Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Onyankopɔn Teasefo No Nkyerɛ Wo Kwan

Ma Onyankopɔn Teasefo No Nkyerɛ Wo Kwan

Ma Onyankopɔn Teasefo No Nkyerɛ Wo Kwan

“Monnan . . . nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.”—ASOMAFO NO NNWUMA 14:15.

1, 2. Dɛn nti na ɛfata sɛ yebu Yehowa sɛ “Onyankopɔn teasefo” no?

BERE a asomafo Paulo ne Barnaba saa ɔbarima bi yare wɔ Listra akyi no, Paulo maa nkurɔfo a na wɔrehwɛ adeyɛ no awerɛhyem sɛ: “Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnan mfi ahuhude yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.”—Asomafo no Nnwuma 14:15.

2 Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware turodoo sɛ Yehowa nyɛ ohoni a nkwa nni ne mu, mmom “Onyankopɔn teasefo” no! (Yeremia 10:10; 1 Tesalonikafo 1:9, 10) Sɛ yɛde te a ɔte ase no to nkyɛn a, Yehowa yɛ yɛn Nkwamafo nso. “Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:25) N’ani gye ho sɛ yebenya nkwa nnɛ ne daakye. Paulo de kaa ho sɛ Onyankopɔn ‘annyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.’—Asomafo no Nnwuma 14:17.

3. Dɛn nti na yebetumi anya Onyankopɔn akwankyerɛ mu ahotoso?

3 Yɛn nkwa ho asɛm a ehia Onyankopɔn no ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yenya n’akwankyerɛ mu ahotoso. (Dwom 147:8; Mateo 5:45) Ebia ebinom rennye Bible ahyɛde bi ntom bere a wohu sɛ wɔnte ase anaa ɛte sɛ nea ɛsodi yɛ den no. Nanso, mfaso afi Yehowa akwankyerɛ mu ahotoso a wonya no mu aba. Sɛ mfatoho no: Sɛ na Israelni bi nte mmara a ɛka sɛ wɔnnka funu no ase mpo a, na di a obedi so no de mfaso brɛ no. Nea edi kan no, na ne setie a ɔyɛ no bɛma wabɛn Onyankopɔn teasefo no; nea ɛto so abien no, na ɛbɛboa no ma wakwati nyarewa ahorow.—Leviticus 5:2; 11:24.

4, 5. (a) Ansa na Kristofo mmere no reba no, akwankyerɛ bɛn na Yehowa de ma faa mogya ho? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛfa mogya ho no fa Kristofo ho?

4 Saa ara na ɛte wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛfa mogya ho no ho. Ɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɛnsɛ sɛ nnipa di mogya. Afei wɔ Mmara no mu no, Onyankopɔn daa no adi sɛ, dwuma koro pɛ a ɔpene so ma wɔde mogya di ne sɛ wɔde bɛma wɔ afɔremuka no so—ama bɔne fafiri. Na Onyankopɔn nam saa akwankyerɛ no so reto fapem ama dwuma titiriw a wɔde mogya bedi—na wɔnam Yesu agyede no so begye nkwa. (Hebrifo 9:14) Yiw, Onyankopɔn akwankyerɛ no daa no adi sɛ odwen yɛn nkwa ne yɛn yiyedi ho. Bere a afeha ɛto so 19 mu Bible ho ɔbenfo Adam Clarke resusuw Genesis 9:4 ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Kristofo a wɔwɔ apuei fam no da so ara di ahyɛde a wɔde [maa Noa] no so denneennen . . . Na wonni mogya wɔ mmara no ase, efisɛ ɛtwee adwene sii mogya a na wobehwie agu ama wiase no bɔne so; na wɔ Asɛmpa no mu no na ɛnsɛ sɛ wodi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wobu no bere nyinaa sɛ egyina hɔ ma mogya a wohwie gui maa bɔne fafiri no.”

5 Ɛbɛyɛ sɛ na ɔbenfo no retwe adwene asi asɛmpa ankasa a egyina Yesu so no so. Nea ɛka eyi ho ne soma a Onyankopɔn somaa ne Ba no ma obewu maa yɛn, hwiee ne mogya gui na ama yɛanya daa nkwa no. (Mateo 20:28; Yohane 3:16; Romafo 5:8, 9) Ne nsɛm no fa ahyɛde a akyiri yi wɔde mae sɛ Kristo akyidifo ntwe wɔn ho mfi mogya ho no nso ho.

6. Akwankyerɛ a ɛfa mogya ho bɛn na wɔde maa Kristofo, na dɛn ntia?

6 Wunim sɛ Onyankopɔn maa Israelfo no mmara ɔhaha pii. Bere a Yesu wui no, n’asuafo no dee wɔn ho fii mmara no ase. (Romafo 7:4, 6; Kolosefo 2:13, 14, 17; Hebrifo 8:6, 13) Nanso, bere bi akyi no, asɛmmisa bi sɔree wɔ ahyɛde titiriw bi ho—twetiatwa. So na ɛsɛ sɛ wotwa wɔn a na wɔnyɛ Yudafo a na wɔpɛ sɛ wonya Kristo mogya so mfaso no twetia de kyerɛ sɛ wɔda so ara wɔ Mmara no ase? Wɔ afe 49 Y.B. mu no, Kristofo sodikuw no dii saa asɛm no ho dwuma. (Asomafo no Nnwuma, ti 15) Bere a Onyankopɔn honhom boaa asomafo ne mpanyimfo no, wobuaa asɛm no sɛ twetiatwa ahyɛde no baa awiei bere a Mmara no baa awiei no. Nanso, na Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow bi wɔ hɔ ma Kristofo. Wɔ krataa a sodikuw no de kɔmaa asafo ahorow no mu no, wɔkyerɛwee sɛ: “Ɛyɛɛ Honhom Kronkron ne yɛn sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne sɛ munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu; ɛno na sɛ muyi mo ho fi ho a, eye.”—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

7. Kristofo ho a ‘wɔbɛtwe afi mogya ho’ no ho hia dɛn?

7 Ɛda adi pefee sɛ, sodikuw no buu ‘ho a wɔtwe fi mogya ho’ no sɛ ɛho hia wɔ abrabɔ fam te sɛ ho a wɔtwe fi nna mu ɔbrasɛe anaa abosonsom ho no ara. Eyi kyerɛ sɛ mogya a wɔbara no yɛ aniberesɛm. Kristofo a wɔde wɔn ho hyɛ abosonsom anaa nna mu ɔbrasɛe mu a wonnu wɔn ho no rennya “Onyankopɔn ahenni no”; ‘wɔn kyɛfa ne owuprenu no.’ (1 Korintofo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:8; 22:15) Hyɛ ntotoho no nsow: Yɛn ani a yebebu agu Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛfa kronn a mogya yɛ so no betumi ama yɛanya daa ɔsɛe. Obu a yɛbɛkyerɛ ama Yesu afɔrebɔ no betumi ama yɛanya daa nkwa.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ tete Kristofo no buu Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛfa mogya ho no aniberesɛm?

8 Ɔkwan bɛn so na tete Kristofo no tee Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛfa mogya ho no ase na wodii so? Kae nsɛm a Clarke kae yi: “Wɔ Asɛmpa no mu no na ɛnsɛ sɛ wodi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wobu no bere nyinaa sɛ egyina hɔ ma mogya a wohwie gui maa bɔne fafiri no.” Abakɔsɛm foa so sɛ tete Kristofo no buu asɛm no aniberesɛm. Tertullian kyerɛwee sɛ: “Susuw wɔn a na wɔde adifudepɛ fa nsɛmmɔnedifo mogya wɔ beae a wɔde nnipa goru atɔprɛ . . . na wɔde kɔsa wɔn otwa yare no ho hwɛ.” Bere a abosonsomfo dii mogya no, Tertullian kae sɛ Kristofo “amfa mmoa mogya anka [wɔn] aduan mpo ho . . . Sɛ moredi Kristofo asɛm a, mode nam a mogya ka ho ma wɔn. Nokwarem no, mugye di sɛ mmara bara wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wodi.” Yiw, ɛmfa ho owu a wɔde hunahunaa wɔn no, Kristofo anni mogya. Ná Onyankopɔn akwankyerɛ ho hia wɔn paa.

9. Sɛ yɛde ho a wɔbɛtwe afi mogya a wodi no tẽẽ ho no to nkyɛn a, na dɛn na ɛka ho?

9 Ebia ebinom besusuw sɛ nea na sodikuw no kyerɛ ara ne sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo di mogya anaa wɔnom no tẽẽ, na saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔwe nam a wɔanhwie ne mogya angu anaa aduan a wɔde mogya afra. Nokwarem no, ɛno ne adwene a edi kan a na ɛwɔ ahyɛde a Onyankopɔn de maa Noa no mu. Asomafo no ahyɛde no kyerɛɛ Kristofo sɛ ‘wonyi wɔn ho mfi aboa a wɔanhwie ne mogya angu,’ nam a ɛwɔ ne mogya mu ho. (Genesis 9:3, 4; Asomafo no Nnwuma 21:25) Nanso, na tete Kristofo no nim sɛ pii ka ho. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔde mogya yɛ aduru di. Tertullian kae sɛ na abosonsomfo binom nom mogya de sa otwa. Na na ebetumi aba sɛ wɔde mogya di dwuma ahorow bi sa yare, anaa sɛnea ɔkyerɛ no ɛma wɔn akwahosan tu mpɔn. Enti, nea na ɛka mogya a Kristofo bɛtwe wɔn ho afi ho ho ne sɛ wɔremfa nni dwuma sɛ ‘aduru.’ Sɛ na ɛde wɔn nkwa bɛto asiane mu mpo a, na wɔkɔ so kura saa ɔfã no mu.

Mogya a Wɔde Yɛ Aduru

10. Akwan bɛn so na wɔde mogya redi dwuma wɔ aduruyɛ mu, na nsɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?

10 Mogya a wɔde di dwuma wɔ aduruyɛ mu abu so nnɛ. Mfiase no, na wɔde mogya a emu nneɛma nyinaa wom, nea wɔatwe afi nkurɔfo ho ne nea wɔatwe asie na na ɛma ɔyarefo bi, ebia obi a wapira wɔ ɔko mu. Akyiri yi, nhwehwɛmufo suae sɛ wɔbɛkyekyɛ mogya mu ahu nneɛma atitiriw a ɛwom no. Ɛdenam mogya mu nneɛma atitiriw a na nnuruyɛfo de di dwuma so no, na wobetumi de mogya a wɔtwe fi nkurɔfo ho no ama ayarefo pii, ebia wɔde mogya mu nsu bɛma obi a wapira na wɔde mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ ama obi foforo. Nhwehwɛmu a wɔkɔɔ so yɛe daa no adi sɛ, wobetumi akyekyɛ mogya mu nneɛma atitiriw te sɛ mogya mu nsu mu anya nkyekyɛm pii a wobetumi de ama ayarefo pii mpo. Wogu so rebɔ mmɔden sɛ wobenya mogya mu nneɛma nketenkete pii, na wɔabɔ amanneɛ sɛ wɔanya mogya mu nneɛma nketenkete foforo a wɔde di dwuma. Kristoni bɛyɛ n’ade dɛn wɔ ho? Wasi ne bo pintinn sɛ ɔrennye mogya da, nanso ne duruyɛfo hyɛ no sɛ onye mogya mu nneɛma atitiriw no biako, ebia mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ a wɔde asie. Anaa ebia ayaresa no hwehwɛ sɛ wɔde mogya mu nneɛma titiriw mu ade ketewaa di dwuma. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn somfo si nsɛmmisa yi ho gyinae, bere a ɔma ɛtra n’adwenem sɛ mogya yɛ kronkron na Kristo mogya ne ade titiriw a egye nkwa no?

11. Gyinabea a ɛfa mogya ho a ɛne aduruyɛ hyia bɛn na Adansefo no abata ho bere tenten?

11 Mfe pii a abɛsen kɔ no, Yehowa Adansefo maa ɔfã a wogyina no mu daa hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛwee nsɛm bi ma wotintimii wɔ The Journal of the American Medical Association nhoma no mu (November 27, 1981; wɔsan tintimii wɔ How Can Blood Save Your Life? nhomawa no kratafa 27-9). * Saa asɛm no faa Genesis, Leviticus, ne Asomafo no Nnwuma mu asɛm kae. Ɛkae sɛ: “Bere a ɛnyɛ aduruyɛ mu nsɛm na wɔde kaa saa nkyekyɛm ahorow yi ho asɛm no, Adansefo no bu no sɛ ɛbara mogya a emu nneɛma nyinaa wom, mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ a wɔde asie, ne mogya mu nsu, ne afei nso mogya mu nkwammoaa fitaa ne mogya mu nkwammoaa ntrantraa a wɔde di dwuma no.” Afe 2001 nkyerɛkyerɛ nhoma Emergency Care, ka wɔ asɛmti “Composition of the Blood” (“Nea Ɛkabom Yɛ Mogya”) mu sɛ: “Nneɛma pii na ɛkabom yɛ mogya: mogya mu nsu, mogya mu nkwammoaa fitaa ne kɔkɔɔ, ne mogya mu nkwammoaa ntrantraa.” Enti, nea ɛne aduruyɛ mu nokwasɛm hyia no, Adansefo no po mogya a emu nneɛma nyinaa wom anaa mogya mu nneɛma atitiriw anan no mu biara.

12. (a) Nkyerɛkyerɛmu bɛn na wɔde ama afa mogya mu nneɛma nketenkete a woyi fi mogya mu nneɛma atitiriw mu no ho? (b) Ɛhe na yebetumi anya ɛho nsɛm foforo?

12 Wɔtoa aduruyɛ ho nsɛm no so sɛ: “Ɔsom mu ntease a Adansefo no wɔ no mmara nnuru a wɔde di dwuma a mogya [mu nneɛma nketenkete] te sɛ albumin, immune globulins (mogya mu nkwammoaa a wɔko tia nyarewa nyinaa), ne hemophiliac wom no koraa; ɛsɛ sɛ Ɔdansefo biara ankasa si gyinae sɛ obetumi agye anaa onnye.” Efi 1981 no, wɔayi mogya mu nneɛma nketenkete pii (mogya mu nneɛma atitiriw anan no a wɔakyekyɛm nketenkete) a wɔde yɛ aduru. Ne saa nti, June 15, 2000, Ɔwɛn-Aban no de nsɛm a mfaso wɔ so a ɛfa asɛm no ho mae wɔ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” no mu. Nea ɛbɛyɛ na aboa nnipa ɔpepem pii a wɔkenkan nsɛmma nhoma yi nnansa yi no, wɔasan atintim mmuae no wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 29-31. Ɛde nsɛm a ɛkɔ akyiri na ntease wom ma, nanso, wubehu sɛ nea ɛka no ne nsusuwii titiriw a wɔdaa no adi wɔ 1981 mu no hyia.

Dwuma a Ahonim Di

13, 14. (a) Dɛn ne ahonim, na ɔkwan bɛn so na ɛfa mogya ho nsɛm ho? (b) Akwankyerɛ bɛn na Onyankopɔn de maa Israelfo faa nam a wodi ho, nanso nsɛmmisa bɛn na ebia ɛsɔree?

13 Nsɛm a ɛte saa hwehwɛ sɛ wɔde ahonim di dwuma. Dɛn ntia? Kristofo gye hia a ehia sɛ wodi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi no tom, nanso wɔ tebea ahorow bi mu no, ɛsɛ sɛ ankorankoro biara sisi gyinae ahorow, na eyi ma ahonim ho behia. Ahonim yɛ tumi a ɛwɔ nnipa mu a wɔde susuw nsɛm ho si ho gyinae, titiriw nsɛm a ɛfa abrabɔ ho. (Romafo 2:14, 15) Nanso, wunim sɛ ahonim gu ahorow. * Bible no ka sɛ ebinom ‘ahonim yɛ mmerɛw,’ na ɛno kyerɛ sɛ afoforo nso wɔ ahonim a ɛyɛ den. (1 Korintofo 8:12) Nkɔso a Kristofo anya wɔ Onyankopɔn apɛde a wohu ne sɛnea wodwen nsɛm ho na wɔde di dwuma wɔ wɔn gyinaesi ahorow mu no nyɛ pɛ. Yebetumi de eyi atoto Yudafo no ne nam a na wodi ho.

14 Bible no ma emu da hɔ sɛ obi a ɔyɛ setie ma Onyankopɔn no renni nam a wɔanhwie ne mogya angu. Ná ɛno ho hia araa ma wɔ ahokyere mmere mu mpo bere a Israel asraafo dii nam a wɔanhwie ne mogya angu no, wobuu wɔn sɛ wɔayɛ bɔne a anibere wom. (Deuteronomium 12:15, 16; 1 Samuel 14:31-35) Nanso, ebia nsɛmmisa bi sɔree. Sɛ na Israelni kum oguan a, na ɛsɛ sɛ ohwie ne mogya no gu ntɛm dɛn? So na ɛsɛ sɛ otwa aboa no mene hwie ne mogya no gu? So na ɛsɛ sɛ wɔde hama kyekyere oguan no nan a ɛwɔ akyiri no na wɔde ne ti hwɛ fam? Na ɛsɛ sɛ edi bere tenten ahe? Na ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so ahwie nantwi a ɔsõ mogya agu? Bere a wɔahwie mogya no agu mpo no, ebia na mogya no bi bɛka nam no mu. So na wobetumi adi nam a ɛte saa? Hena na ɛsɛ sɛ osi ho gyinae?

15. Yudafo binom yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ nam a wodi ho, nanso akwankyerɛ bɛn na Onyankopɔn de mae?

15 Susuw Yudani a ɔyɛ nsi a ohyia nsɛm a ɛte saa ho hwɛ. Ebia obesusuw sɛ nea eye paa ne sɛ ɔrenni nam a wɔtɔn no guaso, sɛnea ɔfoforo nso bɛpo nam a ebetumi aba sɛ wokum maa ɔbosom no. Ebia na Yudafo afoforo bedi nam a wɔnam amanne kwan bi so ahwie ne mogya agu nkutoo. * (Mateo 23:23, 24) Wususuw saa adeyɛ a ɛsonsonoe yi ho dɛn? Bio nso, esiane sɛ na Onyankopɔn nni ahwehwɛde a ɛfa nsɛm a ɛtete saa ho nti, so na ɛbɛyɛ papa sɛ Yudafo no de nsɛmmisa pii bɛkɔ rabifo bagua no hɔ ma wɔakyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ emu biara ho? Ɛwom sɛ amanne a ɛte saa fii ase wɔ Yudasom mu de, nanso yebetumi anya abotɔyam sɛ Yehowa ankyerɛ nokware asomfo sɛ wonni mogya ho nsɛm ho dwuma wɔ saa kwan no so. Onyankopɔn de akwankyerɛ titiriw a ɛfa ɔkwan a wɔbɛfa so akum mmoa a wɔn ho tew ne sɛnea wobehwie wɔn mogya agu ho mae, nanso wanka ɛho nsɛm ankɔ akyiri pii.—Yohane 8:32.

16. Dɛn nti na ebia Kristofo adwene renhyia wɔ nnuru a mogya mu nneɛma ketewaa bi a woyi fi mogya mu nneɛma titiriw bi a wɔde wɔ paane mu no ho?

16 Sɛnea yehui wɔ nkyekyɛm 11 ne 12 no, Yehowa Adansefo nnye mogya a emu nneɛma nyinaa wom anaa emu nneɛma atitiriw anan—mogya mu nsu, mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, ne mogya mu nkwammoaa ntrantraa—wom no. Na mogya mu nneɛma nketenkete a wɔtwetwe fi mogya mu nneɛma titiriw bi mu, te sɛ mogya mu nsu torotoro a nnuru a wɔde ko tia yare mmoawa anaa wɔde dwudwo ɔwɔ bɔre ano wom no nso ɛ? (Hwɛ kratafa 30, nkyekyɛm 4 no.) Ebinom aka sɛ mogya mu nneɛma nketenkete a ɛte saa no nnaso nyɛ mogya bio, enti ɛnka ahyɛde a ese ‘yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho’ no ho. (Asomafo no Nnwuma 15:29; 21:25; kratafa 31, nkyekyɛm 1) Ɛno yɛ wɔn ankasa asodi. Afoforo ahonim ka wɔn ma wɔpo biribiara a wonya fi mogya (mmoa anaa nnipa de) mu, a mogya mu nneɛma ketewaa bi a wonya fi mogya mu nneɛma titiriw biako pɛ mu mpo ka ho. * Ebia afoforo nso bɛpene so ma wɔde mogya mu nsu a ahoɔden nnuru wom a wɔde ko tia yare anaa wɔde dwudwo ɔwɔ bɔre ano awɔ wɔn paane, nanso ebia wɔbɛpo mogya mu nneɛma nketenkete foforo. Bio nso, ebia Kristofo pii bebu nneɛma bi a woyi fi mogya mu nneɛma atitiriw anan no biako mu a etumi di dwuma te sɛ mogya a emu nneɛma nyinaa wom wɔ nnipa dua mu ma obi kɔ so tra ase no sɛ asɛm wɔ ho.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn ahonim betumi aboa yɛn bere a yɛredi nsɛmmisa a ɛfa mogya mu nneɛma nketenkete ho no ho dwuma no? (b) Dɛn nti na gyinae a yebesi afa asɛm a ɛte saa ho no yɛ aniberesɛm paa?

17 Nea Bible ka fa ahonim ho no tumi boa bere a yesisi gyinae ahorow a ɛtete saa no. Nea edi kan ne sɛ wubehu nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ ho na woabɔ mmɔden de anwene w’ahonim. Ɛno bɛboa wo ma woasi gyinae a ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ hyia mmom sen sɛ wobɛma obi asi gyinae ama wo. (Dwom 25:4, 5) Ɛdefa mogya mu nneɛma nketenkete a wogye ho no, ebinom asusuw sɛ, ‘Eyi yɛ ahonim asɛm, enti ɛho nhia.’ Ɛno yɛ nsusuwii a ɛnteɛ. Nokwasɛm a ɛne sɛ biribi yɛ ahonim ho asɛm no nkyerɛ sɛ ɛnyɛ asɛnhia. Ebetumi ayɛ aniberesɛm ankasa. Ade biako ne sɛ ebetumi aka ankorankoro a ɛsono wɔn ahonim wɔ yɛn de ho no. Yehu nokwasɛm a eyi yɛ no wɔ Paulo afotu a ɛfa nam a ebia wokum ma ɔbosom na akyiri yi wɔde kɔ guaso kɔtɔn ho no mu. Ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye na ‘wampira ahonim a ɛyɛ mmerɛw no.’ Sɛ ɔto afoforo hintidua a, obetumi ama ‘ne nua a ne nti Kristo wui no asɛe,’ na ɔyɛ bɔne tia Kristo. Enti, bere a mogya mu nneɛma nketenkete ho nsɛm yɛ ankorankoro gyinaesi no, ɛsɛ sɛ wobu saa gyinaesi ahorow no aniberesɛm paa.—1 Korintofo 8:8, 11-13; 10:25-31.

18. Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi akwati sɛ obekum n’ahonim bere a ɔresi gyinae afa mogya ho no?

18 Ade foforo wɔ hɔ a esi aniberesɛm a ɛwɔ gyinae ahorow a wosisi fa mogya ho mu no so dua. Eyi ne sɛnea saa gyinaesi ahorow no betumi aka wo. Sɛ mogya mu nneɛma nketenkete bi a wubegye no bɛhaw w’ahonim a wode Bible atete no no a, ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wubu nea w’ahonim ka kyerɛ wo no so esiane sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ, “Mfomso biara nni ho sɛ wubegye, efisɛ nnipa pii agye” nti. Kae sɛ, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no bu wɔn ani gu wɔn ahonim so araa ma ewu, na ɛma wotwa nkontompo anaa wɔyɛ nneɛma foforo a ɛmfata a wonnu wɔn ho. Ɛsɛ sɛ Kristofo kwati su a ɛte saa koraa.—2 Samuel 24:10; 1 Timoteo 4:1, 2.

19. Bere a yɛresusuw aduruyɛ mu nsɛm a ɛfa mogya ho ho no, dɛn titiriw na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

19 Bere a wɔde mmuae a wɔatintim no bio wɔ kratafa 29-31 no reba awiei no, ɛka sɛ: “So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsusuwii ne gyinae ahorow a wofi ahonim mu si betumi ayɛ nea egu ahorow ma asɛm no bɛyɛ nea ɛho nhia? Dabi. Ɛyɛ aniberesɛm.” Eyi te saa titiriw efisɛ, ɛka wo ne “Onyankopɔn teasefo” no abusuabɔ. Saa abusuabɔ no nkutoo na ebetumi ama obi anya daa nkwa, denam Yesu mogya a wohwie gui no tumi a egye nkwa no so. Nya obu a emu dɔ ma mogya esiane nea Onyankopɔn nam so de reyɛ—nkwagye nti. Paulo kyerɛw ma ɛfatae sɛ: ‘Na munni anidaso bi, na munnim Nyankopɔn ewi yi ase. Na afei a mowɔ Kristo Yesu mu yi, mo a anka mowɔ akyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.’—Efesofo 2:12, 13.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 13 Bere bi, Paulo ne Kristofo mmarima baanan kɔɔ asɔrefie hɔ kodwiraa wɔn ho. Na Mmara no nyɛ adwuma bio, nanso Paulo dii afotu a mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem de maa no no akyi. (Asomafo no Nnwuma 21:23-25) Nanso, ebia Kristofo binom tee nka sɛ wɔrenkɔ asɔrefie hɔ anaa wɔrenyɛ saa ade no. Na ahonim gu ahorow saa bere no, na saa ara na ɛte nnɛ nso.

^ nky. 15 Encyclopaedia Judaica ka mmara “nketenkete bebree” fa nam a na “Yudafo pene so sɛ wodi” ho no ho asɛm. Ɛka simma dodow a ɛsɛ sɛ wɔde nam to nsu mu, ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔde to pon so ma nsu no fi mu, nkyene dodow a ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ, ne mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ wɔhohoro ho wɔ nsuonwini mu.

^ nky. 16 Mpɛn pii no, nnuru a wɔde gu paane mu wɔ no yɛ nnuru a emfi mogya mu. Nanso, wɔ tebea ahorow bi mu no, ebia wɔde mogya mu nneɛma ketewaa bi te sɛ albumin bɛka ho.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ October 1, 1994, Ɔwɛn-Aban mu no.

So Wokae?

• Akwankyerɛ a ɛfa mogya ho bɛn na Onyankopɔn de maa Noa, Israelfo, ne Kristofo?

• Ɛdefa mogya ho no, dɛn na Yehowa Adansefo po koraa?

• Ntease bɛn mu na mogya mu nneɛma nketenkete a woyi fi mogya mu nneɛma titiriw mu a wogye no gyina obi ahonim so, nanso dɛn na ɛno nkyerɛ?

• Dɛn nti na bere a yɛresisi gyinae ahorow no, ɛsɛ sɛ yɛma abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no tra yɛn adwenem kan?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 22]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

GYINAE TITIRIW A ƐSƐ SƐ WOSI WƆ MOGYA HO

MOGYA A EMU NNEƐMA NYINAA WOM

▾ ▾ ▾ ▾

WONNYE Mogya mu Mogya mu Mogya mu Mogya mu

KORAA Nkwammoaa Nkwammoaa Nkwammoaa Nsu

Kɔkɔɔ Fitaa Ntrantraa

ƐSƐ SƐ ▾ ▾ ▾ ▾

KRISTONI Mogya mu Mogya mu Mogya mu Mogya mu

SI HO Nkwammoaa Nkwammoaa Nkwammoaa Nsu mu

Kɔkɔɔ mu Fitaa mu Ntrantraa mu Nneɛma

Nneɛma Nneɛma Nneɛma Nketenkete

Nketenkete Nketenkete Nketenkete

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Sodikuw no kae sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘twe wɔn no fi mogya ho’

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Mmu w’ani ngu w’ahonim so bere a wuhyia gyinaesi a ɛfa mogya mu nneɛma nketenkete bi ho no