Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmoa A Onya Fii Bible Mu No Boaa No Ma Ɔko Tiaa Sɔhwɛ

Mmoa A Onya Fii Bible Mu No Boaa No Ma Ɔko Tiaa Sɔhwɛ

Mmoa A Onya Fii Bible Mu No Boaa No Ma Ɔko Tiaa Sɔhwɛ

Sɔhwɛ ahorow abu so wɔ wiase nnɛ. Bible mu nnyinasosɛm ahorow so di nyɛ mmerɛw. Sɛ nhwɛso no, ebetumi ayɛ den sɛ wubedi Bible afotu yi so: “Munguan aguamammɔ!”—1 Korintofo 6:18.

Ná Yehowa Dansefo bi a yɛbɛfrɛ no Sebastian yɛ adwuma wɔ Scandinavia adwumakuw bi mu wɔ Poland. Na ɛsɛ sɛ odi apere dennennen na ama wakura ne mudi mu.

Wobehuu Sebastian wɔ n’adwumam hɔ sɛ Yehowa Adansefo no mu biako. N’adwumawuranom ani sɔɔ ne nsiyɛ ne n’abrabɔ pa no, enti wɔbɔɔ n’abaso ma onyaa adwuma mu hokwan ahorow. Nanso, awiei koraa no ɛbɛdaa adi sɛ, saa hokwan ahorow no hwehwɛ sɛ ɔkɔ adwuma ho nhyiam ahorow a wɔda anigyede a ɛmfata adi wɔ ase.

Ankyɛ na Sebastian adwenem fii ase yɛɛ no nãã. Ɔkae sɛ: “Me panyin nim sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɛno nti na ogye me di na ɔde ne ho to me so no. Sɛ mepo sɛ mede me ho behyem a, mɛhwere adwuma no, a ɛyɛ den paa sɛ wo nsa bɛka bi no. Na sɛ mamfa me ho anhyɛ anigyede no mu na mmom mehwɛ bi kɛkɛ nso ɛ?”

Afei, Sebastian behuu nea na wɔhwehwɛ fi ne hɔ no kɛse. Na ɛsɛ sɛ “ɔyɛ nhyehyɛe” ma “mmea” ne ahɔho a wɔne adwuma no di gua no kɔda anadwo. Na ɔbɛyɛ dɛn?

Sebastian sii gyinae sɛ ɔbɛkae n’adwumam panyin no wɔ adwene a ɔwɔ wɔ nea Bible no ka fa ɔbrasɛe ho no ho. Ankyɛ na ɛbɛdaa adi pefee sɛ Sebastian ntumi nyɛ adwuma wɔ hɔ bio na awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ ogyae adwuma no. Onyaa adwuma foforo a na akatua no sua nanso na sɔhwɛ a ɛte saa nnim. Mprempren ɔwɔ ahonim pa.

Sɛ obi hyɛ wo sɛ fa wo ho hyɛ ɔbrasɛe mu anaa ma ho kwan a, dɛn na wobɛyɛ? So wubenya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nsakrae koraa? Sɛnea Genesis 39:7-12 bɔ amanneɛ no, saa ara na Yosef a ɔtraa ase tete mmere mu no yɛɛ n’ade.