Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata

Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata

Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata

‘Kristo mogya bɛtew yɛn ahonim ho afi nnwuma funu ho na ama yɛasom Onyankopɔn teasefo no.’—HEBRIFO 9:14.

1. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ yebu nkwa sɛ ɛsom bo paa?

SƐ WOBISA wo sɛ wo nkwa som bo dɛn a, anka dɛn na wobɛka? Yebu nkwa—yɛn ankasa nkwa ne afoforo nso de—sɛ ɛsom bo paa. Nea edi eyi ho adanse no, ebia yɛbɛkɔ oduruyɛfo hɔ bere a yɛyare anaa yɛbɛyɛ yɛn akwahosan ho nhwehwɛmu bere ne bere mu wɔ ayaresabea. Yɛpɛ sɛ yɛtra nkwa mu na yenya apɔwmuden. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔadi dɛm mpo mpɛ sɛ wowu; wɔpɛ sɛ wɔtra nkwa mu.

2, 3. (a) Ahyɛde bɛn na Mmebusɛm 23:22 si so dua? (b) Ɔkwan bɛn so na ahyɛde a wɔaka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 23:22 no fa Onyankopɔn ho?

2 Sɛnea wubu nkwa no ka wo ne afoforo ntam abusuabɔ. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn Asɛm hyɛ sɛ: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” (Mmebusɛm 23:22) Asɛmfua “tie” no kyerɛ pii sen nsɛm kɛkɛ a wubetie; nea saa mmebusɛm yi kyerɛ ne sɛ wubetie na woadi so. (Exodus 15:26; Deuteronomium 7:12; 13:18; 15:5; Yosua 22:2; Dwom 81:13) Dɛn nti na Onyankopɔn Asɛm ka sɛ yentie wɔn no? Ɛnyɛ nyin a w’agya ne wo na anyin sen wo anaa osuahu pii a wɔwɔ kɛkɛ no nti. Mmom no, nea enti a ɛsɛ wutie wɔn no ne sɛ wɔn na ‘wɔwoo wo.’ Wɔkyerɛ nkyekyɛm yi ase wɔ nkyerɛase ahorow bi mu sɛ: “Tie w’agya a ɔmaa wo nkwa no.” Nokwarem no, sɛ wo nkwa som bo ma wo a, wobɛte nka sɛ wowɔ asɛyɛde wɔ onii a ɔmaa wo nkwa no anim.

3 Nokwarem no, sɛ woyɛ Kristoni a, wugye tom sɛ Yehowa ne wo nkwa Fibea ankasa. Ne mu na ‘wote ase,’ ‘keka wo ho,’ yɛ ade sɛ abɔde a wowɔ nkate, na ‘wowɔ hɔ’ nnɛ na wutumi yɛ ntotoe ma daakye, a daa nkwa ka ho no. (Asomafo no Nnwuma 17:28; Dwom 36:9; Ɔsɛnkafo 3:11) Nea ɛne Mmebusɛm 23:22 hyia no, ɛfata sɛ ‘yetie’ Onyankopɔn, na yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛte sɛnea obu nkwa no ase na yɛama ɛno akyerɛ yɛn kwan mmom sen sɛ yebegye adwene foforo biara a ɛfa nkwa ho atom.

Kyerɛ Obu Ma Nkwa

4. Ɔkwan bɛn so na obu a wɔkyerɛ ma nkwa bɛyɛɛ asɛnhia fi onipa abakɔsɛm mfiase?

4 Wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ no, Yehowa maa emu daa hɔ sɛ wamfa hokwan no amma nnipa sɛ wɔmfa nkwa nni dwuma (anaa wɔnsɛe) no a adwene a wɔde yɛ saa mfa ho. Kain a na ahoɔyaw ama ne bo abufuw no twaa ne nua Habel nkwa a na ɛho nni asɛm no so. So wususuw sɛ na Kain wɔ hokwan sɛ osi gyinae a ɛte saa fa nkwa ho? Onyankopɔn ansusuw saa. Obisaa Kain sɛ: “Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.” (Genesis 4:10) Hyɛ no nsow sɛ, na Habel mogya a ɛwɔ asase so no gyina hɔ ma ne nkwa a na wɔnam atirimmɔden so atwa so no, na ɛteɛɛm frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔntɔ werɛ.—Hebrifo 12:24.

5. (a) Dɛn na Onyankopɔn barae wɔ Noa nna no mu, na na ɛfa henanom ho? (b) Ntease bɛn mu na na ade a ɔbarae no ho hia?

5 Wɔ Nsuyiri no akyi no, wɔde akra baawɔtwe pɛ na ɛhyɛɛ adesamma asetra ase bio. Wɔ asɛm bi a Onyankopɔn kae a ɛfa nnipa nyinaa ho mu no, ɔdaa sɛnea obu nkwa ne mogya ho nsɛm pii adi. Ɔkae sɛ nnipa betumi adi mmoa nam, nanso ɔde saa anohyeto yi mae: “Nea ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛ́nyɛ mo aduan; mede ne nyinaa mama mo, sɛnea mede nhaban momono memaa mo no. Nam a ɛwɔ ne kra, ɛne sɛ ne mogya mu nko na munnni.” (Genesis 9:3, 4) Yudafo binom kyerɛ ɛno ase sɛ, na ɛnsɛ sɛ nnipa di aboa a onwui nam anaa ne mogya. Nanso, akyiri yi ɛbɛdaa adi pefee sɛ nea na Onyankopɔn rebara wɔ ha no yɛ mogya a wodi de kora nkwa so. Bio nso, na Onyankopɔn ahyɛde a ɔnam Noa so de mae no yɛ ade a ɛho hia a ɔnam so bedi N’atirimpɔw a ɛkorɔn a ɛfa mogya ho—atirimpɔw a ɛbɛma nnipa anya daa nkwa ho dwuma.

6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nam Noa so sii sɛnea Obu nkwa so dua?

6 Onyankopɔn toaa so sɛ: “Mo mogya de, mo kra nti mebisa; aboa biara nsam na mebisa, na onipa nsam, obiara a ɔyɛ ne nua mpo nsam, na mebisa onipa kra. Nea ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ne mogya agu, efisɛ Onyankopɔn suban so na ɔyɛɛ onipa.” (Genesis 9:5, 6) Wubetumi ahu afi asɛm a wɔka kyerɛɛ adesamma abusua no nyinaa yi mu sɛ Onyankopɔn bu onipa mogya sɛ egyina hɔ ma onipa no nkwa. Ɔbɔadeɛ no na ɔde nkwa ma onipa no, na ɛnsɛ sɛ obiara yi saa nkwa a wɔde mogya gyina hɔ ma no fi hɔ. Te sɛ Kain no, sɛ obi di awu a, Ɔbɔadeɛ no wɔ hokwan sɛ ‘obisa’ onii no nkwa fi nea odii awu no hɔ.

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa faa mogya ho no ho hia yɛn?

7 Ná Onyankopɔn nam asɛm a ɔkae no so rekyerɛ nnipa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde mogya di dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so. So woasusuw nea enti a ɛte saa no ho pɛn? Dɛn nti na na Onyankopɔn kura adwene a ɛte saa wɔ mogya ho? Nokwarem no, mmuae no gyina Bible mu nkyerɛkyerɛ a ɛho hia paa no mu biako so. Ɛwom sɛ asɔre ahorow pii bu wɔn ani gu so de, nanso ɛno ne ade titiriw a Kristofo nkyerɛkyerɛ no gyina so. Dɛn ne saa nkyerɛkyerɛ no, na ɔkwan bɛn so na ɛfa wo nkwa, wo gyinaesi ahorow ne wo nneyɛe ho?

Mogya—Ɔkwan Bɛn So na na Wobetumi De Adi Dwuma?

8. Anohyeto bɛn na Yehowa de mae wɔ Mmara no mu?

8 Yehowa de nkwa ne mogya ho nsɛm a ɛkɔ akyiri pii mae bere a ɔde Mmara apam no maa Israelfo no. Ɔnam saayɛ so tuu anammɔn foforo a ɔde bedi n’atirimpɔw ho dwuma. Ebia wunim sɛ na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔde nneɛma te sɛ aduan, ngo ne nsa bɔ afɔre ma Onyankopɔn. (Leviticus 2:1-4; 23:13; Numeri 15:1-5) Na mmoa afɔrebɔ nso wɔ hɔ. Onyankopɔn ka faa eyinom ho sɛ: “Ɔhonam kra wɔ mogya no mu, na mede mama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra; na mogya na wɔde pata ma ɔkra. Ɛno nti na mise Israelfo sɛ: Mo mu ɔkra biara nnni mogya [no].” Yehowa de kaa ho sɛ sɛ obi, te sɛ ɔbɔmmɔfo anaa okuafo, kum nam a wodi a, ɛsɛ sɛ ohwie ne mogya gu, de dɔte kata so. Esiane sɛ asase yɛ Onyankopɔn nan ntiaso nti, sɛ onii no hwie mogya no gu fam a, na ɔregye atom sɛ nkwa no resan akɔ Nkwamafo no hɔ.—Leviticus 17:11-13; Yesaia 66:1.

9. Ade biako pɛ bɛn na na wɔde mogya yɛ wɔ Mmara no mu, na na atirimpɔw no ne dɛn?

9 Na saa mmara no nyɛ nyamesom mu amanne bi kɛkɛ a ɛnkyerɛ hwee mma yɛn. So wohyɛɛ nea enti a na ɛnsɛ sɛ Israelfo no di mogya no nsow? Onyankopɔn kae sɛ: “Ɛno nti na mise Israelfo sɛ: Mo mu ɔkra biara nnni mogya” no. Dɛn ntia? “Mede [mogya] mama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra.” So wuhu sɛ eyi ma yɛte nea enti a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɛnsɛ sɛ nnipa di mogya no ase? Ɔbɔadeɛ no buu mogya sɛ biribi a ɛkorɔn, na ɔkoraa so maa dwumadi titiriw biako bi a ebetumi agye nnipa pii nkwa. Ná ebedi dwuma titiriw bi de ayɛ bɔne ho mpata. Enti wɔ Mmara no ase no, na ade biako pɛ a Onyankopɔn pene so ma wɔde mogya yɛ ne sɛ wɔde bɛma wɔ afɔremuka no so sɛ bɔne ho mpata ama Israelfo a na wɔrehwehwɛ Yehowa hɔ fafiri no.

10. Dɛn nti na mmoa mogya antumi amfa fafiri koraa ama, nanso dɛn na afɔre a wɔbɔɔ wɔ Mmara no ase ma wɔkaee?

10 Saa adeyɛ yi nyɛ soronko wɔ Kristosom mu. Bere a Kristoni somafo Paulo retwe adwene asi Mmara a Onyankopɔn hyehyɛe no fã yi so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ade nyinaa na wɔde mogya tew ho, sɛnea Mmara no te, na mogya angu a, fafiri mma.” (Hebrifo 9:22) Paulo maa emu daa hɔ pefee sɛ afɔrebɔ ahorow no amma Israelfo no ammɛyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ a wonni bɔne. Ɔkyerɛwee sɛ: “Saa afɔrebɔ yi ma wɔkae bɔne afe biara, efisɛ anantwinini ne mpapo mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.” (Hebrifo 10:1-4, NW) Nanso, na saa afɔrebɔ ahorow no so wɔ mfaso. Ɛkaee Israelfo no sɛ wɔyɛ abɔnefo, na wohia biribi a ɛkyɛn saa na ama wɔanya fafiri koraa. Nanso, sɛ mogya a egyina hɔ ma mmoa nkwa antumi anyi nnipa bɔne koraa a, so mogya bi betumi ayɛ saa?

Sɛnea Nkwamafo no De Mogya Di Dwuma

11. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na mmoa afɔrebɔ ahorow no retwe adwene asi biribi so?

11 Na Mmara no retwe adwene asi biribi a ɛkyɛn so koraa a ebedi Onyankopɔn apɛde ho dwuma so. Paulo bisae sɛ: “Afei mmara no ne dɛn?” Obuae sɛ: “Mmara atotõatotõ nti na wɔde kaa ho de kosii sɛ aseni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba, na wɔnam abɔfo so na ɛhyehyɛe wɔ ntamgyinafo bi [Mose] nsam.” (Galatifo 3:19) Saa ara na Paulo kyerɛwee sɛ: “Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma na ɛnyɛ nneɛma no suban ankasa.”—Hebrifo 10:1.

12. Ɛdefa mogya ho no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu Onyankopɔn atirimpɔw mmamu?

12 Sɛ yɛbɛbɔ no mua a, kae sɛ wɔ Noa bere so no, Onyankopɔn hyɛe sɛ nnipa betumi adi mmoa nam de atra ase, nanso na wontumi nni mogya. Akyiri yi, Onyankopɔn kae sɛ “ɔhonam kra wɔ mogya no mu.” Nokwarem no, obuu mogya sɛ egyina hɔ ma nkwa na ɔkae sɛ: “Mede [mogya] mama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra.” Nanso, na biribi foforo wɔ hɔ a ɛkyɛn so a wɔbɛyɛ de ama Onyankopɔn atirimpɔw abam. Na Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma. Nnepa bɛn?

13. Dɛn nti na na Yesu wu no ho hia?

13 Na nnepa no begyina Yesu Kristo wu no so. Wunim sɛ wɔyɛɛ Yesu ayayade na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Owui sɛ ɔdebɔneyɛfo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛda so yɛ mmerɛw no, bere a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfo. . . . Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:6, 8) Kristo nam wu a owu maa yɛn no so de agyede mae de kataa yɛn bɔne so. Saa agyede no ne Kristofo nkyerɛkyerɛ no nnyinaso titiriw. (Mateo 20:28; Yohane 3:16; 1 Korintofo 15:3; 1 Timoteo 2:6) Dɛn na eyi ne mogya ne nkwa wɔ yɛ, na ɔkwan bɛn so na ɛno fa wo nkwa ho?

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na nkyerɛase binom si Yesu wu no so dua wɔ Efesofo 1:7? (b) Nokwasɛm a ɛfa Efesofo 1:7 ho bɛn na ɛbɛyɛ sɛ wɔabu ani agu so?

14 Asɔre ahorow bi si Yesu wu no so dua, na wɔn akyidifo ka nsɛm te sɛ “Yesu wu maa me.” Susuw sɛnea Bible nkyerɛase bi kyerɛ Efesofo 1:7 no ase ho hwɛ: “Ɛnam ɔno ne ne wu no so na yɛanya ogye, kyerɛ sɛ, wɔayi yɛn bɔne.” (The American Bible, a Frank Scheil Ballentine yɛe, 1902) “Kristo wu no ama yɛade yɛn ho, na wɔde yɛn bɔne afiri yɛn.” (Today’s English Version, 1966) “Kristo nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no ama yɛade yɛn ho, ahofadi a ɛkyerɛ sɛ wɔde yɛn bɔne afiri yɛn.” (The New Testament, a William Barclay yɛe, 1969) “Wɔnam Kristo wu no so de yɛn bɔne afiri yɛn na ama yɛade yɛn ho.” (The Translator’s New Testament, 1973) Wubetumi ahu wɔ saa nkyerɛase ahorow yi mu sɛ wɔasi Yesu wu no so dua. ‘Na,’ ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Yesu wu no ho hia ampa. Ɛnde, dɛn na ɛmma saa nkyerɛase ahorow yi nni mũ?’

15 Nokwarem no, sɛ ɛsɛ sɛ wugyina saa nkyerɛase ahorow no nkutoo so a, anhwɛ a wubebu w’ani agu ade a ɛho hia paa bi so, na ɛremma ntease a wowɔ wɔ nea Bible no ka ho no nwie pɛyɛ. Saa nkyerɛase ahorow no nka nokwasɛm a ɛne sɛ na mfitiase nkyerɛwee a ɛwɔ Efesofo 1:7 no kura Hela asɛmfua a nea ɛkyerɛ ne “mogya,” no ho asɛm. Enti, Bible ahorow te sɛ New World Translation no kyerɛ mfitiase nkyerɛwee no ase pɛpɛɛpɛ sɛ: “Ɛnam no so na yɛanya ogye, ne mogya mu, yiw, yɛn mfomso ho fafiri sɛnea n’adom mu ahonya no te.”

16. Ɛsɛ sɛ asɛm a ɛne “ne mogya mu” no ma yenya ntease bɛn?

16 Nkyerɛase a ɛne “ne mogya mu” no ma ntease a ɛwom no da adi kɛse, na ɛsɛ sɛ ɛma yesusuw nsɛm pii ho. Na pii ho hia sen wu a obi bewu, a Yesu a ɔyɛ pɛ no mpo wu ka ho. Ɔmaa nneɛma a Mmara no yɛɛ ho sunsuma no nyaa maamu, ne titiriw no nea ɛfa Mpata Da no ho no. Wɔ saa da titiriw no, na wɔde mmoa pɔtee bi bɔ afɔre. Afei, na ɔsɔfopanyin no de wɔn mogya no bi kɔ asɔrefie anaa ntamadan no Kronkron mu Kronkronbea hɔ de kɔma Onyankopɔn wɔ hɔ, te sɛ nea na ogyina n’anim.—Exodus 25:22; Leviticus 16:2-19.

17. Ɔkwan bɛn so na Yesu maa nea na ɛyɛ Mpata Da no ho mfonini no nyaa mmamu?

17 Sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no, Yesu maa nea na ɛyɛ Mpata Da no ho sunsuma no nyaa mmamu. Nea edi kan no, ɔkae sɛ afe biara na sɔfopanyin a ɔwɔ Israel de mogya kɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ pɛnkoro kɔma wɔ “n’ankasa ne ɔman no mfomso” ho. (Hebrifo 9:6, 7) Nea ɛne saa nsusuwso no hyia no, bere a wonyanee Yesu fii awufo mu no, ɔkɔɔ soro ankasa. Sɛ́ honhom, a onni honam ne mogya no, na obetumi akoyi ne ho adi “Onyankopɔn anim ama yɛn.” Dɛn na ɔde maa Onyankopɔn? Ɛnyɛ honam fam ade bi, mmom no biribi titiriw paa bi. Paulo toaa so sɛ: ‘Kristo bae sɛ sɔfopɔn, nanso ɛnyɛ mpapo ne anantwi mma mogya, na n’ankasa ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkron mu prɛko konyaa daa ogye. Na sɛ mpapo ne anantwinini mogya tew wɔn ho kɔ ɔhonam ahofi mu a, mpɛn ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔre a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ahonim ho mfi nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase?’ Yiw, Yesu de ne mogya no bo a ɛsom no kɔmaa Onyankopɔn.—Hebrifo 9:11-14, 24, 28; 10:11-14; 1 Petro 3:18.

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nsɛm a Bible no ka fa mogya ho no ho hia Kristofo nnɛ?

18 Saa nokware a efi Nyankopɔn hɔ yi ma yɛte nea Bible no ka fa mogya ho no nyinaa ase wɔ ɔkwan a ɛkyɛn so so—nea enti a Onyankopɔn bu mogya saa, sɛnea ɛsɛ sɛ yebu no, ne nea enti a ɛsɛ sɛ yetie anohyeto a Onyankopɔn de ma wɔ mogya a wɔde di dwuma ho no. Sɛ worekenkan Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm ahorow no a, wubehu sɛ wɔatwe adwene asi Kristo mogya so mpɛn pii. (Hwɛ adaka no.) Eyinom ma emu da hɔ pefee sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni biara nya ‘Yesu mogya’ mu gyidi. (Romafo 3:25) Fafiri a yebenya afi Onyankopɔn hɔ ne asomdwoe a ɛbɛba yɛne ne ntam no gyina ‘Yesu mogya a ohwie gui’ no nkutoo so. (Kolosefo 1:20) Eyi te saa titiriw wɔ wɔn a Yesu ne wɔn ayɛ apam soronko a ɔne wɔn bedi ade wɔ soro no fam. (Luka 22:20, 28-30; 1 Korintofo 11:25; Hebrifo 13:20) Eyi te saa nnɛ nso wɔ “nnipakuw kɛse” a wobetwa “ahohia kɛse” a ɛreba no na wɔanya daa nkwa wɔ paradise asase so no fam. Sɛnkyerɛnne kwan so no, ‘wɔhohoro wɔn ntade ma ɛhoa Oguammaa no mogya mu.’—Adiyisɛm 7:9, 14.

19, 20. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn de anohyeto ato mogya a wɔde di dwuma so, na ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ ho? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ho sɛ yebehu?

19 Ɛda adi pefee sɛ, mogya kyerɛ biribi titiriw wɔ Onyankopɔn ani so. Ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ biribi titiriw ma yɛn nso. Ɔbɔadeɛ no a nkwa ho asɛm ho hia no no wɔ hokwan sɛ ɔde anohyeto ma nnipa wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔde mogya yɛ ho. Esiane sɛ yɛn nkwa ho asɛm hia no kɛse nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛkora mogya so ma wɔde adi dwuma wɔ ɔkwan biako bi a ɛho hia paa so, ɔkwan koro pɛ a ɛma wotumi nya daa nkwa. Saa kwan no gyina Yesu mogya a ɛsom bo no so. Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ Yehowa Nyankopɔn de mogya—Yesu mogya di boaa yɛn—wɔ ɔkwan a egye nkwa yi so! Na hwɛ anisɔ ara a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ma Yesu sɛ ɔde ne ho bɔɔ afɔre hwiee ne mogya gu maa yɛn! Nokwarem no, yebetumi ate sɛnea ɔsomafo Yohane tee nka yi ase: “Nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu, na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfo mma n’agya Onyankopɔn no, ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.”—Adiyisɛm 1:5, 6.

20 Saa ogye ho nhyehyɛe yi atra yɛn Nyankopɔn a onim nyansa sen biara ne Nkwamafo no tirim bere tenten ni. Ɛnde, yebetumi abisa yɛn ho sɛ ‘Nkɛntɛnso bɛn na ɛsɛ sɛ eyi nya wɔ yɛn gyinaesi ahorow ne yɛn nneyɛe so?’ Yebesusuw asɛmmisa yi ho wɔ adesua edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yebetumi asua afa sɛnea Onyankopɔn bu mogya no ho wɔ kyerɛwtohɔ a ɛfa Habel ne Noa ho no mu?

• Wɔ Mmara no mu no, anohyeto bɛn na Onyankopɔn de ma faa mogya a wɔde di dwuma ho, na dɛn ntia?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu maa nea na Mpata Da no yɛ ho sunsuma no nyaa mmamu?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu mogya betumi agye yɛn nkwa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 18]

HENA MOGYA NA EGYE NKWA?

“Momma mo ani mmra mo ho ne nguankuw a honhom kronkron apaw mo ahwɛfo wɔ wɔn mu no nyinaa so, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya tɔe no so yiye.”—Asomafo no Nnwuma 20:28, NW.

“Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu.”—Romafo 5:9.

“Na munni anidaso bi, na munnim Nyankopɔn ewi yi ase. Na afei a mowɔ Kristo Yesu mu yi, mo a anka mowɔ akyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.”—Efesofo 2:12, 13.

“Ɛsɔɔ [Onyankopɔn] ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtra no mu, na ɔnam no so apata ɔno ne nneɛma nyinaa ntam koraa, ɛne sɛ ɔnam n’asɛndua ho mogya so ayɛ asomdwoe nam ɔno ara so apata nneɛma nyinaa.”—Kolosefo 1:19, 20.

“Enti, anuanom, . . . yɛwɔ Yesu mogya mu nnam a yɛde bɛkɔ kronkron mu.”—Hebrifo 10:19.

“Wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, . . . annye mo, mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu, na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.”—1 Petro 1:18, 19.

“Sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn mu, na ne ba Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu.”—1 Yohane 1:7.

“Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu.”—Adiyisɛm 5:9.

“Wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene . . . Na wɔn na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim.”—Adiyisɛm 12:10, 11.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Onyankopɔn maa emu daa hɔ wɔ Mmara no mu sɛ, na wobetumi de mogya adi dwuma ama bɔne fafiri

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Wobetumi agye nnipa pii nkwa denam Yesu mogya so