Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Dwen Wo Ho Ankasa

Onyankopɔn Dwen Wo Ho Ankasa

Onyankopɔn Dwen Wo Ho Ankasa

SƐ YƐKƆ ahokyere mu a nea yɛyɛ ara ne sɛ yebesũ afrɛ Onyankopɔn ahwehwɛ ne hɔ mmoa. Efisɛ, ‘ɔsõ, na ne tumi dɔɔso, ne nhumu nni anobu.’ (Dwom 147:5) Ɔno ne obi a ɔfata koraa a obetumi aboa yɛn ma yɛagyina yɛn haw ano. Afei nso, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔ n’anim na ‘yenyi yɛn yam nkyerɛ’ no. (Dwom 62:8) Ɛnde, adɛn nti na nnipa pii susuw sɛ Onyankopɔn mmua wɔn mpaebɔ? So ɛno kyerɛ sɛ onnwen yɛn ho?

Sɛ anka wobɛpere wo ho abɔ Onyankopɔn sobo sɛ onnwen wo ho no, kae bere a na woyɛ abofra no. Bere a w’awofo amfa nea wopɛ biara amma wo no, so wobɔɔ wɔn sobo pɛn sɛ wɔnnɔ wo? Mmofra pii yɛ saa. Nanso, bere a wunyinii no, wubehui sɛ wɔda ɔdɔ adi wɔ akwan pii so, ma enti ɛnkyerɛ ɔdɔ ankasa sɛ wobɛyɛ nea abofra bebisa biara ama no.

Saa ara na sɛ Yehowa ammua yɛn mpaebɔ sɛnea yɛhwɛ kwan bere nyinaa a, na ɛnkyerɛ sɛ ɔrebu n’ani agu yɛn so. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn da ne dɔ adi kyerɛ yɛn wɔ akwan pii so.

“Ɔno Mu na Yɛte Ase”

Nea edi kan koraa no, ɛyɛ Onyankopɔn nti “na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho.” (Asomafo no Nnwuma 17:28) Akyinnye biara nni ho sɛ nkwa a ɔde ama yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn!

Bio nso, Yehowa ma yɛn nea yehia na ama yɛatumi atra ase. Yɛkenkan sɛ: “Ɔma wura fifi ma afieboa, ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma sɛ ɔbɛma aduan afi asase mu.” (Dwom 104:14) Nokwasɛm ne sɛ, yɛn Bɔfo no ma yɛn nea ɛboro yɛn asetram ahiade atitiriw so. Ofi ayamye mu ‘ma yɛn osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma yɛn abotɔyam.’—Asomafo no Nnwuma 14:17.

Nanso, ebinom bɛka sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn saa a, dɛn nti na wama kwan ma yɛrehu amane saa?’ Wunim saa asɛmmisa no ho mmuae?

So Onyankopɔn na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ no Sobo?

Adesamma haw dodow no ara yɛ nea wɔn ankasa na wɔde ba wɔn ho so. Sɛ nhwɛso no, nnipa nim no yiye sɛ dwumadi ahorow bi a wɔde wɔn ho behyem no betumi ayɛ asiane kɛse. Nanso, nkurɔfo de wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu, nom nsa tra so, nom nnubɔne, ne tawa, de wɔn ho hyɛ agodie a asiane wom, de kar tu mmirika dodo, ne nea ɛkeka ho mu. Sɛ obi bu bra a asiane wom saa na ohu ho amane a, hena na ɛsɛ sɛ wɔbɔ no sobo? Onyankopɔn anaa nea wanyɛ n’ade nyansam no? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.

Bio nso, nnipa taa pira wɔn ho wɔn ho. Sɛ ɔman bi di ako a, nokwasɛm ne sɛ wontumi mmɔ Onyankopɔn sobo wɔ amanehunu a ebefi mu aba no ho. Sɛ onipa bɔnefo bi tow hyɛ ne yɔnko nipa so na sɛ opira anaa owu a, so ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn sobo? Dabida! Sɛ sodifo bi a ne tirim yɛ den hyɛ wɔn a wɔhyɛ n’ase so, yɛ wɔn ayayade, na okum wɔn a, so ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn sobo? Saa a yɛbɛyɛ no bɛyɛ nea ntease nnim.—Ɔsɛnkafo 8:9.

Na wɔn a wodi hia buruburoo anaa ɔkɔm rekum wɔn no nso ɛ? So Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no sobo? Dabi. Yɛn asase a yɛte so yi bɔ aduan a ɛdɔɔso paa a ebetumi aso obiara so. (Dwom 10:2, 3; 145:16) Mmom, ɛyɛ nneɛma a Onyankopɔn de ama a wɔnkyɛ no yiye no na ɛma ohia ne ɔkɔm ka nnipa pii. Na nnipa pɛsɛmenkominya mma wontumi nnya saa ɔhaw no ano aduru.

Ade Titiriw a Ɛde Bae

Ɛnde, sɛ obi yare anaasɛ onyin na owu a, hena na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no sobo? So ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ɛno nso ba? Onyankopɔn ammɔ nipa sɛ onyin na onwu.

Bere a wɔde nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, kɔtraa Eden turom hɔ no, Yehowa de daa nkwa a wobenya wɔ paradise asase so ho anidaso sii wɔn anim. Nanso, na ɔpɛ sɛ nnipa a wɔn ani bɛsɔ agyapade a wɔanya no na wɔtra asase no so. Enti, ɔde biribi bataa tra a wobetumi atra ase daa no ho. Sɛ na Adam ne Hawa yɛ osetie ma wɔn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no nkutoo a na na wobetumi atra Paradise.—Genesis 2:17; 3:2, 3, 17-23.

Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa tew atua. Hawa pawee sɛ obetie Satan Ɔbonsam. Odii atoro kyerɛɛ Hawa na ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn de biribi pa bi rekame no. Enti ofii ase sɛ ɔbɛyɛ nea ɔno ankasa pɛ na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ‘ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’ Adam nso tew atua saa ara te sɛ Hawa.—Genesis 3:5, 6.

Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne wɔ saa kwan yi so no, wɔkyerɛe sɛ wɔmfata sɛ wɔtra ase daa. Bɔne a wɔyɛe no de amanehunu baa wɔn so. Wɔn ahoɔden so tewee na awiei koraa no wowuwui. (Genesis 5:5) Nanso, wɔn atuatew no de ɔhaw a emu yɛ den pii bae. Yɛda so ara rehu Adam ne Hawa bɔne no ho amane. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Yiw, esiane Adam ne Hawa atuatew no nti, bɔne ne owu trɛw kaa nnipa nyinaa te sɛ yare bɔne bi.

Adanse a Ɛsen Biara sɛ Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho

So ɛno kyerɛ sɛ nnipa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no asetra baa awiei koraa? Dabi. Ɛno de yɛn ba adanse a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho so. Ɛmfa ho sɛ na Onyankopɔn bɛhwere ade kɛse no ɔde nea ɔde begye adesamma afi bɔne ne owu mu mae. Nea otua de gyee yɛn ne Yesu nkwa a ɛyɛ pɛ a ofi ne pɛ mu de mae no. (Romafo 3:24) Enti, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Esiane ɔdɔ a ɛkyɛn so saa a wɔada no adi nti, yɛasan anya anidaso bio sɛ yɛbɛtra ase daa. Paulo kyerɛw Romafo no sɛ: “Nkwa bembu nam obiakofo trenee so baa nnipa nyinaa so.”—Romafo 5:18.

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, amanehunu anaa owu befi Asase so. Tebea a wɔaka ho asɛm asie wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no na ɛbɛtra hɔ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Ebia wobɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ ade a mɛtra ase akosi saa bere no.’ Nanso, asɛm no ne sɛ ebia wobɛtra ase akosi saa bere no. Na sɛ wuwu mpo a, Onyankopɔn betumi anyan wo afi awufo mu. (Yohane 5:28, 29) Ɛno ne ade a Onyankopɔn pɛ sɛ yenya, na ɛno nso na ɛbɛba. Hwɛ sɛnea ɛnyɛ nokware koraa sɛ obi bɛka sɛ Onyankopɔn nnwen adesamma ho!

‘Bɛn Onyankopɔn’

Hu a yebehu sɛ Onyankopɔn afi ase reyɛ nsiesie a ɛbɛma nnipa amanehunu afi hɔ koraa no bɛma yɛanya awerɛkyekye. Na seesei nso ɛ? Sɛ yɛn dɔfo bi wu anaa yɛn ba yare a, dɛn na yebetumi ayɛ? Bere nsoe sɛ Onyankopɔn beyi yare ne owu afi hɔ. Bible no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kakra kosi sɛ ebefi hɔ. Nanso Onyankopɔn nnyaw yɛn saa ara. Osuani Yakobo kae sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Yiw, yɛn Bɔfo no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛne no mmenya abusuabɔ pa. Na wɔn a wɔyɛ saa no behu sɛ ɔboa wɔn bere nyinaa wɔ tebea a emu yɛ den mpo mu.

Yɛyɛ dɛn bɛn Onyankopɔn? Bɛyɛ mfe mpem abiɛsa a atwam no, Ɔhene Dawid bisaa asɛm bi a ɛte saa ara. Obisae sɛ: “[Yehowa, NW], . . . hena na ɔbɛtra wo bepɔw kronkron no so?” (Dwom 15:1) Dawid buaa n’ankasa asɛmmisa no bere a ɔkɔɔ so kae sɛ: “Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware. Ɔmfa ne tɛkrɛma ntwiri, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne.” (Dwom 15:2, 3) Ɔkwan foforo so no, Yehowa gye wɔn a wɔfa kwan a Adam ne Hawa poe no so no tom. Ɔbɛn wɔn a wɔyɛ n’apɛde.—Deuteronomium 6:24, 25; 1 Yohane 5:3.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ Onyankopɔn apɛde? Ɛsɛ sɛ yesua nea ‘eye na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ani’ na yɛyɛ yɛn ade ma ɛne no hyia. (1 Timoteo 2:3) Ɛno hwehwɛ sɛ yebenya Onyankopɔn Asɛm, Bible no, mu nokware nimdeɛ. (Yohane 17:3; 2 Timoteo 3:16, 17) Nea ɛka ho bio nso ne Bible a yebegye bere akenkan no yiye. Ɛsɛ sɛ yesuasua afeha a edi kan no mu Yudafo a wɔwɔ Beroia a wotiee asɛm a na Paulo reka no. Yɛkan wɔn ho asɛm sɛ: “Woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwnsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.”—Asomafo no Nnwuma 17:11.

Saa ara na ɛnnɛ nso, sɛ yesua Bible no yiye a ɛbɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no den na aboa yɛn ma yɛne no anya abusuabɔ pa. (Hebrifo 11:6) Ɛboa yɛn ma yɛte sɛnea Yehowa ne adesamma di nsɛm nso ase, a ɛnyɛ sɛ bere tiaa mu mfaso bi nti, na ne titiriw no nea ɛbɛtra hɔ daa ama wɔn a wɔwɔ koma pa nyinaa.

Susuw Kristofo kakraa bi a wɔbɛn Onyankopɔn paa anom nsɛm a edidi so yi ho hwɛ. Danielle a wadi mfe 16 ka sɛ: “Medɔ Yehowa paa, na wayɛ pii ama me a ɛsɛ sɛ meda no ase wɔ ho. Ɔmaa me awofo pa a wɔdɔ ɔno Yehowa yiye nso. Na wɔde N’asɛm akyerɛkyerɛ me.” Kristoni bi a ɔwɔ Uruguay kyerɛwee sɛ: “Anisɔ ahyɛ me koma ma, na ɛka me ma meda Yehowa ase wɔ ne dom ne n’adamfofa ho.” Onyankopɔn gye mmofra nketewaa mpo tom. Gabriela a wadi mfe ason ka sɛ: “Medɔ Onyankopɔn sen biribiara a ɛwɔ wiase! M’ankasa mewɔ me Bible. M’ani gye ho sɛ mesua Onyankopɔn ne ne Ba no ho asɛm.”

Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase baabiara ne odwontofo a ɔkae sɛ: “Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me,” no yɛ adwene koraa. (Dwom 73:28) Wɔaboa wɔn ma wɔatumi agyina ɔhaw a wohyia nnɛ no ano, na wɔwɔ anidaso a emu yɛ den sɛ wɔbɛtra Paradise wɔ asase so daa. (1 Timoteo 4:8) Adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ ‘wobɛbɛn Onyankopɔn’? Nokwarem no, wɔama yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.” (Asomafo no Nnwuma 17:27) Yiw, Onyankopɔn dwen wo ho ankasa!

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Yehu dwen a Yehowa dwen yɛn ho no wɔ akwan pii so

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Mmofra nkumaa mpo betumi abɛn Onyankopɔn

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Ɛnnɛ, Yehowa boa yɛn ma yenya boasetɔ. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, obeyi yare ne owu afi hɔ