Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsom Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wopaw?

Ɔsom Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wopaw?

Ɔsom Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wopaw?

NNIPA binom taa ka sɛ ‘asɔre biara a wobɛkɔ no de wo bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Anyɛ hwee koraa no, nokware Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ, ɛnte saa anaa?’ Eyi ne adwene a nkurɔfo pii a wɔka sɛ ɛwom sɛ ɔsom bi muni a wobɛyɛ ho hia de nanso ɔsom kõ a obi bɛpaw no ho nhyɛ da nhia papa no wɔ.

Esiane sɛ ɛyɛ nokware sɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ nti, sɛ woanhwehwɛ asɛm no mu ankɔ akyiri a, ɛbɛyɛ wo sɛ ɛyɛ nokware. (Yesaia 44:6; Yohane 17:3; 1 Korintofo 8:5, 6) Nanso, yɛrentumi mmu yɛn ani ngu nsonsonoe akɛse a ɛwɔ ɔsom ahorow a wɔka sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no ne wɔn adwene a enhyia no so. Ɛsono wɔn mu biara nneyɛe, gyidi, nkyerɛkyerɛ, ne nea wɔhwehwɛ sɛ wɔn nkurɔfo yɛ koraa. Nsonsonoe a ɛwɔ wɔn mu no yɛ kɛse araa ma enti ɛyɛ den ma wɔn a wɔwɔ ɔsom bi mu sɛ wɔbɛte nkyerɛkyerɛ a ɔsom foforo kyerɛkyerɛ no ase. Saa ara na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye ɔsom foforo bi gyidi atom.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) So Onyankopɔn a wɔbɛsom no wɔ nokware mu no hwehwɛ sɛ ɛsono obiara adwene wɔ asɛmmisa te sɛ hena ne Onyankopɔn, dɛn ne n’atirimpɔw, na ɔkwan bɛn na ɔpɛ sɛ yɛfa so som no no ho? So nyansa wom sɛ yɛbɛka sɛ ɔkwan a yɛfa so som Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no mfa ne ho?

Nokware Kristofo—Tete ne Nnɛ

Mmere bi wɔ hɔ a afeha a edi kan no mu Kristofo no adwene anhyia wɔ nneɛma ho. Sɛ nhwɛso no, bere a na ɔsomafo Paulo reka Kristofo a wɔwɔ Korinto no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Me nuanom, Kloe fifo abeyi me mo ho asotiw sɛ kunsunkunsun wɔ mo mu. Na mede eyi, sɛ mo mu biara ka sɛ: Me de, meyɛ Paulo de; me de, meyɛ Apolo de, me de, meyɛ Kefa de; me de meyɛ Kristo de.”—1 Korintofo 1:11, 12.

So Paulo kae sɛ ɛnyɛ hwee sɛ mpaapaemu a ɛte saa aba wɔn mu? So na obiara reyɛ ade a ɔte nka sɛ ɛbɛma no anya nkwagye ara kwa? Dabida! Paulo tuu wɔn fo sɛ: “Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.”—1 Korintofo 1:10.

Nokwarem, wɔrentumi nhyɛ nkurɔfo sɛ wonnye ade koro nni. Mmom no, sɛ nkurɔfo bi hwehwɛ nsɛm mu yiye na wɔn nyinaa adwene hyia wɔ biribi ho a, ɛma wɔbɛyɛ biako wɔ gyidi mu. Enti, Onyankopɔn Asɛm a wobesua no kokoam ne ɔpɛ pa a wobenya sɛ wɔde nea wɔasua no bedi dwuma no ho hia yiye na ama biakoyɛ a Paulo kaa ho asɛm no aba. So biakoyɛ a ɛte saa wɔ hɔ nnɛ? Sɛnea yɛadi kan ahu no, efi tete mmere no mu tɔnn na Onyankopɔn akɔ so ne ne nkoa adi sɛ kuw. So yebetumi ahu saa kuw no nnɛ?

Mfaso a Ɛwɔ Fekupa So

Bere bi, odwontofo Dawid bisae sɛ: “[Yehowa, NW], hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu atra mu? Hena na ɔbɛtra wo bepɔw kronkron no so?” Asɛm yi yɛ asɛmmisa a emu dɔ paa. Dawid maa ɛho mmuae sɛ: “Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.” (Dwom 15:1, 2) Bible mu nokware nimdeɛ a obi benya no bɛboa no ma wahu ɔsom a edu ahwehwɛde horow a Onyankopɔn hwehwɛ yi ho no. Afei, bere a ɔde ne ho bɔ saa kuw no, obetumi ne wɔn a wɔde biakoyɛ som Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu” no anya fekubɔ a ɛhyɛ den.

Yehowa Adansefo ada no adi sɛ, wɔ saa wiase a emu apaapae yi mu mpo no, ebetumi ayɛ yiye sɛ nkurɔfokuw bi bɛyɛ biako wɔ gyidi ne nneyɛe mu. Ná wɔn mu pii wɔ ɔsom ahorow mu. Saa ara nso na ɛsono abusua a wɔn mu biara fi mu. Ná Adansefo no bi wɔ hɔ a na wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ, na na afoforo nso de na wogye di sɛ Onyankopɔn nni hɔ koraa. Ná ebinom nso wɔ hɔ a wɔmfa nyamesom nyɛ hwee koraa. Ɛnnɛ, saa nnipa a na anka ɛsono obiara som, amammerɛ ne gyidi no aka abom de biakoyɛ resom wɔ saa wiase a biakoyɛ nnim yi mu.

Onyankopɔn Asɛm Bible no na ama biakoyɛ a ɛte saa aba wɔn mu. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa Adansefo nim sɛ wɔrentumi nhyɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ ade bi. Nanso, wɔn ani gye hokwan a wɔanya de hyɛ afoforo nkuran sɛ wonsua Bible no na ama wɔagyina emu nimdeɛ a enni huammɔ no so apaw ɔsom ko a wɔpɛ no ho. Wɔ saa kwan yi so no, nnipa pii betumi abenya mfaso horow a Onyankopɔn a wɔsom no wɔ “honhom ne nokware mu” de ba no bi.

Ɛnyɛ den koraa sɛ nnɛ wɔbɛdaadaa nkurɔfo ma wɔde wɔn ho akɔhyɛ ɔsom bi a ebetumi adi wɔn awu mu. Eyi nti, ɛyɛ papa sɛ wobɛpaw nnipa pa ne wɔn abɔ. Bible no ka sɛ “wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo,” na afei nso “fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33, NW) Onyankopɔn nokware asomfo a wo ne wɔn bɛbɔ no bɛyɛ ahobammɔ ama wo. Ɛno nti na Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ nnamfo pa a Onyankopɔn som aka wɔn abom sɛ anuanom mmarima ne mmea befi ɔdɔ mu aboa wɔn ho wɔn ho ma wɔayɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ!

Ottmar gye saa asɛm yi tom. Ɛwom sɛ wɔtetee no wɔ Katolekfo abusua mu wɔ Germany de, nanso ogyaee asɔre kɔ. Ɔkyerɛkyerɛ nea enti ogyaee no mu sɛ: “Bere biara a mɛpɔn asɔre aba fie no, na mete nka sɛ hwee nni me tirim te sɛ nea na mete ansa na merekɔ no ara.” Nanso, gyidi a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no anyera. Afei bere a ohyiaa Yehowa Adansefo no, obegye dii sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nokware asomfo. Obehui sɛ ɛyɛ papa sɛ ɔne wɔn bɔ. Mprempren ɔka sɛ: “Ahyehyɛde no a ɛwɔ wiase nyinaa a mede me ho akɔbɔ no ama manya asomdwoe ne akomatɔyam. Bible mu nokware nimdeɛ a wɔreboa me nkakrankakra ma manya no som bo ma me paa.”

Wɔto Nsa Frɛ Wɔn a Wɔrehwehwɛ Nokware No

Sɛ nkurɔfo a wɔn adwene hyia de biakoyɛ yɛ nneɛma bom a, wotumi yɛ no yiye sen nea ankorankoro bɛyɛ no. Ansa na Yesu rebɛkɔ soro no, ɔde akwankyerɛ a edi so yi maa n’akyidifo no ne wɔn dii nkra sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Sɛ wɔamfa akwankyerɛ amma, anaasɛ na ahyehyɛde biara nni hɔ a, anka ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ayɛ adwuma a ɛte saa no yiye? Sɛ obi ka sɛ ɔne afoforo mmom nsom na mmom ɔno nkutoo bɛtra baabi asom Onyankopɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi de saa akwankyerɛ a Kyerɛwnsɛm de ma yi adi dwuma?

Afe a etwaam no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa kyekyɛɛ nhoma akɛse ne nhoma nketewa a wɔde kyerɛkyerɛ Bible mu 91,933,280, ne afei nsɛmma nhoma 697,603,247. Wɔnam eyi so maa nnipa ɔpehaha pii a wɔwɔ nsase 235 so tee nkrasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Eyi yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ baanu so a emia ampa!

Yehowa Adansefo yɛ ofie Bible adesua a wonnye hwee de boa nkurɔfo ma wɔbɛte nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ no ase yiye ka nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu a wɔkyekyɛ no ho. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, afe a etwaam no, wɔne nkurɔfo anaa ankorankoro yɛɛ Bible adesua a ɛtete saa 5,726,509 naawɔtwe biara. Saa Bible nkyerɛkyerɛ yi aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔanya biribi pa bi a wobetumi agyina so apaw ɔsom kõ a wɔpɛ. Wɔto nsa frɛ wo sɛ wo nso besua ɔsom ho ahwehwɛde a Onyankopɔn aka ho asɛm wɔ Bible no mu no. Ɛno betumi aboa wo ma woapaw ɔsom kõ a wopɛ.—Efesofo 4:13; Filipifo 1:9; 1 Timoteo 6:20; 2 Petro 3:18.

Sɛ wopɛ sɛ wosɔ Onyankopɔn ani a, ɛho hia sɛ wode wo ho bɔ ɔsom bi. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ fa wo ho kɔbɔ ɔsom biara kɛkɛ. Mmom no, ɛyɛ papa sɛ wubegyina Bible mu nimdeɛ a ɛyɛ nokware so apaw ɔsom sen sɛ wubegyina nkyerɛkyerɛ a enni nnyinaso bi anaa yɛsee yɛsee so apaw bi. (Mmebusɛm 16:25) Sua nea ɛma ɔsom bi yɛ nokware som no na fa toto wo gyidi ho hwɛ. Afei gyina ɛno so paw bi.—Deuteronomium 30:19.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Yehowa Adansefo ayɛ biako wɔ wiase a emu apaapae mu