Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun, So Moreto Nhyɛase Pa Ama Mo Daakye?

Mmabun, So Moreto Nhyɛase Pa Ama Mo Daakye?

Mmabun, So Moreto Nhyɛase Pa Ama Mo Daakye?

“Me de, minim adwene ko a meredwen mo ho, . . . asomdwoe adwene, na ɛnyɛ́ bɔne de, sɛ merema mo awiei pa ne anidaso.”—Yeremia 29:11.

1, 2. Nsɛm bɛn na yebetumi aka afa mmabunbere ho?

MPANYIMFO pii bu mmabunbere sɛ ɛyɛ anigye bere paa. Wɔkae anigye ne ahoɔden a na wɔwɔ bere a na wosusua no. Wɔde anigye kae bere a na wɔn asɛyɛde yɛ kakraa bi na wotumi de mmere pii gye wɔn ani ne hokwan ahorow a na wɔwɔ no.

2 Akyinnye biara nni ho sɛ mo a moyɛ mmabun no nhu nneɛma saa koraa. Ebia ɛyɛ den ma mo sɛ mubegyina mo nkate ne nsakrae a ɛreba mo nipaduam no ano. Ebia muhyia atipɛnfo nhyɛso wɔ sukuu mu. Ebehia sɛ moyere mo ho denneennen ko tia nnubɔnenom, mmosa, ne ɔbrasɛe. Mo mu pii nso hyia ɔfã biara a munni ho nsɛnnennen esiane mo gyidi ne nneɛma foforo a ɛsɔ gyidi hwɛ nti. Yiw, mmabunbere betumi ayɛ bere a ɔhaw wom. Nanso, ɛyɛ bere a wubetumi anya hokwan ahorow. Asɛmmisa no ne sɛ, Wode saa hokwan ahorow no bedi dwuma dɛn?

Ma W’ani Nnye Wo Mmabunbere Mu

3. Afotu ne kɔkɔbɔ bɛn na Salomo de ma mmabun?

3 Mpanyimfo ka sɛ, onipa nkyɛ na wanyin, na ɛyɛ nokware paa. Ɛrenkyɛ koraa, wobɛba abɛyɛ ɔpanyin. Enti gye w’ani bere a wusua yi! Ɛno ne afotu a Ɔhene Salomo a ɔkyerɛw nea edi so yi de mae: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu.” Nanso, Salomo bɔɔ mmabun kɔkɔ sɛ: “Yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam.” Afei, ɔde kaa ho sɛ: “Mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude.”—Ɔsɛnkafo 11:9, 10.

4, 5. Dɛn nti na nyansa wom sɛ mmabun besiesie wɔn ho ama daakye? Kyerɛkyerɛ mu.

4 So wote nea Salomo kae no ase? Sɛ yɛbɛyɛ ho mfatoho a, fa no sɛ obi akyɛ aberante anaa ababaa bi ade bi a ɛsom bo paa te sɛ ebia sika kɛse bi. Dɛn na ɔde bɛyɛ? Obetumi de sika no nyinaa agye n’ani te sɛ nea ɔba hohwini a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no yɛe no. (Luka 15:11-23) Nanso sɛ sika no sa a, asɛm bɛn na ebesi? Akyinnye biara nni ho sɛ ne werɛ bɛhow sɛ ɔyɛɛ adapaade saa! Nanso, fa no sɛ ɔde sika no mu fã kɛse no ara yɛɛ biribi a nyansa wom a obenya so mfaso daakye. Sɛ daakye nea ɔyɛe no fi ase sow aba pa na sɛ ofi ase di a, so wususuw sɛ ne werɛ bɛhow sɛ wamfa sika no nyinaa annye n’ani bere a na osua no? Dabida!

5 Hu wo mmabunbere no sɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama wo, na ɛyɛ akyɛde nso ampa. Dɛn na wode bɛyɛ? Wubetumi asɛe saa ahoɔden yi nyinaa wɔ anigye ntraso ho kwa a wunsusuw nea ɛbɛba daakye ho. Nanso, sɛ woyɛ saa a, wo fam no, “mmofraase ne mmerantebere” bɛyɛ “ahuhude” anaa ade a mfaso nni so. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wode wo mmabunbere yi besiesie wo ho ama daakye!

6. (a) Salomo afotu bɛn na ɛyɛ akwankyerɛ ma mmabun? (b) Dɛn na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ ma mmabun, na ɛbɛyɛ dɛn na aberante anaa ababaa bi betumi anya ɛso mfaso?

6 Salomo kaa nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa wo ma wode wo mmabunbere adi dwuma nyansam ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu.” (Ɔsɛnkafo 12:1) Yehowa a wubetie no na woayɛ n’apɛde no ne ade titiriw a ɛde yiyedi ba. Yehowa kaa nea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma tete Israelfo no kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me de, minim adwene ko a meredwen mo ho, . . . asomdwoe adwene, na ɛnyɛ́ bɔne de, sɛ merema mo awiei pa ne anidaso.” (Yeremia 29:11) Yehowa pɛ sɛ ɔma wo nso wunya “awiei pa ne anidaso.” Sɛ wokae no wo nneyɛe, wo nsusuwii, ne wo gyinaesi mu a, saa daakye ne anidaso no bɛbam.—Adiyisɛm 7:16, 17; 21:3, 4.

“Mommɛn Onyankopɔn”

7, 8. Ɔkwan bɛn na ɔbabun betumi afa so abɛn Onyankopɔn?

7 Bere a Yakobo kae sɛ “mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo” no, na ɔrehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkae Yehowa. (Yakobo 4:8) Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, Otumfo a ɔwɔ soro a ɔfata sɛ wɔde ɔsom ne anuonyam nyinaa ma no no. (Adiyisɛm 4:11) Nanso, sɛ yɛbɛn no a, ɔno nso bɛbɛn yɛn. So ɔdɔ mu a ofi kyerɛ wo ho anigye saa no nka wo koma?—Mateo 22:37.

8 Yɛnam akwan horow pii so na ɛbɛn Yehowa. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Munkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.” (Kolosefo 4:2) Nea ɛkyerɛ ne sɛ, bɔ mpae daa. Mma ka a wobɛka amen kɛkɛ bere a wo papa anaa Kristoni bi agyina asafo no ananmu abɔ mpae no nnɔɔso mma wo. So wufi wo koma nyinaa mu aka sɛnea wote nka, nneɛma a ɛbɔ wo hu ne nsɛnnennen a wuhyia ho asɛm akyerɛ Yehowa pɛn? So woatumi aka nneɛma bi a ɛyɛ wo aniwu sɛ wo ne onipa foforo bi besusuw ho ho asɛm akyerɛ no pɛn? Koma mu a wufi de nokwaredi bɔ mpae no de asomdwoe ba. (Filipifo 4:6, 7) Ɛboa yɛn ma yɛbɛn Yehowa na ɛma yɛte nka sɛ ɔno nso rebɛn yɛn.

9. Ɔkwan bɛn na aberante anaa ababaa bɛfa so atie Yehowa?

9 Yehu ɔkwan foforo a yebetumi afa so abɛn Yehowa wɔ Onyankopɔn anom asɛm a edi so yi mu: “Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa w’akyiri nna mu.” (Mmebusɛm 19:20) Yiw, sɛ wutie Yehowa na wudi ne mmara so a, na woreto nhyɛase pa ama wo daakye. Wobɛyɛ dɛn ada no adi sɛ wutie Yehowa ampa? Akyinnye biara nni ho sɛ wokɔ Kristofo asafo nhyiam bere nyinaa, na wutie dwumadi no. Bio nso, abusua no a wo ne wɔn bom yɛ Bible adesua no kyerɛ sɛ ‘wudi w’agya ne wo na ni.’ (Efesofo 6:1, 2; Hebrifo 10:24, 25) Yɛma wo amo. Nanso, so ‘wotɔ bere’ anaa wugye bere de siesie wo ho ma asafo nhyiam, wugye bere de kenkan Bible daa, na wugye bere de yɛ nhwehwɛmu? So wobɔ mmɔden sɛ wode nea wokenkan no bedi dwuma na ama woanantew sɛ ‘onyansafo’? (Efesofo 5:15-17, NW; Dwom 1:1-3) Sɛ woyɛ saa a, na worebɛn Yehowa.

10, 11. Sɛ mmabun tie Yehowa a, mfaso kɛse bɛn na wonya?

10 Nea Onyankopɔn maa no kyerɛw Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm no kyerɛkyerɛ nea enti a ɔkyerɛw saa nhoma no mu wɔ ne nnianim nsɛm no mu. Ɔkae sɛ nhoma no atirimpɔw ne sɛ “wɔmfa nhu nyansa ne nteɛso, sɛ wɔmfa nhu nhumu nsɛm mu; sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nteɛso, trenee, atemmu ne ade a ɛteɛ; sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa anitew, aberante nso nimdeɛ ne adwempa.” (Mmebusɛm 1:1-4) Enti, bere a wokenkan Mmebusɛm nhoma no ne Bible mũ no nyinaa na wode di dwuma no, wobɛnantew pɛpɛɛpɛ na woadi asɛntrenee, na Yehowa nso ani begye ho sɛ ɔbɛma woabɛn no. (Dwom 15:1-5) Dodow a wunya nsusuwii pa, nyansa, nimdeɛ ne adwempa no, dodow no ara na ɛbɛma woasisi gyinae pa.

11 So nyansa nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ ɔbabun bi bɛyɛ ade nyansam wɔ saa kwan yi so? Ɛnte saa koraa efisɛ Kristofo mmabun pii yɛ saa. Esiane saa nti, afoforo bu wɔn na ‘wommu wɔn aberante anaa ababaa a wɔyɛ no abomfiaa.’ (1 Timoteo 4:12) Enti ɛfata sɛ wɔn awofo ani gye wɔn ho, na Yehowa nso ka sɛ wɔma ne koma tɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Ɛwom sɛ wosusua de, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ saa nsɛm a Onyankopɔn aka yi fa wɔn nso ho: “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe.”—Dwom 37:37.

Sisi Gyinae Pa

12. Gyinae ahorow a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ ɔbabun sisi no mu biako ne dɛn, na dɛn nti na saa gyinae no betumi aka w’asetra wo nkwa nna nyinaa?

12 Mmabunbere yɛ bere a wɔde sisi gyinae, na gyinae ahorow a wubesisi no nnɛ no bi betumi aka w’asetra wo nkwa nna nyinaa. Sɛ wusisi gyinae pa a, ɛbɛma woanya anigye na woadi yiye wɔ asetram. Gyinae bɔne a wubesi no betumi ama w’abrabɔ ayɛ basaa wo nkwa nna nyinaa. Wode susuw sɛnea eyi yɛ nokware wɔ nneɛma abien bi a ɛsɛ sɛ wusisi ho gyinae yi ho hwɛ. Nea edi kan: Henanom na wobɛfa wɔn nnamfo? Dɛn nti na ɛho hia sɛ wususuw ho? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Onyankopɔn Asɛm mu bɛ bi ka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ yɛn nnamfo yɛ anyansafo a, yɛbɛdan anyansafo, na sɛ wɔyɛ nkwasea nso a, yɛbɛyɛ sɛ wɔn ara. Emu nea ɛwɔ he na wopɛ?

13, 14. (a) Sɛ yɛde nnipa a yɛne wɔn kɔ ba no to nkyɛn a, dɛn na ɛka fekubɔ ho? (b) Mfomso bɛn na ɛsɛ sɛ mmabun kwati?

13 Sɛ yɛka fekubɔ ho asɛm a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wo ne wɔn kɔ ba no ho asɛm na ɛba wo tirim. Saa na ɛte, nanso pii ka ho. Sɛ wohwɛ television, tie nnwom, kenkan nhoma, kɔhwɛ sini anaasɛ wohwɛ nneɛma bi wɔ Intanɛt so a, na wo ne nkurɔfo rebɔ fekuw. Sɛ saa fekubɔ no hyɛ basabasayɛ ne ɔbrasɛe anaa nnubɔnenom, asabow anaasɛ ade biara a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia ho nkuran a, ɛnde na wo ne “ogyennyentwi” a ɔyɛ n’ade sɛnea Yehowa nni hɔ no na ɛrebɔ fekuw.—Dwom 14:1.

14 Ebia wote nka sɛ esiane sɛ wokɔ Kristofo asafo nhyiam na wobɔ mmɔden wɔ asafo no mu nti, sini a basabasayɛ ahyɛ no ma anaa nnwom a ɛyɛ dɛ nanso nsɛnhunu ahyɛ mu ma ntumi nyɛ wo hwee. Ebi mpo a wote nka sɛ bibiri bɔne biara mfi nguamansɛm a wode bere tiaa bi bɛhwɛ wɔ Intanɛt so no mu mma. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ nokware! Ɔka sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, NW) Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo mmerante ne mmabaa pii a na wɔbɔ mmɔden ama fekubɔne asɛe wɔn bra pa. Ɛno nti, si wo bo sɛ wobɛkwati fekubɔ a ɛte saa. Sɛ woyɛ saa a, na wode Paulo afotu yi redi dwuma: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.”—Romafo 12:2.

15. Dɛn ne gyinae a ɛto so abien a ɛsɛ sɛ mmabun si, na nsɛnnennen bɛn na ɛtɔ mmere bi a wohyia wɔ ne yɛ mu?

15 Ade a ɛto so abien a ɛsɛ sɛ wusi ho gyinae ni. Bere bi bɛba a ɛsɛ sɛ wusi gyinae wɔ nea wobɛyɛ bere a woawie sukuu no ho. Sɛ wote ɔman a ɛyɛ den sɛ wubenya adwuma ayɛ mu a, anhwɛ yiye a, wobɛte nka sɛ yɛ adwuma pa biara a wo nsa bɛka no. Sɛ wote ɔman a edi yiye mu a, ebia adwuma abu so wɔ hɔ, na emu bi betumi ama woanya sika pii nanso ebetumi asɛe wo gyidi ankasa. Ebia w’akyerɛkyerɛfo anaa w’awofo a wodwen wo ho bɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ adwuma a ɛbɛma woanya sika anaa ahode pii. Nanso, esiane sɛ ebegye bere pii na ama wode anya ntetee ansa na woanya adwuma ɛte saa ayɛ nti, ebia ɛremma wunnya bere pii mfa nsom Yehowa.

16, 17. Kyerɛkyerɛ sɛnea kyerɛw nsɛm bi betumi aboa ɔbabun bi ma wanya adwuma ho adwempa no mu.

16 Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛhwehwɛ Bible no mu ansa na woasi gyinae. Bible no hyɛ nkuran sɛ yɛnyɛ adwuma mfa nhwɛ yɛn ho a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hwɛ yɛn ho. (2 Tesalonikafo 3:10-12) Nanso, ɛsɛ sɛ wususuw nneɛma foforo ho. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan kyerɛw nsɛm a edidi so yi na susuw sɛnea ebetumi aboa aberante anaa ababaa bi ma ɔde ahwɛyiye apaw adwuma a ɔbɛyɛ no ho: Mmebusɛm 30:8, 9; Ɔsɛnkafo 7:11, 12; Mateo 6:33; 1 Korintofo 7:31; 1 Timoteo 6:9, 10. Bere a woakenkan saa nkyekyɛm yi awiei no, so wuhu adwene a Yehowa wɔ wɔ adwuma ho?

17 Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ honam fam adwuma bɛyɛ ade a ɛho hia araa ma enti yɛma ebunkam ɔsom a yɛde ma Yehowa no so. Sɛ wuwie ntoaso sukuu na sɛ ɛbɛma woanya adwuma a ɛfata ayɛ a, ɛyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ sukuu foforo ka ho bere a woawie ntoaso sukuu no a, ɛnde wo ne w’awofo nsusuw ho. Nanso, mma wo were mfi “nneɛma a eye koraa” no—Onyankopɔn som. (Filipifo 1:9, 10) Nni mfomso a Yeremia kyerɛwfo Baruk dii no bi. Ɔhweree anisɔ a na ɔwɔ ma ɔsom hokwan a na wanya no ma enti ɔyɛe sɛ ‘ɔrehwehwɛ ade kɛse afa.’ (Yeremia 45:5) Ne werɛ fii kakra sɛ “ade kɛse” biara nni hɔ a ɛwɔ wiase yi mu a ɛbɛma no abɛn Yehowa, anaasɛ ɛbɛma wanya ne ti adidi mu wɔ Yerusalem sɛe no mu. Saa ara na tebea no te nnɛ.

Kyerɛ Onyankopɔn Som Ho Anisɔ

18, 19. (a) Asɛm bɛn na ato wɔn a wɔte wo mpɔtam hɔ no mu fã kɛse no ara, na ɛsɛ sɛ wote nka dɛn ma wɔn? (b) Dɛn nti na nnipa pii nte nka sɛ Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn?

18 So woahu mmofra a wofi aman a ɔkɔm kɛse asi hɔ mfonini wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu pɛn? Sɛ woahu bi pɛn a, akyinnye biara nni ho sɛ saa mmofra no ho yɛɛ wo mmɔbɔ paa. So wote nka saa ara ma wɔn a wɔte wo mpɔtam hɔ no? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wo mmɔbɔ? Efisɛ wɔn mu dodow no ara nso redi kɔm. Ɔkɔm a Amos hyɛɛ ho nkɔm yi na ɛde wɔn: “Nna bi reba, [Yehowa, NW] Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na [Yehowa, NW] asɛm tie de.”—Amos 8:11.

19 Ɛyɛ nokware sɛ “honhom fam nneɛma” ho nhia wɔn a Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn no. (Mateo 5:3, NW) Wɔn mu pii nte nka sɛ wohia Onyankopɔn asɛm. Ebinom mpo betumi asusuw sɛ wonim Onyankopɔn asɛm yiye. Sɛ wonim biribi mpo a, ɛyɛ “wi yi ase nyansa” a ɛne honam fam adedodowpɛ, nsɛm a nyansahufo bɔ wɔn tirim ka, nea wɔte nka sɛ ɛyɛ ɔbra pa, ne nneɛma a ɛtete saa a wɔde ahyɛ wɔn adwene mu. Ebinom te nka sɛ “nyansa” a ɛwɔ wiase mu nnɛ no ama Bible nkyerɛkyerɛ ayɛ ade a ne bere atwam. Nanso, ‘wiase amfa ne nyansa so anhu Onyankopɔn.’ Wiase nyansa remmoa wo mma wommɛn Onyankopɔn. Ɛyɛ ‘nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim.’—1 Korintofo 1:20, 21; 3:19.

20. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yebesuasua wɔn a wɔnsom Yehowa no?

20 Sɛ wohwɛ mmofra a ɔkɔm de wɔn no mfonini no a, so wopɛ sɛ woyɛ te sɛ wɔn? Dabida! Nanso, mmabun binom a wɔtetee wɔn wɔ Kristofo mmusua mu ada no adi sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ sɛ nkurɔfo a wɔte wɔn mpɔtam hɔ a wonnim Onyankopɔn asɛm no. Ebia mmabun a wɔte saa no te nka sɛ hwee nhaw mmabun a wɔwɔ wiase no, na saafo no regye wɔn ani. Kristofo mmabun a wɔte saa no werɛ afi sɛ mmabun a wɔwɔ wiase no yɛ ananafo wɔ Yehowa anim anaasɛ wɔne no nni abusuabɔ biara. (Efesofo 4:17, 18) Wɔn werɛ afi nnebɔne a efi Onyankopɔn asɛm ho kɔm mu ba no nso. Eyinom bi ne mperɛwa nyinsɛn, nyarewa ne adwennwen a ɔbrasɛe de ba, tawanom, asabow ne nnubɔnenom. Onyankopɔn asɛm ho kɔm de atuatew, abasamtu, ne asetra a atirimpɔw nnim nso ba.

21. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so abɔ yɛn ho ban na amma yɛannya wɔn a wɔnsom Yehowa no subammɔne no bi?

21 Enti sɛ wokɔ sukuu a, mma suban a wɔn a wɔnsom Yehowa da no adi no nnya wo so nkɛntɛnso. (2 Korintofo 4:18) Ebinom bɛka Onyankopɔn som ho nsɛm yayaayaw. Afei nso, nsɛm ho amanneɛbɔfo bɛka adɛfɛdɛfɛsɛm de akyerɛ sɛ mfomso biara nni ho sɛ wobɛbɔ aguaman, abow nsa, anaasɛ wobɛka kasafi. Ko tia nneyɛe bɔne a ɛtete saa no. Kɔ so ne wɔn a wokura “gyidi ne ahonim pa” mu mmɔ fekuw daa. Kɔ so ‘yɛ pii Awurade adwuma mu’ bere nyinaa. (1 Timoteo 1:19; 1 Korintofo 15:58) Ma w’anan nyɛ ntiantiaa wɔ Ahenni Asa so ne asɛnka mu. Yɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi bere ne bere mu bere a wokɔ sukuu no. Fa saa kwan yi so hyɛ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den, na sɛ woyɛ saa a, worenhwe ase da.—2 Timoteo 4:5.

22, 23. (a) Dɛn nti na Kristoni ɔbabun besisi gyinae bi a mpɛn pii no afoforo nte ase? (b) Dɛn na wɔhyɛ mmabun nkuran sɛ wɔnyɛ?

22 Onyankopɔn adwene a wode besusuw nneɛma ho no bɛma woasisi gyinae bi a afoforo nte ase. Sɛ nhwɛso no, na Kristoni aberantewaa bi nim nnwom to yiye, na na ɔyɛ ade paa nso wɔ sukuu adesua mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo anaa daa akwampae adwuma a na wapaw no nti, owiee sukuu no, ɔkɔkaa ne papa ho ma wɔyɛɛ adwuma bi a na wɔpopa mfɛnsere ho. N’akyerɛkyerɛfo ante nea enti a ɔyɛɛ saa no ase, nanso sɛ woabɛn Yehowa a, yegye di yiye sɛ wote ase.

23 Bere a woresusuw sɛnea wode wo mmabunbere a ɛsom bo no bedi dwuma no ho no, ‘hyehyɛ nhyɛase pa sie ma wo daakye na ama woaso nokware nkwa no mu’ pintinn. (1 Timoteo 6:19) Si wo bo sɛ ‘wobɛkae wo bɔfo’ wo mmerantebere anaa wo mmabaabere mu, ne wo nkwa nna nyinaa mu. Ɛno ne ɔkwan koro pɛ a wubetumi afa so anya daakye a yiyedi wom, daakye a enni awiei.

Dɛn na Wobɛka?

• Afotu a efi Onyankopɔn nkyɛn bɛn na ɛboa mmabun bere a wɔresiesie wɔn ho ama daakye no?

• Dɛn ne akwan a ɔbabun betumi afa so ‘abɛn Onyankopɔn’ no bi?

• Gyinae ahorow a sɛ ɔbabun bi si a ɛbɛka ne daakye no bi ne nea ɛwɔ he?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

So wobɛma nneɛma a w’ani gye ho agye wo mmabunbere mu ahoɔden nyinaa?

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Kristofo mmabun a wonim nyansa ma wɔn ani da hɔ wɔ Onyankopɔn som ho