Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Rebeka Ɔbea A Osuro Nyankopɔn Na Ɔyɛ Nsi

Rebeka Ɔbea A Osuro Nyankopɔn Na Ɔyɛ Nsi

Rebeka Ɔbea A Osuro Nyankopɔn Na Ɔyɛ Nsi

FA NO sɛ w’ankasa betumi apaw ɔyere ama wo babarima. Ɔbea bɛn na anka wobɛpaw no? Ahwehwɛde bɛn na wobɛpɛ sɛ odu ho? So wobɛhwehwɛ obi a ne ho yɛ fɛ nipaduam, ɔyɛ ɔbadwemma, ɔwɔ ayamye, na ɔyɛ nsi? Anaa anka wubedi kan ahwehwɛ biribi foforo?

Abraham hyiaa tebea a ɛkyere adwene saa. Na Yehowa ahyɛ Abraham bɔ sɛ ɔnam ne ba Isak so behyira n’asefo. Fi beae a yɛrefi ase asusuw kyerɛwtohɔ no ho no, na Abraham abɔ akwakora, nanso na ne ba no da so ara yɛ osigyani. (Genesis 12:1-3, 7; 17:19; 22:17, 18; 24:1) Esiane sɛ na Isak ne ne yere a ɔbɛware no ne mma biara a ebia a wɔbɛwo wɔn benya nhyira nti, Abraham yɛɛ nhyehyɛe ma wɔkɔhwehwɛɛ ɔbea a ɔfata maa Isak. Nea ɛsen ne nyinaa no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ Yehowa somfo. Esiane sɛ na wɔrennya ɔbea a ɔte saa wɔ Kanaan, beae a Abraham te no nti, na ɛsɛ sɛ ɔkɔhwehwɛ bi fi beae foforo. Onii a awiei koraa wɔpaw no no ne Rebeka. Ɔkwan bɛn na ɔfaa so huu no? So ɔyɛ ɔbea a na honhom fam nneɛma ho hia no? Na dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no a yebesusuw ho no mu?

Ɔhwehwɛ Ɔbea a Ɔfata

Abraham somaa n’akoa panyin, a ɛda adi sɛ ɔne Elieser, kɔɔ Mesopotamia a na ɛwɔ akyirikyiri no ma ɔkɔfaa ɔbea fii Abraham abusua, ne mfɛfo a ɔne wɔn som Yehowa, mu maa Isak aware. Na asɛm no yɛ aniberesɛm araa ma enti ɔmaa Elieser kaa ntam sɛ ɔrenware Kanaanni bea mma Isak. Hyɛ a Abraham hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbea no yɛ Kanaanni no yɛ nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow.—Genesis 24:2-10.

Bere a Elieser twaa kwan koduu kurow a Abraham abusuafo wom no mu no, ɔde ne yoma du no kɔɔ abura bi ho. Twa tebea no ho mfonini hwɛ! Na ɛyɛ anwummere, na Elieser bɔɔ mpae sɛ: “Hwɛ, migyina asubura yi so ha yi, na kurom hɔfo mmabea befi abɛsaw nsu, na ma ɛmmra sɛ ababaa a mese no sɛ: Soɛ wo kuruwa ma mennom nsu no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom na mɛma wo yoma no anom bi no, ma ɔno ara nyɛ nea woayi no ama w’akoa Isak.”—Genesis 24:11-14.

Sɛnea ɛda adi sɛ na ɔbea biara a ofi kurom hɔ nim no, yoma a sukɔm de no betumi anom nsu pii (dodow te sɛ Lita 100). Enti na ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔde ne ho bɛma sɛ ɔbɛma yoma du no nsu no siesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ adwumaden. Na adwuma a ɛte saa a ɔbɛyɛ a afoforo de wɔn aniwa bɛhwɛ no nanso wɔmmoa no de adanse pefee bɛma afa n’ahoɔden, ne boasetɔ, n’ahobrɛase ne adwempa a okura wɔ nnipa ne mmoa ho.

Dɛn na esii? “Onya nwiee kasa no, na hwɛ, Rebeka a wɔwoo no maa Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba bae, na ne kuruwa si ne mmati so. Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbabun . . . na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ ne kuruwa ma, na ɔbae. ‘Na akoa no tuu mmirika kohyiaa no sɛ: Mesrɛ wo, ma memmɔ wo kuruwa yi mu nsu kakra hwirow. Na ose: Me wura, nom! Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ ne kuruwa no sii ne nsam ma ɔnomee.”—Genesis 24:15-18.

So Na Rebeka Fata?

Ná Rebeka yɛ Abraham nenabea, na wɔ n’ahoɔfɛ akyi no, na ɔbɔ bra pa nso. Wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔne ɔhɔho no bɛkasa, na saa ara nso na ɔne no ammɔ ankɔ akyiri pii nso. Bere a Elieser srɛɛ no sɛ ɔmma no nsu no, ɔpenee so maa no bi. Nea ɔyɛe no nyɛ ade a ɛkyɛn so biara, esiane sɛ na ɛyɛ ade a wofi obu mu taa yɛ. Na abisade no fã a ɛka ho no nso ɛ?

Rebeka kae sɛ: “Me wura, nom!” Nanso wamma anso hɔ ara. Rebeka toaa so sɛ: “Mɛkɔ makɔsaw bi mabrɛ wo yoma no nso akosi sɛ wobewie nom.” Ɔyɛ boroo nea wɔtaa hwehwɛ so. Ofi ɔpɛ pa mu ‘yɛɛ ntɛm kohwiee ne kuruwa mu nsu no guu anomee hɔ, na otutuu mmirika kɔɔ abura no mu bio kɔsaw nsu, na ɔsaw maa ne yoma no nyinaa.’ Ɔde nsi yɛɛ adwuma no. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ, “na ɔbarima no hwɛɛ no ara.”—Genesis 24:19-21.

Bere a Elieser behui sɛ ababaa no yɛ Abraham busuani no, ɔbɔɔ ne mu ase daa Yehowa ase. Elieser bisaa no sɛ ebia ɔne n’ahokafo no benya dabere wɔ n’agya fie anaa. Rebeka buae sɛ wobenya, na otuu mmirika kɔɔ fie kɔkaa ahɔho no ho asɛm kyerɛe.—Genesis 24:22-28.

Bere a Rebeka nua Laban, ne ne papa Betuel atie Elieser asɛm awiei no, wobehui sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔrekyerɛ nneɛma kwan. Akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔapaw Rebeka ama Isak. Enti wɔkae sɛ: “Fa no kɔ ma ɔnkɔyɛ wo wura ba yere, sɛnea [Yehowa, NW] aka no.” Rebeka tee nka dɛn? Bere a wobisaa Rebeka sɛ ɔbɛkɔ amonom hɔ ara no, ɔde asɛmfua biako na ebuae wɔ Hebri mu, a nea ɛkyerɛ ne: “Mɛkɔ.” Na ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ obegye aware no atom. Abraham maa mu daa hɔ sɛ ɔbɛma Elieser ade ne ho afi ne ntam no ho “sɛ ɛba sɛ ɔbea no mpɛ sɛ” ɔkɔ a. Nanso, Rebeka nso hui sɛ Onyankopɔn nsa wɔ adeyɛ no mu. Enti, wantwentwɛn ne nan ase koraa na ogyaw n’abusua hɔ kɔwaree ɔbarima bi a na onhuu no da. Akokoduru mu a ofi sii saa gyinae no yɛ gyidi soronko a ɔdaa no adi. Nokwarem no, na ɔyɛ obi a ɔfata sɛ wɔpaw no!—Genesis 24:29-59.

Bere a Rebeka hyiaa Isak no, ɔkataa ne ho de daa ahobrɛase adi. Isak waree no, na akyinnye biara nni ho sɛ esiane ne suban pa nti, Isak dɔɔ no.—Genesis 24:62-67.

Mmabarima Ntaafo

Rebeka yɛɛ obonin bɛyɛ mfe 19. Awiei koraa no, onyinsɛn nta, nanso ɔbrɛe wɔ ne nyinsɛn no mu, efisɛ nkokoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam, na Rebeka su frɛɛ Onyankopɔn. Yebetumi ayɛ saa ara wɔ bere a yehyia amanehunu a emu yɛ den no. Yehowa tiee Rebeka na ɔmaa no awerɛhyem. Na ɔbɛwo aman abien, na “ɔpanyin no asom akumaa no.”—Genesis 25:20-26.

Ebia ɛnyɛ saa nsɛm no nkutoo ne nea ɛmaa Rebeka ani gyee ne ba kumaa, Yakob ho. Na ɛsono mmofra no mu biara. Na Yakob “dwo,” nanso na Esau nni honhom fam nneɛma ho su pa ma enti ɔtɔn n’abakan hokwan a na ɔwɔ sɛ ne nsa ka Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no maa Yakob de gyee aduan koro pɛ. Hetifo mmea baanu a Esau waree wɔn no kyerɛɛ animtiaabu ne n’ani a obu guu honhom fam nneɛma so mpo, na ɔmaa n’awofo dii awerɛhow kɛse.—Genesis 25:27-34; 26:34, 35.

Ɔperee Nhyira no Maa Yakob

Bible no nka sɛ ebia na Isak nim sɛ ɛsɛ sɛ Esau som Yakob. Nanso, sɛnea ɛte biara no, na Rebeka ne Yakob nyinaa nim sɛ nhyira no yɛ Yakob dea. Rebeka yɛɛ ade ntɛm bere a ɔtee sɛ Isak pɛ sɛ ohyira Esau bere a ɔde aduan a wuram nam wom ma n’agya no. Rebeka annyaw sɛnea na ɔde nsi yɛ n’ade ntɛmso no. ‘Ɔhyɛɛ’ Yakob sɛ ɔnkɔfa mmirekyi mma abien mmrɛ no. Na ɔde bɛyɛ aduan a ne kunu ani gye ho. Na ɛno akyi no, Yakob ayɛ ne ho sɛ Esau na wagye nhyira no. Yakob ampene. Ɔkae sɛ ne papa behu nnaadaa no na wadome no! Nanso, Rebeka hyɛɛ no. Rebeka kae sɛ: “Wo nnuabɔ mmra me so, me ba.” Afei Rebeka noaa aduan, siesiee Yakob ho sɛ Esau, na ɔsomaa no kɔɔ ne kunu no nkyɛn.—Genesis 27:1-17.

Wɔnka nea enti a Rebeka yɛɛ n’ade saa no ho asɛm. Nnipa pii kasa tia n’adeyɛ no, nanso Bible no nkasa ntia, saa ara nso na Isak ankasa antia bere a ohui sɛ Yakob agye nhyira no. Mmom no, Isak de nhyira no bi kaa ho. (Genesis 27:29; 28:3, 4) Na Rebeka nim nea Yehowa aka afa ne mma mmarima no ho. Enti ɔhwɛ hui sɛ Yakob nsa bɛka nhyira a na ɛyɛ ne de no. Ɛda adi pefee sɛ, na eyi ne Yehowa apɛde hyia.—Romafo 9:6-13.

Wɔma Yakob Guan Kɔ Haran

Rebeka sɛee Esau nsusuwii denam hyɛ a ɔhyɛɛ Yakob sɛ onguan nkosi sɛ ne nua no abufuw no to betwa no so. Rebeka srɛɛ kwan fii Isak hɔ sɛ ɔmma Yakob nkɔ nanso, ofi ayamye mu poe sɛ ɔbɛka Esau abufuw no ho asɛm. Mmom no, ofi anifere mu srɛɛ ne kunu sɛ osuro sɛ ebia na Yakob aware Kanaanni bea. Na saa asɛm no ara dɔɔso sɛ ɛbɛma Isak apene so ama Yakob akɔ Rebeka abusua mu akɔhwehwɛ ɔyere a osuro Onyankopɔn, na wapo sɛ ɔbɛware Kanaanni. Kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Rebeka san huu Yakob bio, nanso nea Rebeka yɛe no de nhyira pii brɛɛ wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ Israel man daakye no.—Genesis 27:43–28:2.

Nea yenim fa Rebeka ho no ka yɛn ma yɛn ani gye ne ho. Na ne ho yɛ fɛ yiye, nanso na nea ɛma ne ho yɛ fɛ paa no ne ne nyamesom pa no. Ɛno ne nea Abraham hwehwɛe wɔ n’asebea ho. Ɛda adi sɛ, ne suban pa no boroo nea Abraham hwɛɛ kwan no mpo so. Ne gyidi ne n’akokoduru a ɔde dii Onyankopɔn akwankyerɛ akyi, nsi a na ɔyɛ, n’ahobrɛase, ne ayamye mu a ofi daa ahɔhoyɛ su adi nyinaa yɛ su a ɛsɛ sɛ Kristofo mmea bɔ mmɔden sɛ wobesua. Eyinom ne su horow a Yehowa ankasa hwehwɛ wɔ ɔbea a ɔyɛ nhwɛso pa ankasa ho.