Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛwom Sɛ Na M’ani Afura De, Nanso Mitumi Huu Ade!

Ɛwom Sɛ Na M’ani Afura De, Nanso Mitumi Huu Ade!

Asetram Nsɛm

Ɛwom Sɛ Na M’ani Afura De, Nanso Mitumi Huu Ade!

SƐNEA EGON HAUSER KA KYERƐE

M’ani furae bosome abien akyi no, mibehuu Bible mu nokware a na mabu m’ani agu so wɔ me nkwa nna nyinaa mu no.

SƐ MEHWƐ m’akyi bɛboro mfe aduɔson a atwam no a, m’asetra mu nsɛm pii ma me akomatɔyam. Nanso sɛ metumi asesa ade biako wɔ m’asetra mu a, anka mɛpɛ sɛ mehu Yehowa Nyankopɔn bere a na minyinii pii no.

Wɔwoo me afe 1927 mu wɔ Uruguay, ɔman ketewaa bi a ɛda Argentina ne Brazil ntam, na nneɛma a ɛyɛ fɛ pii apete Atlantic Po a ɛda ɔman no anafo fam no ano. Nnipa a wɔte hɔ no yɛ Italiafo ne Spaniafo a wɔatu abɛtra hɔ asefo titiriw. Nanso, na m’awofo yɛ Hungaryfo a wɔatu abɛtra hɔ, na bere a na misua koraa no yɛtraa mpɔtam bi a na asetra ba fam wɔ hɔ mu, nanso na biakoyɛ wɔ hɔ. Ná ɛho nhia sɛ yɛtoto yɛn apon mu safe anaa yɛde nkantankantan brambram yɛn mpomma akyi. Ná nnipa mu nyiyim nni hɔ. Ná ahɔho ne kurom hɔfo, abibifo ne aborɔfo nyinaa yɛ nnamfo.

Ná m’awofo yɛ Katolekfo mapa, na midii mfe du no mebɛsom wɔ afɔrepon ho. Minyinii no, me ne Katolek asɔre a ɛwɔ hɔ no yɛɛ adwuma, na na meka kuw bi a wɔyɛ adwuma sɛ afotufo ma ɔsɔfopanyin a ɔwɔ mpɔtam hɔ no ho. Esiane sɛ na meyɛ oduruyɛfo nti, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ nhyiam bi a Katolek Asɔre no yɛɛ ho nhyehyɛe wɔ Venezuela. Sɛ́ nnuruyɛfo a na yɛresua mmea yare ho ade no, wɔmaa yɛn kuw no dwumadi sɛ yɛnyɛ nnuru a wɔnom de siw awo ano a na wɔrebɛtɔn no saa bere no mu nhwehwɛmu.

Adwene a Minyae Bere a na Meresua Aduruyɛ

Bere a na meda so yɛ sukuuni a meresua nipadua ho ade wɔ aduruyɛ sukuu mu no, m’ani begyee ɔkwan pa a wɔfaa so hyehyɛɛ nipadua no ho yiye. Ade biako a ɛyɛɛ me nwonwa paa ne sɛnea nipadua no tumi sa ne ho yare anaasɛ sɛ biribi ka no a etumi san si ne dedaw mu, te sɛ mmerɛbo anaa mparow a woyi ne fa bi na etumi san si ne dedaw mu no.

Bere koro no ara mu no, mihuu nnipa pii a wɔanya akwanhyia apirapira paa, na ɛyɛɛ me yaw sɛ wowuwui esiane mogya a wogyei nti. Meda so ara kae sɛnea na ɛyɛ den sɛ yɛbɛka akyerɛ ayarefo a wɔawuwu no abusuafo sɛ mogya a wogyei nti na wowuwui. Mpɛn pii no na wɔnka nkyerɛ ɔyarefo no abusuafo sɛ ɛyɛ mogya a wɔde maa no no nti na owui. Mmom no, na wɔka kyerɛ wɔn sɛ ɛyɛ biribi foforo na akum no. Ɛwom sɛ mfe pii atwam de, nanso meda so kae sɛ na m’adwene mu yɛ me naa wɔ mogya a wɔde ma ho. Awiei koraa no minyaa adwene sɛ mfomso wɔ ho sɛ wɔde bedi dwuma. Sɛ na anka minim Yehowa mmara a ɛfa kronkron a mogya yɛ ho ɛ! Ɛnde, anka mɛte nea enti a m’adwene mu yɛɛ me naa wɔ mogya a na wɔde ma ayarefo ho no ase.—Asomafo no Nnwuma 15:19, 20.

Nnipa a Meboaa Wɔn Maa Minyaa Akomatɔyam

Bere kɔɔ so no, mebɛyɛɛ oduruyɛfo a waben wɔ oprehyɛnyɛ mu ne ayaresabea bi a ɛwɔ Santa Lucía no kwankyerɛfo. Me ne ɔman no asuae a ɛyɛ abɔde a nkwa wom ho nhwehwɛmu nso yɛɛ adwuma. Eyi maa minyaa akomatɔyam paa. Mehwɛɛ nkurɔfo yare maa wɔn ho tɔɔ wɔn, meboae ma wogyee nkurɔfo nkwa mpɛn pii, na mede afoforo nso baa nkwa mu denam ɛnanom a migyee wɔn awo so. Esiane osuahu a na manya wɔ mogya a wɔde ma ho nti, mamfa amma nkurɔfo, na meyɛɛ oprehyɛn pii a mamfa mogya anni dwuma nso. Na meka sɛ, sɛ mogya retu obi a ɛte sɛ ankora a enwini. Nea ebetumi aboa ankasa ne sɛ wobesiesie baabi a enwini no, na mmom ɛnyɛ sɛ wobɛkɔ so de nsu agu ankora no mu.

Adansefo Ayarefo a Mehwɛɛ Wɔn

Mibehuu Yehowa Adansefo wɔ 1960 mfe no mu bere a wofii ase baa yɛn ayaresabea bɛyɛɛ oprehyɛn a wɔmma mogya wom no. Me werɛ remfi ɔyarefo bi a wɔfrɛ no Mercedes Gonzalez a ɔyɛ ɔkwampaefo (bere nyinaa somfo) no tebea da. Ná ne mogya so atew araa ma na nnuruyɛfo a wɔwɔ sukuupɔn ayaresabea hɔ no te nka sɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn a onnya nkwa ma enti wɔanyɛ. Ɛwom sɛ na ne mogya resa de, nanso yɛyɛɛ no oprehyɛn wɔ yɛn ayaresabea hɔ. Yetumi yɛɛ oprehyɛn no, na ɔtoaa so yɛɛ akwampae adwuma no bɛboro mfe 30 kosii sɛ nnansa yi ara owui bere a na wadi mfe 86 no.

Ná ɔdɔ ne anigye a Adansefo no de hwɛ wɔn nuanom Kristofo a wɔda ayaresabea no ka me bere nyinaa. Sɛ merehwɛ ayarefo wɔ wɔn mpa so a, na mede anigye tie wɔn gyidi ho asɛm a wɔka no, na migyee nhoma a wɔde maa me no. Mansusuw ho da sɛ ɛrenkyɛ na mabɛyɛ wɔn duruyɛfo ne wɔn nua nso wɔ Onyankopɔn som mu.

Me ne Adansefo no benyaa abusuabɔ kɛse bere a mewaree Beatriz, wɔn a na mehwɛ wɔn no biako babea no. Ná n’abusuafo dodow no ara ne Adansefo no bɔ dedaw, na bere a yɛwaree akyi no, ɔno nso bɛyɛɛ Ɔdansefo a ɔyɛ nnam. Nanso, me de na mede me bere nyinaa ahyɛ m’adwuma mu, na na magye din kakra wɔ aduruyɛ mu. Ná ɛte sɛnea nneɛma rekɔ yiye paa wɔ m’asetra mu. Mansusuw ho da sɛ na ɛrenkyɛ na m’asetra asɛe koraa.

Mihyiaa Amanehunu

Ade biako a ɛyɛ yaw a ebetumi ato oduruyɛfo a ɔyɛ oprehyɛn ne sɛ n’ani befura. Ebi too me. M’aniwa abien nyinaa befurae prɛko pɛ. Ná minnim sɛ metumi asan ahu ade bio da. Bere a wɔyɛɛ me oprehyɛn akyi no, wɔkyekyeree m’aniwa abien nyinaa maa me daa mpa mu, na adwennwene hyɛɛ me so. Ná mete nka sɛ me ho nni mfaso koraa ma meyɛɛ m’adwene sɛ mekum me ho. Esiane sɛ na meda abansoro no dan a ɛto so anan mu nti, mesɔre fii mpa mu na mede me nsa kekaa dan no ho bɔɔ mmɔden sɛ mɛhwehwɛ mpomma no. Ná anka merebehuruw abɛhwe fam awu. Nanso, mikowuraa ayaresabea no abrannaa so na ɔyarehwɛfo bi san de me bɛtoo me mpa so.

Mammɔ mmɔden sɛ mekum me ho bio. Nanso, esiane sɛ na m’ani afura nti, na metaa dwennwen, na na me bo taa fuw nso. Wɔ saa bere a na m’ani afura mu yi, mehyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ sɛ mitumi hu ade bio a, mɛkan Bible no fi tiri akosi tiri. Bere bi akyi no, mitumi san huu ade kakra na mitumi kenkanee. Nanso mantumi ankɔ so anyɛ oduruyɛfo a ɔyɛ oprehyɛn bio. Wɔka asɛm bi wɔ Uruguay kasa mu sɛ, “No hay mal que por bien no venga,” a ɛkyerɛ sɛ, “Biribi resɛe no na biribi reyɛ yiye.” Ná merebehu nokwasɛm a ɛwɔ saa asɛm no mu.

Mamfi Ase Yiye

Ná mepɛ sɛ metɔ The Jerusalem Bible a nkyerɛwee no yɛ akɛse no bi. Nanso metee sɛ Yehowa Adansefo wɔ Bible a ne bo nyɛ den te sɛ ɛno, na Ɔdansefo aberante bi kae sɛ ɔde bi bɛbrɛ me wɔ me fie. Ade kyee no na okura Bible no gyina me pon ano. Me yere buee pon no ne no kasae. Meteɛteɛɛm fii fie no mu sɛ sɛ me yere atua Bible no ka a, minhia no wɔ me fie hɔ bio, enti omfi hɔ nkɔ. Ɔno nso fii hɔ kɔɔ ntɛm ara. Ná minnim sɛ ɛrenkyɛ na saa aberante yi abedi dwuma titiriw bi wɔ m’asetram.

Da bi mehyɛɛ me yere bɔ a mantumi anni so. Enti, nea ɛbɛyɛ na mapata no na ne koma atɔ ne yam no, mekae sɛ me ne no bɛkɔ Kristo wu Nkaedi a wɔyɛ no afe afe no. Da no dui no, mekaee bɔ a na mahyɛ no no, na me ne no kɔɔ Nkaedi no. Sɛnea wɔkyerɛɛ me ho anigye na wofi ayamye mu gyee me fɛw so no kaa me koma yiye. Bere a ɔkasafo no fii ne kasa no ase no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ ɛyɛ saa aberante a mepam no fii me fie no na ɔrema ɔkasa no. Ne kasa no kaa me paa, na ɛyɛɛ me yaw sɛ me ne no anni no yiye. Ná dɛn na mɛyɛ de apata no?

Meka kyerɛɛ me yere sɛ ɔnto nsa mfrɛ no anwummere bi na ɔne yɛn mmedidi. Nanso ɔkae sɛ: “Wunnye nni sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wo mmom wobɛto nsa afrɛ no? Wode gyina ha ara na ɔbɛba yɛn nkyɛn.” Ɔkae ampa. Ɔbaa yɛn nkyɛn bekyiaa yɛn na ɔpenee so sɛ ɔne yɛn bɛba abedidi.

Nkɔmmɔ a yɛbɔe da a ɔbɛsraa yɛn no maa mifii ase yɛɛ nsakrae pii. Ɔde Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, * nhoma no kyerɛɛ me, na me nso mede saa nhoma no ara bi asia kyerɛɛ no. Adansefo ayarefo bi na na wɔde ama me wɔ ayaresabea hɔ, nanso mankenkan da. Mibisaa no nsɛm pii bere a na yɛredidi no, na yedidi wiei no nso mekɔɔ so yɛɛ saa ara kosii anadwo dasum, na ɔde Bible no buaa ne nyinaa. Nkɔmmɔbɔ no kɔɔ so araa kosii ahemadakye. Ansa na aberante no refi hɔ no, ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔde Nokware nhoma no boa me ma misua Bible no. Yɛde bosome abiɛsa suaa saa nhoma no wiei, na yɛtoaa so suaa “Babylon the Great Has Fallen!” God’s Kingdom Rules! * (“Babilon Kɛse no Ahwe Ase!” Onyankopɔn Ahenni Di Tumi!) nhoma no. Ɛno akyi no, mihyiraa me nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn, na mebɔɔ asu.

Mete Nka Bio sɛ Me So Wɔ Mfaso

M’ani a efurae no maa ‘me koma ani’ buei wɔ Bible mu nokware a na mabu m’ani agu so besi saa bere yi no ho! (Efesofo 1:18) Yehowa ne n’atirimpɔw a ɔdɔ wom a mibehui no sesaa m’asetra koraa. Mete nka bio sɛ me so wɔ mfaso na mewɔ anigye nso. Meboa nnipa wɔ honam fam ne Onyankopɔn som ho, na mekyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn ho so yiye na wɔatra ase akyɛ kakra wɔ wiase yi mu, na wɔanya daa nkwa nso wɔ wiase foforo no mu.

Makɔ so adi nkɔso a aba wɔ aduruyɛ mu akyi, na mayɛ nhwehwɛmu wɔ asiane a ɛwɔ mogya a wɔde ma, ayaresa a wɔmfa mogya nni dwuma wom, hokwan horow a ayarefo wɔ, ne aduruyɛ mu mmara mu. Manya hokwan pii ne nnuruyɛfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ akyɛ nimdeɛ yi bere a wɔto nsa frɛ me ma mekɔkasa wɔ aduruyɛ ho nhyiam ahorow ase no. Wɔ afe 1994 mu no, mekɔɔ ayaresa a wɔmfa mogya nni dwuma wom ho nhyiam a edi kan wɔ Rio de Janeiro, Brazil, na mekasa faa sɛnea wobetumi asiw mogya a etu obi ano ho. Ná saa nsɛm no bi wɔ asɛm bi a mekyerɛwee a asɛmti no ne “Una propuesta: Estrategias para el Tratamiento de las Hemorragias” (“Ɔkwan Pa a Wobetumi Afa So Asiw Mogya a Ɛretu Obi Ano”) a wotintimii wɔ aduruyɛ ho nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no, Hemoterapia mu.

Migyinaa Nhyɛso Ano

Bere a mebɛyɛɛ oduruyɛfo no na sɛnea m’adwene mu yɛ me naa wɔ mogya a wɔde ma ho no yɛ nea egyina nyansahu nimdeɛ so kɛse. Nanso, bere a mebɛyɛɛ ɔyarefo no, mihui sɛ na ɛnna fam sɛ mɛka sɛ minnye mogya na makura me gyidi mu bere a nnuruyɛfo rehyɛ me denneennen sɛ mennye no. Bere a minyaa komayare a emu yɛ den akyi no na ɛsɛ sɛ mede bɛboro nnɔnhwerew abien kyerɛkyerɛ me gyinabea mu kyerɛ oduruyɛfo bi. Ná ɔyɛ me nnamfo paa bi babarima, enti ɔkae sɛ, sɛ onim sɛ mogya a wɔde bɛma me no begye me nkwa a ɔrenhwɛ mma minwu. Mebɔɔ Yehowa mpae wɔ me tirim srɛɛ no sɛ ɔmmoa na sɛ oduruyɛfo no ne me nyɛ adwene mpo a, ɔnte me ase na ɔnyɛ nea mepɛ mma me. Awiei koraa no, oduruyɛfo no kae sɛ ɔbɛyɛ nea mepɛ ama me.

Wɔ bere foforo mu no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ me oprehyɛn yi biribi a na ahon m’ahobaa kotoku mu no. Mogya tuu me. Ná ɛsɛ sɛ mesan kyerɛkyerɛ nea enti a minnye mogya no mu kyerɛ ayaresabea adwumayɛfo, na ɛmfa ho sɛ mehweree me mogya dodow no ara no wɔtee me ase.

Wɔsesa Wɔn Nsusuwii

Sɛ́ obi a meyɛ Amanaman Ntam Aduruyɛ Mu Mmara Ho Kuw muni no, manya akomatɔyam sɛ mahu sɛ ayaresabea adwumayɛfo ne mmaranimfo asesa wɔn nsusuwii wɔ hokwan a ayarefo wɔ ho. Nnuruyɛfo no de ntease reyɛ adwuma mmom sen sɛ wɔbɛhyɛ ayarefo so. Seesei wɔma ayarefo no paw ayaresa a wɔpɛ. Wommmu Yehowa Adansefo sɛ nnipa a wɔyɛ katee a wɔmfata sɛ wɔhwɛ wɔn bio. Mmom no, wobu wɔn sɛ ayarefo a wonim nea wɔpɛ a enti ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma hokwan a wɔwɔ. Abenfo a wɔagye din aka nsɛm a edidi so yi afa wɔn ho wɔ aduruyɛ nhyiam ase ne television so dwumadi ahorow mu: “Yɛda Yehowa Adansefo ase wɔ wɔn mmɔdenbɔ ho, seesei yɛate ase . . .” “Yɛasua biribi afi Adansefo no hɔ . . .” na “Wɔakyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yenya nkɔanim.”

Wɔaka sɛ nkwa ho hia sen biribiara, efisɛ ɛnyɛ ɛno a anka ahofadi, hokwan, ne nidi bɛyɛ kwa. Seesei nnipa pii gye tom sɛ obiara wɔ tumi wɔ ɔno ara hokwan ahorow a ɔwɔ so, na ɔno nkutoo na obetumi asi gyinae wɔ ne hokwan ahorow no mu nea ɔpɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ tebea biara mu ho. Wɔ saa kwan yi so no, wɔma nidi, hokwan a obi wɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ, ne ɔsom mu gyidi bɛyɛ ade titiriw. Ɔyarefo no wɔ hokwan sɛ osi gyinae wɔ n’ankasa yare ho. Yehowa Adansefo Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea nhyehyɛe no aboa nnuruyɛfo pii ma wɔate saa nsɛm yi ase yiye.

Mmoa a mekɔ so nya fi m’abusuafo hɔ no ama matumi aboa wɔ Yehowa som mu, na mesom sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu nso. Sɛnea madi kan aka no, ɛyɛ me yaw sɛ mansua Yehowa ho ade bere a na minyinii no. Nanso, meda no ase paa sɛ ɔmaa minyaa Onyankopɔn Ahenni no mu tra ho anidaso a ɛyɛ anigye, baabi a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24. *

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 24 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 24 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 34 Bere a wogu so rekyerɛw asɛm yi na Onua Egon Hauser wui. Owui sɛ ɔnokwafo, na ɛyɛ yɛn anigye sɛ wakura n’anidaso mu.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Me mfe 30 mu, mereyɛ adwuma wɔ ayaresabea a ɛwɔ Santa Lucía

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne me yere Beatriz, wɔ afe 1995 mu