Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wɔreyɛ Onyankopɔn Apɛde?

So Wɔreyɛ Onyankopɔn Apɛde?

So Wɔreyɛ Onyankopɔn Apɛde?

“Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10.

JULIO ne Christina fi ehu mu hwɛe bere a wɔn mma no mu baanan hyew wui no. Ofirikafo bi a na wabow de ne kar kɔpem wɔn kar a na esi hɔ mu ma ogya tɔɔ mu. Bere a woyii abofra a ɔto so anum, Marcos, fii ogyaframa a na ano yɛ den no mu no, na ogya no ahyew ne honam ma wadi dɛm koraa. Na wadi mfe akron. Awerɛhow kaa ne papa. Papa no kaa nsɛm yi de kyekyee ne ho ne n’abusua no were: “Eyi yɛ Onyankopɔn apɛde, ɛsɛ sɛ yɛte ase saa, sɛ́ papa anaa bɔne na ebefi mu aba no.”

Sɛ asiane te sɛ eyi si a, nnipa pii yɛ wɔn ade wɔ saa kwan no so. Wɔka sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn yɛ tumi nyinaa wura na odwen yɛn ho a, ɛsɛ sɛ nea asi no so ba yɛn mfaso wɔ ɔkwan bi so, ɛwom mpo sɛ ɛno betumi ayɛ den sɛ wɔbɛte ase de.’ So wugye eyi tom?

Wɔtaa de nsusuwii a ɛne sɛ nea ebesi biara, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no yɛ Onyankopɔn apɛde no gyina Yesu nsɛm a ɛwɔ nea wɔfrɛ no Awurade Mpaebɔ, a wɔafa aka wɔ atifi hɔ no so. Wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ soro, anaa ɛnte saa? Wɔ bere a yɛrebɔ mpae sɛ “Nea wopɛ nyɛ asase” so no, so na ɛno nkyerɛ sɛ yegye tom sɛ nea esi wɔ asase so biara yɛ Onyankopɔn apɛde?

Nnipa pii nnye nsusuwii yi ntom. Wɔ wɔn fam no, ɛda Onyankopɔn adi sɛ onnwen n’abɔde a wɔyɛ nnipa no nkate ho. Wobisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no bɛpɛ sɛ ade a ɛyɛ hu to nnipa a wɔn ho nni asɛm no?’ ‘Sɛ asuade bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yenya fi ade bɔne a esisi no mu a, anka dɛn paa na yebetumi asua afi eyi mu?’ Ebia saa na wote nka.

Ɛdefa eyi ho no, Yesu nua, osuani Yakobo, kyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ade bɔne ba. Enti, ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ nea esi wɔ asase so nyinaa na ɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Kyerɛwnsɛm no ka onipa apɛde, amanaman no apɛde ne Ɔbonsam apɛde mpo nso ho asɛm. (Yohane 1:13; 2 Timoteo 2:26; 1 Petro 4:3) So wugye di sɛ nea ɛtoo Julio ne Christina abusua no ntumi nyɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no apɛde?

Ɛnde, dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Wopɛ nyɛ” no? So na ɛyɛ adesrɛ kɛkɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn mfa ne ho nnye nsɛm pɔtee bi mu, anaa na Yesu rekyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ biribi a ɛho hia paa na ɛyɛ papa, nsakrae a yɛn nyinaa betumi ahwɛ kwan, ho mpae? Ma yɛnhwehwɛ nea Bible no ka fa eyi ho mu kakra.

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 3]

Kar: Dominique Faget-STF/AFP/Getty Images; abofra: FAO photo/B. Imevbore