Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ma Asu Akɛse Mmobɔ Wɔn Nsam’

‘Ma Asu Akɛse Mmobɔ Wɔn Nsam’

Sɛnea Yehowa Abɔde Yɛ Fɛ

‘Ma Asu Akɛse Mmobɔ Wɔn Nsam’

HWƐ asase mfonini bi, wubehu mmeae pii wɔ mfonini no mu sɛ nsensanee a akontɔnkontɔn nenam nsasepɔn so. Saa nsensanee a akontɔnkontɔn yi sen fa nsasetaw, anhweatam ne sare so. Ɛsen fa abon nketewa, abon donkudonku, ne kwae mu. (Habakuk 3:9) Saa nsensanee a akontɔnkontɔn wɔ asase mfonini no mu no yɛ nsubɔnten, ade a ayɛ sɛ ntini akɛse a ɛma yɛn asase no nkwa no. Saa akã ahorow a nsu fa mu no di asase no Bɔfo, Yehowa nyansa ne ne tumi ho adanse. Bere a yehu nsubɔnten no, yɛte nka te sɛ odwontofo no a ɔtoo dwom sɛ: “Ma asu akɛse mmobɔ nsam, mmepɔw mmom nni ahurusi, [Yehowa, NW] anim” no.—Dwom 98:8, 9. *

Nsubɔnten ne adesamma abakɔsɛm wɔ abusuabɔ kɛse. Bible no ka nsubɔnten akɛse anan a ɛpaapae fii asubɔnten bi a na efi Eden mu no ho asɛm. (Genesis 2:10-14) Anibue a edii kan bae no mu biako fii ase wɔ Tigris ne Eufrate nsubɔnten no abon a ɛbɔ nnɔbae a ɛwɔ Mediterranea Supɔw so no mu. Hwang Asubɔnten a ɛwɔ China, Ganges ne Indus Nsubɔnten a ɛwɔ Asia anafo fam ne Nil Asubɔnten a ɛwɔ Misraim no boae maa anibue yɛɛ kɛse.

Enti, afei ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa ho akɔ so adwiriw wɔn wɔ nsubɔnten akɛse a ɛdɔɔso na ɛyɛ fɛ no ho. Nil Asubɔnten a ɛwɔ Misraim no tene bɛyɛ kilomita 6,670. Asubɔnten a wɔka ho asɛm sɛ ɛso sen biara ne Amazon Asubɔnten a ɛwɔ Amerika Anafo fam no. Bere a nsubɔnten no bi soso no, afoforo nso yɛ fɛ paa, te sɛ Tone Asubɔnten a ɛwɔ Japan a esua paa nanso ɛtene ntɛmntɛm no.

Dɛn na ɛma asubɔnten tene? Yɛbɛka no tiawa a, ɛyɛ tumi a ɛtwe ade ba fam no. Ɛyɛ tumi a ɛtwe ade ba fam no na ɛtwe nsu fi soro gu fam. Ɛtɔ mmere bi a, nea ɛde ba ne aworoeɛ a ano yɛ den no. Bere a Bible no reka tumi ne kɛseyɛ a wada no adi yi ho asɛm no, ɛka sɛ: “Asuten ama so, [Yehowa, NW], asuten ama wɔn nne so, asuten ma wɔn huuyɛ so.”—Dwom 93:3.

Yehowa bisaa Hiob, ɔbarima a osuro Nyankopɔn no sɛ “Hena na ɔma osu akɛse tɔ?” (Hiob 38:25, Contemporary English Version) Yiw, ɛhe na nsu no nyinaa fi ba? Yebehu mmuae no wɔ nhyehyɛe nwonwaso bi a wɔfrɛ no osu kyinhyia no mu. Owia tumi ne tumi a ɛtwe ade ba fam ma asase so nsu di kyinhyia bere nyinaa. Bere a owia abɔ nsu so ma adan ntutuw no, ntutuw a efi mu no kɔ soro. Bere bi akyi no, ɛyɛ nwini na ɛdan omununkum. Bere kɔ so no, saa ntutuw no san ba asase so sɛ sukyerɛma anaa osu. Nsu no mu pii kɔ po, atare, ne nsubɔnten mu, ebi dan asukyenee na ebi nso sian kɔ asase ase.

Ɛdefa saa kyinhyia a ɛyɛ nwonwa yi ho no, Bible no ka sɛ: “Nsubɔnten nyinaa sen kɔ po mu, nanso ɛpo renyɛ ma: Faako a nsubɔnten no nennam kɔ no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ bio.” (Ɔsɛnkafo 1:7) Yehowa, Onyankopɔn a ne nyansa ne n’adɔe nni ano no nkutoo na obetumi ama kyinhyia a ɛte saa no ayɛ adwuma. Dɛn na nhyehyɛe a wofi nyansam ayɛ yi kyerɛ wo wɔ onii ko a Onyankopɔn yɛ no ho? Ɔyɛ Onyankopɔn a ne nyansa ne n’adɔe nni ano.—Dwom 104:13-15, 24, 25; Mmebusɛm 3:19, 20.

Ɛmfa ho nsubɔnten akɛse ne wɔn dodow no, emu kakraa bi pɛ na yenya nsu pa fi mu. Nanso, ɛho hia ma nkwa. Water nhoma no ka sɛ: “Sɛ anka yenni nsu ne nsu so tumi wɔ ɔkwan bi so a, anka yɛrentumi nni nnipa ahiade akɛse ne nketewa mpo ho dwuma. Ɔkwan a nnipa afa so adi saa ahiade no ho dwuma no ne ade titiriw a ɛka ho bi ma anibue bae no.”

Mfe mpempem pii no, nsubɔnten ama nnipa anya nsu a wɔnom ne nea wɔde gugu wɔn nturo so. Asase pa a ɛdeda nsubɔnten pii ho no tumi bɔ nnɔbae. Hyɛ sɛnea wɔdaa saa asɛm yi adi wɔ nhyira bi a wɔde maa Yehowa asomfo mu no nsow: “Wo ntamadan yɛ fɛ dɛn ara, Yakob, wo trabea no, Israel! Ɛyerɛw sɛ asubon, sɛ asu so nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a [Yehowa, NW] atɛw, te sɛ nsu so nkyeneduru.” (Numeri 24:5, 6) Nsubɔnten boa wowaw dabodabo ne sakraman a wuhu wɔn wɔ ha yi nso. Nokwarem no, dodow a yesua nsubɔnten ho ade no, dodow no ara na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛda Yehowa ase.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hwɛ 2004 Calendar of Jehovah’s Witnesses, May/ June.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]

Wɔkan Iguaçú Aworoeɛ a ɛwɔ Argentina ne Brazil hye so no ka aworoeɛ a ɛtrɛw sen biara no ho. Ne trɛw yɛ bɛyɛ kilomita 3. Aworoeɛ nketewa bɛyɛ 300 na ɛka bom yɛ saa aworoe a ɛwɔ kwaebirentuw a emu yɛ ahomeka no mu. Nsu dodow bɛyɛ mita 10,000 na ɛsen fi aworoe no mu gu wɔ anibu biara mu wɔ sutɔbere mu.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Tone Asubɔnten, Japan