Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Bible Betumi Aboa Wo Ma Woatete Wo Mma?

So Bible Betumi Aboa Wo Ma Woatete Wo Mma?

So Bible Betumi Aboa Wo Ma Woatete Wo Mma?

NHWIREN a wɔfrɛ no orchid yɛ fɛ, nanso sɛ wudua a, ɛho adwuma yɛ den. Sɛ wubetumi adua ma ayɛ yiye a, gye sɛ wohwɛ sɛ wim hyew, hann ne sɛnea kuku a wubedua wom no te fata. Dɔte ne ɔyɛ-asase-yiye tumi sɛe orchid nhwiren no na ɛnyɛ den koraa sɛ nyarewa ne nkoekoemmoa betumi asɛe no. Enti nea ɛtaa si ne sɛ sɛ wudua no bere a edi kan a, ɛntaa nyɛ yiye.

Mmofra ntetee yɛ den koraa sen saa na ɛho adwuma dɔɔso, na ɛhwehwɛ nso sɛ ani kũ wɔn ho yiye. Enti mpɛn pii no awofo te nka sɛ wontumi nni nkonim wɔ mmofra ntetee mu. Nnipa pii te nka sɛ wohia mmoa, te sɛ nea obi a odua orchid hia nyansahyɛ afi obi a ɔwɔ ho nimdeɛ hɔ no. Ɛda adi sɛ, ɔwofo biara pɛ sɛ onya akwankyerɛ a ɛsen biara. Ɛhefa na wobetumi anya akwankyerɛ a ɛte saa?

Ɛwom sɛ Bible no nyɛ akwankyerɛ nhoma ma mmofra ntetee de, nanso Ɔbɔadeɛ no de ne honhom kaa akyerɛwfo no ma wɔde mmofra ntetee ho afotu a mfaso wɔ so kaa ho. Bible no si mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobenya su pa ahorow a ebinom te nka sɛ wɔtaa bu ani gu so no so dua. (Efesofo 4:22-24) Wɔ eyi mu no, Kyerɛwnsɛm mu afotu de ade titiriw a ɛfa ntetee a ɛkari pɛ ho ma. Nnipa pii a wɔde saa afotu no adi dwuma no anya mu mfaso kɛse, ɛmfa ho mmere ko a wɔwɔ mu ne amammerɛ a wofi mu no. Enti, Kyerɛwnsɛm mu afotu a wode bedi dwuma no betumi aboa wo ma woadi nkonim wɔ mmofra ntetee mu.

Awofo Nhwɛso—Ntetee a Ɛsen Biara

“Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade? Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, wosɛe aware?”—Romafo 2:21, 22.

Seoul Nhomasua Bagua no guamtrani bi kae sɛ: “Nhwɛso pa a wɔyɛ wɔ kasa ne nneyɛe mu no ne mmofra ntetee a eye sen biara.” Sɛ awofo anyɛ nhwɛso pa wɔ wɔn kasa ne wɔn abrabɔ mu na wɔde akwankyerɛ pɔtee bi ma wɔn ba a, abofra no besusuw ntɛm ara sɛ awofo no yɛ nyaatwom. Wɔremfa asɛm biara a awofo no bɛka nyɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, sɛ awofo pɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn ba nokwaredi a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa yɛ nokwaredifo. Ɛtaa da adi wɔ awofo pii ho sɛ sɛ obi frɛ wɔn wɔ telefon so na wɔmpɛ sɛ wogye so a, wɔka kyerɛ wɔn ba no se ɔnka sɛ, “Mepa wo kyɛw, me papa (anaa me maame) nni hɔ.” Abofra a wɔka saa kyerɛ no no bɛyɛ basaa na n’adwene atu afra. Bere kɔ so no, sɛ ɔba tebea a emu yɛ den mu a, ebia obefi ase di atoro a ɔnte afobu nka. Enti, sɛ awofo pɛ sɛ wɔn ba yɛ nokwaredifo paa a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa ka nokware na wɔyɛ ade ma ɛne nea wɔka no hyia.

So wopɛ sɛ wotete wo ba ma ɔkasa wɔ ɔkwan a ɛho wɔ nyam so? Ɛnde na ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. Wo ba no besua wo ntɛmntɛm. Sung-sik a ɔwɔ mma baanan no ka sɛ: “Me ne me yere sii gyinae sɛ yɛrenka kasafĩ. Yɛkyerɛɛ obu maa yɛn ho yɛn ho, na sɛ yɛn bo fuw a, yɛnkasa denneennen mma wɔnte. Nhwɛso pa a yɛbɛyɛ no tumi nya wɔn so nkɛntɛnso sen nsɛm a yɛka kɛkɛ. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ, sɛ yɛn mma no ne afoforo rekasa a, wɔda obu ne ɔpɔw adi.” Bible no ka wɔ Galatifo 6:7 sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” Awofo a wɔpɛ sɛ wɔn mma nya abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn no, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa di kan kyerɛ sɛ wɔde gyinapɛn a ɛte saa di dwuma.

Mommɔ Nkɔmmɔ

“Fa [Onyankopɔn mmara nsɛm] kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”—Deuteronomium 6:7.

Adwuma a wɔkam yɛ abu so nnɛ. Sɛ okunu ne ɔyere nyinaa yɛ adwuma a, enya mmofra no so nkɛntɛnso kɛse. Bere a awofo pii nya ma wɔn mma no so retew. Sɛ awofo no wɔ fie a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ fie nnwuma ne nneɛma afoforo, enti ebetumi aba sɛ wɔbɛbrɛ. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɔkwan bɛn so na wobɛfa ne wo mma abɔ nkɔmmɔ? Sɛ wo ne wo mma no bom yɛ fie nnwuma no a, ebetumi ama moanya hokwan abɔ nkɔmmɔ. Abusua ti bi maa wɔn TV so fii fie hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere pii ne mmofra no abɔ nkɔmmɔ. Ɔkae sɛ: “Mfiase no na mmofra no ani nka, nanso bere a me ne wɔn dii agoru bi a wɔfrɛ no aborɔme na me ne wɔn bɔɔ nhoma ahorow bi a emu yɛ dɛ mu nkɔmmɔ no, wɔbɛpenee nsakrae a meyɛe no so.”

Ɛho hia sɛ mmofra fi ase ne wɔn awofo di nkitaho fi wɔn mmofraase. Anyɛ saa a, bere a wɔadu wɔn mpanyin afe so na ebia wɔahyia nsɛnnennen no, wɔremfa wɔn awofo no sɛ nnamfo a wobetumi aka wɔn asɛm akyerɛ wɔn. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa aboa wɔn ma wɔatumi aka wɔn komam nsɛm akyerɛ? Mmebusɛm 20:5 ka sɛ: “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” Denam nsɛm a wobisa de hu adwene te sɛ, “Wususuw ho dɛn?” a awofo de bedi dwuma so no, ebetumi aboa wɔn mma ma wɔada wɔn adwene ne wɔn nsusuwii adi.

Sɛ wo ba di mfomso bi a anibere wom a dɛn na wobɛyɛ? Saa bere no na ehia sɛ woda ayamye adi kyerɛ no. Hyɛ wo ho so bere a woretie nea wo ba no reka no. Agya bi kaa eyi faa ɔkwan a ɔfa so di nsɛm a ɛte saa ho dwuma sɛ: “Sɛ mmofra no di mfomso bi a, mebɔ mmɔden sɛ merenyɛ ade ntra so. Metra ase tie nea wɔbɛka. Mebɔ mmɔden sɛ mɛte tebea no ase. Sɛ ɛyɛ den ma me sɛ mɛhyɛ me ho so a, metwɛn kakra ma me bo dwo ansa.” Sɛ wohyɛ wo ho so na wutie a, wobegye nteɛso biara a wode bɛma wɔn atom.

Nteɛso a Egyina Ɔdɔ So Ho Hia

‘Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.’—Efesofo 6:4.

Sɛ nteɛso a wufi ɔdɔ mu de ma no bɛsow aba a, ɔkwan a wofa so de ma no ho hia. Ɔkwan bɛn so na awofo tumi ‘hyɛ wɔn mma abufuw’? Sɛ nteɛso no mfata bɔne ko a abofra no ayɛ anaasɛ sɛ asotwe no mu yɛ den dodo a, mmofra no nye ntom. Sɛnea nteɛso te biara no ɛsɛ sɛ wofi ɔdɔ mu de ma. (Mmebusɛm 13:24) Sɛ wo ne wo mma susuw nsɛm ho a, wobehu sɛ wufi ɔdɔ mu na ɛretwe wɔn aso.—Mmebusɛm 22:15; 29:19.

Nanso, nyansa wom sɛ woma mmofra no hu ade a enye a wɔyɛe a enti wɔretwe wɔn aso no. Sɛ nhwɛso no, sɛ abofra yɛ obi bɔne a, wubetumi ahyɛ no ma wapa onii no kyɛw. Sɛ ɔto mmara a abusua no ahyehyɛ a, wubetumi de hokwan ahorow bi akame no de akyerɛ hia a ɛho hia sɛ odi mmara so.

Ɛyɛ papa sɛ wode nteɛso bɛma wɔ bere a ɛfata mu. Ɔsɛnkafo 8:11 da no adi sɛ: “Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.” Saa ara na mmofra pii bɛsɔ ahwɛ sɛ ebia wobetumi akwati asotwe bere a wɔayɛ asoɔden bi no anaa. Enti bere a woabɔ abofra no kɔkɔ sɛ wobɛtwe n’aso wɔ bɔne pɔtee bi ho no, ɛsɛ sɛ wudi so bere a wayɛ bɔne no.

Mfaso Wɔ Ahomegye a Ɛfata So

“Ɔserew wɔ ne bere . . . na asaw wɔ ne bere.”—Ɔsɛnkafo 3:1, 4.

Ahomegye bere ne anigyede a ɛfata ho hia na ama abofra anyin wɔ adwene ne nipadua mu. Sɛ awofo ne wɔn mma bom gye wɔn ani a, ɛma wɔn abusuabɔ no mu yɛ den na ɛma mmofra te ahobammɔ nka. Anigyede ahorow bɛn na abusua mũ no nyinaa betumi abom de agye wɔn ani? Sɛ wugye bere susuw ho a, wubetumi ahu nneɛma a ɛfata pii a mobɛyɛ. Agoru a wodi wɔ abɔnten te sɛ, baesekre ka, bɔɔlbɔ agoru ahorow te sɛ tɛnis, nɛtbɔɔl, ne vɔlibɔɔl. Na twa sɛnea mo ani begye bere a abusua no bom de mfiri bɔ nnwom no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Sɛ wutu kwan kɔ nkurow a ɛbemmɛn faako a wowɔ no kɔhwehwɛ adebɔ mu nneɛma a ɛyɛ fɛ a, mubetumi anya nneɛma pa asusuw ho.

Wɔ tebea horow a ɛtete sɛɛ mu no, awofo betumi de adebɔ ho adwene a ɛkari pɛ ahyɛ wɔn mma mu. Kristoni barima bi a ɔwɔ mmabarima baasa kae sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, me ne me mma bom di wɔn agoru. Sɛ nhwɛso no, sɛ wodi kɔmputa so agoru a mibisa wɔn ɔkwan a wɔfa so di no. Sɛ wofi anigye mu kyerɛkyerɛ me mu a, mede hokwan no ka asiane a ɛwɔ anigyede a ɛmfata mu kyerɛ wɔn. Mahyɛ no nsow sɛ wɔpo anigyede biara a ɛmfata.” Yiw, mmofra a wonya anigye wɔ agodie a abusua no nyinaa bom di mu no kɔn ntaa nnɔ sɛ wɔbɛhwɛ television so dwumadi ahorow, sini ahorow, ne intanɛt so dwumadi a wɔtaa yi basabasayɛ, ɔbrasɛe, ne nnubɔnenom wom no.

Boa Wo Mma Mma Wɔmpaw Nnamfo Pa

“Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”—Mmebusɛm 13:20.

Agya bi a ɔyɛ Kristoni a otumi tetee mmofra baanan no kae sɛ: “Nnamfo ko a wɔbɛpaw ho hia sen biara. Adamfo bɔne biako betumi asɛe adwuma a woayɛ nyinaa.” Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa ne mma no ma wɔapaw nnamfo pa no, ofi nyansam bisaa wɔn saa nsɛm yi: Hena ne w’adamfo paa? Dɛn nti na wopɛ n’asɛm? Dɛn na ɛwɔ ne ho a wopɛ sɛ wusua? Ɔwofo foforo nso yɛɛ nhyehyɛe maa ne mma no too nsa frɛɛ wɔn nnamfo paa baa fie. Afei na obetumi ahu wɔn yiye na wama ne mma no akwankyerɛ a ɛfata.

Ɛho hia nso sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo mma sɛ wobetumi afa mpanyimfo ne wɔn atipɛnfo nyinaa nnamfo. Bum-sun, agya a ɔwɔ mma baasa ka sɛ: “Meboaa me mma no ma wɔbɛtee ase sɛ ɛnyɛ wɔn atipɛnfo nkutoo na wobetumi afa wɔn nnamfo, sɛnea na ɛte wɔ Dawid ne Yonatan fam wɔ Bible mmere mu no. Nokwarem no, meto nsa frɛ Kristofo a ɛsono wɔn mfe ma wɔne me mma no benya fekubɔ. Ne saa nti, mmofra no ne nnipa pii a wɔnyɛ wɔn atipɛnfo bɔ fekuw.” Fekuw a wɔne mpanyimfo a wɔyɛ nhwɛso pa bɔ no ma mmofra no nya hokwan sua nneɛma pii.

Wubetumi Adi Nkonim Wɔ Mmofra Ntetee Mu

Nhwehwemu bi a wɔyɛe wɔ United States kyerɛ sɛ, awofo pii a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde su bi te sɛ ahosodi, ahohyɛso, ne nokwaredi bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma no ntaa nni nkonim. Dɛn nti na ɛyɛ den saa? Ɛna bi a wobisaa no nsɛm wɔ saa nhwehwemu no mu no buae sɛ: ‘Nea ɛyɛ yaw ne sɛ ɔkwan biako pɛ a wubetumi afa so abɔ wo mma ho ban ne sɛ wobɛka wɔn ahyɛ dan mu a womma wompue nkɔ wiase no mu.’ Nea na ɛwɔ n’adwenem ne sɛ tebea a wɔyɛn mmofra wom nnɛ no asɛe sen biara. Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no, so ebetumi ayɛ yiye sɛ wobɛtete mmofra ma asow aba pa?

Sɛ wopɛ sɛ wudua orchid na bere koro no ara mu wususuw sɛ ebia ebewu a, ebetumi abu w’abam. Sɛ obi a ɔwɔ orchid dua ho nimdeɛ ba hɔ na ɔde nyansahyɛ bi ma wo na osi so dua sɛ, “Nhwiren a woredua no, sɛ woyɛ ho adwuma wɔ ɔkwan yi so a ɛrenwu a,” hwɛ sɛnea w’ani begye afa! Yehowa a ɔwɔ nipa su ho Nimdeɛ sen biara no de ɔkwan a wɔfa so tete mmofra ho afotu a ɛkyɛn so ma. Ɔka sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Sɛ wode Bible afotusɛm tete mmofra a, ɛda adi sɛ w’ani begye sɛ wubehu sɛ wo mma anyin abɛyɛ mpanyimfo a wɔpɛ asɛyɛde, wosusuw afoforo ho, na wɔwɔ abrabɔ pa. Afei, Nnipa bɛpɛ wɔn asɛm na nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa, yɛn soro Agya no nso bɛpɛ wɔn asɛm.