Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wo Mpaebɔ Betumi Asakra Tebea No?

So Wo Mpaebɔ Betumi Asakra Tebea No?

So Wo Mpaebɔ Betumi Asakra Tebea No?

YƐN mu hena na onhyiaa tebea bi a emu yɛ den a wantumi anyɛ ho hwee pɛn? Bible kyerɛ sɛ na ɔsomafo Paulo nim sɛ mpaebɔ betumi anya nea ebefi ɔhaw a ɛte saa mu aba no so nkɛntɛnso.

Bere a wɔde Paulo too afiase wɔ ɔkwan a ɛmfata so wɔ Roma no, ɔsrɛɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ wɔmmɔ mpae mma no, na ɔde kaa ho sɛ: “Mesrɛ mo ara yiye sɛ monyɛ eyi, na wɔadan me ama mo ntɛm pa.” (Hebrifo 13:18, 19) Bere foforo nso, Paulo nyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn betie mpae a wɔbɔ sɛ wonnyi no ntɛm no. (Filemon 22) Ankyɛ na wogyaee Paulo ma ɔsan kɔyɛɛ n’asɛmpatrɛw adwuma no.

Nanso, so mpaebɔ betumi asakra nea ebefi wo haw mu aba no ankasa? Ebia. Nanso, kae sɛ, mpaebɔ nyɛ ɔsom mu adeyɛ ara kwa. Ɛyɛ nkitaho ankasa a yɛne yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ ne tumi no di. Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ ankasa sɛ yɛbɛka nsɛm pɔtee wɔ yɛn mpaebɔ mu, nanso ɛsɛ sɛ yɛde boasetɔ twɛn hwɛ sɛnea Yehowa bebua.

Ɛnyɛ mpaebɔ nyinaa na Onyankopɔn betie no tẽẽ, ɛnna ɛnyɛ bere nyinaa na obebua mpaebɔ no wɔ ɔkwan anaa bere a yɛhwɛ kwan no. Sɛ nhwɛso no, Paulo bɔɔ mpae mpɛn pii faa ne ‘honam mu nsɔe ho.’ Onyankopɔn anyi Paulo haw no amfi hɔ, ɛmfa ho sɛnea na ɛte biara no, nanso ɔde nkuranhyɛsɛm yi kyekyee Paulo werɛ sɛ: “Me dom no dɔɔ wo so, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.”—2 Korintofo 12:7-9.

Yɛn nso yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ Onyankopɔn anyi ɔhaw pɔtee bi mpo amfi hɔ a, obetumi ‘ama ɔkwan a yɛde befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na yɛatumi asoa.’ (1 Korintofo 10:13) Ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn beyi adesamma haw nyinaa afi hɔ. Enkosi saa bere no, “Mpaebɔ tiefo” no a yɛbɛdan akɔ ne nkyɛn no betumi de nsakrae aba.—Dwom 65:2.