Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesamma Hwehwɛ Sɛ Wɔbɛsɔ Onyankopɔn Ani

Adesamma Hwehwɛ Sɛ Wɔbɛsɔ Onyankopɔn Ani

Adesamma Hwehwɛ Sɛ Wɔbɛsɔ Onyankopɔn Ani

“ADESAMMA abusua biara nni hɔ a wɔatra ase pɛn a wɔnkyerɛɛ gyidi wɔ Onyankopɔn mu, ne titiriw no, sɛ ɔno ne amansan sodifo ne ɔbɔadeɛ. Ɛno yɛ nokware mpo wɔ aman a wɔhyɛɛ da pawee sɛ wɔrennye Onyankopɔn nni no mu.” Saa na John Bowker ka wɔ ne nhoma God—A Brief History no mu. Wɔ ɔkwan bi so no, hwehwɛ a wɔhwehwɛ sɛ wobehu Onyankopɔn na wɔanya n’anim dom no yɛ adesamma nipasu. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa pii wɔ ɔpɛ a efi komam sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. Ɛwom, ɔkwan a wɔfa so sɛ wɔbɛyɛ eyi no gyina sɛnea wɔn gyidi gu ahorow no so.

Ebinom gye di sɛ ade a ehia na ama wɔanya Onyankopɔn anim dom ara ne sɛ wobɛbɔ bra pa. Afoforo te nka sɛ ahiafo a wɔyɛ wɔn adɔe no ma wotumi nya Onyankopɔn anim dom. Bio nso, nea ɛho hia nnipa ɔpepem pii ne nyamesom mu guasodeyɛ ne amanne ahorow.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, yɛwɔ wɔn a wogye di sɛ wɔrentumi mmɛn Onyankopɔn—ɔne wɔn ntam kwan ware anaa ɔredi nneɛma afoforo a ɛho hia ho dwuma ma enti ɔrennya bere mma nnipa a wɔyɛ mpapahwekwa. Wɔbɔ amanneɛ sɛ nyansapɛfo Epicurus a ofi tete Greece no gye dii sɛ ‘anyame ne adesamma ntam kwan ware araa ma ɛnyɛ ade a wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ wɔn nsɛm mu wɔ ɔkwan biara so.’ Nanso, wɔn a wokura saa adwene no pii yɛ nyamesomfo. Wɔn mu binom mpo bɔ afɔre na wɔyɛ amanne ahorow a anidaso a wokura ne sɛ wɔnam so bɛpata wɔn nananom a wɔawuwu no.

Wususuw ho dɛn? So Onyankopɔn hu mmɔden a yɛbɔ sɛ yebenya n’anim dom no? So ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛbɛka Onyankopɔn koma na yɛasɔ n’ani?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Courtesy of ROE/Anglo-Australian Observatory, photograph by David Malin