Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Wɔyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Asase So

Bere a Wɔyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Asase So

Bere a Wɔyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Asase So

BERE a Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ “Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no, na ɔrekasa sɛ obi a ɔne Agya no atra soro. (Mateo 6:10; Yohane 1:18; 3:13; 8:42) Wɔ Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no mu no, ohuu bere a biribiara a ɛkɔɔ so wɔ soro ne asase so ne Onyankopɔn apɛde hyiae no. Na saa anigye mmere no ma akomatɔyam.—Mmebusɛm 8:27-31.

Na Onyankopɔn abɔde a wodi kan no yɛ honhom abɔde, ‘abɔfo a wɔyɛ tumi abran a wodi n’asɛm so.’ Wɔyɛ ‘n’asomfo a wɔyɛ n’apɛde.’ (Dwom 103:20, 21) So na wɔn mu biara wɔ n’apɛde? Yiw, na bere a wɔbɔɔ asase no, saa ‘Onyankopɔn mma yi nyinaa bɔɔ ose.’ (Hiob 38:7) Wɔn sebɔ no daa anigye a na wɔwɔ wɔ nea na ɛyɛ Onyankopɔn apɛde ho no adi, na wɔmaa wɔn apɛde ne Onyankopɔn de hyiae.

Bere a Onyankopɔn bɔɔ asase no wiei no, osiesiee so maa nnipa sɛ wɔntra so, na awiei koraa no ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no. (Genesis, ti 1) So na eyi nso fata osebɔ? Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: “Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa,” yiw, na edi mũ na na ɛyɛ pɛ.—Genesis 1:31.

Ná dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma yɛn awofo a wodi kan no ne wɔn mma? Sɛnea Genesis 1:28 kyerɛ no, na ɛno nso yɛ papa: “Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” Nea ɛbɛyɛ na wɔadi saa ahyɛde a ɛyɛ nwonwa yi ho dwuma no, na ɛsɛ sɛ yɛn awofo a wodi kan no kɔ so tra ase—daa—na wɔn mma nso bɛyɛ saa ara. Na biribiara nni hɔ a ɛbɛma wɔahu asiane, atɛnkyea, awerɛhow, anaa owu.

Na eyi yɛ bere a na wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ soro ne asase so nyinaa. Na wɔn a wɔde n’apɛde di dwuma no benya anigye kɛse wɔ saayɛ mu. Dɛn na ɛtotoe?

Onyankopɔn apɛde ho mpoatwa bi a na wɔnhwɛ kwan sɔree. Dabi, na ɛnyɛ nea wɔrentumi nni ho dwuma. Nanso, ɛde yawdi ne awerɛhow a na ɛbɛma Onyankopɔn apɛde ma adesamma ayɛ basaa bae bere tenten. Awerɛhowdi no aka yɛn nyinaa. Na dɛn ne saa mpoatwa no?

Onyankopɔn Apɛde Wɔ Atuatew Bere Mu

‘Onyankopɔn honhom mu mma’ no mu biako hui sɛ obetumi atwitware Onyankopɔn apɛde ma nnipa no mu, na na n’atirimpɔw ne sɛ ɔde benya ne ho. Dodow a saa honhom abɔde yi susuw adeyɛ no ho no, dodow no ara na ɛyɛɛ no sɛ obetumi adi ho dwuma na n’ani kɔɔ so gyee ho. (Yakobo 1:14, 15) Ebia na osusuw sɛ sɛ otumi ma nnipa baanu a wodi kan no tie no mmom sen sɛ wobetie Onyankopɔn a, ɛnde ɛno bɛhyɛ Onyankopɔn ma wapene so ma wɔagye tumidi foforo a ɛne no bedi asi atom. Ebetumi aba sɛ onyaa adwene no sɛ Onyankopɔn renkum wɔn, efisɛ na saayɛ no bɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn antumi anni n’atirimpɔw ho dwuma. Mmom no, Yehowa Nyankopɔn bɛsakra n’atirimpɔw mu, na wagye saa honhom mu ɔba a afei Onyankopɔn abɔde a wɔyɛ nnipa rebetie no no dibea atom. Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, akyiri yi wɔbɛfrɛɛ saa otuatewfo yi Satan, a nea ɛkyerɛ ne “Ɔsɔretiafo.”—Hiob 1:6, Reference Bible ase hɔ asɛm.

Bere a Satan reyɛ ade ma ɛne akɔnnɔ a wanya no ahyia no, ɔkɔɔ ɔbea no nkyɛn. Ɔhyɛɛ ɔbea no sɛ ɔmpo Yehowa apɛde na ommenya abrabɔ fam ahofadi kɛse, na ɔkae sɛ: ‘Ɛnyɛ owu na mubewu. Na mobɛyɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’ (Genesis 3:1-5) Wɔ ɔbea no fam no, na ɛte sɛ nea ɛno bɛma wanya ahofadi, na ogye dii sɛ tie a obetie no no bɛma wanya asetra pa. Akyiri yi, ɔdaadaa ne kunu ma ɔbɛkaa ne ho.—Genesis 3:6.

Na ɛno nyɛ Onyankopɔn apɛde ma awarefo no. Na ɛno yɛ nea wɔn ankasa pɛ. Na na ɛno de ɔhaw na ɛbɛba. Na Onyankopɔn adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ adeyɛ a ɛte saa no bɛma wɔawuwu. (Genesis 3:3) Wammɔ wɔn sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Onyankopɔn ho na asi wɔn yiye. (Yeremia 10:23) Afei nso, na ɛno bɛma wɔabɛyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ, na na afei wɔde sintɔ ne owu bɛma wɔn asefo. (Romafo 5:12) Satan antumi anyi nea efii mu bae no amfi hɔ.

So nsɛm a esisii no sesaa Onyankopɔn atirimpɔw anaa n’apɛde ma adesamma ne asase no koraa? Dabi. (Yesaia 55:9-11) Mmom no, ɛmaa nsɛmpɔw a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma sɔree: So adesamma “betumi ayɛ sɛ Onyankopɔn, ahu papa ne bɔne” sɛnea Satan kae no? Ɔkwan foforo so no, sɛ wɔma yɛn bere a ɛsɛ a, so yɛankasa betumi asi gyinae wɔ nea ɛyɛ papa ne bɔne, nea ɛso wɔ mfaso ne nea ebepira yɛn wɔ asetra afã horow nyinaa ho? So ɛfata sɛ yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn koraa, esiane sɛ ɔkwan a ɔfa so di tumi no ye sen biara nti? So ɛfata sɛ yɛyɛ osetie ma n’apɛde koraa? Wubebua saa nsɛm yi dɛn?

Na ɔkwan koro pɛ na ɛwɔ hɔ a wobetumi afa so adi saa nsɛmpɔw no ho dwuma wɔ abɔde a wonim nyansa no nyinaa anim: Ɛne sɛ wɔbɛma wɔn a wɔhwehwɛ ahofadi no kwan ma wɔatwe wɔn ho afi Nyankopɔn ho na wɔn ankasa abɔ mmɔden sɛ wɔn asetra besi wɔn yiye. Na kum a wobekum wɔn no ntumi mmoa mma wonsiesie nsɛmpɔw a ɛsɔree no. Na adesamma abusua no a wɔbɛma akɔ so atra hɔ bere tenten bi no bɛma wɔasiesie nsɛm no efisɛ, na nea ebefi mu aba no bɛda adi pefee. Onyankopɔn daa no adi sɛ obedi nsɛm ho dwuma wɔ saa kwan yi so bere a ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ ɔbɛwo mma no. Na wobefi adesamma abusua bi ase. Ne saa nti na nnɛ yɛ te ase no!—Genesis 3:16, 20.

Nanso, na eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛma nnipa ne honhom mu ɔba tuatewfo no ayɛ nea wɔpɛ koraa. Onyankopɔn amfa ne tumidi anto hɔ na saa ara nso na wannyae n’atirimpɔw mu. (Dwom 83:18) Ɔmaa eyi mu daa hɔ denam ka a ɔka siei sɛ awiei koraa no ɔbɛpɛtɛw nea ɔkɔfaa atuatew no bae no na wayi nneɛma bɔne no nyinaa afi hɔ no so. (Genesis 3:15) Enti, efi mfiase pɛɛ na adesamma abusua no nyaa ogye ho anidaso.

Ansa na saa bere no bedu no, yɛn awofo a wodi kan no atwe wɔne wɔn ma a wɔbɛwo wɔn daakye no ho afi Onyankopɔn tumidi ase. Nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn asiw ɔhaw a ebefi wɔn nneyɛe no nyinaa mu aba ano no, ɛbɛhwehwɛ sɛ ɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ n’apɛde bere nyinaa. Na ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔmpene mma wɔntwe wɔn ho mfi ne ho mma wɔn ankasa nnyɛ nea wɔpɛ no ara.

Ɛwom, ankorankoro betumi apaw Onyankopɔn tumidi. Wobetumi ahu Onyankopɔn apɛde ma nkurɔfo wɔ saa bere yi mu na wɔadi so pɛpɛɛpɛ sɛnea wobetumi biara. (Dwom 143:10) Nanso, wɔremfa wɔn ho nni wɔ amanehunu ho bere tenten a wonsiesiee ɔsɛmpɔw a ɛfa adesamma ahofadi a edi mũ ho no.

Nea efi ankorankoro gyinaesi mu ba no bɛdaa adi pefee wɔ mfiase no. Onipa a wodii kan woo no wɔ adesamma abusua no mu, Kain, kum ne nua Habel efisɛ na “n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de de, ɛteɛ.” (1 Yohane 3:12) Na eyi nyɛ Onyankopɔn apɛde, efisɛ na Onyankopɔn abɔ Kain kɔkɔ, na akyiri yi ɔtwee n’aso. (Genesis 4:3-12) Na Kain apaw abrabɔ fam ahofadi a Satan de mae no ma enti na “ofi ɔbɔne no mu.” Afoforo nso yɛɛ saa ara.

Bere a nnipa de mfe bɛboro 1,500 atra asase so akyi no, ‘asase no bɛsɛee wɔ Onyankopɔn anim, anuɔden hyɛɛ asase so ma.’ (Genesis 6:11) Na ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ ade ntɛm so de bɔ asase no ho ban na ansɛe koraa. Onyankopɔn yɛɛ ho biribi denam wiase nyinaa nsuyiri a ɔde bae na ɔbɔɔ abusua biako a wɔteɛ a wɔda so te ase—Noa, ne ne yere, ne ne mma, ne wɔn yerenom ho ban no so. (Genesis 7:1) Yɛn nyinaa yɛ wɔn asefo.

Efi saa bere no wɔ adesamma abakɔsɛm mu no, Onyankopɔn de akwankyerɛ ama wɔn a wofi komam pɛ sɛ wohu n’apɛde no. Ɔde ne honhom kaa nnipa anokwafo ma wɔyɛɛ nkitaho a ɔne obiara a ɔhwehwɛɛ n’akwankyerɛ dii no ho kyerɛwtohɔ. Wɔayɛ saa nkitahodi ahorow yi ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible no mu. (2 Timoteo 3:16) Ofi ɔdɔ mu maa nnipa anokwafo ne no benyaa abusuabɔ, na wɔbɛyɛɛ ne nnamfo mpo. (Yesaia 41:8) Na ɔmaa wɔn ahoɔden a wohia na ama wɔatumi agyina sɔhwɛ a emu yɛ den a adesamma behyia wɔ saa mfe mpempem a wɔde atwe wɔn ho yi mu no ano. (Dwom 46:1; Filipifo 4:13) Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama wɔ saa mmoa yi nyinaa ho!

“Wopɛ Nyɛ”—Koraa

Nea Onyankopɔn ayɛ abedu sesɛɛ no nyɛ n’apɛde koraa a ɔwɔ ma adesamma no. Kristoni somafo Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Saa sɛnkyerɛnne kwan so asɛm yi kyerɛ tumidi foforo a ebedi adesamma so ne adesamma abusua foforo a wɔbɛhyɛ saa tumidi no ase.

Odiyifo Daniel de nsɛm a emu da hɔ kyerɛwee sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da. . . . Na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Saa nkɔmhyɛ yi kae sɛ nnɛyi nneɛma nhyehyɛe a agyigya no bɛba awiei na Onyankopɔn Ahenni anaa ne nniso abesi ananmu. Hwɛ asɛm pa ara a eyi yɛ! Ntawntawdi ne pɛsɛmenkominya a ama basabasayɛ ahyɛ nnɛ wiase yi ma na ɛpɛ sɛ ɛsan sɛe asase no bio no betwam.

Bere bɛn na eyinom bɛbam? Yesu asuafo no bisae sɛ: ‘Bere bɛn na eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?’ Mmuae a Yesu de mae no fã bi ne sɛ: “Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:3, 14.

Wɔada no adi wɔ baguam sɛ mprempren yi, wɔreyɛ asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa. Ɛda adi sɛ woahu eyi wɔ w’ankasa mpɔtam hɔ. Ɔbenfo Charles S. Braden kyerɛw wɔ ne nhoma These Also Believe mu sɛ: “Yehowa Adansefo de wɔn adansedi no adu asase nyinaa so ankasa. . . . Nyamesom kuw biara nni wiase a wɔde nsi ne mmɔdenbɔ aka Ahenni ho asɛmpa no sɛ Yehowa Adansefo.” Adansefo no de nnamyɛ reka asɛmpa no wɔ nsase bɛboro 230 so wɔ kasa ahorow bɛyɛ 400 mu. Na wɔnyɛɛ adwuma yi a wɔkaa ho asɛm siei yi saa da wɔ wiase nyinaa. Ɛyɛ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ bere a ɛsɛ sɛ saa Ahenni no si nnipa nniso horow ananmu no rebɛn no mu biako.

Ɛyɛ Ahenni a Yesu kae sɛ wɔbɛka ho asɛm no ara na ɔsan kyerɛe sɛ yɛmmɔ ho mpae wɔ ne mpaebɔ nhwɛso no mu sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. (Mateo 6:10) Yiw, saa Ahenni no ne nea Onyankopɔn de bedi dwuma de ama n’atirimpɔw, n’apɛde ma adesamma ne asase no abam no.

Dɛn na ɛno kyerɛ? Ma Adiyisɛm 21:3, 4 mmua: “Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Afei wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde ankasa wɔ asase so ne soro koraa. * So wobɛpɛ sɛ wunya mu kyɛfa?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 26 Sɛ wopɛ sɛ wusua pii fa Onyankopɔn Ahenni no ho a, yɛsrɛ wo, hwehwɛ Yehowa Adansefo wɔ baabi a wote hɔ anaa kyerɛw address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 2 no mu biako.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Nnipa ho a wɔtwe fii Onyankopɔn apɛde ho de amanehunu na ɛbae