Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’

‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’

‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’

‘Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo.’—MATEO 28:18, 19.

1, 2. (a) Adwuma bɛn na Yesu de maa n’akyidifo no? (b) Yesu ahyɛde no ho nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

NÁ ƐYƐ fefɛw bere mu da bi wɔ Israel wɔ afe 33 Y.B. Na Yesu asuafo no ahyiam wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea. Na wɔn Awurade a wɔanyan no afi awufo mu no rebɛkɔ soro, nanso na ɔwɔ asɛm bi a ɛho hia a ɔbɛka akyerɛ wɔn. Na Yesu wɔ adwuma bi a ɔde bɛma wɔn ayɛ. Na ɛyɛ adwuma bɛn? N’asuafo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho? Na ɔkwan bɛn so na saa adwuma no fa yɛn ho nnɛ?

2 Wɔayɛ nea Yesu kae no ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 28:18-20 sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” Yesu kaa “tumi nyinaa,” “amanaman nyinaa,” “nea mahyɛ mo nyinaa,” ne “nna nyinaa” ho asɛm. N’ahyɛde a ɛfa saa nneɛma anan no ho no ma nsɛmmisa bi a ɛho hia sɔre. Yebetumi abɔ nsɛmmisa no mua sei, dɛn nti? ɛhe? dɛn? ne bere bɛn? Ma yensusuw nsɛmmisa no ho mmiako mmiako. *

‘Wɔde Tumi Nyinaa Ama Me’

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so?

3 Nea edi kan no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so? Yesu kae sɛ: ‘Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo.’ Asɛmfua “enti” no twe adwene si ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yedi saa ahyɛde yi so no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔde “tumi nyinaa” ama Yesu, nea ɔde ahyɛde no mae no.” Ne tumi no kɔ akyiri kodu he?

4. (a) Yesu tumi no kɔ akyiri kodu he? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ tumi a Yesu wɔ ho ntease a yɛanya no ka adwene a yekura wɔ ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no?

4 Yesu wɔ n’asafo no so tumi, na efi afe 1914 reba no, wadi Onyankopɔn Ahenni foforo a wɔde asi hɔ no so tumi. (Kolosefo 1:13; Adiyisɛm 11:15) Ɔno ne ɔbɔfo panyin no, ma enti ɔsoro asafo a abɔfo ɔpepehaha pii na wɔwom no hyɛ n’ase. (1 Tesalonikafo 4:16; 1 Petro 3:22; Adiyisɛm 19:14-16) N’agya ama no tumi sɛ ontu “ahenni ne ahoɔden ne tumi nyinaa” a ɛsɔre tia nnyinasosɛm a ɛteɛ no ngu. (1 Korintofo 15:24-26; Efesofo 1:20-23) Ɛnyɛ ateasefo nkutoo na Yesu wɔ wɔn so tumi. Ɔyɛ “ateasefo ne awufo temmufo” nso, na Onyankopɔn ama no tumi a ɔde benyan wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no. (Asomafo no Nnwuma 10:42; Yohane 5:26-28) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yebu ahyɛde a Onii a wɔama no tumi kɛse a ɛte saa de ama no sɛ ade a ɛho hia sen biara. Ɛno nti, yefi obu ne yɛn pɛ mu di Kristo ahyɛde a ɛka sɛ ‘yɛnkɔyɛ asuafo’ no so.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Petro tiee Yesu asɛm? (b) Nhyira bɛn na efii Yesu akwankyerɛ a Petro dii so no mu bae?

5 Wɔ Yesu asase so som adwuma no mfiase no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no wɔ ɔkwan soronko so ma wohui sɛ sɛ wogye ne tumi tom na wodi n’ahyɛde ahorow so a, wobenya nhyira. Ɔka kyerɛɛ Petro a na ɔyɛ ɔpofofo no bere bi sɛ: “Twiw kɔ nea ɛdɔ, na munkogu mo asawu nyi nam!” Na Petro gye di sɛ mpataa biara nni hɔ, enti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee.” Nanso, Petro fi ahobrɛase mu de kaa ho sɛ: “Nanso w’asɛm no nti megu asawu no.” Bere a Petro tiee Kristo ahyɛde no, ɔkyeree “mpataa pii.” Petro ho dwiriw no ma “ɔhwee Yesu nan ase kae sɛ: Fi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa ɔdebɔneyɛfo.” Nanso, Yesu buae sɛ: “Nsuro! Efi nnɛ wubeyi nnipa.” (Luka 5:1-10; Mateo 4:18) Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu?

6. (a) Ɔkwan bɛn so na mpataa a woyii no anwonwakwan so no kyerɛkyerɛ osetie kõ a Yesu hwehwɛ mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yesu?

6 Yesu amma Petro, Andrea, ne asomafo foforo no adwuma sɛ ‘wɔmmɛyɛ nnipa yifo’ ansa na ɔrema wɔn akyere mpataa pii no, na mmom wodii kan kyeree mpataa pii no ansa. (Marko 1:16, 17) Ɛda adi pefee sɛ, Yesu anhwehwɛ sɛ wɔyɛ osetie a enni nnyinaso. Ɔmaa mmarima no nyaa biribi a ɛwɔ nnyinaso a edi mũ a enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ osetie ma no. Sɛnea wotiee Yesu ahyɛde na wɔde wɔn asawu guu nsu no mu na wɔkyeree mpataa pii no, saa ara na sɛ na wotie Yesu ahyɛde a ɛka sɛ ‘wɔnkɔkyere nnipa’ no a, na wobenya nhyira pii. Asomafo no de gyidi a edi mũ na edii ahyɛde no so. Asɛm no ba awiei sɛ: “Wɔde ɔkorow no baa fam gyaw ne nyinaa dii n’akyi.” (Luka 5:11) Ɛnnɛ, sɛ yɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔyɛ asuafoyɛ adwuma no bi a, na yɛresuasua Yesu. Yɛnhwehwɛ sɛ yɛbɛka asɛm no kɛkɛ ma nkurɔfo adi so, na mmom yɛma wonya ntease a edi mũ a ɛma wohu sɛ ɛsɛ sɛ wodi Kristo ahyɛde no so.

Ntease a Edi Mũ ne Adwene a Ɛfata

7, 8. (a) Dɛn ne Kyerɛwnsɛm mu ntease bi a ɛma yɛyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no? (b) Kyerɛwsɛm bɛn na ɛkanyan wo titiriw ma wokɔ so yɛ asɛnka adwuma no? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

7 Esiane sɛ yegye Kristo tumi tom nti, yɛyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no bi. Kyerɛwnsɛm mu ntease foforo a ɛma yɛyɛ saa adwuma no bi bɛn na yebetumi aka akyerɛ wɔn a yɛpɛ sɛ yɛkanyan wɔn ma wɔyɛ adwuma pa no bi no? Susuw nsɛm a edidi so yi a Adansefo anokwafo pii a wofi aman ahorow so akeka no ho hwɛ, na hyɛ sɛnea kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so no foa wɔn nsɛm so no nsow.

8 Roy a wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1951 mu no ka sɛ: “Bere a mihyiraa me ho so maa Yehowa no, mehyɛɛ no bɔ sɛ mɛsom no bere nyinaa. Mepɛ sɛ midi me bɔhyɛ so.” (Dwom 50:14; Mateo 5:37) Heather a wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1962 mu no ka sɛ: “Sɛ misusuw nea Yehowa ayɛ ama me no nyinaa ho a, mepɛ sɛ mesom no nokwaredi mu de da no ase.” (Dwom 9:1, 9-11; Kolosefo 3:15) Hannelore a wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1954 mu ka sɛ: “Bere biara a yɛbɛkɔ asɛnka no, abɔfo ka yɛn ho na wɔboa yɛn—hokwan bɛn ara ni!” (Asomafo no Nnwuma 10:30-33; Adiyisɛm 14:6, 7) Honor, wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1969 mu, na ɔka sɛ: “Sɛ Yehowa atemmu bere du a, mempɛ sɛ obiara a ɔte me mpɔtam no bɛbɔ Yehowa ne N’adansefo sobo aka sɛ, ‘Wɔammɔ me kɔkɔ da!’” (Hesekiel 2:5; 3:17-19; Romafo 10:16, 18) Claudio a wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1974 mu no ka sɛ: “Sɛ yɛreka asɛm no a, ‘Onyankopɔn hwɛ yɛn,’ na ‘Kristo ka yɛn ho.’ Susuw ho hwɛ! Yɛne yɛn Nnamfo paa na ɛyɛ asɛnka adwuma no.”—2 Korintofo 2:17. *

9. (a) Dɛn na mpataa a Petro ne asomafo foforo yii ho asɛm no da no adi wɔ adwene a ɛfata a wɔde yɛ osetie ma Kristo no ho? (b) Dɛn ne adwene a ɛfata a wɔde yɛ osetie ma Onyankopɔn ne Kristo nnɛ, na dɛn ntia?

9 Mpataa pii a woyii no anwonwakwan so ho asɛm no nso ma yehu sɛ ade a ɛfata a ɛsɛ sɛ yegyina so yɛ osetie ma Kristo ne ɔdɔ. Bere a Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, ‘Fi me nkyɛn kɔ na meyɛ onipa debɔneyɛfo no,’ Yesu ankɔ, na saa ara nso na wammu Petro fɔ sɛ wayɛ bɔne bi. (Luka 5:8) Yesu ankasa antia Petro mpo sɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ omfi ne nkyɛn nkɔ. Mmom no, Yesu fi ayamye mu kae sɛ: “Nsuro!” Anka ɛbɛyɛ mfomso sɛ Petro befi osuro a ɛmfata mu ayɛ osetie ama Kristo. Mmom no, Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, Petro ne wɔn a wɔka ne ho no bɛyɛ nnipa yifo a wɔn ho wɔ mfaso. Saa ara na ɛnnɛ yɛn nso yennyina osuro anaa adwene a ɛnteɛ te sɛ afobu ne animguase so nhyɛ afoforo mma wɔnyɛ osetie mma Kristo. Osetie a efi ɔkra nyinaa mu na egyina ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne Kristo so nkutoo na ɛma Yehowa koma ani gye.—Mateo 22:37.

‘Monkɔyɛ Amanaman Nyinaa Asuafo’

10. (a) Yesu ahyɛde a ɛka sɛ wɔnyɛ asuafo no ho asɛm bɛn na ɛbɛyɛɛ den kɛse maa n’asuafo no? (b) Asuafo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Yesu ahyɛde no ho?

10 Asɛm a ɛto so abien a yebisa faa Kristo ahyɛde no ho ne, Ɛhe na ɛsɛ sɛ yɛyɛ asuafoyɛ adwuma yi? Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: ‘Monkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo.’ Ansa na Yesu rebɛyɛ ne som adwuma no, na wogye amanaman mufo a wɔba Israel bɛsom Yehowa no tom. (1 Ahene 8:41-43) Yesu ankasa kaa asɛm no wɔ honam fam Yudafo mu titiriw, nanso afei de ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnkɔ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu nkyɛn. Nokwarem no, “nsu” ketewaa bi a ɛyɛ honam fam Yudafo mu na na n’asuafo no yi mpataa, anaasɛ wɔka asɛm no, nanso na ɛnkyɛ na wɔde adesamma “po” no nyinaa aka wɔn ho. Ɛwom sɛ nsakrae yi maa asomafo no adwuma no bɛyɛɛ den de, nanso wodii Yesu akwankyerɛ no so ntɛm ara. Annu bɛyɛ mfirihyia 30 wɔ Yesu wu akyi na ɔsomafo Paulo tumi kyerɛwee sɛ ɛnyɛ Yudafo mu nko na na wɔaka asɛmpa no, na mmom, wɔ “wiase abɔde nyinaa mu” nso.—Kolosefo 1:23.

11. Ntrɛwmu bɛn na aba wɔ ‘mmeae a woyi mpataa’ no fi afeha a ɛto so 20 no mfiase no?

11 Yɛahu ntrɛwmu a ɛte saa a aba wɔ asasesin a yɛka asɛm wom no mu nnansa yi. Wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase no, na nsase kakraa bi pɛ so na na ‘woyi mpataa.’ Nanso, Kristo akyidifo a na wɔwɔ hɔ saa bere no suasuaa afeha a edi kan no mu Kristofo nhwɛso no, na wɔde anigye trɛw asasesin a wɔka asɛm wom no mu. (Romafo 15:20) Eduu 1930 mfe no mfiase no, na wɔreyɛ asuafo wɔ nsase bɛyɛ ɔha so. Ɛnnɛ, ‘baabi a yɛreyi mpataa’ no mu atrɛw akodu nsase 235 so.—Marko 13:10.

‘Wofi Kasa Nyinaa Mu’

12. Adwumaden bɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Sakaria 8:23 no si so dua?

12 Ɛnyɛ aman no dodow nko na ɛma asuafo a yɛbɛyɛ wɔ amanaman nyinaa mu no yɛ adwumaden, na mmom kasa horow a wɔka no nso. Yehowa nam odiyifo Sakaria so ka siei sɛ: ‘Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.’ (Sakaria 8:23) Wɔ saa nkɔmhyɛ yi mmamu kɛse mu no, “Yudani biako” no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no mu nkaefo no, na “mmarima du” no gyina hɔ ma “nnipakuw kɛse” no. * (Adiyisɛm 7:9, 10; Galatifo 6:16) Wobehu Kristo asuafo nnipakuw kɛse yi wɔ aman pii mu, na sɛnea Sakaria kae no, wɔbɛka kasa horow pii. So Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma ɛda adi sɛ wɔyɛ asuafo a wɔte saa? Yiw, wɔte saa.

13. (a) Ɛdefa kasa horow ho no, nsakrae bɛn na aba wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu? (b) Dɛn na akoa kuw no ayɛ wɔ Onyankopɔn asɛm a ɛte sɛ aduan a wohia no pii wɔ kasa horow mu no ho? (Fa adaka a ɛne “Nhoma Ahorow a Wɔyɛ Ma Anifuraefo” no mu nsɛm ka ho.)

13 Wɔ afe 1950 mu no, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa 5 mu bɛyɛ 3 biara ka Engiresi kasa. Eduu afe 1980 no na asakra abɛyɛ 5 biara mu 2, na ɛnnɛ Adansefo 5 biara mu 1 pɛ na ɔka Engiresi kasa. Ɔkwan bɛn so na akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no adi ɔkasa mu nsakrae a aba yi ho dwuma? Denam Onyankopɔn asɛm a ɛte sɛ aduan no a wɔde ama wɔ kasa pii mu no so. (Mateo 24:45) Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1950 mu no, na wotintim yɛn nhoma wɔ kasa horow 90 mu, nanso ɛnnɛ, dodow no akɔ anim akodu bɛyɛ 400. So adwene a wɔde asi nkurɔfokuw a wɔka kasa horow so yi asow aba bi? Yiw! Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a nnipa bɛyɛ 5,000 a ‘wofi kasa nyinaa mu’ na wɔbɛyɛ Kristo asuafo dapɛn biara wɔ afe biara mu! (Adiyisɛm 7:9) Na nkɔso no gu so reba. “Asawu” no rekye mpataa pii paa wɔ nsase bi so!—Luka 5:6; Yohane 21:6.

Ɔsom Adwuma a Ɛyɛ Anigye—So Wubetumi Ayɛ Bi?

14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn a wɔte yɛn asasesin mu a wɔka kasa foforo no? (Fa adaka a ɛne “Mum Kasa ne Asuafoyɛ” no mu nsɛm ka ho.)

14 Atukɔfo a wɔakɔ aman foforo so no ama nnipa a wɔka ‘kasa nyinaa’ a yɛbɛyɛ wɔn asuafo no abɛn yɛn nuanom pii ankasa. (Adiyisɛm 14:6) Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn a wɔte yɛn asasesin mu a wɔnka yɛn kasa no? (1 Timoteo 2:4) Sɛnea yɛbɛka no no, yebetumi de adwinnade a ɛfata a wɔde yi mpataa adi dwuma. Ma nnipa a wɔte saa no nhoma a ɛwɔ kasa a wɔka mu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ nhyehyɛe ma Ɔdansefo bi a ɔka wɔn kasa nkɔsra wɔn. (Asomafo no Nnwuma 22:2) Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa nhyehyɛe yi nnɛ, efisɛ Adansefo pii na wɔasua kasa foforo aka wɔn kasa ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aboa ahɔho ma wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ mmoa a wɔde ma wɔ saa kwan yi so no yɛ anigye yiye.

15, 16. (a) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛboa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa no? (b) Som a yɛbɛsom wɔ wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa mu ho nsɛmmisa bɛn na yebetumi asusuw ho?

15 Susuw nhwɛso abien a efi Netherlands, baabi a wɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma no wɔ kasa horow 34 mu no ho hwɛ. Adansefo awarefo bi tuu wɔn ho mae kɔyɛɛ asuafo wɔ atukɔfo a wɔka Poland kasa mu. Nea efii wɔn adwuma no mu bae no yɛɛ anigye araa ma ɛkaa okunu no ma ɔtew honam fam adwuma a ɔyɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a obenya da koro wɔ dapɛn no mu aka nna a ɔne wɔn a wɔkyerɛ anigye de sua Bible no ho. Ankyɛ koraa na awarefo no reyɛ Bible adesua bɛboro 20 dapɛn biara. Wɔka sɛ: “Yɛn asɛnka adwuma no ma yɛn ani gye yiye.” Wɔn a wɔyɛ asuafo no ani gye kɛse bere a wɔn a wɔte Bible mu nokware no wɔ wɔn ankasa kasa mu no ka nsɛm bi de kyerɛ ho anisɔ no. Sɛ nhwɛso no, bere a na wɔreyɛ asafo nhyiam bi wɔ Vietnam kasa mu no, ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim sɔre gyinae, na ɔsrɛe sɛ ɔpɛ sɛ ɔkasa. Bere a na n’ani ataataa nusu no, ɔka kyerɛɛ Adansefo no sɛ: “Meda mo ase wɔ mmɔden a morebɔ sɛ mubesua me kasa a ɛyɛ den no. M’ani asɔ yiye sɛ masua nneɛma a ɛyɛ anigye pii afi Bible mu wɔ me nkwakoraabere mu.”

16 Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔsom wɔ asafo ahorow a wɔka ɔman foforo so kasa mu no ani gye kɛse saa. Awarefo bi a wofi Britain kae sɛ: “Asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa mu no yɛ asɛnka adwuma a yɛn ani agye ho sen biara wɔ mfirihyia 40 a yɛde ayɛ Ahenni som adwuma mu no mu biako.” So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ w’asetram na ama woatumi anya asɛnka adwuma a ɛyɛ anigye saa yi mu kyɛfa? Sɛ woda so ara kɔ sukuu a, so wubetumi asua ɔman foforo bi so kasa de asiesie wo ho ama ɔsom adwuma no fã yi? Saa a wobɛyɛ no betumi abue kwan ama woanya asetra a ɛyɛ anigye a nhyira pii wom. (Mmebusɛm 10:22) Dɛn nti na wo ne w’awofo nsusuw ho?

Akwan a Yɛfa so a Yɛbɛsakra Mu

17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka asɛm no akyerɛ nnipa pii wɔ yɛn asafo no asasesin mu?

17 Ɛyɛ nokware sɛ yɛn mu dodow no ara nsɛm tebea remma yɛn kwan mma yɛntow yɛn “asawu” no nkɔ nsasesin a wɔka ɔman foforo so kasa wom no mu. Nanso, yebetumi aka asɛm no akyerɛ nnipa pii asen nea yɛyɛ mprempren wɔ yɛn asafo asasesin mu no. Ɔkwan bɛn so? Ɛnyɛ asɛm a yɛka no na yɛbɛsakra mu, na mmom akwan a yɛfa so ka no no. Wɔ mmeae pii no, nnipa dodow no ara na wɔtete adan a wɔbɔ ho ban a wɔmma ahɔho ntaa nkɔ hɔ mu. Sɛ yɛkɔ afie afie asɛnka nso a nnipa pii na yɛnto wɔn wɔ fie. Enti ebehia sɛ yɛtow yɛn “asawu” no wɔ mmere ahorow mu ne mmeae ahorow. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa de suasua Yesu. Ɔhwehwɛɛ akwan a ɔbɛfa so akasa akyerɛ nkurɔfo wɔ tebea ahorow mu.—Mateo 9:9; Luka 19:1-10; Yohane 4:6-15.

18. Ɔkwan bɛn so na ada adi sɛ adanse a wodi wɔ tebea horow mu no tu mpɔn? (Fa adaka a ɛne “Adwumawuranom a Yɛbɛyɛ Wɔn Asuafo” no mu nsɛm ka ho.)

18 Wɔ wiase no afã bi no, nkurɔfo a wodi wɔn adanse wɔ baabiara a wobenya wɔn no yɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so yɛ asuafo. Wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ asuafoyɛ mu no de wɔn adwene asi adanse a wobedi wɔ mmeae ahorow no so kɛse. Afie afie asɛnka a adawurubɔfo no kɔ akyi no, wodi adanse wɔ wimhyɛn gyinabea, nnwuma mu, sotɔɔ mu, mmeae a wɔde kar sisi, bɔs gyinabea, mmɔnten so, nturo mu, mpoano, ne mmeae foforo. Ɛyɛ mmeae a ɛtete saa na Adansefo a wɔabɔ asu nnansa yi wɔ Hawaii no mu pii dii kan tee asɛm no. Akwan a yɛfa so ka asɛm no a yɛbɛsakra mu no boa yɛn ma yedi Yesu ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so fefeefe.—1 Korintofo 9:22, 23.

19. Adwuma a Yesu de maa yɛn no afã bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Ɛnyɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no ne baabi a ɛsɛ sɛ yɛka no no nkutoo na ɛwɔ adwuma a Yesu de mae no mu, na mmom nea ɛsɛ sɛ yɛka ne bere tenten a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛm no nso ka ho. Yebesusuw Yesu ahyɛde a ɔde maa yɛn no afã abien a aka yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Yebesusuw nsɛmmisa abien a edi kan no ho wɔ asɛm yi mu. Na yebesusuw abien a edi akyiri no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

^ nky. 12 Sɛ wopɛ nkɔmhyɛ yi mmamu ho nsɛm pii a, hwɛ May 15, 2001, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12, ne Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa, Po 2, a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 408.

So Wokae?

• Ntease ne adwene bɛn nti na yɛyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no bi?

• Ɛhe na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ adi Yesu ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ nkurɔfo asuafo wɔ amanaman nyinaa mu no so akodu?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ nsakrae wɔ ‘ɔkwan a yɛfa so yi mpataa’ no mu, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]

Nhoma Ahorow a Wɔyɛ Ma Anifuraefo

Albert yɛ Kristoni panyin ne bere nyinaa somfo a ɔte United States. N’ani afura. Bible ho nhoma a ɛwɔ Anifuraefo Nkyerɛwee mu a ɔde di dwuma no boa no ma otu mpɔn yiye wɔ n’asɛnka ne n’adwuma sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo wɔ asafo no mu. Odi n’asɛyɛde ho dwuma dɛn wɔ n’asafo mu?

James a ɔyɛ ɔhwɛfo guamtrani no ka sɛ: “Yennyaa ɔsom adwuma sohwɛfo a otu mpɔn kɛse sɛ Albert da.” Albert yɛ anifuraefo bɛyɛ 5,000 a wɔwɔ United States a wɔn nsa aka nhoma ahorow a ɛwɔ Anifuraefo Nkyerɛwee mu wɔ Engiresi ne Spania kasa mu mfirihyia pii a atwam no mu biako. Nokwarem no, efi afe 1912 reba no, akoa nokwafo kuw no atintim nhoma ahorow bɛboro ɔha wɔ Anifuraefo Nkyerɛwee mu. Bere a Yehowa Adansefo de abɛɛfo mfiri a wɔde tintim nhoma redi dwuma no, mprempren wotintim anifuraefo nhoma pii wɔ kasa bɛboro du mu kyekyɛ kɔ bɛboro aman 70 so. So wunim obi a Bible ho nhoma a wotintim ma anifuraefo yi betumi aboa no?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 11]

Mum Kasa ne Asuafoyɛ

Adansefo mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a mmabun pii a wɔyɛ nsi ka ho na wɔasua mum kasa sɛ wɔde bɛboa nkurɔfo a wɔyɛ asotifo ma wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Ne saa nti, wɔ Brazil nkutoo no, wɔbɔɔ asotifo 63 asu wɔ afe biako mu nnansa yi, na mprempren, Adansefo 35 a wɔyɛ mum na wɔwɔ hɔ a wɔresom sɛ bere nyinaa asɛmpakafo. Wiase nyinaa no, mum kasa mu asafo ne akuw bɛboro 1,200 na ɛwɔ hɔ. Mum kasa mu ɔmansin biako pɛ a ɛwɔ Russia no asasesin so sen ɔmansin biara a ɛwɔ wiase, na ɛfa Russia nyinaa!

[Adaka wɔ kratafa 12]

Adwumawuranom a Yɛbɛyɛ Wɔn Asuafo

Bere a Ɔdansefo bi a ɔwɔ Hawaii resrasra adwumawuranom wɔ wɔn adwumam no, ohyiaa adwumakuw bi a ɛhwɛ kar a wɔde tutu akwan so panyin bi. Ɛwom sɛ ɔbarima no nni adagyew de, nanso ɔpenee so sɛ ɔde simma 30 besua Bible no wɔ n’adwumam dapɛn biara. Wukuda anɔpa biara ɔka kyerɛ n’adwumayɛfo no sɛ, sɛ nkurɔfo frɛ no wɔ telefon so a, mma wɔmmfa mma n’adwumayɛdan no mu, na afei ɔde n’adwene nyinaa si adesua no so. Ɔdansefo foforo a ɔwɔ Hawaii ne adwuma a wɔyɛ mpaboa bi wura sua Bible no pɛnkoro dapɛn biara. Wosua ade no wɔ pon a wɔtɔn mpaboa wɔ so no ara ho. Sɛ obi rebɛtɔ ade a, Ɔdansefo no gyina nkyɛn, na sɛ ɔkɔ a, na wɔatoa adesua no so.

Esiane sɛ Adansefo no faa adwene na wɔtow wɔn “asawu” no wɔ mmeae ahorow nti na wonyaa adwumam panyin ne adwuma a wɔyɛ mpaboa no wura no. So mmeae bi wɔ mo asafo no asasesin mu a wubetumi anya nnipa bi a ɛyɛ den sɛ wobɛto wɔn wɔ fie?

[Mfonini wɔ kratafa 12]

So wubetumi asom wɔ asasesin a wɔka ɔman foforo so kasa wom mu?