Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Dawid a na ɔyɛ Yehowa somfo nokwafo no maa ne yere Mikal nyaa abusua honi, anaa ohoni, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ 1 Samuel 19:12, 13 no?

Nea edi kan no, ma yensusuw asɛm a na asi no ho kakra. Bere a Dawid yere tee sɛ Ɔhene Saul abɔ pɔw sɛ obekum Dawid no, ntɛm ara na ɔbea no yɛɛ ho biribi. Bible ka sɛ: “Mikal de Dawid faa mfɛnsere mu sii fam, na ɔkɔe, na oguan fii mu. Na Mikal faa ohoni [a ɛda adi sɛ na ne kɛse ne ne yɛbea te sɛ nipa] de too mpa no so, na ɔde abirekyi nhwi sumii too atifi, na ɔde ntama kataa so.” Bere a Saul asomafo no bae sɛ wɔrebɛkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔyare.” Anifere kwan yi gyee bere, na ɛmaa Dawid nyaa bere a ɛfata de guanee.—1 Samuel 19:11-16.

Tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu kyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔsom ho ade nko na na wɔde abusua honi yɛ, na mmom na wɔde di dwuma mmara mu nso. Sɛnea wotumi gyina tumi nkrataa ne nsamansew a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ so tumi kyerɛ nea agyapade bi yɛ ne dea nnɛ no, saa ara na tete no nso na wotumi gyina abusua honi so kyerɛ nea agyapade bi yɛ ne dea. Ɛda adi sɛ na asew barima betumi agyina abusua honi a ɛwɔ ne nkyɛn so afa ne yere papa a wawu nneɛma wɔ tebea horow bi mu. Ɛbɛyɛ sɛ eyi nti na bere bi a atwam no, Rahel faa ne papa abusua ahoni no. Na ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti nso na na ne papa ani abere sɛ ne nsa bɛka n’ade no. Saa bere no na Rahel kunu Yakob nnim nea ne yere no ayɛ no.—Genesis 31:14-34.

Bere a Israelfo bɛyɛɛ ɔman no, wɔmaa wɔn Mmara Nsɛm Du no. Nea ɛto so abien no baraa ahoni a na wɔbɛyɛ no pefee. (Exodus 20:4, 5) Akyiri yi odiyifo Samuel kaa mmara yi ho asɛm bere a na ɔrekasa akyerɛ Ɔhene Saul no. Ɔkae sɛ: “Atuatew te sɛ atoro nkɔmhyɛ, na asoɔden te sɛ amumɔyɛ ne ahonisom!” (1 Samuel 15:23) Eyi nti, ɛda adi sɛ wɔamfa abusua ahoni anni dwuma sɛ adanse a wogyina so kyerɛ nea agyapade bi yɛ ne dea wɔ Israel. Nanso, ɛte sɛ nea tete Yudafo gyidihunu yi kɔɔ so wɔ Israelfo mmusua bi mu. (Atemmufo 17:5, 6; 2 Ahene 23:24) Sie a Mikal kɔɔ so de abusua honi siee ne nneɛma mu no kyerɛ sɛ na ne koma nni mu wɔ Yehowa ho. Ɛbɛyɛ sɛ na Dawid nnim abusua honi no ho hwee, anaasɛ esiane sɛ na Mikal yɛ Ɔhene Saul babea nti na Dawid maa ho kwan no.

Dawid ada adwene a na ɔwɔ wɔ ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa ho no adi wɔ ne nsɛm yi mu: “[Yehowa, NW] yɛ ɔkɛse na ɔsɛ ayeyi sɛ, na ne ho yɛ hu anyame nyinaa so. Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw, na [Yehowa, NW] de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.”—1 Beresosɛm 16:25, 26.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so abien no baraa ahoni te sɛ abusua honi a ɛwɔ ha yi a na wɔbɛyɛ no

[Asɛm Fibea]

From the book The Holy Land, Vol. II, 1859