Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abraham ne Sara Wubetumi Asuasua Wɔn Gyidi!

Abraham ne Sara Wubetumi Asuasua Wɔn Gyidi!

Abraham ne Sara Wubetumi Asuasua Wɔn Gyidi!

NA WƆFRƐ no “gyidifo nyinaa agya.” (Romafo 4:11) Na na ne yere a ɔdɔ no no nso wɔ saa su no. (Hebrifo 11:11) Na wɔne tete agya Abraham ne ne yere Sara a wosuro Nyankopɔn no. Dɛn nti na wɔyɛ gyidi ho nhwɛso pa saa? Sɔhwɛ ahorow bɛn bi na wogyinaa ano? Na mfaso bɛn na yebenya afi wɔn asetra mu nsɛm no mu?

Abraham daa gyidi adi bere a Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ omfi ne fie no. Yehowa kae sɛ: “Wo de, fi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.” (Genesis 12:1) Tete agya nokwafo no tiei, efisɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Gyidi na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde tie fi kɔɔ baabi a daakye obenya hɔ sɛ agyapade, na ofii adi a onnim nea ɔrekɔ.” (Hebrifo 11:8) Susuw nea na tu a obetu no kyerɛ ho hwɛ.

Abraham traa Ur, a mprempren ɛwɔ Iraq anafo fam no. Na Ur yɛ Mesopotamia kurow a edi yiye a na ɛne nsase a egu Persia Faka no ano ne nea ɛda adi sɛ egu Indus Bon mu no di gua. Owura Leonard Woolley, a odii anim ma wotutuu fam hwehwɛɛ tetefo nneɛma mu wɔ Ur no da no adi sɛ, wɔ Abraham bere so no, na wɔde ntayaa na esisi afie dodow no ara, na wɔto ho fasu, na na wɔde aduru fitaa ka ho. Sɛ nhwɛso no, na kurow no muni bi a odi yiye fie yɛ abansoro a ɛtoa so abien a asase kɛse da ho a akwan deda mu kɔ fie hɔ. Na ɔdan no ase yɛ baabi a wɔde fie nneɛma gu na wogye ahɔho wɔ hɔ. Na wɔde nnua ayɛ abrannaa wɔ abansoro no fa edi kan a abusuafo no tete hɔ no anim, a sɛ wɔwɔ adiwo hɔ a wotumi fa hɔ kɔ dan mu. Esiane sɛ na adan 10 kosi 20 na ɛwɔ fie a ɛte saa mu nti, Woolley ka sɛ, “na ɛma wɔn ho hare wɔn, na ɛma fie hɔ asetra yɛ anigye ne abotɔyam, na na ɛyɛ dan a ɛyɛ fɛ ankasa te sɛ nea na Apuei Famfo si wɔn adan no ara pɛ.” “Ɛda adi sɛ” na ɛyɛ “nnipa a wɔn ani abue fie, na na ɛhɔ asetra kyerɛ kurow kɛse a wodi yiye mu asetra.” Sɛ Abraham ne Sara fii ofie a ɛte saa mu a na wonim sɛ wɔrekɔtra ntamadan mu a, ɛnde na wɔde nneɛma akɛse bɔɔ afɔre de tiee Yehowa.

Abraham atutra no de ɔne n’abusua no dii kan kɔɔ Haran, kurow a ɛwɔ Mesopotamia atifi fam no, na afei wɔtoaa so kɔɔ Kanaan. Na ɔkwan no tenten yɛ bɛyɛ kilomita 1,600—ɔkwan a ɛware yiye ma awarefo a wɔn mfe akɔ anim sɛ wobetwa! Bere a wɔrefi Haran no, na Abraham adi mfe 75 na na Sara nso adi mfe 65.—Genesis 12:4.

Sara tee nka dɛn bere a Abraham daa no adi kyerɛɛ no sɛ wɔrebefi Ur no? Ebia osusuw ofie a na ahotɔ wom a na ɔregyaw hɔ akɔ asase a wonnim so a wobetumi ahyia nitan, ne asetra a ɛba fam a ɔbɛkɔ mu no ho. Nanso, Sara brɛɛ ne ho ase buu Abraham sɛ ne ‘wura.’ (1 Petro 3:5, 6) Nhomanimfo bi bu Sara adeyɛ no sɛ ɛkyerɛ “ade a na ɔtaa yɛ, obu a na ɔda no adi kyerɛ Abraham,” na na ɛyɛ adanse a “ɛkyerɛ susuw a osusuw ne ho ne tema ankasa a ɔwɔ ma no.” Nea ɛsen ne nyinaa no, Sara nyaa Yehowa mu ahotoso. N’ahobrɛase ne ne gyidi no yɛ nhwɛso pa ma Kristofo ɔyerenom.

Nokwarem no, wɔnka nkyerɛɛ yɛn sɛ yennyaw yɛn afie mfa nkyerɛ obu mma Yehowa, ɛwom sɛ bere nyinaa asɛmpakafo bi agyaw wɔn kurow na ama wɔaka asɛmpa no wɔ aman foforo so de. Ɛmfa ho baabiara a yɛsom Onyankopɔn no, bere tenten a yɛde honhom fam nneɛma di kan wɔ yɛn asetram no, obedi yɛn ahiade ahorow ho dwuma ama yɛn.—Mateo 6:25-33.

Sara ne Abraham mu biara annu ne ho wɔ wɔn gyinaesi no ho. Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Sɛ wɔde nea wofi mu bae no a, anka wɔwɔ adagyew sɛ wɔbɛsan akɔ.” Nanso, wɔansan ankɔ. Ahotoso a na wɔwɔ wɔ Yehowa mu sɛ “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo” no nti, wonyaa ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya gyidi saa ara, sɛ yɛbɛkɔ so afi ɔkra nyinaa mu asom Yehowa a.—Hebrifo 11:6, 15, 16.

Honhom ne Honam Fam Ahonyade

Bere a Abraham duu Kanaan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “W’asefo na mede asase yi mɛma wɔn.” Abraham kyerɛɛ ho anigye denam afɔremuka a osi maa Yehowa na ɔfrɛɛ “Yehowa din” no so. (Genesis 12:7, 8) Yehowa maa Abraham nyaa ne ho, na na wɔn a wɔwɔ n’atrae no dɔɔso yiye. Esiane sɛ na ɔwɔ mmarima 318 a wɔatete wɔn, ne nkoa a wɔwoo wɔn wɔ ne fie nti, wobu akontaa sɛ “na nnipa a wɔwɔ n’atrae hɔ no bɛboro apem.” Sɛnea ɛte biara no, na nkurɔfo bu no sɛ “Onyankopɔn panyin bi.”—Genesis 13:2; 14:14; 23:6.

Abraham dii anim wɔ ɔsom mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ ne fiefo sɛ “Wonni [Yehowa, NW] kwan so nyɛ ade trenee, mmu atɛntrenee.” (Genesis 18:19) Kristofo mmusua ti a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya nkuranhyɛ afi Abraham nhwɛso no mu, sɛ obi a odii nkonim wɔ nkyerɛkyerɛ a ɔde maa ne fiefo na wɔde wɔn ho too Yehowa so na wɔyɛɛ ade trenee no. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Sara afenaa Hagar a ofi Misraim, tete agya no somfo barima panyin no, ne Abraham ba Isak de wɔn ho too Yehowa so.—Genesis 16:5, 13; 24:10-14; 25:21.

Abraham Hwehwɛɛ Asomdwoe

Nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ Abraham asetram no da no adi sɛ na ɔwɔ su pa. Sɛ́ anka Abraham bɛma akasakasa akɔ so wɔ ne mmoahwɛfo ne ne wɔfase Lot de ntam no, ɔde nyansahyɛ mae sɛ wɔntetew wɔn ntam, na ɔmaa Lot a ɔyɛ akumaa no paw asase no fã a ɔpɛ. Na Abraham yɛ obi a ɔpɛ asomdwoe.—Genesis 13:5-13.

Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ hokwan bi a yɛwɔ ho ban anaa ɛsɛ sɛ yegyae nsɛm mu na ama asomdwoe aba a, ebia yɛbɛhyɛ no nsow sɛ Yehowa amma Abraham ankɔ ahokyere mu esiane sɛ osusuw Lot ho nti. Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa de asase a na Abraham hu no nyinaa hyɛɛ ɔne n’asefo bɔ wɔ ɛno akyi. (Genesis 13:14-17) Yesu kae sɛ: “Nhyira ne apatafo [anaa wɔn a wɔpɛ asomdwoe, NW], na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.”—Mateo 5:9.

Ná Hena na Obedi Abraham Ade?

Ɛmfa ho aseni ho bɔhyɛ ahorow no, na Sara da so ara yɛ obonin. Abraham de asɛm no too Onyankopɔn anim. So na ne somfo Elieser na obedi nea ɔwɔ nyinaa so? Dabi, efisɛ Yehowa kae sɛ: “Ɛnyɛ oyi na obedi w’ade, na nea obefi wo ankasa yam no na obedi w’ade.”—Genesis 15:4.

Nanso, na Abraham ne Sara nni ba, na na Sara a wadi mfe 75 no nni anidaso biara sɛ ɔbɛwo ba. Enti ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] asiw m’awo ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia menya ne ho mma.” Afei, Abraham faa Hagar sɛ ne yere a ɔto so abien, ne no dae na onyinsɛnee. Bere a Hagar hui sɛ wanyinsɛn pɛ na ofii ase buu n’awuraa animtiaa. Sara nwiinwii dennennen kyerɛɛ Abraham na ɔbrɛɛ Hagar ase, na ɛmaa afenaa no guanee.—Genesis 16:1-6.

Abraham ne Sara yɛɛ ade wɔ ɔkwan a ɛfata so, wɔyɛɛ ade ma ɛne amammerɛ a na ɛwɔ hɔ saa bere no hyiae. Nanso, na ɛnyɛ ɛno ne ɔkwan a Yehowa bɛfa so ma wɔawo Abraham aseni no. Ebia yɛn amammerɛ bɛkyerɛ sɛ nneɛma bi ye wɔ tebea ahorow bi mu, nanso ɛno nkyerɛ sɛ Yehowa pene so. Ebia sɛnea ohu yɛn tebea no yɛ soronko koraa. Enti, ehia sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ, na yɛbɔ mpae sɛ ɔnkyerɛ yɛn ɔkwan a ɔpɛ sɛ yɛfa so.—Dwom 25:4, 5; 143:8, 10.

Biribiara ‘Nyɛ Yehowa Yɛna’

Bere bi akyi no, Hagar woo babarima, Ismael, maa Abraham. Nanso, na ɛnyɛ ɔno ne aseni a wahyɛ ne ho bɔ no. Na Sara ankasa na ɔbɛwo aseni no, ɛmfa ho sɛ na ne mfe akɔ anim no.—Genesis 17:15, 16.

Bere a Onyankopɔn kyerɛe sɛ Sara bɛwo babarima ama ne kunu no, “Abraham de n’anim butuw fam serewee, na ɔkae ne komam sɛ: So wɔbɛwo ɔba ama nea wadi mfirihyia ɔha, na Sara a wadi mfe aduakron no bɛwo anaa?” (Genesis 17:17) Bere a ɔbɔfo bi tii asɛm no mu maa Sara tee no, ɛkaa no maa no “serewee ne mu.” Nanso, biribiara ‘nyɛ Yehowa yɛna.’ Yebetumi anya gyidi sɛ obetumi ayɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no.—Genesis 18:12-14.

Ɛyɛ “gyidi na Sara nso de nyaa ahoɔden nyinsɛnee, ɛbere a watwa ne nyin mu, efisɛ obuu nea ɔhyɛɛ bɔ no nokwafo.” (Hebrifo 11:11) Bere bi akyi no, Sara woo Isak, a ne din ase ne “Ɔserew.”

Wonyaa Onyankopɔn Bɔhyɛ Mu Ahotoso Koraa

Yehowa daa Isak adi sɛ aseni a wɔde bere tenten ahwɛ no kwan no. (Genesis 21:12) Enti, ebetumi aba sɛ Abraham ho dwiriw no bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba no mmɔ afɔre no. Nanso, na Abraham wɔ biribi pa nti a obetumi anya Onyankopɔn mu ahotoso koraa. So na Yehowa ntumi nyan Isak mfi awufo mu? (Hebrifo 11:17-19) Nea edi kan koraa no, so na Onyankopɔn nnaa ne tumi adi denam anwonwakwan so a ɔnam maa Abraham ne Sara tumi a wɔde bɛwo no? Esiane sɛ Abraham nyaa Onyankopɔn tumi a ɔde ma Ne bɔhyɛ ahorow ba mu mu ahotoso nti, na wasiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ setie. Nokwarem no, wamma wankum ne ba no ankasa. (Genesis 22:1-14) Nanso, dwuma a Abraham dii wɔ eyi mu no boa yɛn ma yehu sɛnea na ɛbɛyɛ den ama Yehowa Nyankopɔn sɛ ‘ɔde ne ba a ɔwoo no koro no bɛma, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa’ no.—Yohane 3:16; Mateo 20:28.

Onyankopɔn mu gyidi maa Abraham behui pefee sɛ onii a obenya saa Yehowa bɔhyɛ ahorow no ntumi nware ɔbosonsonni a ofi Kanaan asase so. Ɛbɛyɛ dɛn na awofo a wosuro Nyankopɔn bɛpene so ma wɔn ba aware obi a ɔnsom Yehowa? Enti, Abraham twaa kwan bɛboro kilomita 800 kɔɔ n’abusuafo mu wɔ Mesopotamia kɔhwehwɛɛ ɔyere a ɔfata maa Isak. Yehowa hyiraa saa mmɔdenbɔ no so denam kyerɛ a ɔkyerɛe sɛ Rebeka na wapaw no sɛ ɔmmɛyɛ Isak ayeforo ne Mesia no nanabea no. Yiw, Yehowa ‘hyiraa Abraham ade nyinaa mu.’—Genesis 24:1-67; Mateo 1:1, 2.

Nhyira Ma Aman Nyinaa

Abraham ne Sara yɛɛ nhwɛso pa wɔ sɔhwɛ ahorow a wogyinaa ano ne Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu gyidi ho. Saa bɔhyɛ ahorow no mmamu ka adesamma anidaso a enni awiei no, efisɛ Yehowa maa Abraham awerɛhyem sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.”—Genesis 22:18.

Nokwarem no, na Abraham ne Sara nyɛ pɛ te sɛ yɛn ara. Nanso, bere a wɔdaa Onyankopɔn apɛde adi kyerɛɛ wɔn no, wotiei ntɛm ara—ɛmfa ho nea na ɛbɛma wɔahwere no. Enti, wɔkae Abraham sɛ “Onyankopɔn adamfo” ne Sara nso sɛ ‘ɔbea kronkron a ɔde ne ho too Nyankopɔn so.’ (Yakobo 2:23; 1 Petro 3:5) Sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Abraham ne Sara gyidi no a, yɛn nso yɛne Onyankopɔn benya abusuabɔ a ɛsom bo. Yebetumi nso anya bɔ ahorow a ɛsom bo a Yehowa hyɛɛ Abraham no so mfaso.—Genesis 17:7.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Esiane Abraham ne Sara gyidi nti, Yehowa ma wɔwoo babarima wɔ wɔn nkwakoraa ne mmerewa bere mu

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Abraham nhwɛso no boa yɛn ma yehu sɛnea Yehowa tee nka sɛ ɔmaa ne Ba a ɔwoo koro no wui no