Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Agodie ne Nkonimdi So Duasi

Tete Agodie ne Nkonimdi So Duasi

Tete Agodie ne Nkonimdi So Duasi

“OBIARA a osi agumadi kane no, ɔsɔre ne ho ade nyinaa mu.” “Sɛ obi di aguma ko . . . a, wɔmmɔ no nkonim abotiri, gye sɛ wako no sɛnea ɛho mmara te.”—1 Korintofo 9:25; 2 Timoteo 2:5.

Agoru a na ɔsomafo Paulo reka ho asɛm no yɛ tete Helafo amammerɛ fã. Dɛn na abakɔsɛm ka kyerɛ yɛn fa akansi a ɛtete saa ne anigye a na wɔkyerɛ wɔ ho no ho?

Wɔde Helafo agodie ho nneɛma bi kyerɛe nnansa yi wɔ Nike—Il gioco e la vittoria (“Nike—Agodie ne Nkonimdi”) ase wɔ Roma adehwɛbea kɛse bi a wɔfrɛ no Colosseum. * Nneɛma a wɔde kyerɛe no ma yenya saa asɛmmisa no ho mmuae bi ne biribi a ɛsɛ sɛ Kristoni susuw ho wɔ adwene a okura wɔ agodie ho no ho.

Adeyɛ a Efi Tete

Ɛnyɛ Hela ne ɔman a wodii kan de wɔn ho hyɛɛ agodie mu. Ɛno mpo no, bɛyɛ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, Helani anwensɛm kyerɛwfo Homer kaa ɔman a wɔde akatakyiesɛm ne agodie mu akansi gyee wɔn ani a na wobu akokodurusɛm ne ahoɔdenne yiye ho asɛm. Nneɛma a wɔde kyerɛe no ma ɛda adi sɛ wofii tete Helafo afahyɛ ahorow ase sɛ ɔsom mu adeyɛ a wɔde hyɛɛ anyame anuonyam wɔ nnipa atitiriw ayi ase. Sɛ nhwɛso no, Homer nhoma Iliad, a ɛyɛ Helafo nhoma a akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ no ka sɛnea akokodurufo anuonyamfo Achilles ne n’ayɔnkofo de wɔn akode guu hɔ wɔ Patroclus ayi ase na wosii akan de kyerɛɛ wɔn mu nea ɔwɔ ahoɔden wɔ akuturukubɔ, atentam, prɛtetow ne peawtow, ne nteaseɛnam mmirikatu mu ho asɛm.

Wobedii afahyɛ a ɛtete saa no wɔ Hela nyinaa. Nneɛma a wɔde kyerɛe ho nhoma no ka sɛ: “Afahyɛ ahorow ase titiriw na Helafo fi obu a wɔwɔ ma wɔn anyame mu de basabasa a na wɔyɛ bere nyinaa no guu nkyɛn, na wɔde wɔn akansi honhom no yɛɛ asomdwoe ade a nea efii mu bae no nso yɛɛ adepa: agodie.”

Nkurow ahorow no de yɛɛ wɔn nhyehyɛe hyiaam daa wɔ mmeae a wɔsom, na wɔnam agodie mu akansi so hyɛɛ wɔn anyame anuonyam. Bere kɔɔ so no, wohyiraa afahyɛ a ɛtete saa mu anan so maa anyame. Wohyiraa Olimpik ne Nemea de so de hyɛɛ Seu anuonyam. Na wohyiraa Pitia ne Ismia de so de hyɛɛ Apollo ne Poseidon nyinaa anuonyam. Afahyɛ ahorow no bɛyɛɛ ade titiriw kosii sɛ ɛbɛyɛɛ Helafo nyinaa afahyɛ. Nea na ɛkyerɛ ne sɛ, akansifo a wofi Hela nyinaa tumi de wɔn ho hyɛɛ mu bi. Wɔbɔɔ afɔre ne mpae wɔ afahyɛ ahorow no ase, na wɔnam wɔn agodie mu ahokokwaw a ɛkyɛn so nso so hyɛɛ anyame no anuonyam.

Wɔkyerɛ sɛ wodii afahyɛ a ɛte saa no mu nea akyɛ na agye din sen biara no wɔ afe 776 A.Y.B., na wodii no mfirihyia anan biara de hyɛɛ Seu anuonyam wɔ Olimpia. Nea ɛto so abien a na agye din sen biara ne Pitia afahyɛ no. Wodii no baabi a ɛbɛn tete bosom a na agye din sen biara no wɔ Delphi, na wodii agoru wɔ eyi ase nso. Nanso, esiane sɛ na wɔde hyɛ anwensɛm ne nnwom nyame Apollo anuonyam nti, wɔde adwene sii nnwonto ne asaw so.

Agoru Ahorow No

Sɛ wɔde toto nnɛyi agodie ho a, agoru dodow a na wodi no sua koraa, na mmarima nkutoo na na wɔde wɔn ho hyem. Agoru ahorow a na wodi wɔ tete Olimpik no ammoro ahorow du. Ahoni, ɔfasu ho adwini, ɔfasu ho nkyerɛwee, ne mfonini a wɔayeyɛ agu nkuku ne nkuruwa ho a wɔde kyerɛe wɔ Colosseum hɔ no ma wohuu ho biribi kakra.

Na wotu mmirika ahorow abiɛsa a ɛsono emu biara tenten—nea na ne tenten yɛ mita 200; nea ɛte sɛ nnɛyi mita 400 no; ne mmirika a na ne tenten bɛyɛ mita 4,500 no. Na mmirikatufo no bɔ wɔn ho adagyaw koraa na etu mmirika teɛteɛ wɔn apɔw mu. Na agodifo no bi si akan ahorow anum: mmirikatu, ahuruhuruw, prɛtetow, peawtow, ne atentam. Na akuturukubɔ, atentam ne akuturukubɔ a wodi atentam wom ka akansi no ho, na wɔkaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “agodie a atirimɔdensɛm wom, na na wɔbɔ akuturuku di atentam a wɔmfa hwee nhyehyɛ wɔn nsa.” Afei na nteaseɛnam mmirikatu a mpɔnkɔ mma abien anaa anan, anaa mpɔnkɔ a wɔanyin abien na wɔtwe de tu mmirika a ne tenten bɛyɛ mita 1,600 nso wɔ hɔ.

Na akuturukubɔ no mu yɛ den yiye, na ɛtɔ mmere bi a na nnipa wu wom. Na akansifo no de aboa nhoma dennen a wɔde nnadewa ahyehyɛ mu hyehyɛ wɔn nsa. Wubetumi ahu nea enti a bere a ɔkansifo bi a ne din de Stratofonte bɔɔ akuturuku nnɔnhwerew anan wiei na ɔhwɛɛ ahwehwɛ mu no wantumi anhu ne ho no. Tete ahoni ne afasu ho nkyerɛwee di adanse sɛ akuturukubɔfo no anim sɛee yiye.

Wɔ atentam mu no, wɔbaraa denneennen sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkansifo so nea ɔne no resi akan no mu wɔ ne soro, na nea odi kan de ne yɔnko to fam mprɛnsa no na odi nkonim. Nanso, wɔ akuturukubɔ a wodi atentam wom mu de na wotumi so wɔn yɔnko baabiara. Na akansifo no tumi tutu wɔn anan wowɔ wɔn ho, bobɔ wɔn ho akuturuku, kyinkyim wɔn apɔw so. Nea na wɔabara ne obi nsa a ɔde bɛwɔ obi ani, atĩtĩ, ne akeka. Na botae no ne sɛ obi bɛbɔ nea ɔne no resi akan no ma wahwe fam a ontumi nyɛ ne ho hwee na ama wagye atom sɛ wɔahwe no. Ebinom buu no sɛ ɛne “ahwɛde a ɛyɛ fɛ sen biara wɔ Olimpia.”

Wɔkyerɛ sɛ akuturukubɔ a wodi atentam wom a egyee din sen biara wɔ tete mmere mu ne nea ɛkɔɔ so wɔ Olimpik agodie awiei wɔ afe 564 A.Y.B. mu no. Arrhachion a na wɔatim no amene ma ɔreyɛ awu no tumi buu nea na ɔne no resi akan no nansoaa. Bere a ɛyɛɛ nea na ɔne no redi asi no yaw kɛse no, ogye toom sɛ wadi nkogu ansa na Arrhachion rewu. Wɔn a wɔhwɛ agoru no so no kae sɛ Arrhachion amu no adi nkonim!

Nteaseɛnam akansi no ne nea na agye din sen biara wɔ agoru no nyinaa mu. Ɛno nso na na nnipa atitiriw no ani gye ho paa, efisɛ na ɛnyɛ nea ɔka teaseɛnam no na odi nkonim na mmom teaseɛnam ne mpɔnkɔ no wura no. Mmere a emu yɛ den wɔ akansi no mu ne mfiase no, bere a na ɛsɛ sɛ nteaseɛnam kafo no fa wɔn kwan mu no. Nea na ɛsen ne nyinaa ne wɔn kwan mu a na wɔbɛfa wɔ mmeae abien a na ɛsɛ sɛ wɔdan wɔn ho no. Na mfomso a wobedi no betumi de asiane aba, na ɛno na ɛmaa agoru yi yɛɛ ade a nkurɔfo ani gyee ho kɛse.

Nkonim Bo No

Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Wɔn a wosi ammirika kane no, wɔn nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako na onya nkonim bo no.” (1 Korintofo 9:24) Nkonimdi ne ade a na ɛho hia sen biara. Na dwetɛ anaa kɔbere mfrafrae abasobɔde biara nnim, nea ɔto so abien anaa abiɛsa biara nnim. Nneɛma a wɔde kyerɛe no daa no adi sɛ na “Nkonimdi ne ɔkansifo no botae titiriw. Nkonim yi a na obi bedi nkutoo na na ɛbɛma wadu ne botae ho, efisɛ eyi nkutoo na na ɛda ne nipasu adi wɔ honam fam ne abrabɔ fam nyinaa. Ɛno na na ɛma ne kuromfo de no hoahoa wɔn ho.” Homer nhoma no mu asɛm bi bɔ asɛm yi mua sɛ: “Masua sɛ medi nkonim bere nyinaa.”

Nkonim bo a na wɔde ma nea odi nkonim wɔ Helafo Nyinaa Agodie mu no yɛ sɛnkyerɛnne ara kwa—nhaban abotiri. Paulo frɛɛ no “abotiri a ɛsɛe.” (1 Korintofo 9:25) Nanso, na abotiri no kyerɛ biribi titiriw. Na egyina hɔ ma onyame kõ a ɛmaa nkonimdifo no ahoɔden no. Wobuu nkonim a wɔde ani si so na wodu ho no sɛ adom bi a efi anyame hɔ. Nneɛma a wɔde kyerɛe no ma wohuu sɛnea na tete adwumfo ne mfoniniyɛfo no susuw sɛ Nike, Helafo nkonimdi nyamewa a ɔwɔ ntaban a ɔde abotiri rema nkonimdifo no te. Na ɔkansifo biara asetram ade titiriw ne sɛ obedi nkonim wɔ Olimpia.

Ná Olimpik abotiri no yɛ ngodua nhaban—Ismia ne Pitia de yɛ nhaban foforo bi, na Nemea de yɛ sare. Wɔ mmeae bi no, wɔn a wɔhwɛɛ akansi no so no maa sika anaa nkonim bo foforo de twetwee akansifo a wɔbɔ mmɔden paa no. Na nkuku ne nkuruwa a wɔde kyerɛe no pii yɛ abasobɔde a wɔde mae wɔ Helafo Agodie a wɔyɛe wɔ Atene de hyɛɛ nyamewa Atena anuonyam no ase. Ná Attic ngo a ne bo yɛ den na ɛwɔ saa nsuhina yi mu. Nyamewa yi mfonini da nsuhina no fã, na nsɛm a wɔakyerɛw aka ho no ka sɛ “Atena akansifo nkonim bo.” Akansi pɔtee bi mfonini da ɔfã a aka no a ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ akansi a ɔkansifo no dii nkonim wom no mfonini.

Helafo nkurow mufo kyerɛɛ wɔn akansifo a wɔn nkonimdi ma wɔbɛyɛɛ akatakyie wɔ wɔn kurom no ho anigye. Ná wɔde osebɔ na ehyia nkonimdifo no kwan. Wɔyeyɛɛ wɔn ahoni sɛ afɔrebɔde de daa anyame no ase—nidi a na wɔntaa mfa mma nnipa—na anwensɛm kyerɛwfo too wɔn akokodurusɛm no ho nnwom. Ɛno akyi no, wɔmaa nkonimdifo no tratraa anim wɔ ɔmanfo guabɔ ase, na wɔde ɔmanfo sika tuaa wɔn ka wɔ wɔn nkwakoraabere mu.

Agodidan ne Emu Agodifo

Na wobu agodie mu akansi sɛ ade a ɛho hia wɔ asraafo ntetee mu. Na Hela nkurow nyinaa wɔ wɔn agodidan, baabi a na mmerante teɛteɛ wɔn apɔw mu na wɔma wɔn nyansakyerɛ ne nyamesom mu ntetee. Wosisii agodidan no trɛw mu ma wonyaa mmeae akɛse a wɔteɛteɛɛ wɔn apɔw mu. Na abrannaa ne mmeae foforo a wɔakuru so a na wɔde ayɛ nhomakorabea ne adesuadan atwa ntrɛwmu no ho ahyia. Mmusua a wodi yiye mu mmerante a na wobetumi asua nhoma sen sɛ wobɛyɛ adwuma no na na wɔtaa kɔ hɔ paa. Ɛhɔ no, na wɔn a wɔde ntetee ma no hwɛ boa akansifo no ma wɔde bere tenten siesie wɔn ho denneennen, na na wɔkyerɛ nnuan a ɛfata sɛ wodi, na wɔhwɛ maa wɔtwee wɔn ho fii ɔbarima ne ɔbea nna ho nso.

Nneɛma a wɔde kyerɛe wɔ Colosseum no maa ahɔho nyaa hokwan hwɛɛ tete akansifo mfonini a ɛyɛ fɛ, titiriw Helafo ahoni a dodow no ara yɛ nea Romafo hwɛɛ so yɛɛ bi no. Esiane sɛ na Helafo nyansapɛ kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ akansifo bɔ si wɔ nipaduam nti, nnipa atitiriw nkutoo na wotumi duu ho. Enti akansifo nkonimdifo a wɔayeyɛ wɔn ahoni fɛfɛɛfɛ yi yɛ biribi a edi mũ. Romafo no buu ahoni no sɛ adwini, na wɔde pii sisii agodibea, aguaree, asikafo atrae, ne ahemfie ahorow mu.

Na Romafo ani gye ahwɛde a basabasayɛ wom ho bere nyinaa. Enti wɔ Helafo akan a wosii wɔ Roma nyinaa mu no, nea na wɔn ani gye ho sen biara ne akuturukubɔ, atentam, ne akuturukubɔ a wodi atentam wom. Romafo ammu agodie a ɛtete saa no sɛ akansi a wɔde hwɛ atipɛnfo baanu mu nea ne ho yɛ den, na mmom wobuu no anigyede ara kwa. Adwene a na wokura no mfiase wɔ agodie ho a ɛne sɛ na akansifo akatakyie nyinaa na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyem de sua ade no sesae. Mmom no, Romafo bɛfaa Helafo agodie no sɛ obi apɔw mu a ɔteɛteɛ ansa na waguare, anaa agodie a mpapahwekwaa di ma bɛhwɛadefo kɔhwɛ te sɛ wɔn a wɔde wɔn goru atɔprɛ akansi no ara pɛ.

Kristofo ne Agodie No

Ɛda adi sɛ abosonsom ho nsɛm a na ɛwɔ agodie no mu no ne ade biako nti a ɛmaa afeha a edi kan no mu Kristofo no twee wɔn ho fii ho no, efisɛ “biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ?” (2 Korintofo 6:14, 16) Na nnɛyi agodie nso ɛ?

Ɛwom sɛ wɔmfa nnɛyi agodie nhyɛ abosom anuonyam de, nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ agodie bi wɔ hɔ a dede a wɔyɛ wɔ ho no reyɛ ama ayɛ sɛ ɔsom, te sɛ nea na ɛkɔ so wɔ tetefo mu no? Afei nso, amanneɛbɔ a akɔ so nnansa yi ada no adi sɛ nea ɛbɛyɛ na akansifo bi adi nkonim nti, wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛnom nnuru a ɛbɛma wɔanya ahoɔden mmoroso a ɛno betumi asɛe wɔn akwahosan na ama wɔahwere wɔn nkwa mpo.

Kristofo fam no, honam fam adenya so mfaso sua koraa. “Komam nipa a ahintaw” no su a ɛne Onyankopɔn asɛm hyia no na ɛma yɛn ho yɛ fɛ wɔ Onyankopɔn anim. (1 Petro 3:3, 4) Yegye tom sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ agodie mu nnɛ no nyinaa na wɔwɔ akansi honhom a emu yɛ den saa, nanso pii te saa. So fekuw a yɛne wɔn bɛbɔ no bɛboa yɛn ma yɛadi Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛne sɛ ‘ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom ahobrɛase adwene so’ no akyi? Anaasɛ fekubɔ a ɛte saa no betumi de “ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu” aba?—Filipifo 2:3; Galatifo 5:19-21.

Basabasayɛ tumi sɔre wɔ nnɛyi agodie te sɛ bɔɔlbɔ, akuturukubɔ, atentam, ne nea ɛkeka ho no mu. Ɛsɛ sɛ obiara a n’ani gye agodie a ɛtete saa ho no susuw asɛm a ɛwɔ Dwom 11:5 no ho yiye: “[Yehowa, NW] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.”

Sɛ wodi apɔw-mu-teɛteɛ ho dwuma yiye a, etumi yɛ anigye, na ɔsomafo Paulo kae sɛ ‘mfaso kakra wɔ ɔhonam mu mmɔdenbɔ so.’ (1 Timoteo 4:7-10) Nanso, bere a Paulo kaa Helafo agodie ho asɛm no, ɔtwee adwene sii so wɔ ɔkwan a ɛfata so de kaa sɛnea ɛho hia sɛ Kristofo nya su te sɛ ahosodi ne boasetɔ ho asɛm ara kwa. Botae a na Paulo rebɔ mmɔden biara adu ho no ne daa nkwa “abotiri” a Onyankopɔn de ma a na ne nsa bɛka no. (1 Korintofo 9:24-27; 1 Timoteo 6:12) Ɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn wɔ ɛno mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Nike yɛ Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “nkonimdi.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31]

Okuturukubɔfo a Ɔregye N’ahome

Afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu kɔbere mfrafrae yi kyerɛ adebɔne a efii tete akuturukubɔ mu bae a sɛnea nhoma a ɛka nneɛma a wɔde kyerɛe wɔ Roma adehwɛbea hɔ ho asɛm kyerɛ no, wɔn ani gyee “okuturukubɔfo a na . . . otumi di ako kyɛ, ‘ne opira a na wɔde si opira ananmu’ ho paa.” Asɛm no toa so ka sɛ: “Mfonini no kyerɛ apirakuru a onya fii ɔko a ɛbaa awiei nkyɛe ne ɔko bi a na wako dedaw mu.”

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Nteaseɛnam akansi no ne nea na agye din sen biara wɔ tete akansi ahorow mu

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Sɛnea tete adwumfo susuw sɛ Nike, nkonimdi nyamewa, a ɔwɔ ntaban a ɔde abotiri rema nkonimdifo no te