Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wɔfaa Po So Hyɛn Kɔɔ Kipro’

‘Wɔfaa Po So Hyɛn Kɔɔ Kipro’

‘Wɔfaa Po So Hyɛn Kɔɔ Kipro

SAA kwan yi so na Asomafo no Nnwuma nhoma no fi kyerɛwtohɔ a ɛfa Kristofo asɛmpatrɛwfo Paulo, Barnaba, ne Yohane a wɔfrɛ no Marko suahu ahorow a wonyae bere a wɔkɔɔ Kipro bɛyɛ afe 47 Y.B. mu no ase. (Asomafo no Nnwuma 13:4) Ɛnnɛ Kipro da beae titiriw bi wɔ Mediterranea apuei fam te sɛ saa bere no ara.

Romafo no ani beree supɔw no, na wobedii so wɔ afe 58 A.Y.B. Ansa na Kipro rebɛhyɛ Romafo no ase no na nsɛntitiriw pii asisi wɔ wɔn abakɔsɛm mu. Na Foinikefo, Helafo, Asiriafo, Persiafo ne Misrifo adi so pɛn. Mmeamudua Ho Akodifo, Frankfo, ne Venicefo bedii so wɔ Mfinimfini Mmere no mu, na wɔn akyi no Ottomanfo nso bedii so. Wɔ afe 1914 mu no, Britaniafo bɛko faa supɔw no na wodii so kosii sɛ supɔw no nyaa ahofadi wɔ afe 1960 mu.

Nnipa a wɔkɔ hɔ nsrahwɛ na ɛma wonya sika seesei, nanso wɔ Paulo bere so no na agyapade pii wɔ Kipro asase no so, na Romafo no fa kɔkaa wɔn sika ho wɔ Roma. Wohuu kɔbere wɔ supɔw no so wɔ n’abakɔsɛm mfiase, na wobu akontaa sɛ ebeduu bere a Roma nniso no baa awiei no na wɔatu kɔbere tɔn 250,000. Nanso, kɔbere adwuma no sɛee kwae a na wotwa emu nnua de nan kɔbere no dodow no ara. Bere a Paulo kɔɔ hɔ no na supɔw no kwae pii asɛe.

Bere a Romafo no Dii Kipro So

Sɛnea Encyclopædia Britannica ka no, Julius Caesar na ɔde Kipro maa Misraim, na ɔno akyi no na Mark Antony nso de mae. Nanso, wɔ Augusto bere so no ɛsan bedii Roma nsam, na na amrado bi a ɔhyɛ Roma ase—sɛnea Luka a ɔkyerɛw Asomafo no Nnwuma no kyerɛw no pɛpɛɛpɛ no—na odi Kipro so. Bere a Paulo kaa asɛm no wɔ hɔ no na Sergio Paulo na ɔyɛ amrado.—Asomafo no Nnwuma 13:7.

Pax Romana, amanaman ntam asomdwoe a Roma de bae no, maa wɔtrɛw Kipro fagude adwuma ne mfiridwuma mu, na ɛmaa aguadi kɔɔ so yiye wɔ hɔ. Roma asraafo a na wɔwɔ hɔ ne wɔn a na wotu kwan kɔsɔre Aphrodite nyame a na nnipa pii som no wɔ supɔw no so no nso maa wonyaa sika. Ɛno ma wotumi paee akwan foforo, sisii po so hyɛn gyinabea, ne adan akɛse a ɔmanfo tumi hyia wɔ hɔ. Hela kasa kɔɔ so yɛɛ ɔman no kasa titiriw, na na nnipa pii som Aphrodite, Apollo, ne Seus anyame no ka Roma ɔhempɔn no ho. Ná nnipa a wɔwɔ hɔ no di yiye wɔ asetram biribiara mu.

Eyi ne tebea a Paulo hyiae bere a okyin faa Kipro na ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Kristo ho asɛm no. Nanso, Kristosom kɔɔ Kipro ansa na Paulo rekɔ hɔ. Asomafo no Nnwuma kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a wokum Kristoni mogyadansefo a odi kan Stefano akyi no, tete Kristofo no bi guan kɔɔ Kipro. (Asomafo no Nnwuma 11:19) Ná Barnaba a ɔka Paulo ho no fi Kipro, na esiane sɛ na onim supɔw no so yiye nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɔkyerɛɛ Paulo ɔman no mu bere a ɔreka asɛmpa no.—Asomafo no Nnwuma 4:36; 13:2.

Paulo Akwantu Mu Nhwehwɛmu

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebetumi aka sɛnea Paulo tutuu akwan wɔ Kipro no ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Nanso, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no akyerɛ sɛnea na akwan pa wɔ hɔ wɔ Romafo no bere so. Esiane sɛnea supɔw no asase te nti, ɛbɛyɛ sɛ wɔapae nnɛyi akwan nso afa baabi a saa tete asɛmpatrɛwfo no fae no ara.

Paul, Barnaba, ne Yohane a wɔfrɛ no Marko no faa po so hyɛn fii Seleukia kɔɔ Salami po so hyɛn gyinabea. Dɛn nti na wɔkɔɔ Salami, wɔ mmere ko a na ahenkurow no ne po so hyɛn gyinabea titiriw no wɔ Pafo? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Salami da apuei fam mpoano, a na efi Seleukia a ɛda asasetam no so kɔ hɔ no yɛ kilomita 200 pɛ. Ɛwom sɛ bere a na Romafo di supɔw no so no wɔsesaa Salami de Pafo yɛɛ ahenkurow de, nanso Salami kɔɔ so yɛɛ beae titiriw a amammerɛ, nhomasua, ne aguadi ho nsɛm kɔ so wɔ hɔ. Ná Yudafo pii wɔ Salami, na asɛmpatrɛwfo no fii ase ‘kaa Onyankopɔn asɛm Yudafo hyia adan mu.’—Asomafo no Nnwuma 13:5.

Ɛnnɛ, Salami adan amamfo. Nanso, nneɛma a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu no di adanse sɛ kurow no asi so pɛn na na ahode wom. Na aguadibea bi wɔ hɔ a na amanyɔsɛm ne ɔsom mu nsɛm kɔ so wɔ hɔ paa a agye din sɛ Romafo aguadibea a ɛbɛyɛ sɛ ɛso paa a wɔatutu fam ahu wɔ Mediterranea mpɔtam hɔ. Wɔatutu amamfo no so ahu nneɛma a na ɛwɔ hɔ fi Kaesare Augusto bere so tɔnn te sɛ adwinne a ɛyɛ fɛ a wɔadi agu fam, agodibea ahorow, aguaree akɛse, agumadibea ahorow, ahemfo amusiei, ne adehwɛbea kɛse bi a ɛfa nnipa 15,000! Seus asɔredan kɛse bi a abubu nso bɛn hɔ.

Nanso, Seus antumi ammɔ kurow no ho ban amfi asasewosow ho. Asasewosow kɛse bi a esii wɔ afe 15 A.Y.B. no sɛee Salami kurow no fã kɛse no ara. Ɛwom sɛ akyiri yi Augusto san kyekyee kurow no de, nanso asasewosow sɛee kurow no bio wɔ afe 77 Y.B., na wɔsan kyekyee bio. Wɔ afeha a ɛto so anan no mu no, asasewosow a ɛtoatoa so sɛee Salami koraa na ansan amfa ne ntama pa amfura bio. Eduu Mfinimfini Mmere mu no, na dɔte asiw po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ hɔ no, na wɔamfa anyɛ hwee bio.

Wɔankyerɛ sɛnea nnipa a ɛwɔ Salami no yɛɛ wɔn ade wɔ Paulo asɛnka no ho. Nanso na ɛsɛ sɛ Paulo ka asɛm no kyerɛ nkurow foforo nso. Bere a asɛmpatrɛwfo no refi Salami no, na wobetumi afa akwan abiɛsa yi mu biako so: nea ɛkyerɛ atifi fam mpoano a etwam wɔ Kyrenia mmepɔw no so; foforo nso fa atɔe fam asase a ɛda fam wɔ Mesaoria kɔfa supɔw no asasetam so; na nea ɛto so abiɛsa no nso fa anafo fam mpoano.

Atetesɛm kyerɛ sɛ Paulo faa kwan a ɛto so abiɛsa no so. Saa kwan no nam asase pa a wɔde yɛ mfuw mu. Ɔkwan no kɔ anafo fam atɔe bɛyɛ kilomita 50 kosi Larnaca kurom ansa na aman afa atifi fam akɔ supɔw no mfinimfini.

Wokyinii Supɔw no So Nyinaa’

Ankyɛ na kwan no duu tete kuropɔn Ledra. Seesei saa beae yi na wɔakyekye ɛnnɛyi ahenkurow Nicosia. Tete ahemman no ho adanse biara nni hɔ. Nanso, ɔkwan hihiaa bi a adagyew nni so a wɔato din sɛ Ledra Street da Nicosia kurow no mfinimfini a Venicefo too ɔfasu faa ho wɔ afeha a ɛto so 16 no mu. Sɛ́ Paulo tuu kwan kɔɔ Ledra anaa wankɔ de, yennim. Nea Bible no ka kyerɛ yɛn ara ne sɛ ‘wokyinii supɔw no so nyinaa.’ (Asomafo no Nnwuma 13:6) The Wycliffe Historical Geography of Bible Lands (Wycliffe Abakɔsɛm ne Asase Ho Nsɛm a Ɛfa Bible Nsase Ho No) ka sɛ, “ɛbɛyɛ sɛ eyi kyerɛ sɛ ɛkaa kakraa bi na anka wɔreyɛ akyin Yudafo nkurow a ɛwɔ Kipro no nyinaa so.”

Akyinnye biara nni ho sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔka asɛm no kyerɛ nnipa dodow a obetumi biara wɔ Kipro. Enti, ɛbɛyɛ sɛ ɔfaa anafo fam kwan a efi Ledra twam wɔ Amathus ne Kourion a ɛyɛ nkuropɔn akɛse abien a nnipa wofi mmeaemmeae pii tete hɔ no so.

Na Kourion da abotan so paa a ɛkame ayɛ sɛ asian kɔ mpoano. Asasewosow a ɛsɛee Salami wɔ afe 77 Y.B. no ara na ɛsɛee Hela ne Romafo kurow kɛse yi. Asɔredan a na wɔsom Apollo wom fi afe 100 Y.B. no nso bubui. Na agodibea a ɛwɔ hɔ no tumi fa nnipa 6,000. Wubetumi ahu sɛnea na nnipa pii a wɔwɔ Kourion no pɛ akɛsesɛm wɔ adwinne fɛfɛ a wɔadi agu fam wɔ asikafo atrae no.

Wɔkɔ Pafo

Ɔkwan a ɛyɛ fɛ no toa so fi Kourion fa atɔe fam kɔfa baabi a wɔyɛ nsã, na ɛde nkakrankakra foro soro kosi sɛ mpofirim ara kwan no sian koakoa kɔfa abotan no so ba fam wɔ mpoano a mmosea gu hɔ no. Sɛnea Hela atetesɛm kyerɛ no, saa beae yi pɛpɛɛpɛ na ɛpo woo Aphrodite nyamewa no.

Ná Hela nyame a wagye din paa wɔ Kipro ne Aphrodite, na wɔde nsi som no kosii afeha ɛto so abien Y.B. mu. Ná beae titiriw a wɔsom Aphrodite no wɔ Pafo. Ná wɔhyɛ fa kɛse wɔ hɔ ma no osutɔbere biara de hyɛ no anuonyam. Na wɔn a wotu kwan kɔsɔre a wofi Asia Kumaa, Misraim, Hela, ne Persia a ɛwɔ akyirikyiri nso ba bedi afahyɛ no bi wɔ Pafo. Bere a na Kipro hyɛ Ptolemyfo nniso ase no, wɔde Faraofo som no kyerɛɛ Kiprofo no.

Bere a na Romafo di Kipro so no, na Pafo na ɛyɛ ahenkurow ne amrado no atrae, na wonyaa hokwan twaa kɔbere sika. Asasewosow a esii wɔ afe 15 A.Y.B. no sɛee kurow yi nso. Na Augusto yii sika ma wɔsan de kyekyee kurow no bio te sɛ nea ɔyɛɛ Salami no. Nneɛma a wɔatutu fam ahu te sɛ kurow no mu akwan a ɛtrɛw, asikafo atrae a ɛyɛ fɛ, nnwom sukuu, agodibea ahorow ne adehwɛbea ada no adi sɛ na adefo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu kurow Pafo mu no te yiye paa.

Saa Pafo yi na Paulo, Barnaba, ne Yohane a wɔfrɛ no Marko kɔe no. Ɛyɛ ha na amrado Sergio Paulo a ‘ɔyɛ ɔbadwemma no pɛe sɛ otie Onyankopɔn asɛm’ no, ɛmfa ho sɛ na osumanni Elima sɔre tia denneennen no. Amrado no ‘ho dwiriw no wɔ Yehowa nkyerɛkyerɛ no ho.’—Asomafo no Nnwuma 13:6-12.

Asɛmpatrɛwfo no wiee wɔn asɛnka adwuma no wɔ Kipro no, wɔtoaa wɔn adwuma no so wɔ Asia Kumaa. Saa asɛmpatrɛw akwantu a edi kan a Paulo tui no dii dwuma titiriw wɔ nokware Kristosom ntrɛwmu mu. St. Paul’s Journeys in the Greek Orient (Ɔhotefo Paulo Akwantu Wɔ Aman a Wɔka Hela Kasa Wɔ Apuei Fam) nhoma no ka sɛ ɛno ne “Kristosom adwuma no ne . . . Paulo asɛmpatrɛw adwuma no mfiase ankasa.” Ɛde ka ho sɛ: “Esiane sɛ na Kipro da ɛpo so kwan a wɔfa hɔ kɔ Siria, Asia Kumaa, ne Hela no nkwanta so nti, ntease wom sɛ na wobefi asɛmpatrɛw adwuma no ase wɔ hɔ.” Nanso na ɛyɛ ne mfiase ara kwa. Ɛkame ayɛ sɛ mfe 2,000 akyi no, Kristofo asɛmpatrɛw adwuma no kɔ so, na yebetumi aka no pen sɛ wɔaka Yehowa Ahenni ho asɛmpa no wɔ baabiara de “akɔpem asase ano nohɔ.”—Asomafo no Nnwuma 1:8.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 20]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

KIPRO

NICOSIA (Ledra)

Pafo

Kourion

Amathus

Larnaca

Salami

KYRENIA MMEPƆW

MESAORIA ASASETAM

TROODOS MMEPƆW

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Honhom kronkron hyɛɛ Paulo ma, ma ofuraa osumanni Elima ani bere a na ɔwɔ Pafo no