Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ!

Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ!

Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ!

“Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.”—Dwom 19:1.

1, 2. (a) Dɛn nti na nnipa ntumi nhwɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛhyerɛn no tẽẽ? (b) Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo 24 no hyɛ Onyankopɔn anuonyam?

“WUNTUMI nhu m’anim, efisɛ onipa renhu m’anim nnya nkwa.” (Exodus 33:20) Yehowa nam eyi so bɔɔ Mose kɔkɔ. Esiane sɛ nnipa yɛ honam abɔde a wɔyɛ mmerɛw nti, wontumi nhwɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛhyerɛn no tẽẽ. Nanso, wɔmaa Yohane huu Yehowa a ɔte N’anuonyam ahengua a ɛhyerɛn so wɔ anisoadehu mu.—Adiyisɛm 4:1-3.

2 Esiane sɛ honhom abɔde anokwafo nte sɛ nnipa nti, wotumi hwɛ Yehowa anim. Wɔn a wɔka wɔn ho ne “mpanyimfo aduonu anan” a wogyina hɔ ma 144,000 a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ ɔsoro anisoadehu a Yohane nyae no mu no. (Adiyisɛm 4:4; 14:1-3) Dɛn na wɔka fa Onyankopɔn anuonyam a wohui no ho? Sɛnea Adiyisɛm 4:11 ka no, wɔka sɛ: “[Yehowa, NW] wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wopɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”

Nea Enti a “Wonni Anoyi Biara”

3, 4. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn mu gyidi nyɛ nea enni nnyinaso? (b) Wɔ afoforo fam no, dɛn nti na wonnye Onyankopɔn nni?

3 So biribi ka wo sɛ hyɛ Onyankopɔn anuonyam? Nnipa dodow no ara nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ebinom mpo ka sɛ onni hɔ. Sɛ nhwɛso no, nsoromma ho nimdefo bi kyerɛwee sɛ: “So Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ amansan no mu biribiara pɛpɛɛpɛ maa yɛn? . . . Ɛyɛ nwonwa. Nanso migye di sɛ ɛyɛ nnaadaasɛm. . . . Ntease nnim sɛ wɔbɛka sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ amansan no.”

4 Nhwehwɛmu a wɔnam nyansahu so yɛ no wɔ baabi a ekosi—ɛfa nneɛma a nnipa tumi hu anaa wosua ho nkutoo. Ɔkwan foforo so no, ɛyɛ nsusuwii anaa tirimbɔ ara kwa. Esiane sɛ ‘Onyankopɔn yɛ Honhom’ nti, wontumi mfa nyansahu so nyɛ ne ho nhwehwɛmu. (Yohane 4:24) Enti, ɛyɛ ahantan sɛ wɔbɛka sɛ Onyankopɔn mu gyidi nni nnyinaso. Vincent Wigglesworth a ɔyɛ nyansahufo wɔ Cambridge Sukuupɔn mu kae sɛ, ɔkwan a wɔfa so yɛ nyansahu mu nhwehwɛmu ankasa no “gyina gyidi so.” Ɔkwan bɛn so? “Egyina gyidi a enhinhim a ɛne sɛ nneɛma a ɛkɔ so wɔ amansan no mu te sɛ [osutɔ ne asasewosow] gyina ‘abɔde mu mmara a wɔahyehyɛ ato hɔ dedaw’ so.” Enti sɛ obi ka sɛ onnye Onyankopɔn nni a, na ɛnyɛ gyidi biako na ɔretow akyene afa foforo? Wɔ afoforo fam no, ɛte sɛ nea Onyankopɔn a wonnye no nni no yɛ nokware a wɔhyɛ da bu wɔn ani gu so. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: ‘Ɔbɔnefo hwene dwa ahun mu ka sɛ: Ɔrenni akyiri da. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.’—Dwom 10:4.

5. Dɛn nti na wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no nni anoyi biara?

5 Nanso, Onyankopɔn mu gyidi nyɛ gyidi a enni nnyinaso, efisɛ adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (Hebrifo 11:1) Allan Sandage a ɔyɛ nsoromma ho nimdefo kae sɛ: “Minnye nni sɛ sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ [wɔ amansan no mu] no bae ara kwa. Migye di sɛ wɔhyɛɛ da na ɛhyehyɛe. Wɔ me fam no, mente Onyankopɔn ho nsɛm ase nwie, nanso nea enti a biribiara wɔ hɔ no gyina Onyankopɔn so.” Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Roma sɛ Onyankopɔn “su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu, enti [wɔn a wonnye nni no] nni anoyi biara.” (Romafo 1:20, NW) Efi “wiase bɔ so,” titiriw fi bere a wɔbɔɔ abɔde a wonim nyansa a ɛyɛ nnipa a wotumi hu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no, abɛda adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ tumi kɛse wɔ hɔ. Ɔno ne Nyankopɔn a ɔfata sɛ wɔsom no. Enti wɔn a wɔnhyɛ Onyankopɔn anuonyam no nni anoyi biara. Ɛnde, dɛn na abɔde ma yehu?

Amansan no Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ? (b) Dɛn nti na ɔsoro atow ‘susuhama’?

6 Dwom 19:1 bua sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” Dawid hui sɛ nsoromma ne okyinnsoromma ahorow a ɛhyerɛn wɔ ‘wim’ anaa ahunmu no yɛ adanse a akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn nuonyamfo bi wɔ hɔ. Ɔtoa so sɛ: “Da biara da ma wɔworo nsɛm, na anadwo biara yi nimdeɛ adi kyerɛ.” (Dwom 19:2, NW) Ɔsoro da Onyankopɔn nyansa ne ne tumi a ɔde bɔɔ nneɛma adi adekyee ne adesae. Ɛte sɛ nea wɔnam kasa so na ‘ɛworo nsɛm’ fi soro hɔ de hyɛ Onyankopɔn anuonyam.

7 Nanso, egye nhumu na ama yɛahu sɛ ɔsoro reyi Onyankopɔn ayɛ. “Ɛnyɛ ɔkasa, na ɛnyɛ nsɛm a wɔteɛ.” (Asante Twi Bible) Nanso, adanse a ɔsoro de ma a ɔkasa nnim no yɛ adanse a emu yɛ den. “Ɔsoro susuhama du asase nyinaa so, na ne nsɛm du wiase ano.” (Dwom 19:3, 4) Ɛte sɛ nea ɔsoro atow ‘susuhama’ sɛnea ɛbɛyɛ a adanse a ɔkasa nnim no bedu asase so baabiara.

8, 9. Owia no ho nsɛm a ɛyɛ nwonwa no bi ne dɛn?

8 Dawid toa so kyerɛkyerɛ Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa foforo mu sɛ: “Wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ. Na ofi adi sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, ɔde ahosɛpɛw tu ne kwan sɛ ɔbran. N’adifi wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kodu ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfi ne hyew ano.”—Dwom 19:4-6.

9 Sɛ wɔde owia no toto nsoromma a aka ho a, owia no nyɛ nea ɛso ahe biara. Nanso, ɛyɛ nsoromma a ɛyɛ kɛse paa, na ɛma okyinnsoromma a etwa ho hyia no bɛyɛ nketenkete. Nhoma bi ka sɛ owia no mu duru bɛyɛ sɛ asase no mmɔho 330,000. Ɛkame ayɛ sɛ owia no kɛse reyɛ ayɛ sɛ yɛn amansan no nyinaa! Ɔkwan a ɛda owia ne asase no ntam yɛ kilomita ɔpepem 150, na esiane tumi a ɛtwe ade a ɛwɔ owia no mu nti, ɛmma asase no mmɛn owia no na saa ara na ɛntwe ne ho nkɔ akyiri nso. Owia no ahoɔden fã ketewaa bi pɛ na edu yɛn asase yi so, nanso ɛno ara ma yetumi tra ase.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na owia no di ne “ntamadan” mu akɔneaba? (b) Ɔkwan bɛn so na etu mmirika sɛ “ɔbran”?

10 Odwontofo no ka owia no ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ “ɔbran” a ofi asase ano kɔ asase ano adekyee na ɔkɔda ne “ntamadan” mu anadwo. Bere a saa nsoromma kɛse no kɔtɔ asase ano sɛnea nnipa hu no no, ɛte sɛ nea ɔrekɔda ne “ntamadan” mu. Ɛte sɛ nea epue mpofirim na ɛhyerɛn sɛ “ayeforokunu a ofi ne pia mu” pue anɔpa. Sɛ oguanhwɛfo no, na Dawid nim sɛnea anadwo awɔw ano yɛ den fa. (Genesis 31:40) Ɔkaa sɛnea na owia no bɔ ma ne ho bae no na ɛma ɛhɔnom asase no so yɛ hyew ntɛm ara no ho asɛm. Ɛda adi sɛ na owia no mmrɛe wɔ n’akwantu a efi epuei kɔ atɔe no mu, na mmom na ɛte sɛ “ɔbran” a wayɛ krado sɛ ɔbɛsan atoa “n’akwantu” so.

Nsoromma ne Nsoromma Akuw Nwonwaso

11, 12. (a) Dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ nsoromma a Bible no de toto mpoano anhwea ho no ho? (b) Amansan no kɛse te dɛn?

11 Esiane sɛ na Dawid ntumi mfa n’ani nhu akyirikyiri nti, na nsoromma mpempem kakraa bi pɛ na otumi hu. Nanso, sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔayɛ nnansa yi kyerɛ no, nsoromma dodow a ɛwɔ amansan yi mu a nnɛyi mfiri tumi hu no yɛ ɔpepepem mpem 70 ahorow ɔpepepem—7 a ohunu 22 di akyi! Yehowa daa no adi sɛ nsoromma no dɔɔso paa bere a ɔde totoo “mpoano nhwea” ho no.—Genesis 22:17.

12 Nsoromma ho animdefo de mfe pii hwɛɛ biribi a wɔkaa ho asɛm sɛ “ɛyɛ akanea nketewa a wonhu no yiye.” Na nyansahufo susuw sɛ saa “nsoromma a egu hɔ a ɛte sɛ nea akyinkyim” yi wɔ yɛn Amansan yi mu. Nanso, wɔ afe 1924 mu no, wohui sɛ saa akanea nketewa a wonhu no yiye no a ɛno na ɛbɛn yɛn okyinnsoromma yi paa a wɔfrɛ no Andromeda no yɛ nsoromma kuw foforo koraa. Egye mfe ɔpepem abien ansa na hann atumi atwa kwan afi yɛn okyinnsoromma yi so akodu hɔ! Seesei, nyansahufo bu akontaa sɛ nsoromma akuw ɔpepem pii na ɛwɔ hɔ, na nsoromma mpempem pii na ɛwɔ emu bi mu. Na nsoromma akuw no bi nso wɔ hɔ a nsoromma ɔpepem pii na ɛwom. Nanso, Yehowa tumi ‘kyerɛ nsoromma dodow, na ɔtoto wɔn nyinaa din.’—Dwom 147:4.

13. (a) Dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ nsoromma akuw ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ nyansahufo ‘nnim ɔsoro nhyehyɛe’?

13 Yehowa bisaa Hiob sɛ: “So wubetumi akyere Akokɔtanne-ne-ne-mma [nsoromma kuw, NW] hama, anaasɛ wubetumi asãn Nyɛnkrɛnte [nsoromma kuw, NW] nhama?” (Hiob 38:31) Nsoromma kuw yɛ nsoromma dodow bi a ne hwɛbea yɛ soronko wɔ wim. Ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ ɔkwan a ɛdeda nsoromma no ntam woware de, nanso sɛ wugyina asase so a ɛte sɛ nea ne nyinaa gu faako. Esiane sɛ nsoromma no nsesa ne kwan nti, “ɛboa kyerɛ ahunmu akwantufo a wɔte wimhyɛn a ɛkɔ okyinnsoromma foforo so kwan ne sɛnea wobetumi ahu nsoromma bi.” (The Encyclopedia Americana) Nanso, obiara nni hɔ a ɔte “hama” a ɛka nsoromma kuw no bom no ase wie. Yiw, besi saa bere yi, nyansahufo ntumi mmuaa asɛm a wobisae wɔ Hiob 38:33 no: “So wunim ɔsoro nhyehyɛe?”

14. Ɔkwan bɛn so na hann a ɛhyerɛnhyerɛn no yɛ nea wontumi nte ase nwie?

14 Nyansahufo ntumi mmua asɛm foforo a wobisaa Hiob no: “Ɛhe na ɔkwan a hann nam so hyerɛnhyerɛn no wɔ?” (Hiob 38:24) Nhomakyerɛwfo bi frɛɛ saa hann ho asɛm a wobisae yi sɛ “nnɛyi nyansahu mu asɛmmisa a emu dɔ.” Nanso, Helafo nyansapɛfo bi susuwii sɛ hann fi nnipa aniwa mu. Nyansahufo asusuw nnansa yi sɛ nneɛma nketenkete bi na ɛka bom yɛ hann. Ebinom nso susuw sɛ hann yɛ nneɛma nketenkete a edi ahim. Ɛnnɛ nyansahufo ka sɛ nneɛma nketenkete a aka abom ne nneɛma nketenkete a edi ahim na ɛma yenya hann. Nanso, wontumi ntee sɛnea hann te ankasa ne sɛnea “ɛhyerɛnhyerɛn” no ase nwiei.

15. Te sɛ Dawid no, sɛ yesusuw ɔsoro ho a ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn?

15 Sɛ yesusuw eyinom nyinaa ho a, ɛka yɛn ma yɛte nka sɛnea Dawid tee nka no ara sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho.”—Dwom 8:3, 4.

Asase ne Emu Abɔde Hyɛ Yehowa Anuonyam

16, 17. Ɔkwan bɛn so na abɔde a wɔwɔ “abun” mu yi Yehowa ayɛ?

16 Dwom 148 ma yehu akwan foforo a adebɔ fa so hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Nkyekyɛm 7 kenkan sɛ: “Munyi [Yehowa, NW] ayɛ mfi asase so, nsuboa ahorow ne abun nyinaa.” Yiw, nneɛma a ɛyɛ nwonwa pii a ɛda Onyankopɔn nyansa ne ne tumi adi wɔ “abun” mu. Bonsu bi mu duru bɛyɛ tɔn 120—te sɛ asono 30 mu duru! Ne koma nkoaa mu duru yɛ kilogram 450, na etumi bɔ mogya bɛyɛ kilogram 6,400 fa ne ntini mu! So saa po mu mmoa akɛse yi nam nyaa, na wɔyɛ kuntann wɔ nsu mu? Dabida. Europa kuw a wɔhwɛ po mu mmoa ho bammɔ amanneɛbɔ bi ka sɛ, wotu mmirika yiye “wɔ nsu mu.” Wɔde afiri dii “bonsu no biako akyi hwɛɛ no hui sɛ otuu mmirika bɛboro kilomita 16,000 wɔ asram 10 mu.”

17 Bonsu bi a n’ano te sɛ toa no taa dɔ asukɔ kodu mita 45, nanso sukɔ a ɛkɔ akyiri a aboa yi bi dɔe a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ yɛ mita 547! Ɛyɛ dɛn na aboa yi tumi dɔ asukɔ saa? Otua ahome kakra bere a ɔredɔ asukɔ no, na ne mogya kogu ne koma, n’ahurututu ne n’amemene mu. Aduru bi wɔ ne ntini mu a ɛkora mframa pa so nso. Po mu sukraman akɛse ne bonsu foforo bi nso tumi dɔ asukɔ kɔ akyiri paa. Discover nsɛmma nhoma ka sɛ: “Esiane nsu no ano den nti, wontumi nhome mfa wɔn ahurututu mu.” Wɔkora mframa pa dodow no ara a wohia wɔ wɔn ntini mu. Ɛda adi sɛ saa abɔde yi di adanse sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ tumi nyinaa wura no wɔ nyansa ankasa!

18. Ɔkwan bɛn so na po nsu da Yehowa nyansa adi?

18 Ɛpo nsu mpo da Yehowa nyansa adi. Scientific American nhoma no ka sɛ: “Afifide nketenkete a aniwa ntumi nhu pii wɔ po nsu ani.” Saa “kwae a aniwa nhu” yi sɔn mframa a yɛhome so ma emu tew. Yenya mframa pa a yɛhome no mu fã kɛse no ara fi afifide a aniwa nhu yi mu.

19. Ɔkwan bɛn so na ogya ne sukyerɛmma yɛ Yehowa apɛde?

19 Dwom 148:8 ka sɛ: “Ogya ne amparuwbo, sukyerɛma ne huruhuruw, ahum a ɛyɛ nea n’asɛm se.” Yiw, Yehowa de abɔde a nkwa nnim nso yɛ n’apɛde. Susuw ogya ho hwɛ. Mfe bi a atwam no na wobu ogya a ɛtɔ kwae mu sɛ ɛsɛe ade ara kwa. Ɛnnɛ nhwehwɛmufo gye di sɛ ogya di dwuma titiriw bi wɔ abɔde a atwa yɛn ho ahyia mu. Eyi nnua dedaw anaa nea ɛrewu fi hɔ, ɛboa ma aba pii fifi, ɛma nnuannuru tumi kɔ asase mu, na ɛboa ma ogya a ɛtɔ kwae mu ano brɛ ase. Sukyerɛmma nso ho hia, efisɛ ɛfɔw asase no, na ɛyɛ no yiye, na ɛbɔ afifide ne mmoa ho ban na awɔw ankɔ wɔn mu.

20. Ɔkwan bɛn so na mmepɔw ne nnua boa adesamma?

20 Dwom 148:9 ka “mmepɔw ne nkoko nyinaa, nnua a ɛsow ne nkyeneduru nyinaa” ho asɛm. Mmepɔw atenten di Yehowa tumi kɛse ho adanse. (Dwom 65:6) Edi dwuma bi a mfaso wɔ so nso. Amanneɛbɔ bi a efi Asase Ho Nsɛm Asuae a ɛwɔ Bern, Switzerland, ka sɛ: “Asubɔnten akɛse a ɛwɔ wiase nyinaa ti fi mmepɔw mu. Nnipa a wɔwɔ wiase no mu fã kɛse no ara na wonya wɔn nsu fi mmepɔw mu. . . Saa ‘nsu akorae’ yi ho hia ma adesamma yiyedi.” Dua mpo yi ne Yɛfo ayɛ. Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So amanneɛbɔ bi ka sɛ, nnua “ho hia ma nnipa a wɔwɔ aman nyinaa so yiyedi . . . Nnua ahorow pii boa wɔ sikasɛm mu, efisɛ ɛma wonya ntaboo, nnuaba, aneneduru ne kurobow. Nnipa ɔpepepem 2 na wɔde nnyina sɔ gya noa aduan wɔ wiase nyinaa.”

21. Kyerɛkyerɛ sɛnea ahaban mpo da no adi sɛ wɔhyɛɛ da na wɔyɛe no mu.

21 Dua yɛbea mpo da Ɔbɔadeɛ no nyansa adi. Susuw ahaban ho hwɛ. Ade tentann bi wɔ ahaban no so a ɛmma emu nsu ntwe. Ntokuru nketenkete pii wɔ ahaban no mu. Nsu gyinagyina saa ntokuru nketenkete yi mu a ɛtwe owia mu ahoɔden. Nhaban nam saa kwan yi so na ɛnoa aduan. Dua nam anwonwakwan so twe nsu fa ne ntini mu kɔ n’ahaban mu. “Apon” nketenkete mpempem pii a ɛno ankasa bue na ɛsan tom wɔ ahaban no ase a ɛtwe mframa kɔ mu. Ɔhyew a efi owia no mu ba no ma nsu no ne mframa no dan staakye. Afei dua no ankasa di aduan a anoa no. Nanso, aduannoa yi kɔ so fɛfɛ a wɔnte dede biara. Sɛ anka ɛbɛtow nsufi ne wura agu no, ɛde mframa pa mmom na ɛma yɛn!

22, 23. (a) Nneɛma a ɛyɛ nwonwa bɛn na nnomaa ne ntɔteboa bi tumi yɛ? (b) Nsɛmmisa foforo bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

22 Dwom 148:10 ka “wuram mmoa ne afieboa nyinaa, mmoa a wɔwea ne ntakraboa” ho asɛm. Ntɔteboa ne nnomaa pii yɛ nneɛma bi a ɛyɛ fɛ ne nwonwa. Suborɔkokɔ tumi twa kwantenten (kilomita 40,000 wɔ nnafua 90 pɛ mu wɔ bere bi mu). Anomaa bi a ɔte sɛ akasanoma tumi twa kwan fi Amerika Atifi fam kɔ Anafo fam, na otu fa wim bɛboro nnɔnhwerew 80 a onsi. Afurum pɔnkɔ nkora nsu wɔ nam a ɛhyɛ n’akyi mu sɛnea na wosusuw no, na mmom ɔkora no wɔ ne yam. Na ɛma no tumi twa kwantenten a osukɔm nne no. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ, sɛ wɔn a wɔyɛ mfiri bɛyɛ mfiri bi a, wosua mmoadoma ho ade yiye ansa na wɔayɛ. Nhomakyerɛwfo Gail Cleere, kyerɛwee sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ afiri bi a ɛbɛyɛ adwuma yiye . . . na ɛnsɛe ade wɔ baabi esi no a, ɛda adi sɛ wubetumi ahu biribi pa a wubetumi ahwɛ so ayɛ wɔ abɔde mu.”

23 Yiw, abɔde ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ ampa! Nsoromma pii a ɛwɔ soro, afifide ne mmoa nyinaa mu biara yi ne Bɔfo ayɛ wɔ kwan bi so. Na yɛn nnipa nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi Onyankopɔn ayɛ sɛnea abɔde a nkwa nnim yɛ no?

so wokae?

• dɛn nti na wɔn a wɔka sɛ onyankopɔn nni hɔ no nni anoyi biara?

• ɔkwan bɛn so na nsoromma ne okyinnsoromma ahorow no hyɛ onyankopɔn anuonyam?

• ɔkwan bɛn so na po mu mmoa ne asase so mmoa da no adi sɛ ɔbɔadeɛ a ɔwɔ dɔ bi wɔ hɔ?

• ɔkwan bɛn so na abɔde a nkwa nnim yɛ yehowa apɛde?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Nyansahufo bu akontaa sɛ nsoromma a wotumi hu yɛ ɔpepepem mpem 70 ahorow ɔpepepem!

[Asɛm Fibea]

Frank Zullo

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Bonsu bi a n’ano te sɛ toa

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Sukyerɛmma

[Asɛm Fibea]

snowcrystals.net

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Suborɔkokɔ ba