Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛsɛ sɛ Wokɔ Asɔre Bi?

So Ɛsɛ sɛ Wokɔ Asɔre Bi?

So Ɛsɛ sɛ Wokɔ Asɔre Bi?

NKURƆFO te nka sɛ ‘ɛnyɛ asɔre a wobɛkɔ no daa anaa ɔsom bi muni a wobɛyɛ no na ɛbɛma woanya gyidi wɔ Onyankopɔn mu!’ Nokwasɛm ne sɛ, ebinom ka sɛ, sɛ wopue kɔnantenantew abɔnten so hwehwɛ nneɛma a wɔabɔ no a, ɛma wɔte nka sɛ wɔabɛn Onyankopɔn paa sen sɛ anka wɔbɛkɔ asɔre. Ɛnnɛ, nnipa pii susuw sɛ Onyankopɔn mu gyidi a wubenya no nhwehwɛ sɛ wobɛkɔ asɔre bi.

Nanso, ebinom te nka sɛ asɛm no nte saa koraa. Wɔka sɛ, sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ obi paa a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔsom bi muni na ɔkɔ asɔre daa. Enti, sɛ́ obi bɛyɛ ɔsom bi muni anaa ɔnyɛ bi no yɛ ade a ɛkɔ akyiri sen biribi a wosua ho ade kɛkɛ. Esiane sɛ ɛfa yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho nti, so ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ nea Onyankopɔn ankasa ka wɔ ho no mu? Ɛnde, dɛn na yebetumi asua afi nea N’asɛm Bible no ka wɔ asɛm yi ho no mu?

Sɛnea Onyankopɔn ne Tetefo no Dii

Bɛyɛ mfirihyia 4,400 a atwam ni no, osu kɛse bi a nnipa werɛ ntumi mfi da yiri faa wiase nyinaa. Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa taa ka nsuyiri a ɛte saa ho asɛm bere a wɔreka wɔn tete abakɔsɛm ho asɛm no. Ɛwom sɛ ɛsono sɛnea obiara ka ne de de, nanso abakɔsɛm no mu biara ka sɛ nnipa ne mmoa kakraa bi pɛ na wonyaa nkwa wɔ nsuyiri no mu.

So wɔn a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no ti na ɛyɛɛ yiye ara kwa? Bible kyerɛwtohɔ no ma yehu sɛ ɛnte saa koraa. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn anyi ankorankoro biara asotiw sɛ Nsuyiri bi rebɛba. Mmom no, nea ɔyɛe ne sɛ ɔbɔɔ Noa amanneɛ maa ɔno nso bɔɔ nnipa a na wɔwɔ hɔ saa bere no kɔkɔ sɛ Nsuyiri bi rebɛba.—Genesis 6:13-16; 2 Petro 2:5.

Sɛ na obi benya nkwa wɔ nsuyiri no mu a, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ saa kuw a wɔyɛ nneɛma bom yi ho na odi akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa Noa no so. Wɔde akwankyerɛ pɔtee bi nso maa Noa sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe bi a wɔnam so begye mmoa nkwa. Enti, sɛ na aboa mpo benya nkwa wɔ nsuyiri no mu a, na ɛsɛ sɛ ɔka saa kuw yi ho wɔ adaka no mu.—Genesis 6:17–7:8.

Wɔ nsuyiri no akyi mfirihyia pii no, Noa mmanananom a wɔyɛ Sem asefo kɔyɛɛ nkoa wɔ Misraim. Nanso, na Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obeyi wɔn afi nkoasom mu de wɔn akɔ asase a ɔhyɛɛ wɔn nana Abraham bɔ sɛ ɔde bɛma no no so. Saa bere yi nso, wɔanka saa atirimpɔw yi ho asɛm ankyerɛ ankorankoro biara. Na mmom ɛyɛ Mose ne ne nua Aaron a na wɔapaw wɔn sɛ wonni wɔn anim no na wodii kan ka kyerɛɛ wɔn. (Exodus 3:7-10; 4:27-31) Bere a woyii nkurɔfo yi fii Misraim nkoasom mu no, wɔde Onyankopɔn Mmara maa wɔn wɔ Bepɔw Sinai ho maa wɔbɛyɛɛ ɔman Israel.—Exodus 19:1-6.

Ɛyɛ bɔ a Israelni biara de ne ho bɔɔ saa kuw a na Onyankopɔn ahyehyɛ yi ne wɔn a na wɔapaw wɔn sɛ wonni wɔn anim no akwankyerɛ so a wodii no na ɛmaa wonyaa ogye. Wɔyɛɛ nsiesiei maa Misrifo binom nso de wɔn ho bɔɔ saa nkurɔfokuw a akyinnye biara nni ho sɛ na Onyankopɔn ahyira wɔn yi ho. Enti, bere a Israelfo no fii Misraim no, saafo yi ne wɔn kɔe, na akyinnye biara nni ho sɛ na Onyankopɔn behyira wɔn nso.—Exodus 12:37, 38.

Afei, bere a Yesu fii n’asɛnka adwuma ase wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔno nso boaboaa nkurɔfo bi ano sɛ n’asuafo. Ɛwom sɛ ofi ɔdɔ mu maa ankorankoro nsa kaa nneɛma a ehia wɔn de, nanso ɔne n’asuafo no dii nsɛm sɛ kuw. Ɛyɛ asomafo anokwafo 11 no na Yesu kaa asɛm a edi so yi kyerɛɛ wɔn: “Mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo.” (Luka 22:28, 29) Akyiri yi, bere a na asuafo no nyinaa ahyia wɔ baabi no, wohwiee Onyankopɔn honhom kronkron guu wɔn so.—Asomafo no Nnwuma 2:1-4.

Saa nhwɛso ahorow yi ma yehu sɛ efi tete mmere mu tɔnn na Onyankopɔn akɔ so ne ne nkoa adi nsɛm sɛ kuw a wɔahyehyɛ. Onyankopɔn de nnipa kakraa bi te sɛ Noa, Mose, Yesu, ne afoforo dii dwuma de akwankyerɛ maa nkurɔfokuw bi. Wɔ yɛn bere yi so no, ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ Onyankopɔn asesa ɔkwan a ɔfa so ne ne nkoa di nsɛm no. Eyi ma asɛm foforo bi sɔre: So ɔsom biara kɛkɛ a wode wo ho bɛbɔ no ye? Yebesusuw saa asɛmmisa a ɛho hia yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Efi tete mmere mu tɔnn na Onyankopɔn akɔ so ne ne nkoa adi nsɛm sɛ kuw a wɔahyehyɛ