Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa Bi a Wɔkyerɛw Kɔmaa Noa

Krataa Bi a Wɔkyerɛw Kɔmaa Noa

Krataa Bi a Wɔkyerɛw Kɔmaa Noa

“AGYA Noa, mpɛn pii na makenkan sɛnea woyɛɛ adaka bi a wɔnam so gyee wo ne w’abusua nkwa wɔ Nsuyiri no mu ho asɛm wɔ Bible mu.”

Saa na abeawa bi a wɔfrɛ no Minnamaria a wadi mfe 15 hyɛɛ ne krataa bi a ɔkyerɛw wɔ nkrataakyerɛw akansi bi a wɔyɛ maa sukuufo a wɔadi fi mfe 14 kosi 21 no ase. Finland nkrataa amenae adwuma, Finland Akyerɛkyerɛfo Kuw a Wɔkyerɛ Finland Kasa ne Finland Kasa mu Nhomakyerɛwfo Kuw na wɔyɛɛ saa akansi yi ho nhyehyɛe. Wɔkae sɛ akansifo no nkyerɛw wɔn krataa no mfa nhoma bi ho. Na akansifo no betumi akyerɛw wɔn nkrataa no akɔma nea ɔkyerɛw nhoma no anaa onipa bi a wɔaka ne ho asɛm wɔ nhoma no mu. Akyerɛkyerɛfo no yii nkrataa bɛboro 1,400 fii nkrataa ahorow a wɔn nsa kae no mu de kɔmaa wɔn a na wɔhwɛ akansi no so no. Wɔn a wɔhwɛ akansi no so no paw nea odii kan, mmofra du a wɔbɔɔ so tɔɔ so abien, ɛnna mmofra du foforo nso a wɔbɔɔ so tɔɔ so abiɛsa. Minnamaria ani gyei sɛ wɔpaw ne krataa no kaa mmofra du a wɔtɔɔ so abiɛsa no ho.

Dɛn nti na Minnamaria, abeawa kumaa a ɔkɔ sukuu no kyerɛw ne krataa no kɔmaa Noa a ɔtraa ase bɛyɛ mfirihyia 5,000 a atwam no? Ɔka sɛ: “Bible no ne ade a edii kan baa m’adwene mu. Esiane sɛ metaa kenkan Bible nti, mihu nnipa a wɔka wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu no sɛ nea wɔda so te ase. Mepawee sɛ mɛkyerɛw Noa ho asɛm efisɛ na n’asetra yɛ anika paa na afei nso na ɛsono n’asetra ne me de koraa.”

Minnamaria de ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Noa no ba awiei sɛ: “Woda so ara yɛ gyidi ne osetie ho nhwɛsofo. Sɛnea wobɔɔ wo bra no hyɛ obiara a ɔkenkan Bible no nkuran sɛ ɔmfa nnwuma mmata ne gyidi ho.”

Saa krataa a abeawa kumaa a ɔtaa kenkan Bible no kyerɛwee yi da no adi sɛ Bible no “wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu,” na enya mmofra ne mpanyimfo nyinaa so tumi.—Hebrifo 4:12.