Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Leviticus Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Leviticus Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Leviticus Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

NA AFE nnya ntwaam fi bere a woyii Israelfo no fii Misraim nkoasom mu no. Afei a na wɔahyehyɛ wɔn ayɛ wɔn ɔman foforo no, na wɔnam kwan so rekɔ Kanaan asase so. Na Yehowa atirimpɔw ne sɛ obenya ɔman kronkron ma wɔatra hɔ. Nanso, na Kanaanfo asetra kwan ne wɔn som mu nneyɛe ahorow no aporɔw yiye. Enti nokware Nyankopɔn no de ahyɛde ahorow maa Israel asafo no a na ebeyi wɔn asi hɔ ama ne som. Wɔayɛ eyi ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu nhoma a ɛne Leviticus mu. Odiyifo Mose na ɔkyerɛw Leviticus nhoma no wɔ Sinai sare so, bɛyɛ 1513 A.Y.B. mu, na nhoma no ka Israelfo abakɔsɛm mu asram biako pɛ ho asɛm. (Exodus 40:17; Numeri 1:1-3) Yehowa kɔɔ so hyɛɛ n’asomfo no nkuran sɛ wɔnyɛ kronkron.—Leviticus 11:44; 19:2; 20:7, 26.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nni Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de mae no ase. Yesu Kristo wu no yii saa Mmara no fii hɔ. (Romafo 6:14; Efesofo 2:11-16) Nanso, ahyɛde horow a ɛwɔ Leviticus nhoma no mu no betumi aboa yɛn, na ɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn nneɛma pii afa yɛn Nyankopɔn, Yehowa, som ho.

AYƐYƐDE KRONKRON A WƆDE MA—NEA EFI ƆPƐ MU NE NEA ƐYƐ NHYƐ

(Leviticus 1:1–7:38)

Na ayɛyɛde ahorow a wɔde ma ne afɔre ahorow a wɔbɔ wɔ Mmara no mu no bi fi ɔpɛ mu, na na afoforo nso fi ɔhyɛ mu. Sɛ nhwɛso no, na ɔhyew afɔre no fi ɔpɛ mu. Na wɔde ayɛyɛde no nyinaa ma Nyankopɔn, sɛnea Yesu Kristo fi ne pɛ mu de ne nkwa mae koraa sɛ agyede afɔrebɔ no. Na wɔkyɛ asomdwoe afɔre ayɛyɛde no mu. Ná wɔde ɔfã biako ma Onyankopɔn wɔ afɔremuka no so, na asɔfo no di fã, na na onii a ɔde bae no nso di ɔfã foforo. Ntotoho kwan so no, wɔ Kristofo a wɔasra wɔn fam no, Kristo wu Nkaedi no yɛ asomdwoe adidi.—1 Korintofo 10:16-22.

Na bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre no yɛ nhyɛ. Na nea edi kan no yɛ mfomso anaa bɔne a wɔmmoa pa nyɛ ho mpata. Na na nea ɛto so abien no yɛ Onyankopɔn anim dom a wɔhwehwɛ wɔ ahyɛde bi a wɔabu so ho anaa ɛbɛma ɔbɔnefo bi a wanu ne ho nsa asan aka hokwan ahorow bi—anaa edi abien no nyinaa ho dwuma. Na aduan afɔre nso wɔ hɔ a wɔbɔ de kyerɛ nnɔbae a Yehowa de ma ho anisɔ. Yɛn ani gye saa nneɛma yi ho, efisɛ afɔrebɔ ahorow a wɔhyɛe wɔ Mmara apam no ase no nyinaa twee adwene sii Yesu Kristo ne n’afɔrebɔ no anaa mfaso ahorow a efii mu bae no so.—Hebrifo 8:3-6; 9:9-14; 10:5-10.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:11, 12—Dɛn nti na na Yehowa ani nye ɛwo a wɔde ma “sɛ ogya afɔre” no ho? Ɛwo a wɔka ho asɛm wɔ ha no nyɛ nea nwowa yɛ no. Ɛwom sɛ na wɔmpene so sɛ wɔmfa mma “sɛ ogya afɔre” de, nanso na ɛka ‘mfuw mu nnɔbae a edi kan’ no ho. (2 Beresosɛm 31:5) Ɛda adi sɛ na saa ɛwo no yɛ nnuaba mu nsu. Esiane sɛ ebetumi akaw nti, na ɛmfata sɛ wɔde bɔ afɔre wɔ afɔremuka no so.

2:13—Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔde nkyene ka ‘ayɛyɛde nyinaa ho’? Na wɔnyɛ eyi na ama afɔre no ayi hua paa. Wɔ wiase nyinaa no, wɔde nkyene kora nneɛma so. Wɔde kaa ayɛyɛde ho, efisɛ ɛda adi sɛ ɛmaa ayɛyɛde no dee ne ho fii ɔporɔw ne ɔsɛe ho.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

3:17. Esiane sɛ na wobu srade sɛ aboa no fã a eye sen biara nti, ɛda adi sɛ bra a wɔbaraa srade di no maa Israelfo no hui sɛ nea eye sen biara no yɛ Yehowa dea. (Genesis 45:18) Eyi kae yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛwɔ a eye sen biara no ma Yehowa.—Mmebusɛm 3:9, 10; Kolosefo 3:23, 24.

7:26, 27. Na ɛnsɛ sɛ Israelfo no di mogya. Onyankopɔn bu mogya sɛ ɛyɛ nkwa. Leviticus 17:11 ka sɛ “ɔhonam kra [nkwa] wɔ mogya no mu.” Mogya a wɔtwe ho fi ho no da so ara yɛ ahwehwɛde ma nokware asomfo nnɛ.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

WƆHYEHYƐƐ ASƆFOKUW KRONKRON

(Leviticus 8:1–10:20)

Henanom na wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wonni afɔrebɔ ne ayɛyɛde a wɔde ma no ho dwuma? Wɔde hyɛɛ asɔfo no nsa. Sɛnea Onyankopɔn kyerɛe no, Mose hyɛɛ Aaron sɔfo panyin, na ɔhyɛɛ ne mma baanan no asɔfo nkumaa. Ɛda adi sɛ adeyɛ no gyee nnanson, na asɔfokuw no fii ase dii dwuma ɛda a edi hɔ no.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

9:9—Dɛn na na mogya a wohwie pete afɔremuka no ase na wɔde sisi nneɛma ahorow so no kyerɛ? Eyi daa no adi sɛ Yehowa penee mogya a na wɔde di mpata ho dwuma no so. Wɔde mpata nhyehyɛe no nyinaa gyinaa mogya so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ade nyinaa na wɔde mogya tew ho, sɛnea mmara no te, na mogya angu a, fafiri mma.”—Hebrifo 9:22.

10:1, 2—Ɛbɛyɛ sɛ bɔne bɛn na Aaron mma Nadab ne Abihu yɛe no? Bere a Nadab ne Abihu yɛɛ ade a ɛmfata bere a na wɔreyɛ wɔn dwumadi sɛ asɔfo akyi bere tiaa bi no, Yehowa baraa asɔfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa bere a wɔresom wɔ ntamadan no mu no. (Leviticus 10:9) Eyi kyerɛ sɛ ebia na Aaron mma no anom nsa saa bere no. Nanso, ade titiriw nti a wowuwui no ne ‘ananagya a Yehowa nhyɛɛ wɔn’ a wɔde baa n’anim no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

10:1, 2. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa nnɛ di ɔsoro ahwehwɛde so. Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ahantan bere a wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma no.

10:9. Ɛnsɛ sɛ yɛnom mmosa bere a yɛreyɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no.

ƆSOM KRONN HWEHWƐ AHOTEW

(Leviticus 11:1–15:33)

Aduan ho ahyɛde a ɛfa mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ho no boaa Israelfo no wɔ akwan abien so. Saa ahyɛde ahorow yi bɔɔ wɔn ho ban fii yare mmoawa ho na ɛmaa nsonoe a ɛda wɔne aman a atwa wɔn ho ahyia ntam no mu yɛɛ kɛse. Ahyɛde afoforo kaa wɔn ho a wɔbɛma atew afi nnipa ne mmoa afunu ho, dwira a na mmea bedwira wɔn ho bere a wɔawo no, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ obi a ɔyare kwata ho, ne ɔbarima ne ɔbea ho a egu fĩ esiane ne ho a ɛsen gu nti no ho asɛm. Na ɛsɛ sɛ asɔfo no hwɛ di nsɛm a ɛfa obi a ne ho ntew ho dwuma.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

12:2, 5—Dɛn nti na na abawo ma ɔbea yɛ nea “ne ho ntew”? Wɔyɛɛ awode no na wɔnam so de nnipa nkwa a ɛyɛ pɛ ama. Nanso, esiane bɔne a yɛanya afi awo mu nti, nkwa a ɛnyɛ pɛ ne bɔne na wɔde wo nnipa. Enti bere tiaa a edi awo, ne afei nneɛma afoforo te sɛ brayɛ ne ahobaa a efi obi mu akyi a ɛma onii no te nka sɛ “ne ho ntew” no ma ɔkae bɔne a onya fii awo mu no. (Leviticus 15:16-24; Dwom 51:5; Romafo 5:12) Ná ahodwira ho ahyɛde ahorow yi bɛboa Israelfo no ma wɔahu hia a ogye afɔre ho hia na akata adesamma bɔne so na ama nnipa asan ayɛ pɛ no. Enti, na Mmara no yɛ wɔn “yɛnfo a ɛkyerɛ [wɔn] Kristo so kwan.”—Galatifo 3:24.

15:16-18—Dɛn ne “ahobaa” a wɔkaa ho asɛm wɔ saa nkyekyɛm yi mu no? Ɛda adi sɛ eyi yɛ obi ho a ɛsen gu bere a wada anadwo no ne afei nea ɛsen gu bere a awarefo nya nna mu nkitahodi no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

11:45. Yehowa Nyankopɔn yɛ kronkron na ɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔde ɔsom kronn ma no no nso yɛ kronn. Ɛsɛ sɛ wodi ahotew akyi na wɔma wɔn ho tew wɔ honam ne honhom fam.— 2 Korintofo 7:1; 1 Petro 1:15, 16.

12:8. Sɛ́ anka Yehowa bɛma ahiafo de nguan a wɔn bo yɛ den paa abɔ afɔre no, ɔpenee so ma wɔde nnomaa mmom bɔe. Odwen ahiafo ho.

ƐSƐ SƐ WOKURA KRONKRONYƐ MU

(Leviticus 16:1–27:34)

Wɔbɔɔ bɔne ho afɔre horow a ɛho hia no wɔ afe afe Mpata Da no. Na wɔde nantwi bɔ afɔre ma asɔfo no ne Lewi abusua no. Na wɔde ɔpapo bɔɔ afɔre maa Israel mmusua a wɔnyɛ asɔfo no. Ná wɔka ɔman no bɔne gu ɔpapo a onwui atifi kogyaa no sare so. Wobuu mpapo abien no nyinaa sɛ bɔne afɔre. Eyi nyinaa twee adwene sii nokwasɛm a ɛne sɛ Yesu Kristo bewu na afei wasoa yɛn bɔne no so.

Ahyɛde ahorow a ɛfa nam we ne nneɛma afoforo ho no ma yehu hia a ehia sɛ yɛn ho tew bere a yɛsom Yehowa no. Sɛnea ɛfata no, na ɛsɛ sɛ asɔfo no yɛ wɔn ho kronkron. Na afahyɛ ahorow abiɛsa no yɛ mmere a na wɔn ani gye kɛse na wɔde aseda ma Ɔbɔadeɛ no. Yehowa san de ahyɛde ahorow a ɛfa ne din kronkron no a wɔde bedi dwuma ɔkwan a ɛmfata so, Homedadi ne Ahosɛpɛw afahyɛ ahorow, sɛnea na ɛsɛ sɛ wɔne ahiafo, ne nkoa di ho maa ne nkurɔfo no. Afei ɔkyerɛɛ wɔn nhyira horow a osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn de bɛba ne nnome a asoɔdenyɛ de bɛba wɔn so. Wɔde ahyɛde ahorow nso a ɛfa ayɛyɛdema ho bɔhyɛ ahorow ne ɛbo a ɛsɛ sɛ wotua wɔ ho, mmoa mmakan ne biribiara mu abupɛn du mu biako a wɔde ma sɛ ‘ade kronkron ma Yehowa’ ho mae.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

16:29—Ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ Israelfo no ‘brɛ wɔn kra ase’? Na saa adeyɛ yi a wɔyɛ wɔ Mpata Da no fa bɔne fafiri a na wɔhwehwɛ ho. Ɛda adi sɛ na mmuada a wodi no saa bere no kyerɛ bɔne a wogye tom no. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, na ‘ɔkra a wɔbrɛ no ase’ no fa mmuadadi ho.

19:27—Dɛn na ahyɛde a ɛse “Monnkonton mo nhwi ano” anaa “nsɛe wo bogyesɛ ano” no kyerɛ? Ɛda adi sɛ mmara yi a wɔde maa Yudafo no bɔɔ wɔn ho ban fii yi a na wobeyi wɔn bogyesɛ anaa wɔn nhwi wɔ ɔkwan bi a ɛbɛma wɔasua abosonsomfo nneyɛe bi no ho. (Yeremia 9:25, 26; 25:23; 49:32) Nanso, na Onyankopɔn ahyɛde no nkyerɛ sɛ Yudafo no ntumi nyi wɔn bogyesɛ anaa wɔn anim nhwi koraa.—2 Samuel 19:24.

25:35-37—So na ɛyɛ mfomso bere nyinaa sɛ Israelfo no begye mfɛntom? Sɛ na onii a wɔde sika no abɔ no bosea no de rekɔyɛ adwuma a, na nea ɔde sika no maa no no betumi agye mfɛntom. Nanso, Mmara no baraa mfɛntom a wobegye wɔ bosea a wɔde ma obi a ahia no ho. Wobuu no sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛpɛ onua a ahia no ho mfaso.—Exodus 22:25.

26:19—Ɔkwan bɛn so na ‘ɔsoro betumi ayɛ te sɛ dade na asase ayɛ sɛ kɔbere’? Esiane osu a na ɛntɔ nti, na ɔsoro a ɛkata Kanaan asase no so no bɛkyen te sɛ dade. Na asase no nso kɔla bɛsesa ayɛ sɛ kɔbere bere a osu ntɔ no.

26:26—Dɛn na ‘mmea du a wɔbɛtõ abodoo wɔ fononoo biako mu’ no kyerɛ? Wɔ tebea pa mu no, ɔbea biara behia fononoo a ɔbɛto abodoo anaa biribiara a ɛho behia sɛ ɔto no wɔ mu no. Nanso, saa nsɛm yi kyerɛɛ sɛnea aduan ho bɛyɛ nã ma mmea du atumi ato abodoo a wɔpɛ sɛ wɔto no nyinaa wɔ fononoo biako mu. Na eyi ne nea wɔka siei sɛ ebefi kronkronyɛ mu a wonkura mu aba no mu biako.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

20:9. Wɔ Yehowa ani so no, na ɔtan ne atirimɔden honhom yɛ bɔne te sɛ awudi ara pɛ. Enti, ɔkae sɛ wɔmfa asotwe koro no ara a na wɔde ma obi a okum n’awofo no mma obi a ɔdome n’awofo. So ɛnsɛ sɛ eyi ka yɛn ma yeyi ɔdɔ adi kyerɛ mfɛfo gyidifo?—1 Yohane 3:14, 15.

22:32; 24:10-16, 23. Ɛnsɛ sɛ yɛde ahohorabɔ ba Yehowa din so. Nea ɛne no bɔ abira no, ɛsɛ sɛ yeyi ne din ayɛ na yɛbɔ mpae sɛ ɛho ntew.—Dwom 7:17; Mateo 6:9.

SƐNEA LEVITICUS NHOMA NO KA YƐN SOM

Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nni Mmara no ase. (Galatifo 3:23-25) Nanso, esiane sɛ nea wɔka wɔ Leviticus nhoma no mu ma yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma ahorow ho nti, ebetumi aka yɛn som.

Bere a woyɛ wo dapɛn biara Bible akenkan de siesie wo ho ma Teokrase Ɔsom Sukuu no, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye nokwasɛm a ɛne sɛ yɛn Nyankopɔn hwehwɛ kronkronyɛ fi n’asomfo hɔ no ho. Bible mu nhoma yi betumi aka wo nso ma wode nea eye sen biara a wowɔ no ama Ɔsorosoroni no, na woakɔ so akura kronkronyɛ mu ma ɛde ayeyi abrɛ no.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Afɔre ahorow a wɔbɔɔ wɔ Mmara no ase no twee adwene sii Yesu Kristo ne n’afɔrebɔ no so

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Na Apiti Afahyɛ no yɛ afahyɛ a na ɛma wɔn ani gye paa

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Na afe afe afahyɛ ahorow te sɛ Asese Afahyɛ no, yɛ mmere a na wɔde aseda ma Yehowa