Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahow Onyankopɔn honhom kronkron a ɛnyɛ nipa no werɛ?

Ɛyɛ ɔsomafo Paulo na ɔkyerɛwee sɛ: “Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron no werɛ.” (Efesofo 4:30) Ebinom susuw sɛ saa nsɛm yi kyerɛ sɛ honhom kronkron no yɛ onipa. Nanso, “ofiepanyin nokwafo” no nhoma ahorow a wɔatintim no de Kyerɛwnsɛm ne abakɔsɛm mu adanse ama mpɛn pii de akyerɛ sɛ Kristofo a wodi kan no ammu honhom kronkron no sɛ onipa anaa onyame bi a ɔne Ɔsorosoroni no yɛ pɛ wɔ nea wɔfrɛ no Baasakoro no fã mu. * (Luka 12:42) Enti, na Paulo nkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom kronkron no yɛ nipa.

Onyankopɔn honhom kronkron no yɛ n’adeyɛ tumi a aniwa ntumi nhu. (Genesis 1:2) Na Yesu ‘de honhom kronkron’ na ɛbɛbɔ asu sɛnea na Yohane de nsu bɔ asu no. (Luka 3:16) Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, “honhom kronkron yɛɛ” nnipa bɛyɛ 120 “mama”—a ɛda adi sɛ ɛnyɛ nipa na ɛyɛɛ wɔn mama no. (Asomafo no Nnwuma 1:5, 8; 2:4, 33) Wɔn a wɔasra wɔn yi nsa kaa ɔsoro anidaso, na Onyankopɔn honhom boaa wɔn ma wodii nokware. (Romafo 8:14-17; 2 Korintofo 1:22) Honhom no sow aba pa na ɛboaa wɔn ma wokwatii “ɔhonam nnwuma” a ɛyɛ bɔne a ebetumi ama wɔahwere Onyankopɔn anim dom no.—Galatifo 5:19-25.

Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo a yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtra asase so a, ɛnde na wɔmfaa honhom kronkron nsraa yɛn. Nanso, yebetumi anya Onyankopɔn honhom no bi te sɛ wɔn a wɔwɔ sorokɔ ho anidaso no ara pɛ. Enti, yɛn nso yebetumi ahow honhom no werɛ. Wɔ ɔkwan bɛn so?

Sɛ yebu yɛn ani gu Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔkyerɛw wɔ honhom kronkron no akwankyerɛ ase so a, yebetumi anya su horow bi a ebetumi ama yɛaboapa ayɛ bɔne atia honhom no, na ama yɛahwere Onyankopɔn anim dom ma awiei koraa no, yɛakɔ ɔsɛe mu. (Mateo 12:31, 32) Ebia na yɛnyɛ bɔne a anibere wom mprempren de, nanso ebia na yɛresi ɔkwan bɔne so, nea awiei koraa no ebetumi ama yɛayɛ ade atia honhom no. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, na yɛrehow honhom kronkron no werɛ.

Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn akwati sɛ yɛbɛhow Onyankopɔn honhom no werɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yedi yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe so. Ɔsomafo Paulo kae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu wɔ ti 4 sɛ wɔnkwati su ahorow te sɛ atorodi, abufuw a ɛtra hɔ kyɛ, anihaw, ne kasa a ɛmfra. Sɛ yɛhyɛ “nipasu foforo” no na yɛsan dan kɔ nneɛma bɔne a ɛte saa so bio a, na dɛn na yɛreyɛ? Na yɛreko atia Onyankopɔn Asɛm, Bible no, mu afotu a efi honhom mu no. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛrehow honhom kronkron no werɛ.

Efesofo ti 5 mu no, yɛkenkan Paulo afotu a ɛfa twe a yɛbɛtwe yɛn ho afi akɔnnɔ bɔne a yebenya wɔ aguamammɔ ho no ho. Ɔsomafo no nso hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wɔnkwati aniwude, ne asereseresɛm a ɛnsɛ ho. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛma eyi tra yɛn adwenem bere a yɛrepaw anigyede no. Dɛn nti na yɛbɛkyerɛ nneɛma a ɛte saa ho anigye denam ɛho nsɛm a yɛkeka, akenkan, na yɛahwɛ sɛnea wɔda no adi wɔ television so anaa mmeae afoforo no so?

Nokwarem no, yebetumi ahow honhom no werɛ wɔ akwan afoforo so. Yehowa honhom no hyɛ biakoyɛ ho nkuran wɔ asafo no mu, nanso sɛ ɛkɔba sɛ yedi nseku bɔne anaa yɛtetew akuw wɔ asafo no mu nso ɛ. So na ɛnyɛ ko na yɛreko atia honhom no akwankyerɛ a ɛde biakoyɛ ba no? Wɔ ɔkwan biara so no, na yɛrehow honhom kronkron no werɛ te sɛ wɔn a wɔde mpaapaemu baa Korintofo asafo no mu no. (1 Korintofo 1:10; 3:1-4, 16, 17) Yɛbɛhow honhom no werɛ nso, sɛ yɛhyɛ da bu mmarima a wɔde honhom apaw wɔn wɔ asafo no mu no animtiaa a.—Asomafo no Nnwuma 20:28; Yuda 8.

Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yebegyina nea yenim sɛ efi honhom kronkron no akwankyerɛ ase sɛnea wɔda no adi wɔ Bible no ne Kristofo asafo no mu so asusuw yɛn abrabɔ ne yɛn nneyɛe ho. Momma ‘yɛmmɔ mpae wɔ honhom kronkron mu’ nso, mmrɛ yɛn ho ase nhyɛ ne nkɛntɛnso ase na yɛnyɛ ade ma ɛne nea wɔaka wɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no nhyia bere nyinaa. (Yuda 20) Ɛmmra sɛ yebesi yɛn bo sɛ yɛrenhow honhom no werɛ da, na mmom, bere nyinaa yɛbɛma akyerɛ yɛn kwan na ɛde nidi aba Yehowa din kronkron no so.

Yesu Kristo de sɛnea ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ Ahenni no mu no totoo yoma a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa paane aniwa mu no ho. So na Yesu reka yoma ne paane a wɔde pam ade ankasa ho asɛm?

Kyerɛwsɛm abiɛsa a wɔafa emu abien nsɛm aka afa saa asɛm yi ho no di nsɛ paa. Sɛnea Mateo kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Mateo 19:24) Saa ara na Marko 10:25 kenkan sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”

Nhwehwɛmu nhoma ahorow bi kyerɛ sɛ na “paane aniwa” no yɛ ɔpon ketewaa bi wɔ Yerusalem kurow no apon akɛse no biako mu. Sɛ wɔto kurow pon kɛse no mu anadwo a, na wobetumi abue ɔpon ketewaa no. Wogye di sɛ na yoma betumi afa mu. So na eyi ne nea ɛwɔ Yesu adwene mu?

Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ ɛno. Mmom no, ɛda adi sɛ na Yesu reka paane a wɔde pam ade ho asɛm. Esiane sɛ wɔahu tete mpaane a wɔde dompe ne dade ayɛ nyinaa wɔ saa ɔmantam no mu nti, na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ ade a na abu so a wɔde di dwuma wɔ afie mu. Luka 18:25 yi adwenem naayɛ biara fi Yesu nsɛm no mu, efisɛ ɔfaa Yesu nsɛm a ɔkae no mu nsɛm kae sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane [a wɔde pam ade, NW] aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”

Nsɛm asekyerɛ nhoma akyerɛwfo ahorow pii gye “paane a wɔde pam ade,” sɛnea wɔaka no wɔ New World Translation mu no tom. Woyii Hela asɛmfua a wɔde di dwuma ma ‘paane,’ a ɛwɔ Mateo 19:24 ne Marko 10:25 (rha·phisʹ) fii adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ “pam” mu. Na wɔde Hela asɛmfua a wohu wɔ Luka 18:25 (be·loʹne) no dii dwuma de kyerɛɛ paane a wɔde yɛ oprehyɛn ankasa. Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ toto a wɔde ‘paane aniwa’ toto nkurow pon nketewa ho no yɛ nnɛyi nsusuwii; adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔde dii dwuma wɔ tete mmere mu. Na adwene a Awurade reda no adi wɔ asɛm no mu ne nneɛma bi a nnipa ntumi nyɛ, na ɛho nhia sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebegow asɛm no mu denam paane no a yɛbɛma akyerɛ biribi foforo sen adwinnade a wɔde di dwuma da biara no so.”—1981, Po 3, kratafa 106.

Ebinom kyerɛ sɛ wɔ saa nkyekyɛm yi mu no ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ “yoma” ase sɛ “ahama.” Hela nsɛmfua ma ahama (kaʹmi·los) ne yoma (kaʹme·los) di nsɛ. Nanso, Hela asɛmfua ma “yoma” na epue wɔ Mateo 19:24 wɔ Mateo Asɛmpa no Hela nsaano nkyerɛwee a akyɛ a ɛwɔ hɔ no mu, na ɛnyɛ asɛmfua ma “ahama” (Sinaitic, Vatican No. 1209, ne Alexandrine Nsaano Nkyerɛwee no). Wɔbɔ amanneɛ sɛ, Mateo na ɔkyerɛw ne Nsɛmpa no wɔ Hebri mu na ebia n’ankasa nso na ɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela mu. Onim nea Yesu kae pɛpɛɛpɛ ma ɛno nti ɔde asɛmfua a ɛfata na edii dwuma.

Ɛnde, na Yesu reka paane a wɔde pam ade ne yoma ankasa ho asɛm. Na ɔde eyi redi dwuma de asi ade a wontumi nyɛ so dua. Nanso so na Yesu kyerɛ sɛ ɔdefo biara rentumi nkɔ Ahenni no mu? Dabi, efisɛ na ɛnsɛ sɛ wɔfa Yesu asɛm no sɛnea na ɛte no. Na Yesu regugu nsɛm mu de akyerɛ sɛ, sɛnea yoma ntumi mfa paane a wɔde pam ade ankasa aniwa mu no, saa ara na ɔdefo rentumi nkɔ Ahenni no mu sɛ ɔkɔ so de ne ho to n’ahonyade so na wamfa Yehowa anni kan wɔ n’asetra mu a.—Luka 13:24; 1 Timoteo 6:17-19.

Yesu kaa saa asɛm yi bere a ɔdefo sodifo kumaa bi poo hokwan kɛse a onyae sɛ ɔbɛyɛ Yesu kyidini akyi pɛɛ no. (Luka 18:18-24) Ɔdefo biara a ɔdɔ n’ahonyade kɛse sen honhom fam nneɛma no rentumi nhwɛ kwan sɛ obenya daa nkwa wɔ Ahenni nhyehyɛe no mu. Nanso, adefo binom bɛyɛɛ Yesu asuafo. (Mateo 27:57; Luka 19:2, 9) Enti, ɔdefo a honhom fam nneɛma ho hia no na ɔhwehwɛ ɔsoro mmoa no betumi anya nkwagye a Onyankopɔn de ma no.—Mateo 5:3; 19:16-26.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hwɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro No Di? nhomawa a Yehowa Adansefo na wotintimii no.