Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monkyerɛkyerɛ Wɔn Sɛ Wonni Nea Mahyɛ Mo Nyinaa So”

“Monkyerɛkyerɛ Wɔn Sɛ Wonni Nea Mahyɛ Mo Nyinaa So”

“Monkyerɛkyerɛ Wɔn Sɛ Wonni Nea Mahyɛ Mo Nyinaa So”

“Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. . . . Monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—MATEO 28:19, 20.

1. Nkɔmmɔ bɛn na osuani Filipo ne ɔbarima bi a ofi Etiopia bɔe?

NÁ ƆBARIMA a ofi Etiopia no atwa kwantenten aba Yerusalem. Ɛhɔ na na ɔsom Yehowa, Onyankopɔn a ɔdɔ no no. Ɛda adi sɛ na n’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho nso. Bere a Kristo suani Filipo hyiaa no no, na ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ ne kurom a ɔrekenkan odiyifo Yesaia nhoma no. Filipo bisaa Etiopiani no sɛ: “So wote nea wokan yi ase anaa?” Ɔbarima no buae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me?” Filipo boaa osuani nokwafo yi a na n’ani gye Kyerɛwnsɛm ho no ma ɔbɛyɛɛ Kristo suani.—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.

2. (a) Ɔkwan bɛn so na ntease wɔ mmuae a Etiopiani no de mae no mu? (b) Ahyɛde a Kristo de mae sɛ yɛnyɛ asuafo no ho nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Ɛho hia sɛ yɛhyɛ mmuae a Etiopiani no de mae no nsow. Ɔkae sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me.’ Yiw, na ohia akwankyerɛ, obi a ɔbɛkyerɛkyerɛ no. Sɛ yɛhwɛ sɛnea asɛm yi te no a, ɛma yehu sɛnea akwankyerɛ pɔtee a Yesu de kaa n’ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo ho no ho hia. Akwankyerɛ bɛn? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, ma yɛnkɔ so nsusuw Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo ti 28 no ho. Asɛm a edi eyi anim no twee adwene sii nsɛmmisa a ɛne, dɛn nti? ne ɛhe? so. Afei yebesusuw nsɛmmisa foforo abien a ɛfa Kristo ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo a ɛne, dɛn? ne bere bɛn? no ho.

“Monkyerɛkyerɛ Wɔn sɛ Wonni Nea Mahyɛ Mo Nyinaa So”

3. (a) Ɛyɛ dɛn na obi bɛyɛ Yesu Kristo suani? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ na ama nkurɔfo abɛyɛ asuafo?

3 Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo na ama wɔabɛyɛ Kristo asuafo? Yesu hyɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Enti, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nea Kristo hyɛe no. * Nanso, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahwɛ ahu sɛ obi a yɛbɛkyerɛkyerɛ no nea Yesu ahyɛ no remmɛyɛ osuani wɔ bere tiaa bi mu kɛkɛ na mmom ɔbɛkɔ so ayɛ osuani daa? Ade titiriw biako ne sɛnea Yesu de ahwɛyiye paw ne nsɛm no. Hyɛ no nsow sɛ wanka kɛkɛ sɛ: ‘Monkyerɛkyerɛ wɔn nea mahyɛ mo nyinaa.’ Mmom no, ɔkae sɛ: ‘Monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.’ (Mateo 19:17) Ɛno kyerɛ dɛn?

4. (a) Ahyɛde bi so a obi bedi no kyerɛ dɛn? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea yɛkyerɛkyerɛ obi ma odi Kristo ahyɛde ahorow so no mu.

4 Sɛ́ obi bedi ahyɛde bi so no kyerɛ sɛ “ɔbɛma ne nneyɛe” ne ahyɛde no ahyia—sɛ́ ɔbɛyɛ osetie wɔ ahyɛde no ho. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛkyerɛ obi ma wadi nea Kristo hyɛe no so, anaasɛ watie? Susuw ɔkwan a obi a ɔkyerɛ nkurɔfo karka fa so kyerɛkyerɛ wɔn a wɔresua karka no ma wodi karka ho mmara so no ho hwɛ. Ebia ɔkyerɛkyerɛfo no bɛkyerɛ wɔn a wɔresua karka no mmara a ɛsɛ sɛ wodi so wɔ ɔkwan so wɔ adesuadan mu. Nanso, sɛ ɔbɛkyerɛ n’asuafo no sɛnea wodi saa mmara no so ankasa a, ɛsɛ sɛ ɔma asuafo no akwankyerɛ bere a wɔreka kar ankasa na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde nea wɔasua no bedi dwuma no. Saa ara na sɛ yɛne nkurɔfo sua Bible no a, yɛkyerɛkyerɛ wɔn Kristo ahyɛde ahorow. Na ɛsɛ sɛ yɛma asuafo no akwankyerɛ nso bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde Kristo akwankyerɛ ahorow no bedi dwuma wɔ wɔn da biara da asetram ne asɛnka mu no. (Yohane 14:15; 1 Yohane 2:3) Enti, Kristo ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so a yebedi koraa no hwehwɛ sɛ yɛyɛ akyerɛkyerɛfo ne akwankyerɛfo. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua nhwɛso a Yesu ne Yehowa ankasa ayɛ ato hɔ no.—Dwom 48:14; Adiyisɛm 7:17.

5. Dɛn nti na obi a yɛne no sua Bible no betumi atwentwɛn ne nan ase sɛ obedi Kristo ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so?

5 Nea ɛka nkurɔfo a yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadi Yesu ahyɛde ahorow so ho ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔadi ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so. Ebetumi ayɛ den ama wɔn a yɛne wɔn sua Bible no mu binom. Sɛ na wɔkɔ Kristoman mu asɔre ahorow no bi mpo a, ebetumi aba sɛ wɔn kan asɔre mu akyerɛkyerɛfo no ankyerɛkyerɛ wɔn da sɛ wɔnkɔ nkɔyɛ asuafo. Asɔre mpanyimfo bi ka no pefee sɛ ɛdefa kyerɛ a Kristoman mu asɔre ahorow no bɛkyerɛkyerɛ wɔn asɔremma ma wɔakɔka asɛm no ho de, wɔadi nkogu koraa. Bere a Bible ho nimdefo John R. W. Stott reka Yesu ahyɛde a ɛka sɛ yɛnkɔ wiase nkɔboa nnipa ahorow nyinaa ma wɔmmɛyɛ asuafo no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Kristofo asɛmpakafo a wɔwɔ hɔ nnɛ tɔ sin pii wɔ ahyɛde yi so di mu wɔ sɛnea ɔkyerɛe sɛ yɛnyɛ asɛnka adwuma no a yɛnyɛ no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yegyina akyirikyiri na yɛka asɛm no. Ɛtɔ bere bi a yɛyɛ yɛn ade sɛ nnipa a wogyina mpoano reteɛteɛm de akwankyerɛ rema nnipa a nsu refa wɔn. Yɛntɔ nsu no mu nkoyi wɔn. Yesuro sɛ yɛn ho bɛfɔw.”

6. (a) Sɛ yɛreboa Bible suani bi a, ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Filipo nhwɛso no? (b) Sɛ Bible suani bi fi asɛnka adwuma ase a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yedwen no ho?

6 Sɛnea ɛte no, sɛ na obi a yɛne no sua Bible kɔ asɔre bi a emufo “suro sɛ wɔn ho bɛfɔw” a, ebetumi ayɛ den ama no sɛ obedi nsu a osuro no so, na ama watumi adi Kristo ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so. Obehia mmoa. Enti, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase bere a yɛde nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ a ɛbɛma ne ntease mu adɔ rema no no. Ɛno bɛkanyan no ma ɔde ayɛ adwuma sɛnea Filipo nkyerɛkyerɛ no maa Etiopiani no tee nneɛma ase na ɛkanyan no ma ɔbɔɔ asu no. (Yohane 16:13; Asomafo no Nnwuma 8:35-38) Afei nso, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ Bible asuafo ma wɔadi ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo so no kanyan yɛn ma yɛne wɔn bɔ, na yɛma wɔn akwankyerɛ bere a wofi Ahenni asɛnka adwuma no ase no.—Ɔsɛnkafo 4:9, 10; Luka 6:40.

‘Nneɛma Nyinaa’

7. Ahyɛde ahorow bɛn na ɛka nkurɔfo a yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma ‘wɔadi ade nyinaa so’ no ho?

7 Ɛnyɛ yɛn adwuma ara ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ asuafo foforo ma wɔn nso ayɛ asuafo. Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma ‘wonni nea wahyɛ nyinaa so.’ Akyinnye biara nni ho sɛ mmara no mu akɛse abien no ka ho—sɛ́ yɛbɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa. (Mateo 22:37-39) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ osuani foforo ma wadi saa ahyɛde ahorow no so?

8. Kyerɛ sɛnea wobetumi akyerɛkyerɛ osuani foforo ma wada ɔdɔ adi no mu.

8 San susuw mfatoho a ɛfa osuani a ɔresua karka ho no ho hwɛ. Bere a osuani no de kar nam kwan so a ne kyerɛkyerɛfo te ne nkyɛn no, ɛnyɛ nea ne kyerɛkyerɛfo no ka kyerɛ no no so nkutoo na ɔnam sua ade na mmom mfirikafo foforo a ɔhwɛ wɔn no nso. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛkyerɛfo no betumi akyerɛ no ofirikafo bi a ofi ayamye mu ma kar foforo bedi n’anim no; anaa ofirikafo bi a ofi nidi mu dwom ne kanea sɛnea ɛbɛyɛ a kanea no rentɔ kar bi a ɛrehyia wɔn no kafo ani; anaa ofirikafo bi a ofi ne pɛ mu boa ne yɔnko bi a ne kar asɛe no. Nhwɛso a ɛtete saa ma osuani no nya asuade a ɛfata a obetumi de ayɛ adwuma bere a ɔreka kar no. Saa ara na ɛnyɛ osuani foforo bi a ɔnam nkwa kwan so no kyerɛkyerɛfo nkutoo nkyɛn na osua ade fi na mmom osua bi fi nhwɛso pa ahorow a ohu wɔ asafo no mu nso mu.—Mateo 7:13, 14.

9. Ɔkwan bɛn so na osuani foforo bi sua sɛnea obedi ahyɛde a ɛka sɛ yɛnna ɔdɔ adi no?

9 Sɛ nhwɛso no, Bible suani bi betumi ahwɛ ɔwofo bi a onni ɔhokafo a ɔbɔ mmɔden kɛse ne ne mma nkumaa ba Ahenni Asa so daa no. Obetumi ahwɛ obi a wahaw a ɔba asafo nhyiam ahorow daa ɛmfa ho sɛ adwennwen kɛse da no so, okunafo bi a n’ani afi a ɔboa afoforo a wɔn nso ani afi de wɔn ba asafo nhyiam biara, anaa abofra bi a onnii mfirihyia aduonu a obesiesie Ahenni Asa so no. Bible suani no betumi ahwɛ asafo mu panyin bi a odi asɛnka adwuma anim daa ɛmfa ho sɛ ɔwɔ asɛyɛde pii wɔ asafo no mu no. Obetumi ahyia Ɔdansefo bi a nipaduam mmerɛwyɛ ama waka dan mu nanso ɔde Onyankopɔn asɛm hyɛ wɔn a wɔkɔsra no nyinaa nkuran no. Osuani no betumi ahwɛ awarefo bi a wɔreyɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetram sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Sɛ osuani foforo no hwɛ Kristofo a wɔwɔ ayamye, wɔboa afoforo, na wɔwɔ ahofama saa no a, ɔnam wɔn nhwɛso no so sua Kristo ahyɛde a ɛka sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa, titiriw yɛn mfɛfo gyidifo no. (Mmebusɛm 24:32; Yohane 13:35; Galatifo 6:10; 1 Timoteo 5:4, 8; 1 Petro 5:2, 3) Saa kwan yi so no, Kristofo asafo no muni biara betumi ayɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔkwankyerɛfo, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.—Mateo 5:16.

“De Bɛkɔ Akosi Nneɛma Nhyehyɛe Awiei”

10. (a) Yɛbɛkɔ so ayɛ asuafo akosi bere bɛn? (b) Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ adwuma no ho?

10 Yɛbɛkɔ so ayɛ asuafo akosi bere bɛn? De bɛkɔ akosi nneɛma nhyehyɛe awiei. (Mateo 28:20, NW) So yebetumi adi Yesu ahyɛde no fã yi so? Sɛ́ asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ saa. Mfirihyia pii na yɛde anigye, yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode ahwehwɛ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no. (Asomafo no Nnwuma 13:48, NW) Mprempren sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepem abiɛsa na ɛyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no wɔ wiase nyinaa da biara wɔ afe biara mu. Yɛyɛ saa efisɛ yedi Yesu nhwɛso akyi. Ɔkae sɛ: ‘M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.’ (Yohane 4:34) Saa ara na yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛyɛ. (Yohane 20:21) Yɛmpɛ sɛ yefi adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no ase kɛkɛ, na mmom yɛpɛ sɛ yewie.—Mateo 24:13; Yohane 17:4.

11. Dɛn na ato yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea binom, na asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

11 Nanso, ɛyɛ yɛn awerɛhow sɛ yebehu sɛ yɛn mfɛfo gyidifo no bi ayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu ma enti wɔagow wɔn ho anaasɛ wɔagyae Kristo ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so di. So ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so aboa wɔn ma wɔasan ne asafo no abɔ na wɔasan ahyɛ ase anya asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa? (Romafo 15:1; Hebrifo 12:12) Ɔkwan a Yesu faa so boaa n’asomafo no bere a wɔyɛɛ mmerɛw bere tiaa bi mu no ma yehu nea yebetumi ayɛ nnɛ.

Da Tema Adi

12. (a) Aka kakra ma Yesu awu no, dɛn na n’asomafo no yɛe? (b) Ɛmfa ho sɛ Yesu asomafo no daa mmerɛwyɛ a anibere wom adi no, ɔkwan bɛn so na ɔne wɔn dii nsɛm?

12 Wɔ Yesu asase so som adwuma no awiei, bere a na ne wu abɛn no, asomafo no “gyaw no guanee.” Sɛnea na Yesu ahyɛ ho nkɔm no, ‘wɔhwete kɔɔ wɔn nkurow mu.’ (Marko 14:50; Yohane 16:32) Ɔkwan bɛn so na Yesu ne n’ayɔnkofo a na wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no dii nsɛm? Yesu wusɔre no akyi pɛɛ na ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no bi sɛ: “Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.” (Mateo 28:10) Ɛwom sɛ na asomafo no ada mmerɛwyɛ a anibere wom adi de, nanso Yesu kɔɔ so frɛɛ wɔn “me nuanom.” (Mateo 12:49) Na ɔda so ara wɔ wɔn mu ahotoso. Saa kwan yi so no, Yesu daa mmɔborohunu ne fafiri adi, sɛnea Yehowa yɛ mmɔborohunufo na ɔde bɔne firi no ara pɛ. (2 Ahene 13:23) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu?

13. Ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no dɛn?

13 Ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye kɛse ma wɔn a wɔn asɛnka adwuma akɔ fam anaasɛ wɔagyae koraa no. Yɛda so ara kae nnwuma a ɔdɔ wom a saa mfɛfo gyidifo yi yɛe wɔ bere a atwam no—ebinom wɔ hɔ a wɔyɛɛ no mfirihyia pii. (Hebrifo 6:10) Yɛn ani agyina wɔn fekubɔ ankasa. (Luka 15:4-7; 1 Tesalonikafo 2:17) Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho?

14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa obi a wayɛ mmerɛw de asuasua Yesu?

14 Yesu ka kyerɛɛ asomafo a na wɔn abam abu no sɛ wɔnkɔ Galilea na obehyia wɔn wɔ hɔ. Sɛnea ɛte no, na Yesu reto nsa afrɛ wɔn akɔ nhyiam titiriw bi ase. (Mateo 28:10) Saa ara na ɛnnɛ, yɛhyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no nkuran sɛ wɔmmra Kristofo nhyiam ahorow, na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran bɛboro pɛnkoro. Wɔ asomafo no fam no, nsa a wɔto frɛɛ wɔn no sow aba, efisɛ “asuafo dubiako no siim kɔɔ Galilea, bepɔw a Yesu kyerɛɛ wɔn no so.” (Mateo 28:16) Sɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no gye nsa a yɛto frɛ wɔn no so saa ara na wofi ase ba Kristofo nhyiam ahorow a, hwɛ sɛnea yɛn ani gye!—Luka 15:6.

15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Yesu nhwɛso akyi agye wɔn a wɔayɛ mmerɛw no fɛw so bere a wɔaba yɛn asafo nhyiam ase no?

15 Sɛ Kristoni bi a wayɛ mmerɛw ba Ahenni Asa so a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn? Dɛn na Yesu yɛe bere a ohuu n’asomafo a na wɔn gyidi ayɛ mmerɛw bere tiaa bi mu wɔ baabi a ɔkae sɛ wonhyia no no? “Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn.” (Mateo 28:18) Wannyina akyirikyiri anhwɛ wɔn, na mmom ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asomafo no bo tɔɔ wɔn yam bere a Yesu dii kan kɔɔ wɔn nkyɛn no! Ɛmmra sɛ yɛn nso yebedi kan afi ɔdɔ mu agye wɔn a wɔayɛ mmerɛw a wɔbɔ mmɔden san ba Kristofo asafo no mu no fɛw so.

16. (a) Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Yesu faa so ne n’akyidifo no dii no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada adwene a Yesu wɔ wɔ wɔn a wɔayɛ mmerɛw ho no bi adi? (Hwɛ asehɔ asɛm no.)

16 Dɛn bio na Yesu yɛe? Nea edi kan no, ɔde amanneɛbɔ bi too gua: ‘Wɔde tumi nyinaa ama me.’ Nea ɛto so abien, ɔmaa wɔn adwuma: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo.’ Nea ɛto so abiɛsa, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa.” Nanso, so wohyɛɛ biribi a Yesu anyɛ no nsow? Wanka asuafo no anim wɔ wɔn sintɔ ne adwenem naayɛ a wɔdaa no adi no ho. (Mateo 28:17) So ɔkwan a ɔfaa so no tuu mpɔn? Yiw. Ankyɛ koraa na asomafo no ‘reka asɛmpa no rekyerɛkyerɛ’ bio. (Asomafo no Nnwuma 5:42) Sɛ yedi Yesu nhwɛso akyi wɔ sɛnea obu wɔn a wɔayɛ mmerɛw ne sɛnea ɔne wɔn di nsɛm no mu a yebetumi anya anigye a ɛte saa ara wɔ yɛn asafo mu. *Asomafo no Nnwuma 20:35.

“Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”

17, 18. Nsɛm a ɛhyɛ gyidi den bɛn na ɛwɔ Yesu asɛm a ɛka sɛ “me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa” no mu?

17 Nsɛm a ɛhyɛ obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ obedi Kristo ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no gyidi den wɔ Yesu adwuma no ho asɛm no fã a etwa to a ɛne ‘me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa’ no mu. Ɛnsɛ sɛ yesuro ɔsɔretia ne ntwiri biara a yɛn atamfo de bɛba Ahenni asɛnka adwuma no ne yɛn ankasa so no wɔ ɔkwan biara so. Dɛn ntia? Efisɛ Yesu, yɛn Kannifo a ‘wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama no’ no ka yɛn ho, na ɔboa yɛn!

18 Yesu bɔhyɛ a ɛka sɛ ‘me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa’ no nso yɛ awerɛkyekye kɛse. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi Kristo ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so no, ɛnyɛ nna nyinaa na yɛn ani begye na mmom nna bi wɔ hɔ a yebedi awerɛhow nso. (2 Beresosɛm 6:29) Yɛn mu binom di awerɛhow mmere bi, bere a yɛresu wɔ yɛn dɔfo paa bi wu ho no. (Genesis 23:2; Yohane 11:33-36) Afoforo regyina onyin ano, bere a wɔn apɔwmuden resɛe na wɔn ahoɔden resa no. (Ɔsɛnkafo 12:1-6) Saa ara nso na afoforo kɔ tebea horow mu bere a adwennwene hyɛ wɔn so kɛse no. (1 Tesalonikafo 5:14) Na yɛn mu pii na sikasɛm mu ahokyere remia yɛn. Nanso, ɔhaw a ɛtete saa nyinaa akyi no, yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no efisɛ Yesu ne yɛn wɔ hɔ ‘nna nyinaa,’ a nna a yɛn werɛ how sen biara wɔ yɛn asetram no nso ka ho.—Mateo 11:28-30.

19. (a) Akwankyerɛ bɛn na ɛwɔ Yesu ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no mu? (b) Dɛn na ɛma yetumi di Kristo ahyɛde no so?

19 Sɛnea yɛahu wɔ asɛm yi ne nea edi anim no mu no, Yesu ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no fa nneɛma pii ho. Yesu kaa nea enti ne baabi a ɛsɛ sɛ yedi n’ahyɛde no so kodu kyerɛɛ yɛn. Ɔkaa nea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ ne baabi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa kodu nso ho asɛm. Nokwarem no, ahyɛde yi so a yebedi no yɛ den. Nanso, bere a Kristo ahoɔden taa yɛn akyi na ɔno nso ka yɛn ho no, yebetumi adi so! So wunnye nni?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Nhwehwɛmu nhoma bi da no adi sɛ Yesu kae sɛ, “mommɔ wɔn asu . . . monkyerɛkyerɛ wɔn,” na ɛnyɛ ‘mommɔ wɔn asu na monkyerɛkyerɛ wɔn.’ Enti, ahyɛde a ɛka sɛ yɛmmɔ asu na yɛnkyerɛkyerɛ no “nyɛ . . . adeyɛ abien a wɔyɛ ma edidi so ankasa.” Mmom no, “nkyerɛkyerɛ yɛ adeyɛ a ɛkɔ so daa, a ne fã bi di asubɔ anim . . . na wɔtoa so wɔ asubɔ akyi nso.”

^ nky. 16 Sɛnea wobu wɔn a wɔayɛ mmerɛw ne sɛnea wɔboa wɔn ho nsɛm pii wɔ February 1, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 15-18.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wodi nea Yesu hyɛe no so?

• Asuade ahorow bɛn na osuani foforo betumi asua afi afoforo a wɔwɔ asafo no mu nkyɛn?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no?

• Ahoɔden ne awerɛkyekye bɛn na yenya fi Yesu bɔhyɛ a ɛka sɛ “me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa” no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Ɛsɛ sɛ yɛyɛ akyerɛkyerɛfo ne akwankyerɛfo

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Osuani foforo nya asuade a ɛfata fi nhwɛso a afoforo yɛ mu