Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munnya Akokoduru Sɛ Yeremia

Munnya Akokoduru Sɛ Yeremia

Munnya Akokoduru Sɛ Yeremia

“Ma w’ani nna [Yehowa, NW] so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, na ma w’ani nna [Yehowa, NW] so.”—DWOM 27:14.

1. Nhyira bɛn na Yehowa Adansefo anya?

YEHOWA ADANSEFO te honhom fam paradise mu. (Yesaia 11:6-9) Wɔ saa wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu no, wɔne wɔn mfɛfo Kristofo te asomdwoe ne biakoyɛ mu na asomdwoe wɔ wɔne Yehowa Nyankopɔn ntam nso. (Dwom 29:11; Yesaia 54:13) Wɔn honhom fam paradise no renya nkɔso. Obiara a ‘ofi koma mu yɛ Onyankopɔn apɛde’ no boa ma enya nkɔso. (Efesofo 6:6) Ɔkwan bɛn so? Denam tra a wɔtra ase ma ɛne Bible nnyinasosɛm hyia ne kyerɛ a wɔkyerɛkyerɛ afoforo sɛ wɔnyɛ saa ara no so, na wɔnam saayɛ so boa wɔn ma wobenya saa paradise no mu nhyira no bi.—Mateo 28:19, 20; Yohane 15:8.

2, 3. Dɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo gyina ano?

2 Nanso, te a yɛte honhom fam paradise mu no nkyerɛ sɛ yɛrenhyia sɔhwɛ. Yɛnyɛ pɛ, na yehyia amanehunu a yare ne mpanyinyɛ de ba no bi, na awiei koraa no yewu. Afei nso, yɛrehu nkɔmhyɛ a ɛfa “nna a edi akyiri” yi ho no mmamu. (2 Timoteo 3:1) Ɔko, nsɛmmɔnedi, yare, ɔkɔm, ne ahokyere foforo a emu yɛ den paa ba adesamma nyinaa a Yehowa Adansefo nso ka ho so.—Marko 13:3-10; Luka 21:10, 11.

3 Wɔ eyinom nyinaa akyi no, yenim sɛ mframa bɔne bi rebɔ wɔ yɛn honhom fam paradise a asomdwoe wom no akyi. Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ: “Sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo. Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:18-21) Tebea no nsesae nnɛ. Nnipa dodow no ara na wɔntee yɛn som no ase na wonhuu mfaso a ɛwɔ so. Ebinom kasa tia yɛn, di yɛn ho fɛw, anaa sɛnea Yesu bɔɔ kɔkɔ no, wɔtan yɛn mpo. (Mateo 10:22) Mpɛn pii no, wɔka atosɛm fa yɛn ho keka yɛn ho nsɛmmɔne wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu. (Dwom 109:1-3) Yiw, ɔhaw a ano yɛ den ba yɛn nyinaa so na sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn mu binom abam bebu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina ano?

4. Hena nkyɛn na yɛhwehwɛ mmoa fi na ama yɛatumi agyina?

4 Yehowa bɛboa yɛn. Wɔde honhom kaa ɔdwontofo no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa, NW] gye no ne nyinaa mu.” (Dwom 34:19; 1 Korintofo 10:13) Yɛn mu pii betumi adi adanse sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa a, ɔma yɛn ahoɔden ma yetumi gyina amanehunu biara ano. Ɔdɔ a yɛwɔ ma no ne anigye a ɛda yɛn anim no boa yɛn ma yetumi ko tia abasamtu ne ehu biara. (Hebrifo 12:2) Enti, wɔ nsɛnnennen nyinaa akyi no, yɛkɔ so gyina pintinn.

Onyankopɔn Asɛm Hyɛɛ Yeremia Den

5, 6. (a) Nokware asomfo a wotumi gyinaa sɔhwɛ ano ho nhwɛso bɛn na yɛwɔ? (b) Yeremia yɛɛ n’ade dɛn bere a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ odiyifo no?

5 Yehowa nokware asomfo a wɔatra ase nyinaa nyaa anigye ɛmfa ho nsɛnnennen a wohyiae no. Ebinom traa ase wɔ bere a Yehowa de n’abufuw baa wɔn a na wonni nokware so no. Saa asomfo anokwafo no mu bi ne Yeremia ne ne bere sofo kakraa bi ne afeha a edi kan no mu Kristofo no. Wɔayɛ saa abakɔsɛm mu nhwɛso yi ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible no mu na ama yɛasua biribi a ebetumi akyekye yɛn werɛ afi mu. (Romafo 15:4) Sɛ nhwɛso no, ma yensusuw Yeremia ho.

6 Bere a wɔfrɛɛ Yeremia sɛ ɔnkɔyɛ odiyifo wɔ Yuda no, na ɔyɛ abarimaa. Ná ɛnyɛ adwuma a ɛyɛ mmerɛw. Ná nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no mu pii som abosom. Ɛwom sɛ na Yosia a na odi hene bere a Yeremia fii ne som adwuma ase no yɛ nokwaredifo de, nanso ahemfo a wodii n’akyi bae no nyinaa anni nokware, na saa ara nso na adiyifo ne asɔfo a na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo no mu dodow no ara anni nokware. (Yeremia 1:1, 2; 6:13; 23:11) Enti, Yeremia tee nka dɛn bere a Yehowa frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ odiyifo no? Ehu kaa no! (Yeremia 1:8, 17) Asɛm a Yeremia dii kan kae bere a wɔfrɛɛ no no ni: “Mekae sɛ: Ao, [Yehowa, NW] Nyankopɔn, hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.”—Yeremia 1:6.

7. Tebea bɛn na Yeremia hyiae wɔ n’asasesin no mu, na ɔyɛɛ n’ade dɛn?

7 Ná nkurɔfo a wɔwɔ Yeremia asasesin no mu pii yɛ asoɔdenfo ma enti wɔde ɔsɔretia a ano yɛ den baa ne so mpɛn pii. Bere bi Pashur a na ɔyɛ ɔsɔfo no bɔɔ no, na ɔma wɔde no bɔɔ duam. Yeremia kaa sɛnea ɔtee nka saa bere no ho asɛm sɛ: ‘Mekae sɛ: Merenkae no na meremmɔ Yehowa din menkasa bio.’ Ebia wo nso woate nka saa ara pɛn sɛ gyae ɔsom adwuma no na tra wo baabi. Nanso, hyɛ nea ɛboaa Yeremia ma otumi gyinaa mu yi nsow. Ɔkae sɛ: ‘Onyankopɔn asɛm anaa ne nkrasɛm no yɛ me koma mu sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu; miso mu a mebrɛ ho, na mintumi.’ (Yeremia 20:9) So Onyankopɔn asɛm ka wo saa?

Yeremia Ayɔnkofo

8, 9. (a) Mmerɛwyɛ bɛn na odiyifo Uria daa no adi, na dɛn na efi mu bae? (b) Dɛn nti na Baruk abam bui, na ɔkwan bɛn na wɔfaa so boaa no?

8 Ɛnyɛ Yeremia nkutoo na na ɔreyɛ nkɔmhyɛ adwuma yi. Ná nkurɔfo bi ka ne ho, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno hyɛɛ no nkuran kɛse. Nanso, bere bi wɔ hɔ a n’ayɔnkofo no anyɛ wɔn ade nyansa mu. Sɛ nhwɛso no, na ne yɔnko diyifo bi a wɔfrɛ no Uria nso de nnamyɛ rebɔ Yerusalem ne Yuda kɔkɔ “sɛ Yeremia de no ara.” Nanso, bere a Ɔhene Yehoiakim hyɛe sɛ wonkum Uria no, ehu nti, odiyifo yi guan kɔɔ Misraim. Saa a ɔyɛe no annye no nkwa. Ɔhene no dɔm no taataa no kɔkyeree no de no baa Yerusalem bekum no wɔ hɔ. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yeremia ho dwiriw no fae!—Yeremia 26:20-23.

9 Onipa foforo a Yeremia ne no yɛɛ adwuma ne ne kyerɛwfo Baruk. Ná Baruk boa Yeremia paa, nanso bere bi Baruk nso amfa Onyankopɔn adwene ansusuw nneɛma ho. Ɔbɔɔ abubuw sɛ: “Minnue, sɛ [Yehowa, NW] de ɛyaw ka m’awerɛhow ho. Mabrɛ ne apinisi, na minnya ɔhome bi.” Bere a Baruk abam bui no, n’ani fii anisɔ a na ɔwɔ ma Onyankopɔn som no so. Nanso Yehowa fi ayamye mu de afotu pa maa Baruk ma esiesiee n’adwene. Afei, wɔmaa no awerɛhyem sɛ ɔsɛe a ɛreba Yerusalem so no bi renka no. (Yeremia 45:1-5) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yeremia ani gyei bere a Baruk ani baa ne ho so na osiesiee ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no!

Yehowa Boaa Ne Diyifo No

10. Mmoa bɛn na Yehowa hyɛɛ Yeremia bɔ sɛ ɔde bɛma no?

10 Nea na ehia paa no, Yehowa annyaw Yeremia. Ɔtee sɛnea na ne diyifo no te nka no ase na ɔmaa no ahoɔden ne mmoa a na ohia no. Sɛ nhwɛso no, bere a Yeremia kae wɔ ne som adwuma no mfiase sɛ ontumi nyɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro wɔn anim, na wo de, medi w’akyi na mayi wo, [Yehowa, NW] asɛm ni.” Afei bere a ɔkaa sɛnea adwuma no te ho asɛm kyerɛɛ ne diyifo no wiei no, Yehowa kae sɛ: “Wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo, efisɛ midi w’akyi, [Yehowa, NW] asɛm ni, na megye wo.” (Yeremia 1:8, 19) Nsɛm a ɛhyɛ nkuran bɛn ara ni! Yehowa yɛɛ sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no pɛpɛɛpɛ.

11. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa dii bɔ a ɔhyɛɛ Yeremia sɛ ɔbɛboa no no so?

11 Enti, bere a wɔde Yeremia bɔɔ duam na woguu n’anim ase wɔ baguam no, otumi de ahotoso kae sɛ: “[Yehowa, NW] gyina m’akyi sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu, ɛno nti m’atiwfo bɛhwehwe ase, na wɔrentumi. Wɔn ani bewuwu.” (Yeremia 20:11) Bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobekum Yeremia wɔ mfe bi akyi no, Yehowa kɔɔ so dii n’akyi. Afei nso, bere a wokunkum Yeremia atamfo a wɔantie ne kɔkɔbɔ no anaa wɔtwee wɔn kɔɔ Babilon wɔ Yerusalem sɛe mu no, Yeremia nyaa ne ti didii mu te sɛ Baruk a hwee anka no.

12. Ɛwom sɛ yɛn abam betumi abu de, nanso dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi?

12 Ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo pii hyia amanehunu te sɛ Yeremia. Sɛnea yɛadi kan aka no, amanehunu no bi wɔ hɔ a yɛn ankasa sintɔ na ɛma yehyia. Ebi wɔ hɔ a basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ wiase no mu no na ɛde ba na foforo nso de, wɔn a wɔsɔre tia yɛn adwuma no na ɛde ba yɛn so. Amanehunu a ɛtete saa betumi ama yɛn abam abu. Te sɛ Yeremia no, ɛbere bi bɛba a yebetumi abisa yɛn ho sɛ ebia yebetumi atoa so asom anaa. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛn abam betumi abu bere ne bere mu. Abasamtu ma yehu sɛnea ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no di mũ fa. Enti, momma yensi yɛn bo sɛ yɛremma abasamtu mma yɛntwe yɛn ho mfi Yehowa som adwuma no ho da sɛnea Uria yɛe no. Mmom no, momma yensuasua Yeremia na yenya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn.

Sɛnea Yebetumi Agyina Abasamtu Ano

13. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yeremia ne Dawid nhwɛso no?

13 Ná Yeremia taa ne Yehowa Nyankopɔn di nkitaho ka sɛnea ɔte nka ankasa wɔ ne komam no kyerɛ no san srɛ no sɛ ɔnhyɛ no den. Ɛno yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yedi akyiri. Dawid a ɔtraa ase tete mmere mu a ɔhwehwɛɛ mmoa fii ahoɔden Fibea koro no ara no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], yɛ aso ma me nsɛm, hwɛ me nsusuwii a mikuram. Tie me nteɛm, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpae.” (Dwom 5:1, 2) Dawid asetram nsɛm a Onyankopɔn ama wɔakyerɛw ato hɔ no ma yehu sɛ Yehowa tiee Dawid mpaebɔ bere nyinaa. (Dwom 18:1, 2; 21:1-5) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ ahokyere no mu bɛyɛ den anaasɛ yentumi nyɛ yɛn haw no ho hwee a, koma nyinaa mu a yebefi abɔ Yehowa mpae no bɛma yɛanya awerɛkyekye paa. (Filipifo 4:6, 7; 1 Tesalonikafo 5:16-18) Yehowa ayɛ aso ama yɛn bere nyinaa, na ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ‘odwen yɛn ho.’ (1 Petro 5:6, 7) Nanso, ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae na yɛrentie nea ɔbɛka akyerɛ yɛn no, ɛnte saa anaa?

14. Nkɛntɛnso bɛn na Yehowa asɛm nyae wɔ Yeremia so?

14 Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kasa kyerɛ yɛn? San susuw Yeremia ho bio. Esiane sɛ na Yeremia yɛ odiyifo nti, Yehowa ne no dii nkitaho tẽẽ. Yeremia kyerɛkyerɛ nkɛntɛnso a Onyankopɔn asɛm nyae wɔ ne so no mu sɛ: “Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, [Yehowa, NW], asafo Nyankopɔn.” (Yeremia 15:16) Yiw, Yeremia dii ahurusi sɛ wɔde Onyankopɔn din ato no so, na na Ne nsɛm no nso som bo ma odiyifo no. Enti, te sɛ ɔsomafo Paulo no, na Yeremia wɔ ɔpɛ sɛ obefi n’ahoɔden nyinaa mu aka asɛm a wɔde ahyɛ ne nsa no.—Romafo 1:15, 16.

15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Yehowa asɛm ahyɛ yɛn koma mu, na dɛn na sɛ yesusuw ho a, ɛremma yɛnka yɛn ano ntom?

15 Yehowa ne obiara nni nkitaho tẽẽ nnɛ. Nanso, yɛwɔ Onyankopɔn anom nsɛm wɔ Bible no mu. Enti, sɛ yɛyɛ nsi wɔ sɛnea yesua Bible no ho na sɛ yedwennwen nea yesua no ho kɔ akyiri a, Onyankopɔn nsɛm bɛyɛ yɛn nso “ahosɛpɛw ne akomatɔyam.” Afei, yebetumi anya anigye sɛ wɔde Yehowa din ato yɛn so bere a yɛrekɔka saa asɛm no akyerɛ afoforo no. Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ nnipa foforo biara nni wiase a wɔka Yehowa din ho asɛm nnɛ. Onyankopɔn Adansefo nkutoo na wɔka N’ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa kyerɛ na wɔkyerɛkyerɛ ahobrɛasefo ma wɔbɛyɛ Yesu Kristo asuafo. (Mateo 28:19, 20) Nhyira kɛse bɛn na yɛanya no sɛɛ yi! Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka yɛn ano atom bere a Yehowa afi ɔdɔ mu de asɛmpa no ka ahyɛ yɛn nsa no?

Momma Yɛnhwɛ Yɛn Fekubɔ Yiye

16, 17. Adwene bɛn na Yeremia nyae wɔ fekubɔ ho, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?

16 Yeremia ka ade foforo nso a ɛmaa no nyaa akokoduru kyerɛ yɛn. Ɔkae sɛ: “Mantra asesewfo guabɔ mu manni ahurusi; wo nsa nti me nko na metrae, efisɛ wode abufuw ahyɛ me ma.” (Yeremia 15:17) Ná Yeremia pɛ sɛ ne nkutoo bɛtra sen sɛ nnamfo bɔne bɛsɛe no. Saa ara na yɛn nso yɛte nka nnɛ. Yɛn werɛ mfi ɔsomafo Paulo kɔkɔbɔ a ɛka sɛ “fekubɔne sɛe ɔbra pa,” ɔbra pa a yɛabɔ no mfe pii mpo no da.—1 Korintofo 15:33, NW.

17 Fekubɔne betumi ama wiase honhom anaa subammɔne a ɛwɔ mu no asɛe yɛn adwene. (1 Korintofo 2:12; Efesofo 2:2; Yakobo 4:4) Enti, momma yɛntete yɛn ahonim na ama yɛahu fekubɔne na yɛatwe yɛn ho afi ho koraa. (Hebrifo 5:14) Sɛ anka Paulo wɔ asase so nnɛ a, wususuw sɛ dɛn na anka ɔbɛka akyerɛ Kristoni bi a ɔhwɛ sini a ɔbrasɛe anaa basabasayɛ ahyɛ mu ma anaasɛ ɔhwɛ agodie a basabasayɛ wom? Ɔkwan bɛn na anka ɔbɛfa so atu onua bi a ɔne nkurɔfo a onnim wɔn baabiara bɔ fekuw wɔ Intanɛt so no? Adwene bɛn na anka obenya wɔ Kristoni bi a ɔde nnɔnhwerew pii di agoru wɔ video so anaa ɔde nnɔnhwerew pii hwɛ television nanso onni kokoam adesua ho nhyehyɛe pa biara no ho?—2 Korintofo 6:14b; Efesofo 5:3-5, 15, 16.

Kɔ So Tra Honhom Fam Paradise no Mu

18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ayɛ den?

18 Yɛn honhom fam paradise no som bo ma yɛn. Biribiara nni wiase yi mu a ɛne no di nsɛ ketewaa bi mpo. Wɔn a wonnye nni mpo ka ɔdɔ, tema ne ayamye a Kristofo yi no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no ho asɛmpa. (Efesofo 4:31, 32) Nanso, wɔ eyi nyinaa akyi no, ɛnnɛ ne bere a ɛsen biara a ɛsɛ sɛ yɛko tia abasamtu. Fekupa, mpaebɔ, ne adesua ho su pa a yebenya no betumi aboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu ayɛ den. Eyinom bɛhyɛ yɛn den na ama yɛatumi de yɛn ho ato Yehowa so korakora bere a sɔhwɛ ba yɛn so no.—2 Korintofo 4:7, 8.

19, 20. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina mu? (b) Henanom na wɔakyerɛw asɛm a edi hɔ no ama wɔn, na henanom nso na ɛso betumi aba wɔn mfaso?

19 Mommma yɛmma wɔn a wɔmpɛ Bible mu nkrasɛm a yɛka no nhunahuna yɛn mma yennnyae yɛn gyidi mu. Te sɛ atamfo a wɔtaa Yeremia no, wɔn a wɔko tia yɛn no ne Onyankopɔn na ɛredi ako. Wɔrenni nkonim. Yehowa a ne ho yɛ den sen yɛn atamfo no koraa no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ma w’ani nna [Yehowa, NW] so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, na ma w’ani nna [Yehowa, NW] so.” (Dwom 27:14) Bere a yɛanya Yehowa mu ahotoso yi, momma yensi yɛn bo denneennen sɛ yɛrennyae adetrenee yɛ da. Momma yennya ahotoso te sɛ Yeremia ne Baruk sɛ, sɛ yɛn nso yɛampa abaw a, yebetwa so aba.—Galatifo 6:9.

20 Kristofo pii ko tia abasamtu bere nyinaa. Wɔ mmabun fam no, wohyia ɔhaw soronko. Ɛmfa ho ɔhaw ahorow a wohyia no, wɔwɔ hokwan ahorow a ɛyɛ anigye nso. Wɔakyerɛw asɛm a edi hɔ no ama mmabun a wɔwɔ yɛn mu no titiriw. Ɛso bɛsan aba awofo ne ɔpanyin biara a wahyira ne ho so a ɔwɔ asafo yi mu a ɔnam ne nsɛm a ɔka ne ne nhwɛso so anaasɛ obetumi afrɛ mmabun a wɔwɔ asafo no mu akasa akyerɛ wɔn tẽẽ no nso so mfaso.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛn abam betumi abu, na hena na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi ne nkyɛn?

• Ɛwom sɛ na Yeremia adwuma no yɛ den de, nanso ɔkwan bɛn na ɔfaa so dii abasamtu so?

• Dɛn na ɛbɛma yɛanya “ahosɛpɛw ne akomatɔyam” bere mpo a yɛrehyia nsɛnnennen no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ná Yeremia susuw sɛ osua dodo na onni osuahu a ɛbɛma wabɛyɛ odiyifo

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Bere a na wɔretaa Yeremia mpo no, na onim sɛ Yehowa gyina n’akyi sɛ “dɔmmarima a ne ho yɛ hu”