Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra Ntetee Mu Nsɛnnennen Nnɛ

Mmofra Ntetee Mu Nsɛnnennen Nnɛ

Mmofra Ntetee Mu Nsɛnnennen Nnɛ

ADIDIBEA wura bi yɛɛ ahoboa sɛ ɔrepɔn akɔ fie efisɛ na ade asa. Ɛhɔ ara na mmea baanu ne abarimaa bi baa hɔ sɛ wɔrebɛtɔ aduan. Esiane sɛ na adidibea wura no abrɛ nti, ɛyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wapɔn nanso, osii gyinae sɛ ɔbɛnoa aduan a na wɔretɔ no ama wɔn. Bere a mmea baanu no rekasa na wɔredidi no na abofra no nso di mmirika nenam adidibea hɔ rebubu bisket gugu fam hɔ tiatia so. Sɛ́ anka abofra no maame bɛtẽa no sɛ onnyae no, ɔserewee mmom. Bere a akyiri yi wodidi wiei na wɔkɔe no na ɛsɛ sɛ adidibea wura yi a wabrɛ no san siesie fam hɔ bio.

Sɛnea ebia wunim no, asetram suahu yi da no adi sɛ wɔ mmusua pii mu no, wɔntete mmofra yiye. Nea enti a ɛte saa no gu ahorow. Awofo binom ma wɔn mma kwan ma wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ, na wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔma mmofra nya ahofadi wɔ wɔn ntetee mu. Anaa esiane sɛ awofo nni adagyew nti, wonnya bere mfa nhwɛ wɔn mma no mma wɔn ntetee a ehia. Awofo bi te nka sɛ wɔn mma no sukuu ne ade a ehia, enti wɔma mmofra no nya ahofadi a anohyeto biara nni ho, nea wohia ara ne sɛ mmofra no betwa wɔn sukuu sɔhwɛ yiye na wɔanya kwan akɔ kɔlege a agye din.

Nanso, ebinom ka sɛ ehia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ adwene a awofo ne ɔmanfo nyinaa wɔ wɔ abrabɔ gyinapɛn ho no mu. Wɔn adwene ne sɛ mmofra de wɔn ho hyɛ nsɛmmɔnedi biara bi mu, na basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ sukuu mu no nso reyɛ kɛse da biara da. Enti, ntoaso sukuu panyin bi a ɔwɔ Seoul wɔ Korea Adehyeman mu no sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ nipasu ho ntetee yɛ asɛnhia. Ɔkae sɛ: “Sɛ wonya su pa a, wobenya nimdeɛ nso.”

Awofo pii a wɔhwehwɛ sɛ wɔn mma kɔ kɔlege na wodi yiye wɔ asetram no ntie afotu biara. Sɛ woyɛ ɔwofo a, nipa bɛn na wopɛ sɛ wo ba no yɛ daakye? So wopɛ sɛ wo ba no nyin bɛyɛ ɔpanyin a ɔwɔ abrabɔ pa na n’ani ku asɛyɛde ho? Wopɛ sɛ ɔyɛ obi a osusuw afoforo ho, ɔyɛ fakaa, na ɔwɔ adwempa? Sɛ saa a, yɛsrɛ wo, susuw asɛm a edi hɔ no ho.