Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Yɛbɛhwɛ Wɔn—Kristofo Asɛyɛde

Nnipa A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Yɛbɛhwɛ Wɔn—Kristofo Asɛyɛde

Nnipa A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Yɛbɛhwɛ Wɔn—Kristofo Asɛyɛde

“Na ekosi w’akorayɛ mu, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn.”—YESAIA 46:4.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na ɔhwɛ a yɛn soro Agya no de ma no yɛ soronko wɔ nea nnipa a wɔyɛ awofo de ma ho?

AWOFO a wɔyɛ nsi tete wɔn mma wɔ mmofraase, ne mmabunbere mu. Sɛ mmofra nyin bɛyɛ mpanyimfo na wɔn ankasa nya wɔn mmusua mpo a, wɔn agyanom ne wɔn nanom kɔ so fi ɔdɔ mu hwɛ wɔn yɛ wɔn mmoa.

2 Ɛwom sɛ ɛwɔ baabi a nnipa tumi yɛ ade ma wɔn mma kodu de, nanso yɛn soro Agya no tumi de ɔhwɛ ne mmoa a ɔdɔ wom ma n’asomfo anokwafo daa. Bere a Yehowa rekasa akyerɛ ne nkurɔfo wɔ tete mmere mu no, ɔkae sɛ: “Na ekosi w’akorayɛ mu, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn.” (Yesaia 46:4) Hwɛ nkuranhyɛsɛm ara a eyi yɛ ma Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no! Yehowa nnyaw wɔn a wɔkɔ so di no nokware no. Mmom no, ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛwowaw wɔn, aboa wɔn, na wakyerɛ wɔn kwan wɔn nkwa nna nyinaa, de akosi nkwakoraabɔ mu mpo.—Dwom 48:14.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ saa asɛm yi mu?

3 Ɔkwan bɛn so na yebetumi asua ɔdɔ mu a Yehowa fi hwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no? (Efesofo 5 :1, 2) Ma yensusuw akwan a mma, asafo mu ahwɛfo, ne Kristofo ankorankoro betumi adi yɛn wiase nyinaa nuayɛkuw no mufo a wɔn mfe akɔ anim no ahiade ho dwuma no ho.

Yɛn Asɛyɛde sɛ Mma

4. Asɛyɛde bɛn na mma a wɔyɛ Kristofo wɔ wɔ wɔn awofo ho?

4 “Di w’agya ne wo na ni!” (Efesofo 6:2; Exodus 20:12) Ɔsomafo Paulo de asɛm tiawa a emu dɔ a ɔfa fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu kaee mma wɔ wɔn asɛyɛde a wɔwɔ wɔ wɔn awofo ho no ho. Nanso ɔkwan bɛn so na saa nsɛm yi fa nnipa a wɔn mfe akɔ anim a yɛbɛhwɛ wɔn no ho? Nhwɛso a ɛma akomatɔyam a esii ansa na Kristofo mmere no reba no bɛboa yɛn ma yɛabua saa asɛmmisa yi.

5. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yosef werɛ mfii n’abusua mu asɛyɛde? (b) Dɛn na yɛn awofo a yebedi wɔn ni no kyerɛ, na nhwɛso pa bɛn na Yosef yɛe wɔ eyi mu?

5 Mfe 20 twaam a Yosef ne n’agya Yakob a na ne mfe akɔ anim no nnyaa nkitahodi biara. Nanso, ɛda adi sɛ na Yosef da so ara wɔ abusuadɔ ma Yakob. Nokwarem no, bere a Yosef daa onii ko a ɔyɛ adi kyerɛɛ ne nuanom no, obisae sɛ: “M’agya da so te ase anaa?” (Genesis 43:7, 27; 45:3) Saa bere no, na ɔkɔm asi Kanaan asase so. Enti, Yosef de nkra kɔmaa n’agya sɛ: “Sian bra me nkyɛn. Nkyɛ! Na bɛtra Gosen asase so, na woabɛn me . . . na mɛhwɛ wo wɔ hɔ.” (Genesis 45:9-11; 47:12) Yiw, nea ɛka awofo a wɔn mfe akɔ anim a yɛbɛhwɛ wɔn ho ne sɛ yɛbɛbɔ wɔn ho ban na yɛahwɛ wɔn wɔ honam fam bere a wɔn ankasa ntumi nhwɛ wɔn ho no. (1 Samuel 22:1-4; Yohane 19:25-27) Yosef de anigye gyee saa asɛyɛde yi toom.

6. Ɔkwan bɛn so na Yosef daa nokware dɔ adi kyerɛɛ n’agya, na ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua ne nhwɛso no?

6 Ɛdenam Yehowa nhyira so no, na Yosef abɛyɛ Misraim adefo ne atumfoɔ a wɔsen biara no biako. (Genesis 41:40) Nanso wansusuw sɛ ɔkorɔn dodo anaa onni adagyew koraa sɛ obedi n’agya a wadi mfe 130 no ni. Bere a ɔtee sɛ Yakob (anaa Israel) reba no, “Yosef siesiee ne nteaseɛnam kohyiaa n’agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, osoo ne kɔn mu, na osui ara gyenn wɔ ne kɔn ho.” (Genesis 46:28, 29) Ná saa akwaabama yi sen obu ara kwa a ɔreda no adi. Ná Yosef dɔ n’agya a ne mfe akɔ anim no yiye na na ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛda ne dɔ adi. Sɛ yɛwɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim a, so saa ara na yefi ayamye mu da yɛn dɔ adi kyerɛ wɔn?

7. Dɛn nti na na Yakob pɛ sɛ wosie no wɔ Kanaan?

7 Yakob kɔɔ so de ɔsom a edi mu maa Yehowa kosii sɛ owui. (Hebrifo 11:21) Esiane gyidi a na Yakob wɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu nti, ɔsrɛe sɛ wɔmfa n’amu nkɔ Kanaan nkosie. Yosef dii n’agya no ni denam n’abisade no ho dwuma a odii so, ɛmfa ho ka kɛse ne ɔbrɛ a na ɛwom no.—Genesis 47:29-31; 50:7-14.

8. (a) Ade titiriw bɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛhwɛ yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim no? (b) Dɛn na bere nyinaa somfo bi yɛe de hwɛɛ n’awofo a wɔn mfe akɔ anim no? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 17 no.)

8 Dɛn na ɛkanyan Yosef ma ɔhwɛɛ n’agya no? Ɛwom sɛ na Yosef dɔ onii a ɔde no baa nkwa mu na ɔtetee no no, na na ɔte nka sɛ ɔwɔ ne ho asɛyɛde de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ onyaa ɔpɛ a emu yɛ den nso sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Timoteo 5:4) Nokwarem no, ɔdɔ ne osuro pa a yɛwɔ ma Yehowa no bɛkanyan yɛn ma yɛahwɛ yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim no, ɛmfa ho nsɛnnennen biara a saayɛ de bɛba no. *

Sɛnea Asafo Mu Mpanyimfo Da no Adi Sɛ Wodwen Wɔn Ho

9. Henanom na Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ nguankuw no, a Kristofo a wɔn mfe akɔ anim ka ho?

9 Bere a Yakob nkwa nna tenten no rekɔ awiei no, ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ “Onyankopɔn a wayɛn me me nkwa nna nyinaa de abesi nnɛ.” (Genesis 48:15) Ɛnnɛ, Yehowa yɛn n’asase so asomfo denam Kristofo ahwɛfo, anaa mpanyimfo so, wɔ ne Ba, Yesu Kristo, “oguanhwɛfo panyin no,” akwankyerɛ ase. (1 Petro 5:2-4) Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo betumi asuasua Yehowa bere a wɔhwɛ nguankuw no mufo a wɔn mfe akɔ anim no?

10. Dɛn na wɔyɛ de boa Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no wɔ honam fam? (Hwɛ adaka a ɛwɔ 19 no.)

10 Bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ akyi bere tiaa bi no, asomafo no paw “mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma” sɛ wɔnhwɛ ‘aduan a wɔbɛkyekyɛ’ ama Kristofo akunafo a ahia wɔn no so. (Asomafo no Nnwuma 6:1-6) Akyiri yi, Paulo kyerɛɛ ɔhwɛfo Timoteo sɛ ɔmfa akunafo a wɔn mfe akɔ anim a wɔyɛ nhwɛso pa no din nka wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn honam fam mmoa no ho. (1 Timoteo 5:3, 9, 10) Saa ara na asafo mu ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ nhyehyɛe pa de boa Kristofo a wɔn mfe akɔ anim bere a eyi ho abehia no. Nanso, anokwafo a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɛhwɛ wɔn no hwehwɛ pii.

11. Dɛn na Yesu ka faa okunafo hiani a oyii ntoboa ketewaa bi no ho?

11 Ɛrekɔ Yesu asase so som adwuma no awiei no, ɔkɔtraa asɔrefie no anim na “ɔhwɛe sɛnea nkurɔfo no de sika regu tow adaka no mu.” Afei obi twee n’adwene. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔbea kunafo hiani bi bae, na ɔde ntaapo abien a ɛbɛyɛ ɔban beguu mu.” Yesu frɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: “Nokware mise mo sɛ: Okunafo hiani yi de nea ɛdɔɔso abegu mu sen wɔn a wɔde bi beguu tow adaka no mu nyinaa. Na wɔn nyinaa fi nea wɔwɔ na abu wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu; na oyi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’ade nyinaa, na ɔde abegu mu.” (Marko 12:41-44) Wɔ sika fam de, na okunafo no ntoboa no sua, nanso na Yesu nim sɛnea ne soro Agya no bu ahofama a ɛte saa a efi ɔkra nyinaa mu no fa. Ɛmfa ho mfe a na okunafo hiani no adi no, Yesu ammu n’ani angu nea ɔyɛe no so.

12. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi akyerɛ anisɔ wɔ nea Kristofo a wɔn mfe akɔ anim tumi yɛ ho?

12 Te sɛ Yesu no, Kristofo ahwɛfo mmu wɔn ani ngu nea wɔn a wɔn mfe akɔ anim yɛ de ma nokware som nya nkɔso no so. Mpanyimfo wɔ ntease a enti ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ kyɛfa a wonya wɔ ɔsom adwuma no ne nhyiam ahorow mu, nkɛntɛnso pa a wonya wɔ asafo no mu, ne wɔn boasetɔ ho. Nkuranhyɛsɛm a wobefi komam aka akyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi aboa wɔn ma wɔanya ‘biribi a ɛbɛma wɔn ani agye’ wɔ ɔsom kronn a wɔde ma mu, na amma wɔamfa wɔn ho antoto nea Kristofo afoforo tumi yɛ anaa nea na wɔn ankasa tumi yɛ wɔ mmere bi a atwam no ho wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so.—Galatifo 6:4.

13. Akwan bɛn so na mpanyimfo betumi anya wɔn a wɔn mfe akɔ anim no dom akyɛde ne wɔn suahu so mfaso?

13 Mpanyimfo betumi akyerɛ mmoa kɛse a Kristofo a wɔn mfe akɔ anim yɛ no ho anisɔ denam wɔn suahu ne wɔn dom akyɛde a wɔbɛma wɔaka ho asɛm no so. Wobetumi de wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔyɛ nhwɛso pa no adi dwuma bere ne bere mu wɔ ɔyɛkyerɛ ahorow ne nsɛm a wobisabisa afoforo mu. Ɔpanyin bi ka sɛ: “Atiefo no tra ase tie asɛm no yiye bere a mibisabisa onuabarima anaa onuabea bi a ne mfe akɔ anim a watete mma wɔ nokware no mu nsɛm no.” Asafo foforo bi mu mpanyimfo bɔ amanneɛ sɛ onuawa kwampaefo bi a wadi mfe 71 atumi aboa Ahenni adawurubɔfo ma wɔkɔ asɛnka daa. Ɔhyɛ wɔn nkuran nso ma wɔyɛ “nneɛma titiriw,” te sɛ Bible ne daa asɛm a wɔbɛkenkan na wɔasusuw ho no.

14. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo kuw bi kyerɛɛ wɔn yɔnko hwɛfo bi a na ne mfe akɔ anim ho anisɔ?

14 Mpanyimfo kyerɛ mmoa a mfɛfo ahwɛfo a wɔn mfe akɔ anim no yɛ nso ho anisɔ. José, a ɔwɔ ne mfe 70 mu na ɔde mfe pii asom sɛ ɔpanyin no, yɛɛ oprehyɛn a emu yɛ den nnansa yi. Esiane sɛ na ebegye bere tenten ansa na ne ho atɔ no nti, osusuwii sɛ ɔde hokwan a ɔde som sɛ ɔhwɛfo guamtrani no bɛto hɔ. José ka sɛ: “Nea mpanyimfo a aka no yɛe no maa me ho dwiriw me. Sɛ́ anka wobegye m’adwenkyerɛ no atom no, wobisaa me mmoa ankasa a mihia na ama matumi akɔ so adi m’asɛyɛde ahorow ho dwuma.” Ɛdenam ɔhwɛfo aberantewaa bi mmoa so no, José tumi kɔɔ so de anigye somee sɛ ɔhwɛfo guamtrani, na eyi ayɛ nhyira ama asafo no. Ne yɔnko panyin bi ka sɛ: “Anuanom kyerɛ José dwumadi sɛ ɔpanyin no ho anisɔ kɛse. Wɔdɔ no na wobu no esiane ne suahu ne gyidi ho nhwɛso nti. Ɔyɛ nhyira ma yɛn asafo no.”

Susuw a Yebesusuw Yɛn Ho Yɛn Ho

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa dwen wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ wɔn mu no yiyedi ho?

15 Ɛnyɛ mmofra a wɔwɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim ne asomfo a wɔapaw wɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ wodwen wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho. Bere a Paulo de Kristofo asafo no retoto nipadua ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn de nipadua no atõatoa mu, na akwaa a wommu no no, wama no nidi bebrebe, na mpaapaemu amma nipadua mu, na mmom akwaa no adwennwen ade koro ama wɔn ho wɔn ho.” (1 Korintofo 12:24, 25) Nkyerɛase foforo kenkan sɛ: “Ɛsɛ sɛ [nipadua no] nkwaa nyinaa de yɛ wɔn ahiasɛm sɛ wobesusuw wɔn mu biara yiyedi ho.” (Knox) Nea ɛbɛyɛ na Kristofo asafo no ayɛ ade wɔ biakoyɛ mu no, ɛsɛ sɛ emuni biara susuw ne mfɛfo gyidifo yiyedi ho, a wɔn a wɔn mfe akɔ anim ka ho.—Galatifo 6:2.

16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho anigye bere a yɛkɔ asafo nhyiam ahorow no?

16 Kristofo nhyiam ahorow ma yenya hokwan pa a yɛde bɛkyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho anigye. (Filipifo 2:4; Hebrifo 10:24, 25) So yegye bere ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bɔ nkɔmmɔ wɔ mmere a ɛte saa no? Bere a ebia ɛfata sɛ yebebisa wɔn apɔwmuden ho asɛm no, so yebetumi ‘ama wɔn honhom fam akyɛde bi,’ te sɛ ebia osuahu anaa Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi a ɛhyɛ nkuran a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ wɔn no? Esiane sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bi ntumi nnantew pii nti, ɛbɛkyerɛ ayamye sɛ yɛbɛkɔ wɔn hɔ mmom sen sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ wɔn mmom bɛba yɛn nkyɛn. Sɛ wontumi nte asɛm yiye a, ebia ɛho behia sɛ yɛkasa bɔkɔɔ na yɛma emu da hɔ. Na sɛ ɛho behia ankasa sɛ ‘yɛhyehyɛ yɛn ho den’ a, ɛsɛ sɛ yetie asɛm a obi a ne mfe akɔ anim no ka no yiye.—Romafo 1:11, 12.

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yedwen Kristofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔaka dan mu no ho?

17 Na ɛkɔba sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bi ntumi nkɔ Kristofo nhyiam horow nso ɛ? Yakobo 1:27 kyerɛ sɛ ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ ‘yɛkɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔ wɔn ahohia mu.’ Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “kɔhwɛ” no asekyerɛ biako ne ‘kɔsra.’ (Asomafo no Nnwuma 15:36) Na hwɛ sɛnea wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ani sɔ yɛn nsrahwɛ! Bere a wɔde “akora” Paulo too afiase wɔ Roma bɛyɛ 65 Y.B. mu no, na wabɛyɛ ankonam. N’ani gyinae sɛ obehu ne yɔnko dwumayɛni Timoteo, na ɔkyerɛwee sɛ: “Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.” (Filemon 9; 2 Timoteo 1:3, 4; 4:9) Ɛwom sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nyɛ nneduafo ankasa de, nanso esiane yare nti, wɔn mu bi aka dan mu. Enti, wɔn nso reka sɛ, ‘Yɛsrɛ mo, mommɔ mmɔden mmra yɛn nkyɛn ntɛm.’ So yɛregye adesrɛ a ɛte saa so?

18. Mfaso bɛn na ebetumi afi wɔn a wɔn mfe akɔ anim a yɛbɛsra wɔn no mu aba?

18 Mmu mfaso a efi honhom mu onua anaa onuawa bi a ne mfe akɔ anim a yɛsra no mu ba no adewa. Bere a Kristoni bi a wɔfrɛ no Onesiforo kɔɔ Roma no, ɔde nsi hwehwɛɛ Paulo, ohuu no, na ɛno akyi no, ‘ohuhuw no maa ne ho dwoo no.’ (2 Timoteo 1:16, 17) Onuawa bi a ne mfe akɔ anim ka sɛ: “M’ani gye ho sɛ me ne mmabun bɛbɔ. Nea m’ani gye ho kɛse ne sɛ wobu me sɛ wɔn busuani. Ɛhyɛ me den yiye.” Kristoni foforo a ne mfe akɔ anim ka sɛ: “Mekyerɛ anisɔ kɛse bere a obi de kratasin mena me, ɔfrɛ me wɔ telefon so ne me di nkɔmmɔ simma kakraa bi, anaasɛ ɔbɛsra me kakra no. Ɛte sɛ mframa pa a worehome.”

Yehowa Hyira Wɔn a Wɔhwɛ Afoforo No

19. Nhyira bɛn na wɔn a wɔn mfe akɔ anim a yɛbɛhwɛ wɔn no de ba?

19 Nnipa a wɔn mfe akɔ anim a yɛbɛhwɛ wɔn no de nhyira pii ba. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a yɛne wɔn bɛbɔ na yɛanya wɔn nimdeɛ ne wɔn suahu so mfaso no ankasa yɛ hokwan. Wɔn a wɔhwɛ afoforo no nya anigye kɛse a ɔma de ba no, na wonya abotɔyam ne komam asomdwoe sɛ wɔadi wɔn Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ho dwuma. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bɔ hu sɛ afoforo bɛpo wɔn bere a wɔn nso abɔ nkwakoraa ne mmerewa no. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.”—Mmebusɛm 11:25.

20, 21. Yehowa bu wɔn a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no dɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

20 Yehowa hyira mma ne ahwɛfo a wosuro Nyankopɔn, ne Kristofo foforo a wodwen afoforo ho esiane ayamye mu a wofi di mfɛfo gyidifo a wɔn mfe akɔ anim ahiade ho dwuma nti. Honhom a ɛte saa no ne saa abebusɛm yi hyia sɛ: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa, NW], na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.” (Mmebusɛm 19:17) Sɛ ɔdɔ kanyan yɛn ma yehu abrɛfo ne ahiafo mmɔbɔ a, Onyankopɔn bu adema a ɛte saa no sɛ adefɛm, na ɔde nhyira bɛka ho atua yɛn ka. Obetua yɛn ka nso sɛ yefi ɔdɔ mu hwɛ mfɛfo asomfo a wɔn mfe akɔ anim, a wɔn mu pii ‘di hia wɔ wiase no mu nanso wɔyɛ adefo wɔ gyidi mu no.’—Yakobo 2:5.

21 Hwɛ sɛnea Onyankopɔn akatua dɔɔso fa! Nea ɛka ho ne daa nkwa. Wɔ Yehowa asomfo no pii fam no, ɛno bɛkyerɛ daa nkwa wɔ paradise asase so, baabi a wobeyi bɔne a wonya fii awo mu afi hɔ na anokwafo a wɔn mfe akɔ anim asan anya mmerantebere mu ahoɔden no. (Adiyisɛm 21:3-5) Bere a yɛtwɛn saa nhyira bere no, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so adi yɛn Kristofo asɛyɛde a ɛne sɛ yɛbɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho dwuma.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Sɛ wopɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔhwɛ wɔn ho nyansahyɛ a edi mũ a, hwɛ February 8, 1994, Engiresi Nyan! no nkratafa 3-10.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na mma betumi adi awofo a wɔn mfe akɔ anim no ni?

• Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo kyerɛ nguankuw a wɔn mfe akɔ anim no ho anisɔ?

• Dɛn na Kristofo ankorankoro betumi ayɛ de ada anigye kɛse a wɔwɔ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no adi?

• Nhyira bɛn na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim a yɛhwɛ wɔn no de ba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 17]

Bere a na N’awofo Hia Mmoa

Na Philip resom sɛ otuhoamafo wɔ adansi adwuma a ɛrekɔ so wɔ Liberia wɔ 1999 mu bere a ne nsa kaa amanneɛbɔ sɛ ne papa yare denneennen no. Esiane sɛ ohui sɛ ne maame nkutoo ntumi nni tebea no ho dwuma nti, osii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ fie akɔyɛ aduruyɛ ho nhyehyɛe ama ne papa.

Philip ka sɛ: “Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ mɛkɔ, nanso metee nka sɛ m’asɛyɛde a edi kan ne sɛ mɛhwɛ m’awofo.” Mfe abiɛsa a edi hɔ no, oyii n’awofo kɔɔ ofie bi a ɛhɔ ye mu, na ɛdenam mfɛfo Kristofo a wɔwɔ hɔ mmoa so no, osiesiee fie hɔ ma ɛne ne papa ahiade titiriw hyiae.

Seesei, Philip maame ayɛ ahoboa a edi mu a ɔde bedi Philip papa yare a emu yɛ den no ho dwuma. Nnansa yi ara, Philip tumi gyee nsa a wɔto frɛɛ no sɛ ɔnkɔsom sɛ otuhoamafo wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Macedonia hɔ no toom.

[Adaka wɔ kratafa 19]

Wommuu Ani Nguu N’ahiade So

Bere a Ada, Kristoni bi a ɔwɔ Australia, a wadi mfe 85 kaa fie esiane yare nti no, asafo mu mpanyimfo yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛboa no. Wɔyɛɛ nhyehyɛe paw mfɛfo gyidifo kuw bi a wobetumi aboa no. Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ kuw yi mu no de anigye dii nneɛma te sɛ afisiesie, adehoro, aduannoa, ne nneɛma nketenkete foforo ho dwuma.

Wofii ase yɛɛ saa mmoa no ho nhyehyɛe bɛyɛ mfe du a atwam ni. Ɛde besi nnɛ no, mfɛfo Yehowa Adansefo bɛboro 30 na wɔaboa ahwɛ Ada. Wɔkɔsra no daa, kenkan Bible ho nhoma ahorow kyerɛ no, ka honhom fam nkɔso a asafo no mufo renya ho asɛm kyerɛ no, na wɔne no bɔ mpae daa.

Asafo no mu panyin bi kae sɛ: “Wɔn a wɔhwɛ Ada no bu no sɛ ɛyɛ hokwan sɛ wɔreboa no. Nokwaredi a ɔde asom mfe pii no ahyɛ adawurubɔfo pii den, na wosusuw sɛ wontumi mmu ani ngu n’ahiade so.”

[Mfonini wɔ kratafa 16]

So yefi ayamye mu da ɔdɔ adi kyerɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim no?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Asafo no mufo nyinaa betumi ada wɔn dɔ adi akyerɛ mfɛfo gyidifo a wɔn mfe akɔ anim no