Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛnyɛ Afoforo Papa Anaa Yɛnnyɛ Wɔn Bɔne Kɛkɛ?

Yɛnyɛ Afoforo Papa Anaa Yɛnnyɛ Wɔn Bɔne Kɛkɛ?

Yɛnyɛ Afoforo Papa Anaa Yɛnnyɛ Wɔn Bɔne Kɛkɛ?

“ADE a wompɛ sɛ wɔde yɛ wo no, mfa nyɛ afoforo.” Wɔkyerɛ sɛ Chinani kyerɛkyerɛfo ne nyansapɛfo Confucius na ɔkaa abrabɔ ho nnyinasosɛm a ɛfata yi. Ɛnnɛ, bɛyɛ mfirihyia 2,500 akyi no, nnipa pii da so susuw sɛ sɛ wɔanyɛ afoforo bɔne biara a, na wɔayɛ nea ɛfata wɔ asetra mu.

Nokwarem no, biribi pa wɔ Confucius abrabɔ ho nnyinasosɛm yi mu. Nanso, Bible nso ka biribi foforo fa nnipa su ne wɔn nkitahodi ho. Bible ka sɛ ɛnyɛ bɔne nko na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ tia yɛn yɔnko nnipa, na mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔn papa nso. Kristo suani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.” (Yakobo 4:17) Sɛ́ anka Yesu Kristo bɛka akyerɛ Kristofo kɛkɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ afoforo bɔne no, afotu yi na ɔde maa wɔn: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.

Na ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw fi mfiase sɛ adesamma nyinaa ne wɔn ho wɔn ho bedi nsɛm sɛnea wɔbɛpɛ sɛ wɔne wɔn di no. Ɔyɛɛ nhwɛso a eye sen biara a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma afoforo yiyedi ho hia yɛn wɔ ɔkwan a ɔfaa so bɔɔ nnipa no mu: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” (Genesis 1:27) Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn fi ɔdɔ mu maa nnipa ahonim a sɛ wɔtete no yiye a, ɛbɛboa wɔn ma wɔne afoforo adi nsɛm sɛnea wɔbɛpɛ sɛ wɔne wɔn ankasa di no.

Nnipa pii na wohu amane nnɛ wɔ nkurɔfo a wonsusuw afoforo ho na wɔyɛ ahopɛ no nsam a wonni anidaso ne mmoa biara a ɛbɛma wɔade wɔn ho. Ɛda adi pefee sɛ nea ehia sɛ yɛyɛ no sen afoforo a yɛrenyɛ wɔn bɔne anaa yɛrempira wɔn kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔn papa na yɛboa wɔn. Eyi nti Yehowa Adansefo fi wɔn pɛ mu yɛ biribi pa de boa afoforo ma wosua anidaso a ɛyɛ anigye ho ade wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Ɔdɔ mu na wofi de Bible mu asɛmpa no kɔ wɔn afipamfo nkyɛn, na wɔyɛ nea wɔbɛpɛ sɛ afoforo nso yɛ ma wɔn ankasa no.