate nka sɛ afoforo ne no nni no yiye bere a wɔne no di nsɛm wɔ ɔkwan a ɛmfata so no. (Dwom 73:2-9) Nanso, Bible no de akwankyerɛ a ɛfata ma yɛn bere a ɛka eyi no: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” (Mmebusɛm 15:1) Odwo ne ayamye yɛ honhom aba no mu abien a edi nsɛ paa, na etumi yɛ adwuma yiye bere a yɛredi tebea a ɛyɛ den ho dwuma no.

5. Asetram mmeae bɛn bi na ayamye ho hia?

5 Esiane sɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba a yɛbɛda no adi ho hia yɛn yiye sɛ Kristofo nti, ɛyɛ papa sɛ yebesusuw sɛnea yebetumi ada saa su no biako—ayamye—adi ho. So yebetumi ada ayamye adi wɔ nitan wiase mu? Sɛ saa a, mmeae ahorow bɛn na yɛremma kwan mma Satan nya ayamye a yɛbɛda no adi no so nkɛntɛnso, titiriw wɔ tebea a emu yɛ den mu? Ma yensusuw ayamye a yɛbɛda no adi wɔ abusua no mu, adwumam, sukuu mu, yɛn afipamfo mu, yɛn som adwuma mu, ne mfɛfo gyidifo mu no ho.

Ayamye a Yɛbɛda no Adi Wɔ Abusua no Mu

6. Dɛn nti na ayamye a yɛbɛda no adi wɔ abusua no mu ho hia saa, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi?

6 Sɛ yebenya Yehowa nhyira ne n’akwankyerɛ a, ɛho hia sɛ yɛsow honhom aba no koraa. (Efesofo 4:32) Momma yɛmfa adwene nsi abusuafo ahiade pɔtee so na yɛnna ayamye adi nkyerɛ yɛn ho yɛn ho. Wɔ da biara da nsɛnnii mu no, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere da ayamye ne tema adi kyerɛ wɔn ho ne wɔn mma. (Efesofo 5:28-33; 6:1, 2) Ɛsɛ sɛ ayamye a ɛte saa da adi wɔ ɔkwan a abusua no mufo fa so kasa kyerɛ wɔn ho wɔn ho no , obu ne nidi a mmofra de ma wɔn awofo ne sɛnea awofo ne wɔn mma di nsɛm ma ɛfata no mu. Yɛ ntɛm fa nkamfo ma, na nyɛ ntɛm nkasa ntia.

7, 8. (a) Sɛ yɛbɛda ayamye a edi mũ adi wɔ abusua no mu a, nneyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati? (b) Ɔkwan bɛn so na nkitahodi pa ma biakoyɛ a emu yɛ den ba abusua bi mu? (d) Ɔkwan bɛn so na wubetumi ada ayamye adi wɔ w’abusua mu?

7 Ayamye a yɛbɛda no adi wɔ yɛn abusua mu no hwehwɛ sɛ yetie ɔsomafo Paulo afotu yi: “Munyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.” Ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho wɔ obu mu da biara da. Dɛn ntia? Efisɛ nkitahodi pa yɛ ade titiriw a ɛma mmusua yɛ den na wodi mũ. Sɛ ntawntawdi bi sɔre a, nea ɛbɛyɛ na abrɛ ase no, mommɔ mmɔden sɛ mubesiesie ɔhaw no mmom sen sɛ obi bɛma n’asɛm ayɛ dɛ sen ɔfoforo. Abusuafo a wɔwɔ anigye no bɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛda ayamye kɛse adi akyerɛ wɔn ho na wɔasusuw wɔn ho wɔn ho.—Kolosefo 3:8, 12-14.

8 Ayamye yɛ adepa na ɛma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nneɛma pa ama afoforo. Enti, yɛhwehwɛ sɛ yɛn so bɛba mfaso ama abusua no mufo foforo, yɛasusuw wɔn ho, ayɛ wɔn mmoa, na yɛne wɔn ayɛ adwene wɔ nsɛm mu. Egye ankorankoro ne abusua mũ no nyinaa mmɔdenbɔ na wɔada ayamye ko a ɛbɛma wɔaka abusua no ho asɛmpa adi. Nea ebefi mu aba ne sɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn nhyira nko na abusua no benya, na mmom wɔbɛhyɛ ayamye Nyankopɔn, Yehowa, anuonyam wɔ asafo no mu ne mpɔtam hɔ.—1 Petro 2:12.

Ayamye a Yɛbɛda no Adi Wɔ Adwumam

9, 10. Ka ɔhaw ahorow bi a ebetumi asɔre wɔ adwumam, na kyerɛ sɛnea yebetumi afi ayamye mu adi ho dwuma.

9 Adwuma a Kristoni kɔ no daa no ma ohyia asɛnnennen a ɛne sɛ ɔbɛda ayamye adi akyerɛ mfɛfo adwumayɛfo. Ebia akansi a ɛkɔ so wɔ adwumayɛfo ntam no betumi ama yɔnko dwumayɛni bi afa nnaadaa anaa anifere kwan so ama obi adwuma asɛe, na ɔnam saayɛ so asɛe onii no din akyerɛ n’adwumawura no. (Ɔsɛnkafo 4:4) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛda ayamye adi wɔ mmere a ɛte saa mu. Nanso, tra a Yehowa somfo bi bɛma atra n’adwenem sɛ eye sɛ ɔbɛda ayamye adi bere nyinaa no ma ɔbɔ mmɔden biara a obetumi sɛ obenya wɔn a wonni ayamye su no. Ebia tema su a ɔbɛda no adi no bɛboa wɔ eyi mu. Ebia wubetumi ada ayamye adi bere a yɔnko dwumayɛni no anaa ne busuani bi yare no. N’apɔwmuden ho asɛm a wubebisa no mpo betumi anya ne so nkɛntɛnso pa. Yiw, Kristofo hwehwɛ sɛ wɔbɛma biakoyɛ ne asomdwoe atra hɔ bere tenten a wɔwɔ hokwan no. Ɛtɔ mmere bi a, asɛm bi a efi ayamye mu a ɛkyerɛ sɛ yedwen onii no ho no bɛboa asiesie tebea no.

10 Wɔ mmere foforo nso no, ebia adwumawura bi de ne nsusuwii bɛhyɛ n’adwumayɛfo so na ebia ɔbɛpɛ sɛ odwumayɛni biara de ne ho hyɛ ɔman guasodeyɛ anaa afahyɛ bi a ennyina Kyerɛwnsɛm so mu. Sɛ Kristoni bi ahonim mma no kwan sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ mu a, eyi betumi de nsɛnnennen aba ɔne n’adwumawura no ntam. Wɔ saa bere no mu no, ebia ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu pii de akyerɛ sɛnea ɛyɛ mfomso sɛ wubedi adwumawura no apɛde so no. Anyɛ yiye koraa no, wɔ wɔn a wonkura Kristofo gyidi no fam no, ɛte sɛ nea dekode a wɔreyɛ no yɛ adepa. (1 Petro 2:21-23) Ebia wubetumi afi ayamye mu akyerɛkyerɛ nea enti a wuntumi mfa wo ho nhyem no mu. Sɛ ɔka abufusɛm kyerɛ wo a, nka bi nkyerɛ no. Eye sɛ Kristoni bedi afotu pa a ɛwɔ Romafo 12:18 no akyi: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”

Ayamye a Yɛbɛda no Adi Wɔ Sukuu Mu

11. Nsɛnnennen bɛn na mmofra hyia wɔ ayamye a wɔbɛda no adi akyerɛ mfɛfo sukuufo ho?

11 Ebetumi ayɛ asɛnnennen ankasa ama mmofra sɛ wɔbɛda ayamye adi akyerɛ mfɛfo sukuufo. Mmofra taa nya ɔpɛ sɛ wɔn mfɛfo sukuufo begye wɔn atom. Mmarimaa bi da anuɔden ntraso adi sɛnea ɛbɛyɛ a adesuafo a aka no begye wɔn atom koraa, na wɔyɛ ade kɔ akyiri araa ma wosisi sukuufo foforo mpo. (Mateo 20:25) Mmofra foforo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛkyerɛ afoforo sɛ wonim nhoma, wɔbɔ mmɔden wɔ agumadi anaa nnwuma foforo mu. Mpɛn pii no, bere a wɔreda ahohoahoa a ɛte saa adi no, wɔne wɔn yɔnko sukuufo ne adesuafo foforo di nsɛm atirimɔden so, na wodi mfomso susuw sɛ eyi ma wɔkorɔn wɔ ɔkwan bi so. Ɛsɛ sɛ Kristoni abofra hwɛ yiye sɛ ɔrensuasua saafo no. (Mateo 20:26, 27) Ɔsomafo Paulo kae sɛ “ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye” ne sɛ “ɔdɔ nyɛ ahohoahoa, ɛnhoran.” Enti, ɛyɛ Kristoni asɛyɛde sɛ ɔrensuasua wɔn a wɔda atirimɔden adi no nhwɛso, na mmom, sɛ́ obedi Kyerɛwnsɛm mu afotu akyi bere a ɔne ne mfɛfo sukuufo redi nsɛm no.—1 Korintofo 13:4.

12. (a) Dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama mmofra sɛ wɔbɛda ayamye adi akyerɛ wɔn akyerɛkyerɛfo? (b) Hena na mmofra betumi akɔ ne nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa bere a wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnna atirimɔden adi no?

12 Ɛsɛ sɛ mmofra ne wɔn akyerɛkyerɛfo nso di no ayamye mu. Sukuufo pii ani gye ho sɛ wɔbɛhyɛ wɔn akyerɛkyerɛfo abufuw. Wosusuw sɛ wonim nyansa bere a wɔnkyerɛ obu mma wɔn akyerɛkyerɛfo na wɔda nneyɛe bi a ebu sukuu mmara so adi no. Ebia wɔnam ahunahuna so benya afoforo ma wɔabɛka wɔn ho. Sɛ Kristoni abofra bi amfa ne ho ammɔ wɔn a, wɔde ani si ne so di ne ho fɛw anaa wɔyɛ no ayayade. Sɛ Kristoni bi hyia tebea a ɛte saa wɔ sukuu mu a, ɛsɔ ne bo a wasi sɛ ɔbɛda ayamye adi no hwɛ. Nanso, kae sɛnea ɛho hia sɛ wobɛyɛ Yehowa nokware somfo no. Nya awerɛhyem sɛ ɔnam ne honhom so bɛboa wo wɔ asetram mmere a emu yɛ den yi mu.—Dwom 37:28.

Ayamye a Yɛbɛda no Adi Akyerɛ Afipamfo

13-15. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛda ayamye adi akyerɛ yɛn afipamfo, na ɔkwan bɛn so na wubetumi adi nsɛnnennen yi ho dwuma?

13 Sɛ́ wote ofie a nnipa dɔɔso wom anaa nnipa nnɔɔso wom mu, anaa wote baabi foforo no, wubetumi asusuw akwan a wobɛfa so ada ayamye adi akyerɛ w’afipamfo ho na woasusuw wɔn yiyedi ho. Bio nso, ɛnyɛ bere nyinaa na eyi yɛ yɛ mmerɛw.

14 Sɛ ɛkɔba sɛ w’afipamfo a wɔtoa wo so wɔ wo ho menasepɔw esiane w’abusua, ɔman, anaa wo som nso ɛ? Na sɛ ɛkɔba sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔkasa tia wo anaa wobu wo animtiaa koraa nso ɛ? Sɛ́ Yehowa somfo no, ayamye a wobɛda no adi sɛnea wubetumi no bɛyɛ nea mfaso wɔ so. Wobɛda nsow sɛ obi a woma afoforo nya abotɔyam koraa, ade a ɛde ayeyi brɛ Yehowa—a ɔyɛ ayamye ho nhwɛso—ankasa no. Wunnim bere ko a ofipamfo no bɛsesa ne suban esiane w’ayamye no nti. Obetumi abɛyɛ obi a oyi Yehowa ayɛ mpo.—1 Petro 2:12.

15 Ɔkwan bɛn so na wubetumi ada ayamye adi? Ade biako ne sɛ ɛdenam nneyɛe pa a wobɛda no adi wɔ abusua no mu bere a abusua no mufo nyinaa da honhom aba no adi no. Afipamfo betumi ahyɛ eyi nsow. Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi ayɛ biribi pa bi ama w’afipamfo. Kae sɛ ayamye kyerɛ afoforo yiyedi ho anigye kɛse a wɔkyerɛ.—1 Petro 3:8-12.

Ayamye a Yɛbɛda no Adi Wɔ Yɛn Som Adwuma Mu

16, 17. (a) Dɛn nti na ayamye ho hia wɔ yɛn baguam som adwuma no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ayamye adi wɔ asɛnka adwuma no afã ahorow mu?

16 Ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi wɔ yɛn Kristofo som adwuma no mu bere a yɛbɔ mmɔden kɛse kɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie, wɔn nnwumam, ne mmɔnten so no. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yegyina Yehowa a ɔda ayamye adi bere nyinaa no ananmu.—Exodus 34:6.

17 Dɛn na ɛka mmɔden a wobɔ sɛ wobɛda ayamye adi wɔ wo som adwuma mu no ho? Sɛ nhwɛso no, bere a woreyɛ mmɔnten so adansedi no, wubetumi ada ayamye adi denam wo nsɛm a wobɛma ayɛ tiawa na woasusuw nkurɔfo ho bere a wokɔ wɔn nkyɛn no so. Mpɛn pii no, nnipa kyere so wɔ anammɔn kwan a ɛda kar kwan ho so, enti hwɛ yiye na wansiw nkurɔfo kwan. Afei nso, sɛ wudi adanse wɔ asasesin a nnwuma wom mu a, da ayamye adi denam kasa a wonkasa pii so, na kae sɛ ɛsɛ sɛ sotɔɔ wuranom hwɛ wɔn adetɔfo.

18. Dwuma bɛn na nhumu di wɔ ayamye a yɛbɛda no adi wɔ yɛn som adwuma mu no mu?

18 Da nhumu adi wɔ afie-afie som adwuma no mu. Nni bere tenten wɔ fie bi mu, titiriw bere a wim tebea nye no. So wubetumi ahu sɛ onipa no bo refuw anaa wɔ a wowɔ hɔ no haw no? Ebia wɔ beae a wowɔ no, Yehowa Adansefo taa kɔ nkurɔfo nkyɛn dodo. Sɛ saa a, da tema soronko adi, na da ayamye ne anigye adi bere nyinaa. (Mmebusɛm 17:14) Bɔ mmɔden te ofiewura no ase bere a ɔkyerɛ nea enti a ontumi ntie asɛm no saa da no. Kae sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, wo nuanom Kristofo no mu biako bɛba saa fie no mu daakye. Sɛ wuhyia obi a ɔyɛ aniammɔho a, bɔ mmɔden kɛse sɛ wobɛda ayamye adi. Nteɛm ngu no so anaa nka w’anim nsi, na mmom, kasa bɔkɔɔ. Kristoni yamyefo rempɛ sɛ ɔne ofiewura bi begye nsɛm ho akyinnye. (Mateo 10:11-14) Ebia da bi bɛba a saa nipa no betie asɛmpa no.

Ayamye a Yɛbɛda no Adi Wɔ Asafo Nhyiam Ahorow Ase

19, 20. Dɛn nti na ayamye ho hia wɔ asafo no mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi?

19 Ɛho hia nso sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ mfɛfo gyidifo. (Hebrifo 13:1) Esiane sɛ yɛyɛ wiase nyinaa nuayɛkuw bi fã nti, ayamye ho hia bere a yɛne yɛn ho yɛn ho di nsɛm no.

20 Sɛ asafo abien, abiɛsa anaa nea ɛboro saa hyiam wɔ Ahenni Asa so a, ɛsɛ sɛ asafo ahorow no ne wɔn ho di nsɛm ayamye mu, na wɔde nidi ma wɔn ho wɔn ho wɔ wɔn nsɛnnii mu. Akansi mfa biakoyɛ mma bere a wɔreyɛ bere a wɔde hyiam ne nneɛma titiriw te sɛ Ahenni Asa so asiesie ne ɔdan no asiesie ho nhyehyɛe no. Da ayamye ne tema adi ɛmfa ho mpo sɛ ebia ɛbɛsono ebinom adwene no. Saa kwan yi so no, ayamye bedi nkonim, na Yehowa behyira afoforo yiyedi ho anigye a mokyerɛ no so ankasa.

Kɔ So Da Ayamye Adi

21, 22. Nea ɛne Kolosefo 3:12 hyia no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae?

21 Ayamye yɛ su a ɛho hia araa ma ɛka asetra afã ahorow nyinaa. Enti ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn Kristofo nipasu no fã titiriw. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛda ayamye adi akyerɛ afoforo.

22 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛda ayamye adi akyerɛ afoforo da biara da, na yɛnam saayɛ so de ɔsomafo Paulo nsɛm a edi so yi adi dwuma sɛ ankorankoro: “Sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.”—Kolosefo 3:12.

So Wokae?

• Dɛn na ɛma ɛyɛ den ma Kristoni sɛ ɔbɛda ayamye adi?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛda ayamye adi wɔ abusua mu?

• Dɛn na ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛda ayamye adi wɔ sukuu mu, adwumam, ne afipamfo mu?

• Kyerɛkyerɛ sɛnea Kristofo betumi ada ayamye adi wɔ wɔn baguam asɛnka adwuma mu no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ayamye a abusua mufo nyinaa da no adi no de nkabom ne biakoyɛ ba

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Wubetumi ada ayamye adi bere a yare bɔ yɔnko dwumayɛni anaa ne busuani bi no

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Yehowa boa wɔn a wɔde nokwaredi da ayamye adi ɛmfa ho fɛwdi no

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Ofipamfo bi a yɛbɛboa no wɔ ahokyere bere mu no kyerɛ ayamye