Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gilead Adesuafo a Wɔawie Kɔ Wɔn Anim Sɛ Otwa Adwumayɛfo a Wɔyɛ Nsi!

Gilead Adesuafo a Wɔawie Kɔ Wɔn Anim Sɛ Otwa Adwumayɛfo a Wɔyɛ Nsi!

Gilead Adesuafo a Wɔawie Kɔ Wɔn Anim Sɛ Otwa Adwumayɛfo a Wɔyɛ Nsi!

“OTWA adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mateo 9:37, 38) Saa nsɛm no kyerɛɛ biribi titiriw maa adesuafo a wɔrewie Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 116 no, bere a na wɔreyɛ ahoboa akɔ wɔn asɛmpatrɛw adwuma mu no.

Wɔ Memeneda, March 13, 2004 no, nnipa a wɔn dodow si 6,684 na wohyiaam wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea a Ɛwɔ Patterson, New York, hɔ maa adesua awiei dwumadi no ne mmeae foforo a wɔhwɛɛ dwumadi no wɔ TV so no, na wotuu adesuakuw a wɔrewie no fo hyɛɛ wɔn nkuran de gyaw wɔn kwan. Yɛn nyinaa betumi anya afotu a wɔde maa wɔn no so mfaso bere a yɛde nsi yɛ adwuma wɔ honhom fam otwa adwuma no mu no.

Onua Theodore Jaracz, a ɔyɛ Sodikuw no muni na owiee Gilead adesuakuw a ɛto so ason no, na ɔde nnianim ɔkasa no mae, na esii Yesu nsɛm yi so dua sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo.” (Mateo 28:19, 20) Hwɛ sɛnea na ɛno fata esiane sɛ na wɔde adesuafo a wɔawie no rekɔ aman ahorow 20 mu nti! Ɔkaee adesuafo no sɛ nkyerɛkyerɛ a efi Onyankopɔn Asɛm mu no asiesie wɔn koraa sɛ wɔnyɛ adwumayɛfo a wɔyɛ nsi wɔ honhom fam otwa adwuma a ɛho hia paa no mu.—Mateo 5:16.

Sɛnea Wɔbɛyɛ Otwa Adwumayɛfo a Wɔsow Aba

Ná ɔkasafo a odi kan wɔ dwumadi no mu ne Robert Wallen, a ɔde mfe pii ayɛ adwuma wɔ Gilead Sukuu no mu no. Bere a ɔrekasa afa asɛmti a ɛne “Sɛnea Ayamhyehye Som Bo Fa” ho no, ɔka kyerɛɛ adesuafo no sɛ: “Ayamhyehye yɛ asɛmfua a asotifo mpo tumi te na anifuraefo tumi hu.” Yesu huu ahohia a afoforo wom no yiye na ɔhwehwɛe sɛ obedi ho dwuma. (Mateo 9:36) Adesuafo no benya hokwan pii de ayɛ saa ara—wɔ asɛnka adwuma no mu, wɔ asafo no mu, wɔ asɛmpatrɛwfo afie, ne wɔn ankasa aware mu. Ɔkasafo no hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Momma sɛnea ayamhyehye som bo fa no nna adi wɔ mo asetram bere a mosom afoforo no. Mo nneyɛe pa a ɛkyɛn so nkutoo na ɛbɛboa kɛse ma mo asetra ayɛ anigye daa wɔ asɛmpatrɛwfo fie hɔ. Enti, munsi mo bo sɛ mobɛhyɛ ayamhyehye.”—Kolosefo 3:12.

Ɔkasafo a odi hɔ, Gerrit Lösch, a ɔyɛ Sodikuw no muni na owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 41 no, kaa asɛmti, “Nkwagye Ho Adawurubɔfo” ho asɛm. (Yesaia 52:7) Sɛ wobegye nkurɔfo nkwa wɔ honam mu bere a wɔsɛe mprempren nneɛma nhyehyɛe yi no a, ɛsɛ sɛ wonya Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ, wɔda wɔn gyidi adi wɔ baguam, na wɔbɔ wɔn asu. (Romafo 10:10; 2 Timoteo 3:15; 1 Petro 3:21) Nanso, ade titiriw nti a yɛka nkwagye asɛm no ne sɛ yɛde ayeyi bɛbrɛ Onyankopɔn, na ɛnyɛ sɛ yebegye nnipa nkwa. Enti, Onua Lösch tuu wɔn a wɔrebɛyɛ asɛmpatrɛwfo no fo sɛ: “Momfa Ahenni asɛm no nkɔ asase ano nohoa, na monyɛ nkwagye ho adawurubɔfo a wɔyɛ nsi, mfa nyi Yehowa ayɛ.”—Romafo 10:18.

Gilead kyerɛkyerɛfo Lawrence Bowen bisaa asɛm yi sɛ: “Ɔkwan Bɛn So na Wohyerɛn?” Ɔtwee adwene sii Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:22 no so na ɔhyɛɛ adesuafo a wɔrewie no nkuran sɛ wɔmma wɔn aniwa ‘nhwɛ tẽẽ’ sɛnea ɛbɛyɛ a “wɔbɛhyerɛn wɔ honhom fam de ahyɛ Yehowa anuonyam na wɔaboa mfɛfo nnipa.” Wɔ Yesu som adwuma no mfiase pɛɛ no, ɔyɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ wɔ eyi mu denam n’adwene a ɔde sii Onyankopɔn apɛdeyɛ so no so. Nneɛma a ɛyɛ anigye a N’agya kyerɛkyerɛɛ no wɔ soro ho a Yesu susuwii no boaa no maa ogyinaa Satan sɔhwɛ ahorow ano wɔ sare no so. (Mateo 3:16; 4:1-11) Yesu de ne ho too Yehowa so koraa de dii nea Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ho dwuma. Saa ara na sɛ asɛmpatrɛwfo no begyina nsɛnnennen a ɛwɔ wɔn anim no ano a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so nya Bible sua ho su pa na wɔde wɔn ho to Yehowa so koraa.

Mark Noumair, a ɔkyerɛ ade wɔ Gilead sukuu no mu na owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 77 no, na ɔde ɔkasa ahorow yi baa awiei, na ɔkaa asɛmti a ɛne “Yɛn Ni, Yɛwɔ Wo Nsam” ho asɛm. (Yosua 9:25) Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wonsuasua su a tete Gibeonfo daa no adi no. Ɛwom sɛ na Gibeon yɛ “kurow kɛse . . . na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima” de, nanso Gibeonfo no anhwehwɛ sɛ wobebu wɔn atitiriw, ɛnna wɔanhwɛ kwan nso sɛ wɔne wɔn bedi nsɛm sɛnea wɔpɛ. (Yosua 10:2) Wofi ɔpɛ mu somee sɛ “nnuatwafo ne nsusawfo” wɔ Lewifo no ase de boaa Yehowa som. (Yosua 9:27) Sɛnea yɛbɛka no no, adesuakuw a wɔrewie no aka akyerɛ Yosua Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, sɛ “Yɛn ni, yɛwɔ wo nsam.” Afei, bere a wɔkɔ wɔn amannɔne dwumadi ahorow so no, ɛsɛ sɛ wogye adwuma biara a Yosua Ɔkɛseɛ no de bɛma wɔn no tom.

Osuahu Ahorow ne Nsɛm a Wobisabisa

Wallace Liverance, a owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 61 na ɔsan kyerɛ ade wɔ hɔ no ne adesuafo kuw bi bɔɔ asɛmti a ɛne “Fa Kyerɛwnsɛm no Di Dwuma Koraa” ho nkɔmmɔ. Wɔkaa osuahu ahorow a wonyae wɔ asɛnka adwuma mu bere a na wɔrekɔ sukuu no yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ. Ɛdaa adi sɛ nsi a wɔde asua Kyerɛwnsɛm no wɔ asram anum a wɔde atete wɔn mu no ama Kyerɛwnsɛm no adu wɔn komam na ahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔne afoforo nkyɛ nea wɔasua no. (Luka 24:32) Wɔ asram anum adesua no mu no, adesuafo no biako tumi kaa nea wasua no ho asɛm kyerɛɛ n’ankasa honam fam nuabarima bi. Eyi hyɛɛ ne nua no nkuran ma ɔhwehwɛɛ hɔnom asafo no na ofii ase sɛ n’ankasa besua Bible no. Seesei, wafata sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu.

Wɔ osuahu ahorow yi akyi no, Richard Ashe ne John Gibbard bisabisaa Yehowa asomfo anokwafo a wɔde mfe pii asom no nsɛm, a na ahwɛfo akwantufo a wɔregye ntetee titiriw wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea hɔ ka ho. Ná wɔawie Gilead Sukuu no adesuakuw ahorow a edi kan no. Obiako kae sɛ Onua Knorr kaa asɛm a edi so yi bere a adesuakuw no resua ade no: “Wɔ Gilead no, mubesua nneɛma pii. Nanso sɛ moyɛ ahantan a, na yɛadi nkogu. Yɛpɛ sɛ mobɛyɛ nnipa a wɔwɔ komapa.” Ahwɛfo akwantufo no tuu adesuafo a wɔrewie no fo sɛ wɔnyɛ nkurɔfo a wodwen nnipa ho, wɔne afoforo nni nsɛm sɛnea Kristo yɛe no, na womfi ahobrɛase mu nnye dwumadi biara a wɔde bɛma wɔn no ntom. Afotu yi a asɛmpatrɛwfo foforo yi de bedi dwuma no bɛboa wɔn ɔkwan biara so ma wɔasow aba wɔ wɔn dwumadi mu.

Monkɔ Mo Anim Sɛ Otwa Adwumayɛfo a Wɔyɛ Nsi!

Atiefo no nyaa hokwan tiee Stephen Lett, a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni no. Ɔno na ɔmaa dwumadi no mu ɔkasa titiriw, a wɔato din “Monkɔ Mo Anim Sɛ Otwa Adwumayɛfo a Wɔyɛ Nsi” no! (Mateo 9:38) Wɔ otwa adwuma ankasa mu no, bere a wɔde twa nnɔbae no sua. Ɛho hia sɛ adwumayɛfo no yɛ adwumaden. Hwɛ sɛnea ɛno ho abehia kɛse wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei! Wɔ honhom fam otwa adwuma kɛse no mu no, nkurɔfo nkwa da asiane mu. (Mateo 13:39) Onua Lett hyɛɛ adesuafo a wɔrewie no nkuran sɛ ‘wɔnnyɛ nnyaa wɔ wɔn adwuma mu,’ na mmom, ‘wɔnyɛ honhom mu hyew’ na ‘wɔnsom Yehowa’ wɔ otwa adwuma a wɔrensan nyɛ bio da yi mu. (Romafo 12:11) Ɔkasafo no faa Yesu nsɛm no kae sɛ: “Momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa.” (Yohane 4:35) Afei ɔhyɛɛ adesuafo a wɔawie no nkuran sɛ wɔnyɛ nsi wɔ otwa adwuma no mu denam mmɔden kɛse a wɔbɛbɔ adu nkurɔfo nkyɛn bere ko ne beae ko a wobenya wɔn biara ne hokwan biara a wɔde bedi dwuma de adi adanse bɔnnɔ so no so. Anidahɔ a wɔde bɛma hokwan ahorow abɛda hɔ no betumi ama wɔadi adanse a etu mpɔn. Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔyɛ nsi, na ɔhwɛ kwan sɛ yɛn nyinaa besuasua no na yɛayɛ adwumaden wɔ honhom fam otwa adwuma no mu.—2 Ahene 19:31; Yohane 5:17.

Bere a wɔde dwumadi no reba awiei no, oguamtrani no, Onua Jaracz, de nkyia a efi baa dwumadibea ahorow hɔ mae na ɔde adesuafo no adansedi krataa maa wɔn. Adesuafo a wɔrewie no mu biako kenkan krataa a efi kuw no hɔ a ɛkyerɛ anisɔ kɛse a wɔanya ama ntetee a wɔn nsa aka no. Ɛda adi pefee sɛ, adesuakuw a ɛto so 116 no adesua awiei dwumadi no maa wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa sii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim sɛ otwa adwumayɛfo a wɔyɛ nsi.

[Adaka wɔ kratafa 25]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 6

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 20

Adesuafo no dodow: 46

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 34.2

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 17.2

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13.9

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 116 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Ceansu, R.; Sparks, T.; Piña, C.; Turner, P.; Cheney, L. (2) Suardy, M.; Sjöqvist, Å.; Amadori, L.; Smith, N.; Jordan, A.; Boissonneault, L. (3) Matlock, J.; Ruiz, C.; Dular, L.; Vigneron, M.; Henry, K. (4) Sjöqvist, H.; Laux, J.; Ruzzo, J.; Gustafsson, K.; Boissonneault, R.; Jordan, M. (5) Henry, D.; Turner, D.; Kirwin, S.; Florit, K.; Ceansu, S. (6) Amadori, S.; Cheney, J.; Ross, R.; Nelson, J.; Ruiz, J.; Vigneron, M. (7) Florit, J.; Matlock, D.; Ross, B.; Laux, C.; Ruzzo, T.; Dular, D.; Kirwin, N. (8) Gustafsson, A.; Nelson, D.; Suardy, W.; Piña, M.; Smith, C.; Sparks, T.