Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afoforo a Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye WƆ WƆN AHOHIA MU

Afoforo a Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye WƆ WƆN AHOHIA MU

Afoforo a Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye WƆ WƆN AHOHIA MU

ƆSOMAFO Paulo kae sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa de nsiyɛ bɔ mmɔden sɛ wɔde saa nnyinasosɛm no bedi dwuma wɔ wɔn asetram, sɛ́ wɔbɛyɛ onipa biara yiye, titiriw wɔn mfɛfo gyidifo. Yehu eyi mpɛn pii wɔ ahohia bere mu. Ma yensusuw nhwɛso a asisi nnansa yi wɔ aman abiɛsa mu ho nhwɛ.

Wɔ December 2002 mu no, ahum kɛse bi a na etu mmirika bɛboro kilomita 300 dɔnhwerew biara no tui wɔ Guam. Afie pii so popae, na ebi nso bubui koraa. Ɛhɔnom asafo ahorow no yɛɛ ntɛm boaboaa wɔn ho ano kyekyɛɛ wɔn mu akuwakuw kosiesiee Adansefo mmusua a wɔn nneɛma sɛee kɛse paa no afie. Guam baa dwumadibea no de nnipa ne adansi ho nneɛma kosiesiee afie a na asɛe no, na Hawaii baa dwumadibea no nso bɛboae. Adapɛn kakraa bi akyi no, dua adwumfo kuw bi fi Hawaii bae bɛboa ma wɔsan sisii adan no, na ɛhɔnom anuanom bi bisaa kwan wɔ wɔn adwumam de boaa wɔn. Anigye mu a wofi de biakoyɛ yɛɛ adwuma no yɛɛ adanse maa mpɔtam hɔfo no.

Ogya tɔɔ beae bi a ɛbɛn Ahenni Asa bi so wɔ Myanmar kurow Mandalay borɔn bi so. Ná onuawa bi a wayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu ne n’abusua fie bɛn hɔ. Esiane sɛ ná mframa no rebɔ kɔ baabi a wɔn fie no si nti, onuawa no tutuu mmirika kɔɔ asa no so kɔhwehwɛɛ mmoa. Saa bere no na wɔresiesie asa no nti na anuanom pii wɔ hɔ. Ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wohuu onuawa no wɔ hɔ efisɛ na wonnim sɛ ɔte mpɔtam hɔ. Ntɛm ara na anuanom boaa no ma woyiyii n’abusua no nneɛma koguu baabi pa. Bere a ne kunu a ɔnyɛ Ɔdansefo tee ogya no ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ fie na bere a oduu hɔ no, ohui sɛ anuanom reboa n’abusua no. N’ani gyei na ɛyɛɛ no anisɔ, na ne bo tɔɔ ne yam nso efisɛ awifo taa wia nkurɔfo nneɛma wɔ tebea a ɛte saa mu. Ayamye a anuanom daa no adi yi kanyan onuawa no ne ne babarima ma wɔde wɔn ho bɔɔ Kristofo asafo no bio, na mprempren wɔkɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa.

Ɔsom afe a etwaam no mu no, esiane ɔpɛ a esii ne nnɔbae a anyɛ yiye nti, nnipa pii a wɔwɔ Mozambique dii kɔm. Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ no yɛɛ ade ntɛm so maa wɔn a ade ahia wɔn aduan. Wɔkyekyɛɛ nnuan no wɔ Ahenni Asa so, ɛtɔ bere bi a bere a wɔapɔn asafo nhyiam no na na wɔyɛ saa. Onuawa bi a ɔyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo kae sɛ: “Mebaa asafo nhyiam no na mahaw efisɛ na minni aduan a sɛ yɛpɔn kɔ fie a mede bɛma me mma no adi.” Ɔdɔ mu a anuanom fi yɛɛ wɔn mmoa no ma onyaa awerɛkyekye ntɛm ara. Ɔkae sɛ: “Na ɛte sɛ nea manya owusɔre!”

Adansefo no ‘yɛ yiye’ nso wɔ Onyankopɔn asɛm ho denam Bible mu awerɛkyekyesɛm ne anidaso a wɔka kyerɛ nkurɔfo no so. Wogye nea onyansafo a ɔtraa ase tete no kae no tom: “Nea otie [Onyankopɔn nyansa] no bɛtra hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.”—Mmebusɛm 1:33.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

1, 2. Aduan a wɔrekyekyɛ ma wɔn a ade ahia wɔn wɔ Mozambique

3, 4. Ahum a etui wɔ Guam no sɛee afie pii

[Nsɛm Fibea]

Abofra, benkum: Andrea Booher/FEMA News Photo; ɔbea, nifa: AP Photo/Pacific Daily News, Masako Watanabe