Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mifii Afiase Sum Mu Kɔɔ Switzerland Mmepɔw Alps So

Mifii Afiase Sum Mu Kɔɔ Switzerland Mmepɔw Alps So

Asetram Nsɛm

Mifii Afiase Sum Mu Kɔɔ Switzerland Mmepɔw Alps So

SƐNEA LOTHAR WALTHER KA KYERƐE

Bere a midii mfirihyia abiɛsa a na anigye nnim wɔ East Germany Komunis afiase sum mu no, na me ho pere me sɛ menya ahofadi na makɔka m’abusua ho anigye mu.

NANSO, na minnim sɛnea na me babarima a wadi mfirihyia asia, Johannes, begye me. Na onhuu ne papa da wɔ mfirihyia abiɛsa a na atwam no mu. Obuu me ɔhɔho koraa.

Wɔwoo me wɔ Germany kurow Chemnitz mu wɔ afe 1928 mu. Me ne m’awofo baanu nyinaa trae ɔdɔ mu wɔ me mmofraase. Manhwere ade sɛ me ba no. Na ɔdɔ wɔ yɛn abusua no mu. Na me papa ka sɛnea na n’ani nnye nyamesom ho no ho asɛm pefee. Ɔkae sɛ wɔ Wiase Ko I no mu no, “Kristofo” asraafo a wɔwɔ afanu no nyinaa maa wɔn ho wɔn ho “Afenhyia Pa” wɔ December 25, na ɛda a edi hɔ no wɔsan fii ase kunkum wɔn ho wɔn ho bio. Wɔ ne fam no, na nyamesom yɛ nyaatwom adeyɛ a ɛsen biara.

Gyidi Besii Abasamtu Ananmu

Anigyesɛm ne sɛ, manhyia abasamtu a ɛte saa. Bere a Wiase Ko II baa awiei no na madi mfirihyia 17, na ɛkaa kakraa na anka wɔkyeree me kɔɔ asraadi. Nanso, na nsɛmmisa a ɛhaw adwene te sɛ nea edidi so yi haw me, ‘Dɛn ne nnipakum bebrebe yi? Hena na metumi de me ho ato no so? Ɛhe na metumi anya ahobammɔ a edi mũ?’ East Germany, baabi a na yɛte no bɛhyɛɛ Soviet tumidi ase. Nnipa a na akodi mu adesɛe afono wɔn no ani begyee Komunis adwene a ɛne atɛntrenee, kyɛn a obi nkyɛn obi, biakoyɛ, ne asomdwoe no ho. Na ɛrenkyɛ na nnipa komapafo yi mu pii abam abu kɛse—saa bere yi de na ɛnyɛ nyamesom na ɛbɛma wɔn abam abu, na mmom amanyɔsɛm.

Ɛyɛ bere a na merehwehwɛ mmuae a ntease wom no na me maame nuabeanom mu biako a na ɔyɛ Yehowa Dansefo no kaa ne gyidi ho asɛm kyerɛɛ me. Ɔmaa me Bible ho nhoma bi a ɛkanyan me ma mekenkan Mateo ti 24 nyinaa nea edi kan koraa. M’ani gyee nkyerɛkyerɛmu a ntease wom na ɛtɔ asom a na ɛwɔ nhoma no mu no ho. Ɛkaa yɛn bere yi ho asɛm sɛ “nneɛma nhyehyɛe yi awiei,” na ɛkyerɛɛ nea ɛde adesamma haw ahorow no aba no ankasa.—Mateo 24:3, NW; Adiyisɛm 12:9.

Ankyɛ na me nsa kaa Yehowa Adansefo nhoma pii, na bere a mede anigye kenkanee no, mihui sɛ mahu nokware a na mahwehwɛ denneennen no. M’ani gyei sɛ mihui sɛ wɔde Yesu Kristo sii ahengua so wɔ soro wɔ afe 1914 mu, a na ɛrenkyɛ ɔbɛsɛe nneɛma bɔne, na ɔnam so de nhyira abrɛ adesamma asoɔmmerɛfo. Me fam no, ntease foforo a edi mũ a minyae ne nea ɛfa agyede no ho no. Ɛboaa me ma mifii komam kɔɔ Yehowa Nyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu srɛɛ no bɔne fafiri. Ɔfrɛ a ɛwɔ Yakobo 4:8 no kaa me kɛse: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”

Anigye kɛse a na manya wɔ me gyidi foforo no ho nyinaa akyi no, mfiase no na m’awofo ne me nuabea mpɛ sɛ wobegye nea meka kyerɛɛ wɔn no adi. Nanso, eyi amma m’abam ammu wɔ ɔpɛ a na manya sɛ mɛkɔ Kristofo nhyiam a na Adansefo kuw ketewaa bi yɛ wɔ baabi a ɛbɛn Chemnitz no ho. M’awofo ne me nuabea no ne me kɔɔ asafo nhyiam a edi kan no ma ɛyɛɛ me nwonwa! Na ɛyɛ awɔw bere wɔ afe 1945 awiei rekɔ afe 1946 mfiase mu hɔ. Akyiri yi, bere a wɔtew Bible adesua kuw wɔ Harthau, baabi a na yɛte no, m’abusua no fii ase kɔɔ bi daa.

“Meyɛ Abofra”

Bible mu nokware atitiriw a misuae ne Yehowa nkurɔfo a me ne wɔn bɔe daa no ma mihyiraa me nkwa so maa Yehowa, na mebɔɔ asu wɔ May 25, 1946. M’abusuafo no nyaa nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu ma m’ani gyei, na bere bi akyi no, wɔn baasa nyinaa bɛyɛɛ Adansefo anokwafo. Me nuabea no da so yɛ asafo ahorow a ɛwɔ Chemnitz no biako muni a ɔyɛ nsi. Me maame somee wɔ nokwaredi mu kosii sɛ owui wɔ afe 1965 mu, na saa ara na ne me papa nso yɛe kosii sɛ owui wɔ afe 1986 mu.

Mebɔɔ asu akyi asram asia na mifii ase somee sɛ ɔkwampaefo titiriw. Eyi ne ɔsom adwuma a na mɛyɛ me nkwa nna nyinaa wɔ “ɛbere a eye ne nea enye mu” no mfiase. (2 Timoteo 4:2) Ankyɛ na ɔsom hokwan ahorow bue maa me. Na wohia bere nyinaa asɛmpakafo wɔ beae bi a atew ne ho wɔ Germany apuei fam. Me ne onua bi bisaa hokwan no, nanso metee nka sɛ na minni osuahu anaa minyinii a metumi ayɛ adwuma a ɛte saa. Esiane sɛ na madi mfirihyia 18 pɛ nti, minyaa Yeremia adwene no bi: “Ao, [Yehowa, NW], . . . hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” (Yeremia 1:6) Ehu a na ɛwɔ me mu nyinaa akyi no, anuanom a wodi asafo no anim no ma yɛkɔe. Wɔde yɛn kɔɔ Belzig, akuraa ketewaa bi a ɛwɔ Brandenburg mantam mu no mu.

Na saa asasesin no mu asɛnka yɛ den, nanso ɛmaa minyaa ntetee a ɛfata. Bere bi akyi no, mmea aguadifo bi a wɔagye din pii gyee Ahenni nkrasɛm no toom, na wɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Gyinae a mmea no sii no bɛyɛɛ biribi a na etia sɛnea na akuraa a asefo nnɔɔso a amammerɛ atim wɔn mu na wosuro ade no yɛ wɔn ade no. Katolekfo ne Protestantfo asɔfo nyinaa sɔre tiaa yɛn denneennen bɔɔ yɛn atoro sobo de sɛee yɛn din wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho. Nanso, esiane sɛ yɛde yɛn ho too Yehowa so hwehwɛɛ akwankyerɛ ne ahobammɔ nti, yetumi boaa nnipa bi ma wogyee nokware no.

Wɔn Bo Huruw Tiaa Yɛn

Minyaa nhyira wɔ afe 1948 mu, na mihyiaa nsɛnnennen a na menhwɛ kwan nso. Nea edi kan no, wɔmaa me kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Rudolstadt, Thuringia. Mibehuu anuanom mmarima ne mmea pii wɔ hɔ, na m’ani gyee wɔn fekubɔ ho. Nhyira kɛse foforo a minyae no bae saa afe no July mu. Mewaree Erika Ullmann, Kristoni ababaa nokwafo bi a ɔyɛ nsi a na minim no fi bere a mifii ase kɔɔ asafo nhyiam wɔ Chemnitz Asafo mu no. Me ne no boom yɛɛ akwampae adwuma wɔ Harthau, me kurom. Nanso, bere bi akyi no, esiane yare ne nneɛma foforo bi nti Erika antumi antoa akwampae adwuma no so.

Na saa bere no mu yɛ den ma Yehowa nkurɔfo. Asoɛe a Ɛhwɛ Adwuma Ho Nsɛm So wɔ Chemnitz no twaa me tumi krataa a na mede tɔ aduan aboɔmmerɛw no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma magyae asɛnka adwuma no akɔhwehwɛ adwuma a mede me bere nyinaa bɛyɛ. Anuanom a wodi asafo no anim no gyinaa m’asɛm no so pɛe sɛ wɔfa so ma wogye yɛn tom wɔ mmara mu wɔ Ɔmantam no mu. Wɔampene eyi so, na wɔ June 23, 1950 no, wobuu me fɔ bɔɔ me ka kae sɛ mintua, na sɛ mantua a wɔde me bɛto afiase nnafua 30. Yɛannye atemmu no antom, na yɛde asɛm no kɔdan asɛnnibea kɛse a ɛwɔ hɔ no, nanso wɔampene so, ma enti wɔde me kɔtoo afiase.

Ɛno yɛɛ ɔsɔretia ne amanehunu a na ɛrebɛba no ho mframa ara kwa. Annu ɔsram biako mpo na Komunis nniso no baraa yɛn adwuma no wɔ September 1950 mu, bere a na wɔabɔ yɛn dimmɔne wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu akyi no. Esiane nkɔso a na yɛrenya ntɛmntɛm ne ɔfã biara a yennyina nti, wobuu yɛn sɛ nkurɔfo wɔn ho yɛ hu a yɛyɛ aman a wɔnyɛ Komunis aman no akwansrafo a yɛreyɛ “nneɛma bɔne” wɔ nyamesom din mu. Ɛda a wɔbaraa yɛn adwuma no ara na me yere woo yɛn babarima Johannes wɔ fie bere a na meda afiase no. Ɛmfa ho sɛ ɔwogyefo no kae sɛ ɔremma Polisifo no nkɔ yɛn fie hɔ no, wɔkɔe kɔhwehwɛɛ biribi a wobegyina so de adi adanse wɔ sobo ahorow a na wɔabɔ yɛn no ho. Nokwarem no, wɔannya hwee. Nanso, akyiri yi wotumi maa obi baa asafo no mu a na otietie nsɛm kɔka kyerɛ wɔn. Eyi ma wɔkyeree anuanom a wodi asafo no anim no nyinaa wɔ October 1953 mu, a na me ka ho.

Afiase Sum Mu

Bere a wodii yɛn asɛm buaa yɛn fɔ de yɛn mu binom guu afiase fi mfirihyia abiɛsa na ebinom nso de koduu mfirihyia asia no, wɔde yɛn kɔkaa yɛn nuanom ho wɔ Osterstein Abankɛse mu afiase a ɛwɔ Zwickau a ɛhɔ yɛ fĩ no. Ɛmfa ho ɛhɔ fĩ no, yɛn ani gyei ankasa sɛ yɛne anuanom a wɔn ho akokwaw no nyaa fekubɔ. Ahofadi a na yenni no amma yɛanni Onyankopɔn asɛm ho kɔm. Ɛwom sɛ na wɔabu Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no animtiaa abara de, nanso wɔde baa afiase hɔ de bi baa yɛn adan mu! Ɔkwan bɛn so?

Na wɔma anuanom no bi kɔyɛ adwuma wɔ baabi a wotu biriw, na ɛhɔ na na wohyia Adansefo a wofi kurom a wɔde nsɛmma nhoma no ma wɔn. Afei na anuanom wia wɔn ho de nsɛmma nhoma no ba afiase hɔ fa anifere kwan so de Onyankopɔn asɛm a ɛte sɛ aduan a na yehia no yiye no brɛ yɛn. M’ani gyei yiye, na ɛhyɛɛ me nkuran sɛ minyaa Yehowa mmoa ne akwankyerɛ wɔ saa kwan yi so!

Eduu afe 1954 no, woyii yɛn kɔɔ Torgau afiase a na agye dimmɔne no mu. Adansefo a na wɔwɔ hɔ no ani gyei sɛ wɔde yɛn baa hɔ. Ɛde besi saa bere no, ade a na aboa wɔn ma wɔakɔ so ayɛ den wɔ Onyankopɔn som mu ne Ɔwɛn-Aban a na aba dedaw mu nsɛm a na wɔakyere agu wɔn tirim a wɔkɔɔ so kaakaee no. Hwɛ sɛnea na wɔn ani agyina sɛ wɔn nsa bɛka Onyankopɔn asɛm nkyerɛkyerɛmu foforo! Afei na ɛho abehia sɛ yɛka nneɛma a na yɛasua wɔ Zwickau no bi kyerɛ wɔn. Nanso, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa bere a na wɔabara yɛn katee sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho mmɔ nkɔmmɔ bere a yɛnam no? Wiɛ, na anuanom no ama yɛn nyansahyɛ ahorow a edi mũ wɔ sɛnea yebefi ase no ho, na Yehowa nsa a ɛyɛ den no bɔɔ yɛn ho ban. Eyi ma yehuu hia a ehia sɛ yɛde nsi sua Bible no na yesusuw ho bere a yɛwɔ ahofadi ne hokwan sɛ yɛyɛ saa no.

Bere a na Ɛsɛ sɛ Yesisi Gyinae a Ɛho Hia

Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yegyinaa pintinn. Nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa paa no, wɔde yɛn mu bi ho kyɛɛ yɛn wɔ afe 1956 awiei mu. Minhu sɛnea mesi akyerɛkyerɛ anigye a yenyae bere a wobuee afiase pon no mu! Saa bere no na me ba no adi mfirihyia asia, na m’ani gyei kɛse sɛ mɛkɔ akɔka me yere ho na yɛabom atete yɛn ba no. Mfiase no, Johannes buu me sɛ ɔhɔho, nanso ankyɛ na abusuabɔ pa bɛdaa yɛn ntam.

Na Yehowa Adansefo a wɔwɔ East Germany no wɔ mmere a emu yɛ den paa mu. Nitan kɛse a na wɔanya ama yɛn wɔ yɛn Kristofo som adwuma ne ɔfã biara a yennyina ho no hwehwɛe sɛ yɛyɛ ahwɛyiye bere nyinaa—asetra a na asiane, dadwen, ne ɔbrɛ ayɛ no ma. Enti na ɛsɛ sɛ me ne Erika de mpaebɔ ne ahwɛyiye susuw yɛn tebea no yiye. Yɛtee nka sɛ ɛsɛ sɛ yetu kɔtra baabi a asomdwoe kakra wɔ sɛnea ɛbɛyɛ a adwennwen nhyɛ yɛn so. Ná yɛpɛ sɛ yenya ahofadi de som Yehowa, na yedu botae ahorow a yɛde asisi yɛn anim wɔ Onyankopɔn som mu no ho.

Wɔ afe 1957 fefɛw bere mu no, hokwan bue maa yɛn ma yetu kɔtraa Stuttgart, West Germany. Na wɔmmaraa asɛnka adwuma no wɔ hɔ, enti yetumi ne anuanom nyaa fekubɔ a biribiara ansiw yɛn kwan. Mmoa a wofi ɔdɔ mu yɛɛ yɛn no yɛɛ yɛn nwonwa. Yedii mfirihyia ason wɔ Hedelfingen asafo no mu. Saa bere no mu na yɛn ba no fii sukuu ase, na onyaa nkɔso pii wɔ nokware no mu. M’ani gyei sɛ minyaa hokwan kɔɔ Ahenni Ɔsom Sukuu wɔ Wiesbaden wɔ September 1962 mu. Ɛhɔ na wɔhyɛɛ me nkuran sɛ me ne m’abusua ntu nkɔsom wɔ baabi a wohia Bible akyerɛkyerɛfo a wɔka German kasa no. Wɔmaa yɛkɔɔ Germany ne Switzerland mmeae bi.

Yɛkɔɔ Switzerland Mmepɔw Alps So

Enti, yetu kɔɔ Switzerland wɔ afe 1963 mu. Wɔmaa yɛne asafo ketewaa bi a ɛwɔ Brunnen a ɛda Ɔtare Lucerne a ɛyɛ fɛ no ho wɔ Switzerland mmepɔw Alps no mfinimfini fam no kɔyɛɛ adwuma. Yɛn fam no, na ɛte sɛ nea yɛte paradise. Na ɛsɛ sɛ yesua German kasa a wɔka wɔ hɔ no, ɛhɔfo no asetra, ne wɔn su. Nanso, yɛn ani gyee adwuma ne asɛnka a yɛyɛe wɔ nnipa a wɔpɛ asomdwoe mu no ho. Yedii mfirihyia 14 wɔ Brunnen. Yɛn ba no nyinii wɔ hɔ.

Wɔ afe 1977 mu, bere a na mereyɛ adi mfirihyia 50 no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛsom wɔ Switzerland Betel wɔ Thun. Yebuu no sɛ ɔsom hokwan a na yɛn ani nna so, na yɛde anisɔ kɛse penee so. Me ne me yere de mfirihyia akron na ɛyɛɛ Betel som adwuma no, na yɛkae no sɛ ade titiriw a esii wɔ yɛn Kristofo asetram, na ɛma yenyaa nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Yɛn ani gyee asɛnka adwuma a yɛne ɛhɔnom adawurubɔfo no yɛe wɔ Thun ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ no ho nso. Na yehuu Yehowa “anwonwade,” Bernese Alps mmepɔw akɛse a sukyerɛma wɔ atifi no bere nyinaa no.—Dwom 9:1.

Yetuu Bio

Yetuu bio wɔ afe 1986 mfiase. Wɔma yɛkɔsomee sɛ akwampaefo atitiriw wɔ Buchs Asafo a ɛwɔ Switzerland apuei fam no asasesin kɛse bi mu. Na ɛsɛ sɛ yesua asetra kwan foforo bio. Nanso, ɔpɛ a na yɛwɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa wɔ baabiara a wobetumi de yɛn ayɛ adwuma no hyɛɛ yɛn nkuran ma yɛkɔyɛɛ adwuma foforo yi, na yenyaa ne nhyira. Wɔama masi ahwɛfo akwantufo ananmu asom, asrasra asafo ahorow ahyehyɛ wɔn den mmere bi. Mfirihyia dunwɔtwe atwam, na yɛanya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye pii wɔ asɛnka adwuma a yɛayɛ wɔ saa beae yi mu. Buchs asafo no anyin, na yɛn ani gye sɛ yɛyɛ yɛn asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa fɛfɛ bi a wohyiraa so mfirihyia anum a atwam ni no so.

Yehowa ahwɛ yɛn wɔ akwan pii so. Yɛde yɛn asetra mu fã kɛse no ara na ayɛ bere nyinaa som adwuma no, nanso enhiaa yɛn hwee da. Yɛanya anigye ne abotɔyam sɛ yehu sɛ yɛn babarima no ne ne yere, wɔn mma, ne wɔn mmanananom mmusua de nokwaredi resom Yehowa.

Sɛ mehwɛ m’akyi a, nokwarem no, mete nka sɛ yɛasom Yehowa wɔ “ɛbere a eye ne nea enye mu.” Kristofo som adwuma a mayɛ no ayi me afi Komunis afiase sum mu de me akɔ Switzerland mmepɔw Alps a ɛyɛ fɛ no so. Me ne m’abusua nnuu yɛn ho da.

[Adaka wɔ kratafa 28]

“Nnipa a Wohuu Amane Mprenu” no Gyinaa Pintinn Wɔ Ɔtaa Mu

Wɔ German Democratic Republic (a wotwa no tiaa wɔ Engiresi mu sɛ GDR), a wɔsan frɛ no East Germany no tumidi ase no, wɔde ani sii Yehowa Adansefo so hyɛɛ wɔn so denneennen. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ da no adi sɛ wɔde Adansefo bɛboro 5,000 koguu adwumayɛdan ne afiase ma wɔyɛɛ adwumaden esiane wɔn Kristofo som adwuma ne ɔfã biara a wonnyina nti.—Yesaia 2:4.

Wɔaka eyinom bi ho asɛm sɛ “nnipa a wohuu amane mprenu.” Wɔde wɔn mu bɛyɛ 325 guu Nasi nneduaban ne afiase ahorow mu. Afei, wɔ 1950 mfe no mu no, Stasi, GDR Polisifo no kyekyeree wɔn guu afiase. Afiase no bi wɔ hɔ a Nasifo de dii dwuma, ɛnna Stasi nso de dii dwuma.

Mfirihyia du a edi kan wɔ ɔtaa a emu yɛ den no mu, efi afe 1950 kosi 1961 no, ayayade, aduampa a wɔannya anni, yare, ne onyin maa Adansefo 60—mmarima ne mmea—wuwui wɔ afiase. Wɔde Adansefo dumien guu afiase wɔn nkwa nna nyinaa, na akyiri yi, wɔtew so ma ɛbɛyɛɛ mfirihyia 15.

Ɛnnɛ, adekyerɛde bi a wɔde reda mfirihyia 40 a wɔde taa Yehowa Adansefo adi wɔ East Germany no wɔ kan Stasi adwumayɛbea ti a ɛwɔ Berlin no. Adansefo yi a wodii nokware wɔ ɔtaa mu no mfonini ne wɔn nsɛm a wɔkyerɛwee no di wɔn akokoduru ne wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a emu yɛ den ho adanse a ɔkasa nnim.

[Asase mfonini wɔ kratafa 24, 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

EAST GERMANY

Rudolstadt

Belzig

Torgau

Chemnitz

Zwickau

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Osterstein Abankɛse a ɛwɔ Zwickau no

[Asɛm Fibea]

Fotosammlung des Stadtarchiv Zwickau, Deutschland

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne me yere Erika