Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa A Wɔn Mfe Akɔ Anim—Yɛn Kristofo Nuayɛkuw No Mufo A Wɔsom Bo

Nnipa A Wɔn Mfe Akɔ Anim—Yɛn Kristofo Nuayɛkuw No Mufo A Wɔsom Bo

Nnipa A Wɔn Mfe Akɔ Anim—Yɛn Kristofo Nuayɛkuw No Mufo A Wɔsom Bo

‘Wɔn a wɔtɛw wɔn Yehowa fi no bɛfefɛw. Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere mu.’—DWOM 92:13, 14.

1. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii bu nkwakoraa ne mmerewa?

YEHOWA dɔ n’asomfo anokwafo nyinaa, a wɔn a wɔn mfe akɔ anim ka ho. Nanso, sɛnea ɔman akontaabu bi kyerɛ no, afe biara, nkwakoraa ne mmerewa bɛyɛ mpem ahanum na wɔyɛ wɔn ayayade anaa wobu ani gu wɔn so wɔ United States. Amanneɛbɔ a ɛte saa a efi wiase nyinaa no da no adi sɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔyɛ wɔn ayayade no yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa. Ahyehyɛde bi ka dekode a ɛde ɔhaw yi ba ho asɛm sɛ “su titiriw a ɛreda adi wɔ nnipa pii mu . . . ne sɛ nkwakoraa ne mmerewa ho nni mfaso bio, wontumi nyɛ adwuma biara, na wɔyɛ adesoa ma afoforo.”

2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bu n’asomfo anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no? (b) Nsɛm a ɛma akomatɔyam bɛn na yehu wɔ Dwom 92:12-15?

2 Yehowa Nyankopɔn asomfo anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no som bo ma no. Ɔde adwene si ‘yɛn mu nipa’—yɛn honhom fam tebea—so sen yɛn nipaduam mmerɛwyɛ. (2 Korintofo 4:16) Yehu awerɛhyem a edi so a ɛma akomatɔyam yi wɔ N’asɛm, Bible, mu: “Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ, obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru. Wɔn a wɔtɛw wɔn [Yehowa, NW] fi no bɛfefɛw yɛn Nyankopɔn abangua so. Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara, na wɔaka akyerɛ sɛ [Yehowa, NW] teɛ.” (Dwom 92:12-15) Saa nkyekyem yi a mubesusuw ho no bɛma moahu mmoa a ɛsom bo a mo a mo mfe akɔ anim no betumi ayɛ ama Kristofo nuayɛkuw no afã ahorow.

‘Wɔbɛkɔ So Asow Aba Nkwakoraa Bere Mu’

3. (a) Dɛn nti na wɔde atreneefo toto abɛ ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ‘akɔ so asow aba nkwakoraa bere mu’?

3 Odwontofo no de atreneefo toto abɛ a ‘wɔtɛw no Onyankopɔn fie’ no ho. ‘Wɔkɔ so sow aba nkwakoraa bere mu.’ So wunnye ntom sɛ eyi yɛ nsusuwii a ɛhyɛ nkuran? Ná abɛ a ɛyɛ fɛ a egyina hɔ kyerebenn yɛ ade a wɔtaa hu wɔ Apuei famfo abangua so wɔ Bible mmere mu. Sɛ na sie a wɔde siesie fie no mu da nkyɛn a, na ɛwɔ bo nso esiane aba pii a ɛsow nti, na na abɛ no bi kɔ so sow aba bɛboro mfirihyia ɔha. * Sɛ wugyina pintinn wɔ nokware som mu a, saa ara na wo nso wubetumi ‘akɔ so asow adwuma pa nyinaa mu aba.’—Kolosefo 1:10.

4, 5. (a) Aba a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo sow? (b) Fa Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a ɛfa wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔde ‘wɔn anofafa’ sow aba ho ma.

4 Yehowa hwɛ kwan sɛ Kristofo de ‘wɔn anofafa bɛsow aba’—wɔde bɛka nsɛm ayi ɔne n’atirimpɔw ayɛ. (Hebrifo 13:15) Sɛ́ obi a wo mfe akɔ anim no, so eyi fa wo ho? Ɛfa wo ho ankasa.

5 Bible no kura nhwɛso ahorow fa wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔde akokoduru dii Yehowa din ne n’atirimpɔw ho adanse no ho. Ná Mose aboro ne “mfe aduɔson” bere a Yehowa paw no sɛ ne diyifo ne ne nanmusini no. (Dwom 90:10; Exodus 4:10-17) Odiyifo Daniel mfe a na akɔ anim no ansiw no kwan sɛ ɔde akokoduru bedi Yehowa tumidi ho adanse. Ɛbɛyɛ sɛ na Daniel wɔ ne mfe 90 mu bere a Belsasar hyɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ nsaano nkyerɛwee nwonwaso bi a ebeguu fasu no ho ase no. (Daniel, ti 5) Na ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no nso ɛ? Bere a mfe tenten a ɔde yɛɛ ne som adwuma no rekɔ awiei no, wɔde no too afiase wɔ Patmo supɔw so esiane “Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.” (Adiyisɛm 1:9) Akyinnye biara nni ho sɛ, wubetumi akae Bible mu nnipa pii a ‘wɔde wɔn anofafa sow aba’ wɔ wɔn mfe a edi akyiri mu no.—1 Samuel 8:1, 10; 12:2; 1 Ahene 14:4, 5; Luka 1:7, 67-79; 2:22-32.

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de “wɔn a wɔn mfe akɔ anim” ahyɛ nkɔm wɔ nna a edi akyiri yi mu?

6 Bere a ɔsomafo Petro refa Hebri diyifo Yoel nsɛm aka no, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a edi akyiri no mu no mehwie me Honhom no bi magu honam nyinaa so [a “wɔn a wɔn mfe akɔ anim” ka ho], . . . na wɔahyɛ nkɔm.” (Asomafo no Nnwuma 2:17, 18; Yoel 2:28) Nea ɛne no hyia no, Yehowa de kuw a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no mufo a wɔn mfe akɔ anim no adi dwuma nna a edi akyiri yi mu ma wɔaka n’atirimpɔw ho asɛm. (Yohane 10:16) Eyinom mu binom de nokwaredi asow Ahenni aba mfe dudu pii.

7. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔn a wɔn mfe akɔ anim no kɔ so sow Ahenni aba ɛmfa ho nipaduam mmerɛwyɛ no mu.

7 Susuw Sonia, a ɔbɛyɛɛ bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo wɔ 1941 mu no ho hwɛ. Ɛmfa ho sɛ ɔde bere tenten ako yare a enni sabea no, na ɔyɛ Bible adesua ahorow wɔ ne fie daa. Sonia kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Asɛmpa no a mɛka no yɛ m’asetra fã. Nokwarem no, ɛno ne m’asetra. Mintumi nnyae ka.” Nnansa yi ara, Sonia ne ne nuabea, Olive, kaa Bible mu anidaso ho asɛm kyerɛɛ Janet, ɔbea bi a na owuyare abɔ no a wohyiaa no wɔ ayaresabea dan a wɔtwɛn wom mu no. Janet maame, a ɔyɛ Katolekni mapa no, ho dwiriw no wɔ ɔdɔ mu a wofi kyerɛɛ ne babea no ho anigye no ho araa ma ɔpenee so sɛ wɔne no mmɛyɛ ofie Bible adesua, na mprempren ɔrenya nkɔso ntɛmntɛm. So wubetumi de hokwan a ɛte saa ara adi dwuma de asow Ahenni aba?

8. Ɔkwan bɛn so na Kaleb a na ne mfe akɔ anim no nyaa Yehowa mu ahotoso, na ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no betumi asuasua ne nhwɛso no?

8 Sɛ Kristofo a wɔn mfe akɔ anim de akokoduru yere wɔn ho yɛ Ahenni asɛnka adwuma no ɛmfa ho akwanside a mfe a ɛrekɔ anim de ba no a, na wɔredi Israelni nokwafo Kaleb a odii Mose akyi wɔ sare so mfirihyia aduanan no nhwɛso akyi. Ná Kaleb adi mfe 79 bere a otwaa Yordan Asubɔnten kɔɔ Bɔhyɛ Asase so no. Bere a ɔsomee sɛ Israel asraafo a wɔko dii nkonim mfe asia no mu biako akyi no, anka obetumi ama nea watumi ayɛ no nkutoo adɔɔso ama no ma watra ase agye n’ahome. Nanso wanyɛ saa, na ɔde akokoduru hwehwɛɛ adwuma a ɛyɛ den a ɛne sɛ wobedi “nkurow akɛse a wɔatoto ho fasu” so nkonim wɔ Yuda mmeae a mmepɔw wɔ no, beae a na Anakfo, mmarima a wɔsõsõ woware yiye, wɔ no. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, Kaleb ‘tuu wɔn, sɛnea Yehowa kae no.’ (Yosua 14:9-14; 15:13, 14) Nya awerɛhyem sɛ Yehowa ka wo ho, sɛnea na ɔka Kaleb ho, bere a wokɔ so sow Ahenni aba wɔ nkwakoraa bere mu no. Na sɛ wokɔ so di nokware a, ɔbɛma wo gyinabea wɔ wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu.—Yesaia 40:29-31; 2 Petro 3:13.

“Wɔbɛyɛ Akɛse ne Frɔmfrɔm Ara”

9, 10. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim kɔ so yɛ den wɔ gyidi mu na wokura wɔn honhom fam ahoɔden mu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 13 no.)

9 Bere a odwontofo no retwe adwene asi aba a Yehowa asomfo a wɔn mfe akɔ anim sow so no, ɔtoo dwom sɛ: “Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ, obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru. Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere [mu], wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara.”—Dwom 92:12, 14.

10 Wobɛyɛ dɛn atumi akɔ so ayɛ den wɔ honhom fam ɛmfa ho sɛ wo mfe rekɔ anim no? Ade a ɛma abɛ kɔ so yɛ frɔmfrɔm bere nyinaa ne nsu pa a enya daa no. Saa ara na wo nso wubetumi anya ahoɔden afi Bible mu nokware nsu no mu denam Onyankopɔn Asɛm a wubesua ne n’ahyehyɛde a wone no bɛbɔ fekuw no so. (Dwom 1:1-3; Yeremia 17:7, 8) Ahoɔden a wubenya wɔ honhom fam no ma wobɛyɛ agyapade a wo som bo ma wo mfɛfo gyidifo. Susuw sɛnea eyi baa saa wɔ Ɔsɔfopanyin Yehoiada a na ne mfe akɔ anim no fam ho hwɛ.

11, 12. (a) Dwuma bɛn na Yehoiada dii wɔ Yudafo ahenni abakɔsɛm mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehoiada de ne nkɛntɛnso maa nokware som nyaa nkɔso?

11 Ɛbɛyɛ sɛ na Yehoiada adi boro mfe ɔha bere a Ɔhemmaa Atalia nuonyampɛfo no de anuɔden bedii Yuda so tumi denam n’ankasa nenanom a okunkum wɔn so no. Dɛn na na Yehoiada a ne mfe akɔ anim no betumi ayɛ? Ɔne ne yere de ɔdedifo koro pɛ a na waka, Yoas, siee asɔrefie hɔ mfe asia. Afei, Yehoiada yɛɛ biribi a ɛyɛ ahodwiriw bere a ɔpaee mu kae sɛ Yoas a wadi mfe ason no ne ɔhene, na ɔma wokum Atalia no.—2 Beresosɛm 22:10-12; 23:1-3, 15, 21.

12 Sɛ́ obi a na ɔhwɛ ɔhene no so no, Yehoiada de nkɛntɛnso a na ɔwɔ no maa nokware som nyaa nkɔso. ‘Ɔde apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ Yehowa man.’ Yehoiada hyɛ maa nkurɔfo no sɛee atoro nyame Baal fie, na woyii n’afɔremuka, n’ahoni, ne n’asɔfo no hɔ. Ɛyɛ Yehoiada akwankyerɛ ase nso na Yoas san de asɔrefie adwuma no sii hɔ na wɔyɛɛ adwuma a ɛho hia kɛse a ɛne asɔrefie no siesie no. “Na Yoas yɛɛ nea ɛteɛ [Yehowa, NW] ani so ne nna a ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛɛ no nyinaa.” (2 Beresosɛm 23:11, 16-19; 24:11-14; 2 Ahene 12:2) Bere a Yehoiada wui bere a na wadi mfe 130 no, wosiee no wɔ ahene nkyɛn, na na ɛyɛ nidi soronko, efisɛ “odii asɛm pa, Israel ne Nyankopɔn ne ne fi no ho.”—2 Beresosɛm 24:15, 16.

13. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim betumi ‘ayɛ ade pa ama Onyankopɔn ne ne fie’?

13 Ebia apɔwmuden a wunni anaa nsɛm tebea foforo mma wuntumi nyɛ pii wɔ nokware som mu. Sɛ ɛte saa mpo a, wubetumi ‘ayɛ ade pa ama nokware Nyankopɔn ne ne fie.’ Wubetumi ayɛ nsi ama Yehowa honhom fam fie denam asafo nhyiam ahorow a wobɛkɔ na woanya mu kyɛfa ne asɛnka adwuma no a wode wo ho behyem bere biara a ɛbɛyɛ yiye no so. Krado a wobɛyɛ sɛ wubegye Bible afotu atom na wode nokwaredi agyina “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne asafo no akyi no benya Kristofo nuayɛkuw no so nkɛntɛnso kɛse. (Mateo 24:45-47) Wubetumi akanyan mfɛfo asomfo ‘akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ nso. (Hebrifo 10:24, 25; Filemon 8, 9) Na wobɛyɛ nhyira ama afoforo bere a woyɛ w’ade ma ɛne ɔsomafo Paulo afotu yi hyia no: “Nkwakoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwenem ntew, wɔnyɛ den, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ fam. Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron, wonntwiri nnipa, wɔnnyɛ asadweam; wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa.”—Tito 2:2-4.

14. Dɛn na Kristofo ahwɛfo a wɔde bere tenten asom betumi ayɛ de ama nokware som anya nkɔso?

14 So wo de mfe pii asom sɛ asafo mu panyin? Onua bi a ɔde bere tenten asom sɛ asafo mu panyin no tu fo sɛ: “Fa nyansa a woanya wɔ mfe pii ni no di dwuma ayamye mu. Fa asɛyɛde hyehyɛ afoforo nsa, na ka wo suahu ho asɛm kyerɛ afoforo a wɔwɔ ɔpɛ honhom no . . . Hu nneɛma a afoforo bɔ mu mmɔden no. Boa ma wontu mpɔn wom. To nhyɛase ma daakye.” (Deuteronomium 3:27, 28) Nokware anigye a wowɔ wɔ Ahenni adwuma a ɛreyɛ kɛse daa mu no bɛyɛ nhyira kɛse ama afoforo wɔ yɛn Kristofo nuayɛkuw no mu.

‘Wɔka Kyerɛ Afoforo Sɛ Yehowa Teɛ’

15. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim ‘ka kyerɛ afoforo sɛ Yehowa teɛ’?

15 Onyankopɔn asomfo a wɔn mfe akɔ anim de anigye di wɔn asɛyɛde ho dwuma ‘de ka kyerɛ afoforo sɛ Yehowa teɛ.’ Sɛ woyɛ Kristoni a wo mfe akɔ anim a, wo nsɛm ne wo nneyɛe betumi akyerɛ afoforo sɛ ‘Yehowa ne wo botan, na nea ɛnteɛ biara nni ne mu.’ (Dwom 92:15) Abɛ di Ɔbɔadeɛ no su horow a ɛkyɛn so ho adanse komm. Nanso Yehowa ama wo hokwan a wode bedi ne ho adanse akyerɛ wɔn a wɔregye nokware som nnɛ no. (Deuteronomium 32:7; Dwom 71:17, 18; Yoel 1:2, 3) Dɛn nti na eyi ho hia?

16. Bible mu nhwɛso bɛn na ɛkyerɛkyerɛ hia a ehia sɛ ‘wɔka kyerɛ afoforo sɛ Yehowa teɛ’ no mu?

16 Bere a Israel kannifo Yosua bɔɔ ‘akora na odii nna pii’ no, ‘ɔfrɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanyimfo ne wɔn atitiriw ne wɔn atemmufo ne ahwɛfo,’ na ɔkaee wɔn nneɛma pa a Onyankopɔn ayɛ ama wɔn no. Ɔkae sɛ: “Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo.” (Yosua 23:1, 2, 14) Saa nsɛm yi hyɛɛ nkurɔfo no den wɔ wɔn bo a wosii sɛ wɔbɛkɔ so adi nokware no mu kosii bere bi. Nanso, wɔ Yosua wu akyi no, “awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim [Yehowa, NW] ne nneyɛe a ɔyɛ maa Israel no nso. Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne, na wɔsom Baalim.”—Atemmufo 2:8-11.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne ne nkurɔfo adi nsɛm wɔ nnɛ mmere yi?

17 Nokware a nnɛyi Kristofo asafo no akɔ so adi no nnyina adanse a Onyankopɔn tete asomfo dii no so. Nanso, gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu no mu yɛ den ankasa bere a yɛte “nnwuma akɛse” a wayɛ ama ne nkurɔfo wɔ nna a edi akyiri yi mu ho asɛm no. (Atemmufo 2:7; 2 Petro 1:16-19) Sɛ wode wo ho abɔ Yehowa ahyehyɛde no mfe pii ni a, ebia wobɛkae bere a na Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ wo mantam anaa wo man mu nnɔɔso anaa bere a asɛnka adwuma no hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den no. Bere kɔɔ so no, woahu sɛ Yehowa ayi akwanside ahorow bi afi hɔ na wama Ahenni nneɛma anya nkɔso ‘ntɛmntɛm.’ (Yesaia 54:17; 60:22) Woahu Bible mu nokware ahorow mu nkyerɛkyerɛmu a wɔayɛ na woahu nsiesiei a aba nkakrankakra wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu mu no. (Mmebusɛm 4:18; Yesaia 60:17) So wobɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ afoforo den denam osuahu ahorow a wowɔ fa Yehowa nsɛnnii a ɛteɛ ho no ho asɛm a wobɛka akyerɛ wɔn no so? Hwɛ nkɛntɛnso pa a ɛhyɛ den ara a eyi betumi anya wɔ Kristofo nuayɛkuw no so!

18. (a) Kyerɛkyerɛ nkɛntɛnso kɛse a ‘afoforo a wobɛka akyerɛ wɔn sɛ Yehowa teɛ’ de ba no mu. (b) Ɔkwan bɛn so na w’ankasa woahu sɛ Yehowa teɛ?

18 Na bere a wuhui sɛ Yehowa hwɛ wo so na wunyaa n’akwankyerɛ a efi ɔdɔ mu wɔ w’asetram no nso ɛ? (Dwom 37:25; Mateo 6:33; 1 Petro 5:7) Ná onuawa bi a ne mfe akɔ anim a wɔfrɛ no Martha taa ka nsɛm a edi so yi de hyɛ afoforo nkuran sɛ: “Ɛmfa ho nea ɛbɛba biara no, nnyaw Yehowa da. Ɔbɛwowaw wo.” Saa afotu yi nyaa Tolmina, Martha Bible asuafo mu biako a wɔbɔɔ no asu wɔ 1960 mfe no mfiase no so nkɛntɛnso kɛse. Tolmina ka sɛ: “Bere a me kunu wui no, metee abasamtu nka kɛse, nanso saa nsɛm no maa misii me bo sɛ merento adesua mu da. Na Yehowa hyɛɛ me den maa migyinaa mu ankasa.” Tolmina de afotu koro no ara ama n’ankasa Bible asuafo pii mfe a atwam no mu. Nokwarem no, sɛ wohyɛ afoforo nkuran na woka Yehowa nneyɛe a ɛteɛ ho asɛm kyerɛ wɔn a, wubetumi ayɛ pii de ahyɛ mfɛfo gyidifo gyidi den.

Anokwafo a Wɔn Mfe Akɔ Anim no Som Bo Ma Yehowa

19, 20. (a) Yehowa bu n’asomfo a wɔn mfe akɔ anim no dwumadi dɛn? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Wɔ nnɛ wiase a wɔnkyerɛ anisɔ mu no, nkurɔfo nni bere ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. (2 Timoteo 3:1, 2) Sɛ wɔkae wɔn mpo a, mpɛn pii no, ɛyɛ a na efi nneɛma a wɔayɛ bere bi a atwam nti—sɛnea na wɔte, ɛnyɛ sɛnea wɔte nnɛ. Nea ɛne no bɔ abira no, Bible ka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.” (Hebrifo 6:10) Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn kae nokware a woadi no mmere a atwam no. Nanso, n’ani sɔ wo esiane nea wokɔ so yɛ wɔ ne som mu no nti. Yiw, obu anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no sɛ Kristofo a wɔsow aba, wɔyɛ den wɔ honhom fam, na wɔyɛ nsi—nnipa a wɔn asetra di ne tumi ho adanse.—Filipifo 4:13.

20 So wubu yɛn Kristofo nuayɛkuw no mufo a wɔn mfe akɔ anim no sɛnea Yehowa bu wɔn no? Sɛ saa a, ɛbɛka wo ma woada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn. (1 Yohane 3:18) Asɛm a edi hɔ no besusuw akwampa bi a yɛbɛfa so ada ɔdɔ a ɛte saa adi bere a yedi wɔn ahiade ho dwuma no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Abɛ dua biako tumi sow aba bɛyɛ apem, na emu duru tumi yɛ kilogram 8 anaa nea ɛboro saa. Nhomakyerɛwfo bi bu akontaa sɛ “abɛ biara tumi sow aba tɔn abien anaa abiɛsa ma ne wura ansa na awu.”

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ‘sow aba’?

• Dɛn nti na honhom fam ahoɔden a Kristofo a wɔn mfe akɔ anim wɔ no yɛ agyapade a ɛsom bo?

• Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ‘aka akyerɛ afoforo sɛ Yehowa teɛ’?

• Dɛn nti na wɔn a wɔde bere tenten asom Yehowa no som bo ma no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 13]

Sɛnea Wɔakɔ So Ayɛ Den Wɔ Gyidi Mu

Dɛn na aboa Kristofo a wɔde bere tenten asom no ma wɔakɔ so ayɛ den wɔ gyidi mu na wɔakura wɔn honhom fam ahoɔden mu? Nea ebinom aka na edidi so yi:

“Kyerɛwnsɛm a ɛtwe adwene si yɛne Yehowa ntam abusuabɔ so a yɛbɛkenkan no ho hia yiye. Mpɛn pii no, mekan Dwom 23 ne 91 fi me tirim anadwo.”—Olive, a wɔbɔɔ no asu wɔ 1930 mu.

“Mabɔ me tirim sɛ mɛwɔ nhyiam ase bere a wɔma asubɔ kasa biara no, na matie no yiye, te sɛ nea m’ankasa na merekogye asubɔ no. M’ahosohyira a mema ɛtra m’adwenem daa no ayɛ ade titiriw a ama makɔ so adi nokware.”—Harry, a wɔbɔɔ no asu wɔ 1946 mu.

“Mpae a yɛbɛbɔ daa—abisa Yehowa mmoa, n’ahobammɔ, ne ne nhyira—no ho hia, ‘na yɛahu no wɔ yɛn akwan nyinaa mu.’” (Mmebusɛm 3:5, 6)—Antônio, a wɔbɔɔ no asu wɔ 1951 mu.

“Wɔn a wɔasom Yehowa mfe pii, a wɔda so ara de nokwaredi som no no suahu a mitie no hyɛ me bo a masi sɛ medi no nokware bere nyinaa no mu den.”—Joan, a wɔbɔɔ no asu wɔ 1954 mu.

“Ɛho nhia sɛ yesusuw yɛn ho tra so. Onyankopɔn dom na ama yɛanya nea yɛwɔ yi. Saa adwene yi a yebenya no ma yɛkɔ so hwɛ beae pa a yebenya honhom fam aduan a ehia na ama yɛagyina mu akodu awiei no.”—Arlene, a wɔbɔɔ no asu wɔ 1954 mu.

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no sow Ahenni aba a mfaso wɔ so

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Honhom fam ahoɔden a wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ no yɛ agyapade a ɛsom bo