Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɔfã Bi A Obi Nnyina Mma Ɔnna Kristofo Dɔ Adi?

So Ɔfã Bi A Obi Nnyina Mma Ɔnna Kristofo Dɔ Adi?

So Ɔfã Bi A Obi Nnyina Mma Ɔnna Kristofo Dɔ Adi?

KRISTONI a obi bɛyɛ no kyerɛ pii sen Bible a ɔbɛkenkan, mpae a ɔbɛbɔ, ne nnwom a ɔbɛto ama Onyankopɔn Kwasida. Nneɛma a wɔyɛ ma Onyankopɔn ne nnipa ka ho. Bible ka sɛ: “Mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.” (1 Yohane 3:18) Na Yesu dwen afoforo ho ankasa, na Kristofo pɛ sɛ wosuasua no. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ mfɛfo gyidifo sɛ ‘wɔnkɔ so wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Korintofo 15:58) Nanso, dɛn ne Awurade adwuma no? So mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛsesa aban nhyehyɛe ma ɛso aba ahiafo ne nnipa a wɔhyɛ wɔn so so mfaso ka ho? So saa na Yesu yɛe?

Ɛwom sɛ wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne ho nnye amanyɔsɛm mu anaasɛ onnyina ɔfã bi de, nanso wanyɛ saa. Wannye wiase ahenni nyinaa so tumi a Satan de maa no no, na wamma wɔantwe no ankɔ towtua ho akyinnyegye mu. Na bere a nnipa bi pɛe sɛ wosi no hene no, ɔtwee ne ho. (Mateo 4:8-10; 22:17-21; Yohane 6:15) Nanso, ɔfã biara a wannyina no ansiw no kwan sɛ ɔbɛyɛ adwuma aboa afoforo.

Yesu de n’adwene sii nneɛma a na ɛde yiyedi bɛbrɛ afoforo daa so. Bere a nnipa mpem anum a ɔmaa wɔn aduan ne ayarefo a ɔsaa wɔn yare no maa nnipa kakraa bi ho tɔɔ wɔn bere tiaa bi mu no, ne nkyerɛkyerɛ na ɛde yiyedi a ɛtra hɔ daa brɛɛ adesamma nyinaa. Yesu ammɛyɛ obi a wonim no sɛ ɔyɛ nhyehyɛe ma wɔde nnuan ne ntade kɔma ahiafo, na mmom na wonim no sɛ “ɔkyerɛkyerɛfo no.” (Mateo 26:18; Marko 5:35; Yohane 11:28) Ɔkae sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.”—Yohane 18:37.

Biribi a Eye Sen Amanyɔsɛm a Wɔka

Ná nokware a Yesu kyerɛkyerɛe no nyɛ amammuisɛm. Mmom no, na ɛfa Ahenni a ɔno ankasa bɛyɛ so Hene no ho. (Luka 4:43) Ahenni yi yɛ ɔsoro nniso, na ɛbɛba abesi nnipa nniso nyinaa ananmu, na ɛde asomdwoe a ɛtra hɔ daa abrɛ adesamma. (Yesaia 9:6, 7; 11:9; Daniel 2:44) Enti, ɛne adesamma nokware anidaso koro. So ɛnkyerɛ ɔdɔ pii sɛ wobɛka daakye anidaso a enhinhim saa ho asɛm akyerɛ nkurɔfo sen sɛ wobɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔahwɛ kwan sɛ nnipa na wɔde daakye a ahotɔ wom bɛba? Bible ka sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera. Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da [Yehowa, NW], ne Nyankopɔn, so.” (Dwom 146:3-5) Sɛ́ anka Yesu bɛsoma n’asuafo ma wɔakɔka ɔkwampa a wɔbɛfa so ayɛ aban ahorow ho nhyehyɛe no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka “ahenni ho asɛmpa” no.—Mateo 10:6, 7; 24:14.

Enti, eyi ne “Awurade adwuma” a wɔahyɛ Kristofo asɛnkafo sɛ wɔnyɛ no. Esiane sɛ wɔhwehwɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa dodɔ wɔn ho nti, Ahenni no betumi ayi ohia afi hɔ denam nneɛma a adesamma hia a wɔbɛkyɛ ma aso obiara so no so. (Dwom 72:8, 12, 13) Eyi yɛ asɛmpa, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛka.

Ɛnnɛ, wɔahyehyɛ Yehowa Adansefo ama wɔreyɛ “Awurade adwuma” yi wɔ aman 235 mu. Nea ɛne Yesu ahyɛde no hyia no, wɔkyerɛ obu ma nniso ahorow nyinaa. (Mateo 22:21) Na wotie nsɛm yi a ɔde maa n’akyidifo no nso: “Monyɛ wiase no fã na mmom mapaw mo afi wiase.”—Yohane 15:19, NW.

Bere a nnipa bi a na anka wɔka amanyɔsɛm suaa Bible no yiye no, wɔagyae ka. Italiani ɔmanyɛfo bi a na ɔyɛ Katolek asɔre no kuw bi muni no kae sɛ: “Mede me ho hyɛɛ amanyɔsɛm mu a na mete nka sɛ ɛsɛ sɛ obi boa ɔman no amanyɔsɛm ne ne nkɔso yiye.” Bere a ogyaee adwuma sɛ kurow sohwɛfo kɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm sɛ Yehowa Dansefo no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a anokwafo a wɔde wɔn ho hyɛ amanyɔsɛm mu mmɔdenbɔ nkosi hwee no mu. “Nea enti a wiase no te saa ne sɛ ɛnyɛ sɛ nnipa a wɔwɔ adwempa no mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nneɛma ayɛ yiye, na mmom nnipa a wokura adwemmɔne no abunkam nnipa kakraa bi a wɔwɔ adwempa no so.”

Amanyɔsɛm mu a Kristofo bɛtwe wɔn ho afi na ama wɔatumi aka adesamma nokware anidaso ho asɛm no nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛboa afoforo wɔ akwan a ɛfata so. Wɔn a wɔboa wɔn ma wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni nkoa no sakra wɔn su ahorow a ɛsɛe ade no, na wɔbɛkyerɛ obu ma tumidi, hwɛ wɔn abusua yiye, na wonya ahonyade ho adwempa. Nea ɛho hia sen biara no, Yehowa Adansefo boa nkurɔfo ma wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa.

Onyankopɔn Ahenni ho asɛnkafo so ba ɔman a wɔte mu no mfaso. Nea ɛsen saa no, wɔkyerɛ nkurɔfo kwan ma wɔde wɔn ho to nniso bi a ɛwɔ hɔ ankasa na ɛde daa asomdwoe bɛbrɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no so. Esiane ɔfã biara a saa Kristofo yi nnyina nti wotumi de mmoa a ɛtra hɔ daa na ɛfata ma nnɛ.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

Migyaee Amanyɔsɛm Kɔkaa Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm

Bere a na Átila yɛ abarimaa no, osuaa nkyerɛkyerɛ a wɔnam so nya ahofadi fii n’asɔre mu asɔfo hɔ wɔ Belém, Brazil. N’ani gyee nkɔmmɔ a na ɛfa sɛnea adesamma bɛde wɔn ho afi nhyɛso ase no ho, na ɔde ne ho kɔbɔɔ kuw bi a na wɔpere ahofadi, baabi a osuaa sɛnea wɔboaboa nkurɔfo ano ma wɔtew wɔn ho gu mmɔnten so yɛ ɔyɛkyerɛ de sɔre tia aban mmara ne nhyehyɛe no.

Nanso, Átila ani gyee ho nso sɛ ɔde nhoma bi a na wɔde ama no, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No, * bɛkyerɛkyerɛ mmofra a na wɔwɔ kuw no mu no. Na ɛka su pa ne osetie a wɔbɛyɛ ama atumfoɔ ho asɛm. Eyi maa Átila susuw nea enti a wɔn a wɔtaa nkyerɛkyerɛ a wɔnam so nya ahofadi akyi no nni abrabɔ pa ho nsɛm a Yesu kyerɛkyerɛe no akyi ne nea enti a sɛ wɔn mu binom nya tumi a wɔma wɔn werɛ fi ahiafo no ho. Ɔtwee ne ho fii nkurɔfo no ho. Akyiri yi, Yehowa Adansefo kɔɔ ne fie ne no kɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Ankyɛ na osuaa Bible no na ohuu nhyɛso a adesamma wom no ano aduru ankasa.

Átila kɔɔ Katolekfo nhyiam bi a na ɛfa nyamesom ne amanyɔsɛm ho saa bere no. Akyerɛkyerɛfo no kae sɛ: “Nyamesom ne amanyɔsɛm yɛ ade koro.” Ɔkɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so nso. Hwɛ sɛnea na nneɛma yɛ soronko koraa! Ade biako ne sɛ, ná obiara nnom sigaret ne nsa wɔ hɔ, na na obiara nka kasafĩ. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔne wɔn bɛyɛ asɛnka adwuma no, na ankyɛ na ɔbɔɔ asu. Afei otumi hu nea enti a nkyerɛkyerɛ a wɔnam so nya ahofadi no nyɛ ahiafo haw ahorow ano aduru ankasa no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Ɔfã biara a Kristofo nnyina no nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛboa afoforo