Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Asɛm Hyɛ Wo Den?

So Onyankopɔn Asɛm Hyɛ Wo Den?

So Onyankopɔn Asɛm Hyɛ Wo Den?

SƐ WUHYIA ɔhaw a, dɛn na woyɛ wɔ ho? Wɔ Yesu fam no, kyerɛwsɛm a ɛfata a ɔkaee no boaa no ma ɔko tiaa Satan sɔhwɛ no. (Mateo 4:1-11) Saa ara nso na Onyankopɔn Asɛm hyɛɛ Ɔhene Dawid den bere a ohyiaa sɔhwɛ ahorow no. Ɔkae sɛ: “Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.”—Dwom 94:19.

Saa ara na yɛn nso sɛ yehyia ɔhaw na sɛ yɛkae kyerɛwsɛm bi a ɛka yɛn koma paa, ebetumi akyekye yɛn werɛ anaasɛ ahyɛ yɛn den. Sɛ nhwɛso no, Rex a seesei wadi mfe 89 no ayɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo fi afe 1931. Nanso, ɔka sɛ: “Sɛ na wɔma me dwumadi titiriw bi wɔ ɔsom adwuma no mu a, na metaa te nka sɛ mintumi nyɛ.” Ɔyɛɛ dɛn dii so? “Mekaee kyerɛwsɛm a ɛka me koma paa, Mmebusɛm 3:5, nea ɛka sɛ: ‘Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu’ no. Saa kyerɛwsɛm yi a mekaee na mede dii dwuma no boaa me ma mitumi yɛɛ me dwumadi ahorow yiye.”

Mmofra mpo nya kyerɛwsɛm a ɛka wɔn koma paa so mfaso. Jack a wadi mfe asia no ka sɛ kyerɛwsɛm a ɛka ne koma paa yɛ Mateo 24:14. Saa kyerɛwsɛm yi kanyan no ma ɔne n’awofo kɔ asɛnka. Ɔka sɛ: “M’ani gye ho sɛ me ne me maame, me papa, ne me nuabea bɛkɔ asɛnka Memeneda biara.”

Te sɛ Yesu no, so ɛtɔ da bi a wuhyia wo gyidi ho sɔhwɛ tee? Ɛnde Filipifo 4:13 betumi ayɛ kyerɛwsɛm a ɛbɛka wo koma paa no mu biako. So “dadwen” hyɛ wo so te sɛ Ɔhene Dawid? Ɛnde Filipifo 4:6, 7 a wobɛkae no betumi aboa wo ma woadi so. Ɛtɔ da bi a, ɛyɛ a wususuw sɛ ɔsom a wode ma Onyankopɔn no yɛ ɔkwa? Ɛnde 1 Korintofo 15:58 a wobɛkae no bɛhyɛ wo den.

Sɛ yɛkyere kyerɛwsɛm a ɛfata no bi gu yɛn tirim a, yɛma hokwan ma Onyankopɔn Asɛm no nya yɛn asetra so tumi anaa ahoɔden. (Hebrifo 4:12) Kyerɛwsɛm a ɛka koma paa saa no betumi ahyɛ yɛn den na akyekye yɛn werɛ nso.—Romafo 15:4.