Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Manya Akomatɔyam Wɔ Amanehunu Nyinaa Akyi

Manya Akomatɔyam Wɔ Amanehunu Nyinaa Akyi

Asetram Nsɛm

Manya Akomatɔyam Wɔ Amanehunu Nyinaa Akyi

SƐNEA AUDREY HYDE KA KYERƐE

Sɛ mekaakae mfirihyia 63 a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma a emu 59 de mede ayɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ no a, metumi aka sɛ m’asetra ayɛ nea akomatɔyam wom ankasa. Ɛyɛ nokware sɛ bere a kokoram kum me kunu a odi kan na nea ɔto so abien no nso nyaa Alzheimer (yare a ɛka obi adwene ma ne werɛ fi biribiara) no, ɛmaa m’abam bui paa. Nanso, ma menka nea aboa me ma makɔ so akura m’anigye mu wɔ amanehunu no nyinaa akyi no nkyerɛ wo.

MINYINII wɔ akuraa bi a ɛbɛn kurow ketewa bi a wɔfrɛ no Haxtun a ɛwɔ Colorado atifi fam apuei asasetaw a ɛbɛn Nebraska mantam no hye so no mu. Me na na metɔ Orille ne Nina Mock mma baasia no so anum. Wɔwoo Russell, Wayne, Clara ne Ardis fi afe 1913 kosi 1920 ntam hɔ, na afe a edi hɔ no wɔwoo me nso. Wɔwoo Curtis wɔ afe 1925 mu.

Wɔ afe 1913 mu no, me Maame bɛyɛɛ Bible Suani, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Bere bi akyi no, abusua no mufo a aka nyinaa bɛyɛɛ Adansefo.

Asetra Pa Wɔ Asasetaw no So

Na me papa ani abue paa. Ɛwom sɛ saa bere no na nkurɔfo pii nni anyinam nkanea wɔ wɔn afie de, nanso na yɛwɔ bi wɔ yɛn adan mu wɔ akuraa no ase. Esiane nkokɔ ne anantwi a na yɛyɛn nti, na yenya nkesua, nufusu, nufusu ani srade ne bɔta. Na yɛde apɔnkɔ na ɛyɛ yɛn afuw a na yedua nnuaba, ntɔmmɔ, awi ne aburow wɔ mu no so adwuma.

Ná paapa ka sɛ ɛsɛ sɛ ne mma no nyinaa hu adwumayɛ. Ansa na merefi sukuu ase mpo no, na wɔakyerɛ me kuayɛ. Mekae sɛnea na mede asɔw dɔw yɛn mfikyifuw no mu bere a na owia no agyina wɔ ahohuru bere mu no yiye. Na metaa bisa me ho sɛ, ‘Enti metumi adɔw awie ni? Na mfifiri firi me paa ma nnowa nso boro me. Ɛtɔ da bi a na me ho yɛ me mmɔbɔ efisɛ na mmofra a wɔte sɛ yɛn no nyɛ adwumaden saa. Nanso, sɛ mekaakae me mmofraberem nsɛm a, m’ani sɔ sɛ wɔkyerɛɛ yɛn adwumayɛ.

Ná obiara wɔ n’adwuma a ɔyɛ. Esiane sɛ na Ardis tumi kyĩ nantwi nufu sen me nti, na m’adwuma ne sɛ mɛprapra faako a apɔnkɔ no da no. Ɛwom sɛ na yɛde bere pii yɛ adwuma de, nanso na yenya bere de di agoru ma yɛn ani gye. Na me ne Ardis bɔ bɔɔl. Na ɛsono faako a obiara bɔ.

Sɛ edu anadwo a na wim yɛ fɛ paa wɔ asasetaw no so. Na nsoromma mpempem pii no ma mekae yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn. Mpo, bere a na meyɛ abofra no na misusuw asɛm a wɔaka wɔ Dwom 147:4 yi ho: ‘Yehowa kyerɛ nsoromma dodow, ɔtoto wɔn nyinaa din.’ Na yɛn kraman a na yɛfrɛ no Judge no taa ba me nkyɛn anadwo de ne ti bɛto me so ma m’ani ka. Na metaa bɛtra yɛn abrannaa so awiabere hwɛ sɛnea mframa no bɔ awi a yɛadua no kɔ ha ba ha no ma ɛbɛyɛ te sɛ dwetɛ a awia bɔ so no.

Maame Nhwɛso Pa

Na me maame yɛ ɔyere mmɔdenbɔfo paa. Na Paapa na odi abusua no anim bere nyinaa, na Maame kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yemmu paapa. Paapa nso bɛyɛɛ Yehowa Dansefo wɔ afe 1939 mu. Ɛwom sɛ na Paapa nnyigye yɛn so pii na mmom ɔma yɛyɛ adwumaden de, nanso na yenim sɛ ɔdɔ yɛn. Na ɔtaa de yɛn tra teaseɛnam mu kokyinkyin wɔ awɔw bere mu. Hwɛ sɛnea na sukyerɛma a ɛhyerɛn no ma yenya anigye!

Nanso, ɛyɛ Maame na ɔtetee yɛn ma yɛbɛdɔɔ Onyankopɔn na yenyaa obu maa Bible no. Yebehui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa na ɔne yɛn Nkwamafo. (Dwom 36:9; 83:18) Yebehui nso sɛ n’akwankyerɛ so wɔ mfaso ma yɛn na ɛnsɛe yɛn anigye. (Yesaia 48:17) Na maame taa ka sɛ yɛwɔ adwuma titiriw bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yebehui sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

Bere a na misua no, bere biara a mɛpɔn sukuu aba fie na me maame nni hɔ no, na mekɔhwehwɛ no. Da bi bere a na madi bɛyɛ mfe asia anaa ason no, mikohuu no wɔ faako a yɛde mmoa aduan gu no. Bere a na yɛwɔ hɔ no, nsu fii ase tɔe denneennen. Na yɛwɔ ɔdan a ɛwɔ ɛno soro mu na mibisaa maame sɛ Onyankopɔn de Nsuyiri foforo reba anaa. Otwaa me koma too me yam sɛ Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔremfa nsuyiri nsɛe asase bio da. Esiane ahum a na ɛtaa tu wɔ hɔ nti, mekae paa sɛ na metaa guan kɔhyɛ ɔdan a na ɛhyɛ yɛn fie ase no mu.

Maame fii asɛnka ase ansa na wɔwoo me. Na nnipa bi a na wɔn nyinaa wɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro akɔka Kristo ho hyia wɔ yɛn fie. Ɛwom sɛ na afie afie asɛnka yɛ Maame den de, nanso ɔmaa Onyankopɔn ho dɔ a na ɔwɔ no kataa ehu biara a na ɔwɔ so. Okuraa ne gyidi mu kosii ne wuda wɔ November 24, 1969, bere a na wadi mfirihyia 84 no. Bere a na ɔda owu pa so no, meka guu n’asom sɛ: “Maame worekɔ soro, na wone wɔn a wunim wɔn na ɛrekɔtra.” Hwɛ anigye ara a minyae sɛ saa bere no na mewɔ Maame nkyɛn na mekaa ahotoso a na mewɔ wɔ saa anidaso no mu kyerɛɛ no! Ɔno nso kaa no brɛoo sɛ, “Woahyɛ me den paa.”

Yefii Asɛnka Ase

Wɔ afe 1939 mu no, Russell bɛyɛɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asɛmpakafo no. Ɔyɛɛ n’akwampae adwuma no wɔ Oklahoma ne Nebraska kosii sɛ wɔtoo nsa frɛɛ no kɔɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York (a wɔfrɛ hɔ Betel no) wɔ afe 1944 mu. Mifii akwampae adwuma ase wɔ September 20, 1941, na meyɛɛ adwuma no wɔ Colorado, Kansas, ne Nebraska mmeae ahorow pii. Minyaa anigye pii fii akwampae adwuma no mu saa bere no. Ɛnyɛ boa a meboaa nkurɔfo ma wosuaa Yehowa ho ade nko na ɛmaa m’ani gyei na mmom misuae sɛ mede me ho mɛto no so nso.

Bere a Russell fii akwampae adwuma ase no, na Wayne a na ɔde bere kakra ayɛ honam fam adwuma no agyae kɔ kɔlege wɔ United States atifi fam apuei. Akyiri yi, wɔtoo nsa frɛɛ Wayne kɔɔ Betel. Ɔyɛɛ adwuma kakraa wɔ Kingdom Farm a ɛbɛn Ithaca, New York no. Na wodua nnuan wɔ hɔ ma afuw no mu adwumayɛfo ne Brooklyn Betel adwumayɛfo bɛyɛ 200 no. Wayne kɔɔ so de ne nimdeɛ ne ne suahu som Yehowa kosii sɛ owui wɔ afe 1988 mu.

Me nuabea Ardis waree James Kern ma wɔwoo mma baanum. Me nuabea no wui wɔ afe 1997 mu. Me nuabea Clara nso akɔ so asom Yehowa nokwaredi mu abesi nnɛ na ɛyɛ a mekɔsra no wɔ Colorado bere a mekogye m’ahome no. Yɛn nuabarima kumaa Curtis bɛyɛɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel wɔ 1940 mfe no awiei mu. Na ɔde kar kɛse twe nneɛma fi Brooklyn kɔ Kingdom Farm de nnɔbae fi hɔ ba Brooklyn. Owui wɔ afe 1971 mu a wanware da.

Nea na Mepɛ—Betel Som Adwuma

Na me nuanom mmarima mpanyimfo no adi kan kɔ Betel na na me nso mepɛ sɛ mekɔ hɔ bi. Migye di sɛ nhwɛso pa a wɔyɛe no nti na ɛmaa wɔtoo nsa frɛɛ me nso. Bere a mitiee sɛnea me maame kaa Onyankopɔn ahyehyɛde no abakɔsɛm na m’ankasa mihuu sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa nna a edi akyiri yi ho renya ne maamu no, ɛmaa ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛkɔ Betel no mu yɛɛ den. Mekaa Yehowa ntam wɔ mpaebɔ mu sɛ, sɛ ɔma me kwan ma mekɔ Betel a, meremfi hɔ da gye sɛ minya asɛyɛde foforo a sɛ́ Kristoni no, ɛsɛ sɛ midi ho dwuma.

Mekɔɔ Betel June 20, 1945, na wɔmaa me adwuma sɛ minsiesie adan mu. Na misiesie adan 13 mu to mpa 26 prapra abrannaa ne ntrapoe so popa mpomma ho da biara. Na adwuma no yɛ den. Daa sɛ na mereyɛ adwuma a na meka no me tirim sɛ, ‘Woabrɛ de, nanso wowɔ Betel, Onyankopɔn fie!’

Me ne Nathan Knorr Aware

Wɔ 1920 mfe no mu no, wɔkae sɛ Betelni biara a ɔpɛ sɛ ɔware no mfi Betel nkɔyɛ Ahenni adwuma wɔ baabi foforo. Nanso wɔ 1950 mfe no mfiase no, wɔmaa kwan maa Betelni a wasom akyɛ kakra wɔ hɔ ware traa hɔ. Enti bere a Nathan H. Knorr a saa bere no na odi wiase nyinaa Ahenni adwuma no anim no kyerɛɛ me ho anigye no, mekae sɛ, ‘Oyi de ɔbɛtra ha!’

Na Nathan wɔ asɛyɛde pii wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma a na ɔhwɛ so no ho. Enti ɔkaa nokware kyerɛɛ me sɛ minsusuw ho nkɔ akyiri ansa na mapene so aware no. Saa mmere no, na ɔtaa tutu akwan kɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no kodi adapɛn pii. Enti ɔmaa metee ase sɛ, ɔbɛtaa agyaw me hɔ bere tenten.

Bere a na meyɛ abofra no, na mehwɛ kwan sɛ mɛware wɔ fefɛw bere mu na makɔ Hawaii Pacific nsupɔw no so akogye m’ahome wɔ m’ayeforohyia akyi. Nanso yɛwaree wɔ January 31, 1953, wɔ awɔw bere mu, na yekogyee yɛn ahome wɔ yɛn ayeforohyia no akyi saa Memeneda awia no ne Kwasida wɔ New Jersey. Yɛsan hyɛɛ adwuma ase Dwoda. Nanso, wɔ dapɛn biako akyi no, yɛde dapɛn biako kogyee yɛn ahome bio.

Ɔhokafo a Ɔyɛ Mmɔdenbɔfo

Na Nathan adi mfe 18 bere a ɔkɔɔ Betel wɔ afe 1923 mu no. Onyaa ntetee a edi mũ fii wɔn a na wɔwɔ osuahu te sɛ Joseph F. Rutherford a saa bere no na odi Adansefo adwuma no anim ne Robert J. Martin a na ɔhwɛ beae a na wotintim nhoma so no nkyɛn. Bere a Onua Martin wui wɔ September 1932 mu no, Nathan bɛyɛɛ nhoma tintimbea sohwɛfo. Afe a edi hɔ no, Onua Rutherford de Nathan tutuu akwan kɔsrasraa Yehowa Adansefo adwumayɛbea ahorow a ɛwɔ Europa no. Bere a Onua Rutherford wui wɔ January 1942 mu no, wɔde Nathan sii n’anan mu sɛ ɔnhwɛ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no so.

Ná Nathan hwɛ nneɛma kɔ akyiri paa enti bere nyinaa na ɔyɛ nhyehyɛe ma daakye. Esiane sɛ na wɔte nka saa bere no sɛ nneɛma nhyehyɛe no rebɛba n’awiei nti, na ebinom te nka sɛ mfaso nni nea na ɔreyɛ no so. Nokwasɛm ni, onua bi a ohuu nhyehyɛe a Nathan reyɛ no bisaa no sɛ: “Onua Knorr, dɛn na woreyɛ yi? Wunni gyidi anaa?” Ɔno nso buaa no sɛ: “Mewɔ gyidi, nanso nea ɛbɛyɛ na sɛ awiei no amma sɛnea yɛhwɛ kwan no a, yɛn ho nkyere yɛn.”

Ade biako a na ɛda Nathan koma so ne asɛmpatrɛwfo sukuu a na wɔbɛte. Enti, wɔ February 1, 1943 no, wɔhyɛɛ asɛmpatrɛwfo sukuu ase wɔ Kingdom Farm, baabi a na me nuabarima Wayne reyɛ adwuma no. Ɛwom sɛ na sukuufo no de asram anum sua Bible no a adagyew nnim koraa de, nanso na Nathan hwɛ ma sukuufo no nya bere di agoru. Bere a wɔhyɛɛ sukuu no ase foforo no, na Nathan ne sukuufo no bom di agoru nanso akyiri yi ogyaee efisɛ na osuro sɛ anhwɛ na wapira ma wantumi ankɔ amantam nhyiam a wɔyɛ no ahohuru bere mu no bi. Ɔpawee sɛ ɔbɛhwɛ agoru no so mmom. Sɛ na ɔhyɛ da di ma sukuufo a wofi amannɔne no a, na sukuufo no nyinaa ani gye paa.

Me ne Nathan Tutuu Akwan

Bere bi akyi no, me ne Nathan fii ase tutuu akwan kɔɔ amannɔne. Na m’ani gye ho sɛ mɛka me suahu akyerɛ atuhoamafo a wɔyɛ adwuma wɔ yɛn adwumayɛbea ahorow hɔ ne asɛmpatrɛwfo. M’ankasa mihuu ɔdɔ ne ahofama a na wɔwɔ ne tebea a na ɛwɔ aman a na wɔsom wɔ so no so. Mfe pii ni na wɔakɔ so akyerɛw me nkrataa de ada anisɔ a wonya maa nsrahwɛ a ɛtete saa no.

Mekae osuahu ahorow a yenyae wɔ akwan a yetutui no mu pii. Sɛ nhwɛso no, bere bi a yɛkɔɔ Poland no, na me ne anuanom mmea baanu bi gyina hɔ, na nea mihui ara ne sɛ wɔreka asomsɛm. Mibisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moreka asomsɛm?” Wɔmaa me di bem kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me sɛ bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Poland no, esiane akasam mfiri a na aban mpanyimfo de abɛhyehyɛ wɔn afie na sɛ wɔkasa a wɔate nti na wɔkasa gu asom no.

Onuawa Adach yɛ Adansefo pii a na wɔwɔ Poland bere a wɔbaraa wɔn no mu biako. Na ne ti nhwi dɔɔso paa ma enti na ebi akata n’anim. Da bi opagyaa ne nhwi no de etwã kɛse bi a ɛda ne moma so a ɔtaafo bi de ade bɔɔ no ma onyae kyerɛɛ me. Bere a m’ankasa mihuu ayayade a wɔde yɛɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea no, me ho dwiriw me.

Sɛ Betel fi hɔ a, beae foforo a m’ani gye hɔ paa ne Hawaii. Mekae nhyiam bi a yɛyɛe wɔ kurow bi a ɛwɔ hɔ a wɔfrɛ no Hilo wɔ afe 1957 mu no. Na ɛyɛ nhyiam kɛse paa. Na nnipa a wɔbaa ase no dɔɔso sen Adansefo a wɔwɔ hɔ no. Kurow sohwɛfo no mpo gyee Nathan fɛw so. Nnipa pii bɛmaa yɛn akwaaba de nhwiren a wɔanwene beguguu yɛn kɔn mu.

Nhyiam foforo a na ɛyɛ anigye ne nea wɔyɛɛ wɔ Nuremberg, Germany, wɔ afe 1955 mu wɔ faako a na Hitler asraafo bɔ nsra no. Wonim no yiye sɛ Hitler sii no pi sɛ ɔbɛtɔre Yehowa nkoa ase afi Germany, nanso saa bere no Yehowa Adansefo hyɛɛ agoprama no so ma! Misui paa. Na asɛnka agua a adum akɛse 144 sisi akyi no so yiye. Na migyina asɛnka agua no so a mitumi hu nnipa a wɔsam hɔ bebree a wɔboro 107,000 no. Na efi hɔ kɔ akyiri hɔ ware araa ma enti na ɛyɛ den sɛ mehu wɔn a wɔtete akyiri no.

Yehuu nea enti a German anuanom no tumi gyinaa wɔn mudi mu ne ahoɔden a Yehowa de maa wɔn bere a na Nasi nniso no taa wɔn no. Ɛmaa yɛn bo a na yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so akura yɛn mudi mu ama Yehowa no mu bɛyɛɛ den. Nathan na ɔmaa ɔkasa a etwa to no na bere a owiei no, onyam ne nsa maa wɔn nantew yiye. Ntɛm ara na wɔn nso momaa wɔn duku so maa no nantew yiye. Na ɛte sɛ nhwiren fɛfɛ bi a esisi baabi.

Nsrahwɛ foforo nso a me werɛ mfi da ne nea yɛkɔe wɔ Portugal wɔ December 1974 mu no. Yɛkɔɔ nhyiam a edi kan koraa a Adansefo a wɔwɔ Lisbon yɛe wɔ hɔ fi bere a wogyee yɛn adwuma no toom wɔ mmara kwan so no bi. Na wɔabara ɔsom adwuma no mfirihyia 50 wɔ hɔ! Ɛwom sɛ na Ahenni adawurubɔfo 14,000 pɛ na na wɔwɔ hɔ saa bere no de, nanso nnipa bɛboro 46,000 na wɔbaa nhyiam abien a yɛyɛe no ase. Bere a anuanom no kae sɛ: “Afei de, yɛanya ahofadi, na ɛho nhia sɛ yɛyɛ nhyiam wɔ sum ase bio” no, nusu guu me.

Efi bere a me ne Nathan hyɛɛ akwantu ase besi nnɛ no, ade a mepɛ paa ne bɔnnɔ so adanse a midi wɔ wimhyɛn mu, adidibea, ne mmorɔn so. Mede nhoma hyɛ me ho bere nyinaa na ama matumi adi adanse. Da bi bere a na yɛretwɛn wimhyɛn bi a ammedu ntɛm no, awuraa bi bisaa me faako a meyɛ adwuma. Eyi buee kwan maa me ne no ne afoforo a na wɔwɔ hɔ bɔɔ nkɔmmɔ. Betel som dwuma ne asɛnka adwuma ama minni me ho adagyew koraa na ama manya anigye paa nso.

Yare ne Nkradi a Ɛhyɛ Dɛn

Nathan nyaa kokoram wɔ afe 1976 mu, na me ne Betel abusua no hwɛɛ no. Ɛmfa ho sɛ na onni ahoɔden no, na yetumi to nsa frɛ anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ yɛn adwumayɛbea ahorow a ɛwɔ wiase afã horow a wɔaba Brooklyn rebegye ntetee no ba yɛ dan mu. Mekae Don ne Earlene Steele, Lloyd ne Melba Barry, Douglas ne Mary Guest, Martin ne Gertrud Poetzinger, Pryce Hughes ne afoforo pii nsrahwɛ no. Mpɛn pii no, na wɔka nea ɛrekɔ so wɔ wɔn aman mu kyerɛ yɛn. Na ɔkwan a yɛn nuanom a wɔabara wɔn som adwuma no fa so kura wɔn mũdi mu no ka me koma paa.

Bere a Nathan behui sɛ ne wu rebɛn no, ɔmaa me nyansahyɛ a ebetumi aboa me wɔ me kunayɛ mu. Ɔkae sɛ: “Yɛanya anigye pii wɔ yɛn aware mu. Nnipa pii nnya no saa.” Ade biako a ɛmaa me ne Nathan aware sɔe ne sɛnea na osusuw me ho no. Sɛ nhwɛso no, sɛ na yehyia nkurɔfo wɔ akwantu mu a nea na ɔka kyerɛ me ni: “Audrey, sɛ mamfa wɔn ankyia wo a, na ɛyɛ wɔn din a me werɛ afi ntia.” M’ani gyei sɛ odii kan maa mihuu no saa.

Afei Nathan kaee me sɛ: “Sɛ yewu a, yɛn anidaso bɛyɛ nea edi mũ na yɛrenhu amane bio da.” Otuu me fo sɛ: “Hwɛ w’anim efisɛ ɛhɔ na w’akatua wɔ. Ɛwom sɛ wobɛkaakae nneɛma de, nanso nnwinnwen nea atwam no ho. Ɛkyɛ kakra a, wo werɛ befi. Mma wo bo mfuw wo ho na nni awerɛhow. Ma w’ani nnye sɛ wunyaa anigye ne nhyira a ɛte saa. Bere bi akyi no, wobɛkae nea atwam no aserew. Kae a yetumi kae ade no yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn.” Ɔsan de kaa ho sɛ: “Bɔ mmɔden fa w’ahoɔden yɛ pii boa afoforo. Ɛno bɛma woanya anigye wɔ asetram.” Awiei koraa no, Nathan wiee n’asase so som adwuma wɔ June 8, 1977.

Me ne Glenn Hyde Aware

Ná Nathan adi kan aka akyerɛ me sɛ metumi akaakae nea atwam no aserew anaa metumi ahyɛ ɔbra foforo ase. Enti wɔ afe 1978 mu bere a wɔde me kɔɔ Watchtower Farms wɔ Wallkill, New York no, ɔbarima ɔhoɔfɛfo bi a odwo a na wɔfrɛ no Glenn Hyde waree me. Ɔne United States Po so Asraafo no yɛɛ adwuma wɔ United States ne Japanfo ko no mu ansa na ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo.

Wɔ saa ɔko no mu no, na Glenn na ɔhwɛ ma PT (ahyɛmma bi a etumi sɛe ahyɛmma foforo) yɛ adwuma yiye. Esiane dede dodo a na ɛwɔ faako a na ɔyɛ adwuma no nti, n’asom bɛyɛɛ den kakra. Bere a ɔko no baa awiei no, ɔne odumgyafo kɔyɛɛ adwuma. Esiane nea ɛfaa n’ani so wɔ ɔko no mu nti, na ɔsoso dae bɔne wɔ ɔko no akyi. Osuaa Bible mu nokware no fii ne kyerɛwfo a na odi no adanse bɔnnɔ so no hɔ.

Wɔfrɛɛ Glenn baa Betel wɔ afe 1968 mu sɛ ɔmmɛyɛ odumgya adwuma wɔ Brooklyn. Afei bere a Watchtower Farms nyaa afiri a wɔde dum gya no, wɔde no kɔɔ hɔ wɔ afe 1975 mu. Ankyɛ na yare bi a ɛka obi adwene ma ne werɛ fi biribiara yɛɛ no. Mfe du wɔ yɛn aware akyi no, Glenn wui.

Na mɛyɛ dɛn agyina ano? Nyansahyɛ a Nathan rewu no ɔde maa me no kyekyee me werɛ bio. Mekɔɔ so kenkanee nea na Nathan akyerɛw ama me afa sɛnea wogyina kunayɛ ano no. Ɛnnɛ, sɛ obi aware mu hokafo wu a, mede Nathan afotusɛm a ɔde maa me no kyekye ne werɛ. Yiw, ɛyɛ papa sɛ wode w’ani besi nea ɛwɔ w’anim no so sɛnea ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menyɛ no.

Onuayɛ Kuw a Ɛsom Bo

Nea ama manya anigye ne akomatɔyam wɔ m’asetram ne me nnamfo a medɔ wɔn ne Betel abusua no. Wɔn mu biako ne Esther Lopez a ɔka wɔn a wowiee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a ɛto so abiɛsa wɔ afe 1944 mu ho no. Ɔsan baa Brooklyn wɔ February 1950 mu bɛkyerɛɛ Bible ho nhoma ase kɔ Spania kasa mu. Mpɛn pii no, sɛ Nathan tu kwan a, Esther na na me ne no bɔ paa. Ɔno nso wɔ Watchtower Farms. Mprempren yi, esiane sɛ wadi bɛboro mfirihyia 95 nti, onni ahoɔden papa na yɛn ayaresabea no rehwɛ no.

M’ankasa m’abusuafo de, Russell ne Clara nkutoo na wɔda so te ase. Russell adi bɛboro mfirihyia 90, na ɔde nokwaredi resom wɔ Brooklyn Betel. Ɔka anuanom a wodii kan maa wɔn kwan ma wɔkɔɔ so traa Betel wɔ wɔn aware akyi no ho. Ɔwaree Betelni bi a wɔfrɛ no Jean Larson wɔ afe 1952 mu. Jean nuabarima Max baa Betel wɔ afe 1939 mu na wɔ afe 1942 mu no, wɔde no sii Nathan ananmu sɛ nhoma tintimbea sohwɛfo. Max da so di asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ Betel na ɔsan boa ma wɔhwɛ ne yere Helen a yare a ɛka ɛhon nkwaadɔm atitiriw ayɛ no no.

Sɛ mitwa m’ani hwɛ mfirihyia 63 a mede ayɛ Yehowa bere nyinaa som adwuma no a, metumi aka sɛ m’asetra ayɛ nea akomatɔyam wom paa. Mede Betel yɛɛ me fie na meda so ara de anigye resom wɔ ha. Mede nkamfo no ma m’awofo sɛ wɔkyerɛɛ yɛn sɛnea wɔyɛ adwuma na wɔde Yehowa som duaa yɛn mu. Nanso nea ɛma yenya akomatɔyam ankasa wɔ yɛn asetram ne yɛn nuayɛ kuw a ɛsom bo no ne anidaso a yɛwɔ sɛ yɛne yɛn nuanom mmea ne mmarima bɛtra paradise asase so asom yɛn Bɔfo Kɛse Yehowa, nokware Nyankopɔn koro no daa no.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Da a m’awofo hyiaa ayeforo, June 1912

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Efi benkum kɔ nifa: Russell, Wayne, Clara, Ardis, me, ne Curtis wɔ afe 1927 mu

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Migyina Frances ne Barbara McNaught ntam, na mereyɛ akwampae adwuma wɔ afe 1944 mu

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Mewɔ Betel wɔ afe 1951 mu. Efi benkum kɔ nifa: Me, Esther Lopez, ne m’akumaa Jean

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne Nathan ne n’awofo

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne Nathan wɔ afe 1955 mu

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Me ne Nathan wɔ Hawaii

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne Glenn, me kunu a mewaree no akyiri yi