Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Agyapade a Ɛsom Bo Sen Biara

Agyapade a Ɛsom Bo Sen Biara

Agyapade a Ɛsom Bo Sen Biara

WƆ ƆSOMAFO Yohane a na wabɔ akora no mfe a etwa to mu no ɔkyerɛwee sɛ: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.”—3 Yohane 4.

Na ɔsomafo nokwafo no reka ne honhom fam mma ho asɛm. Nanso, awofo pii bɛka nsɛm a ɔsomafo no kae no bi. Wɔayere wɔn ho atete wɔn mma wɔ ‘Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu,’ na seesei wɔn ani gye sɛ wohu sɛ wɔn mma a wɔanyinyin no “nam nokware mu.” (Efesofo 6:4) Nokwarem no, mmofra a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔafa nkwa kwan so no yɛ agyapade a ɛsom bo sen biara a wɔde ama wɔn. Eyi te saa efisɛ onyamesom pa, a nea ɛka ho ne sɛ yɛbɛtra ase sɛnea Yehowa hwehwɛ sɛ Kristofo tra ase no ‘wɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.’—1 Timoteo 4:8.

Yehowa, Agya a ɔyɛ pɛ no ani sɔ awofo a wosuro Nyankopɔn a wɔbɔ mmɔden kyerɛkyerɛ wɔn mma honhom fam nneɛma no. Sɛ mmofra no de di dwuma a, wonya anigye wɔ nokware som a wɔne wɔn awofo bom som no mu. Bere a saa mmofra no renyin no, wɔboa osuahu a ɛyɛ anigye a ɛtete saa no ano wɔ wɔn tirim. Wɔn mu binom de anigye kae mmere a edi kan a wonyaa kyɛfa wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no. * Anaasɛ ebia wɔkae bere a edi kan a wɔne wɔn awofo no mu biako kɔyɛɛ fie ne fie asɛnka adwuma na wotumi kenkanee Bible kyerɛwsɛm bi no. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ afi nea wɔn awofo kenkan fii Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No kyerɛɛ wɔn no? * Gabriel kae ɔfã a na n’ani gye ho no: “Bere a midii mfe anan pɛ no, na me maame taa to dwom ma me bere a ɔrenoa aduan no. Meda so ara fi nkate a emu yɛ den mu kae Ahenni nnwom no bi. Akyiri yi, ɛboaa me ma mihuu hia a Yehowa som ho hia.” Ebia wo nso wokae nnwom dɛdɛ a Gabriel reka ho asɛm no. Ɛyɛ dwom a ɛto so 157 wɔ yɛn dwom nhoma Monto Ayeyi Nnwom mma Yehowa no mu, na dwom no asɛmti ne “Som Yehowa Wo Mmeranteberem.”

Dwom no fi ase sɛ: “Yah de ayeyi fii nkokoaa nom bae;/Wɔmaa wɔn ne so yii Yesu ayɛ.” Nokwarem no, mmofra bi nyaa hokwan ne Yesu bɔe, na ɛda adi sɛ wɔde sɛnea wɔn ho yɛ anika ne sɛnea wɔka wɔn nsɛm penpen no maa n’ani gyei. Yesu mpo de sɛnea mmofra wɔ ɔpɛ sɛ wobetie asɛm no yɛɛ nhwɛso maa n’akyidifo no sɛ wonsua. (Mateo 18:3, 4) Enti mmofra wɔ ɔfã a ɛfata wɔ Yehowa som mu. Nokwarem no, dwom no mu nsɛm toa so sɛ: “Yiw, nkokoaa mpo hyɛ Nyankopɔn anuonyam.

Mmofra pii de nnidi abrɛ Nyankopɔn ne wɔn abusua denam abrabɔ pa a wɔda no adi wɔ—fie, sukuu mu, ne mmeae afoforo no so. Hwɛ nhyira a wɔanya sɛ wɔwɔ “Awofo Kristofo a wɔdɔ nokware no.” (Deuteronomium 6:7) Awofo a wosuro Nyankopɔn no yɛ Nyankopɔn a ɔte sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ na ɔkyerɛ n’abɔde sɛ wɔmfa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so no apɛde. Na hwɛ nhyira ara a wɔn awofo no nya! Na bere a wɔn nso kyerɛkyerɛ mmofra a wɔwɔ wɔn mmusua mu no, hwɛ sɛnea wɔn ani gye sɛ wɔwɔ mmofra a ‘wotie wɔn ma wɔn ani gye.’ (Yesaia 48:17, 18) Angélica a mprempren ɔsom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico no ka sɛ: “Na m’awofo bɔ mmɔden sɛ bere nyinaa wɔde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma. Ɛmaa m’ani gyei wɔ me mmofraase. Na mewɔ anigye.”

Kristofo a wɔte saa no gye toom sɛ ɛho hia sɛ wɔbɔ honhom fam agyapade a wɔde ama wɔn no ho ban. Ebia na woyɛ ɔbabun a wɔtetee wo wɔ abusua a wokura nokware Kristofo gyinapɛn mu mu. Sɛ saa a, saa dwom koro no ara tu wo fo sɛ: “Kristofo mmofra, montew mo kwan ho.” Bere bi bedu a w’ankasa besisi gyinae ahorow, enti mprempren “Muntweri Yehowa mo mmofraase./Mommmrɛ mo ho mpo sɛ mubegye din.”

Sɛ mudi mfomso sɛ mubegye din wɔ mo asetram a, ntetee a moanya nyinaa bɛyɛ kwa na anidaso a mowɔ daakye no nso bɛsɛe. Ɔpɛ a obi benya sɛ obegye din no remma n’ani nna hɔ. Nea ekowie ne sɛ ebinom ne wɔn a ɛte sɛ nea wɔyɛ nnipa pa na mpo wɔn ho yɛ fɛ nanso wɔn ani nnye Kristofo gyinapɛn ho no akɔbɔ fekuw. Wɔde Tara a na odi akoten wɔ video a wɔato din Young People Ask—How Can I Make Real Friends? no mu na ɛkyerɛkyerɛɛ eyi mu. Te sɛ Tara no, Kristoni abofra biara a ɔne wɔn a wommu nokware som bɔ no bɛba abehu ntɛm ara sɛ “Yɔnko bɔne sɛe ɔbra pa,” sɛnea dwom no ka no. Egye bere ne mmɔdenbɔ na ama woanya suban pa, nanso ebetumi asɛe ntɛm.

Nokwarem no, Onyankopɔn suro a wɔde bɛtra ase no nyɛ mmerɛw. Nanso, sɛnea dwom no kɔ so ka no, “Sɛ mokae Nyankopɔn mmerantebere mu,/Som Yah honhom mu ne nokwarem a,” mobɛto nhyɛase pa ama asi mo yiye. Na bere a “morenyin no, mo ani begye pii.” Na mubehu sɛ denam Yehowa adɔe so no, biribiara rentumi nsiw mo kwan wɔ nea ɛteɛ wɔ n’ani so a mobɛyɛ no ho. Saa kwan no so na monam bɛyɛ mpanyimfo a wosuro Nyankopɔn a wɔn ho akokwaw. Nea ɛsen ne nyinaa no, esiane nyansa mu a mufi nya Kristofo ntetee nti, “Nyankopɔn nso koma ani begye.” So nnipa betumi anya hokwan kɛse a ɛsen eyi?—Mmebusɛm 27:11.

Enti mmabun, bere nyinaa monkae sɛ ntetee a munya fi Yehowa ne mo awofo a wɔyɛ Kristofo hɔ no som bo. Ɛmmra sɛ ɔdɔ kɛse a wɔwɔ ma mo no bɛkanyan mo ma moayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Te sɛ nea Yesu Kristo ne abofra Timoteo yɛe no, mo nso mobɛma mo soro Agya no ne mo asase so awofo ani agye. Na sɛ ɛba sɛ mo nso mobɛyɛ awofo a, mo ne Angélica a yɛbɔɔ ne din wɔ asɛm yi mfiase no bɛyɛ adwene sɛ: “Sɛ me nso me wo ba a, mɛbɔ mmɔden biara sɛ mede Yehowa ho dɔ bɛhyɛ ne komam afi ne mmofraase, na ayɛ ade titiriw a ɛbɛkyerɛ no kwan wɔ n’asetram.” Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkwan a ɛteɛ a ɛkɔ daa nkwa mu no ne agyapade a ɛsom bo sen biara!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Mmofra ne mpanyin nyinaa nya saa Bible nkyerɛkyerɛ dwumadi yi a wɔyɛ wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no mu kyɛfa.

^ nky. 4 Yehowa Adansefo na wotintim nhoma ahorow a wɔabobɔ din no.