Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na Ahosɛpɛw Afahyɛ afe a wɔbɔ din wɔ Leviticus ti 25 ho nhyehyɛe no yɛ ho mfonini?

Mose Mmara no kyerɛe sɛ “afe a ɛto so ason no nyɛ ahomegye home mma asase no.” Ɛdefa saa afe no ho no, wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ: “Nnua w’afuw mu ade, na mpompan wo bobe turo mu nnua ho. Wo ntwakae a efifi no, ntwa, na wo bobe hama a woampompan ho no so akasiaw no, ntetew, ɛnyɛ ahomegye afe mma asase no.” (Leviticus 25:4, 5) Enti, na ɛsɛ sɛ mfe ason biara yɛ Homeda afe ma asase no. Na na ɛsɛ sɛ afe a ɛto so 50 biara a edi mfe ason Homeda akyi no yɛ Ahosɛpɛw Afahyɛ. Na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ saa afe no mu?

Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mompae ahofadi, asase no so, mma ɛsotefo nyinaa; ɛnyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ, na mo mu biara nsan nkɔ n’agyapade mu, na obiara nsan nkɔ n’abusua mu. Afe a ɛto so aduonum no nyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ: Munnnua ade na munntwa ne ntwakae a efifii, na monntetew mo bobe hama a wɔampompan ho no so aba.” (Leviticus 25:10, 11) Ahosɛpɛw Afahyɛ no maa asase no nyaa Ɔhome mfe abien toaa so. Nanso, wɔ wɔn a wɔte asase no so fam de, ɛma wonyaa ahofadi. Na ɛsɛ sɛ wɔma Yudani biara a wɔatɔn no kɔ nkoasom mu no nya ahofadi. Na na ɛsɛ sɛ wɔsan de abusua agyapade a ebia wɔahyɛ obi ma wɔatɔn no kɔma abusua no. Na ɛsɛ sɛ Ahosɛpɛw Afahyɛ no yɛ nsiesie ne ahofadi afe ma tete Israel. Ɛyɛ dɛn ho mfonini ma Kristofo?

Atua a onipa a odi kan Adam, tewee no de adesamma baa bɔne nkoayɛ mu. Nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a ɔde begye adesamma afi bɔne nkoasom mu no ne Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no. * (Mateo 20:28; Yohane 3:16; 1 Yohane 2:1, 2) Bere bɛn na Kristofo de wɔn ho fi bɔne mmara ho? Bere a ɔsomafo Paulo rekasa akyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no, ɔkae sɛ: “Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu.” (Romafo 8:2) Wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no nsa ka saa ahofadi yi bere a wɔde honhom kronkron sra wɔn no. Ɛwom sɛ wɔwɔ honam nnipadua a wɔnyɛ pɛ de, nanso Onyankopɔn bu wɔn bem na ogye wɔn sɛ ne honhom mu mma. (Romafo 3:24; 8:16, 17) Wɔ wɔn a wɔasra wɔn sɛ kuw no fam no, Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ no fii ase wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu.

Na “nguan foforo” a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so daa no nso ɛ? (Yohane 10:16) Wɔ nguan foforo no fam no, Kristo Mfirihyia Apem Nniso no bɛyɛ nsiesie ne ahofadi mmere ama wɔn. Wɔ Mfirihyia Apem Ahosɛpɛw Afahyɛ no mu no, Yesu de n’agyede afɔrebɔ mu mfaso no bedi dwuma ama adesamma a wɔwɔ ne mu gyidi no na wayi nea bɔne de aba no afi hɔ. (Adiyisɛm 21:3, 4) Ebedu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei no, adesamma bɛkɔ nnipa pɛyɛ mu na wɔbɛde wɔn ho afi bɔne ne owu a wonya fii awo mu no ho koraa. (Romafo 8:21) Bere a wɔadi ɛno ho dwuma awie no, Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ no bɛba awiei.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Nokwarem no, wɔsomaa Yesu sɛ ‘ɔmmɛka ogye nkyerɛ nnommum.’ (Yesaia 61:1-7; Luka 4:16-21) Ɔbɔɔ honhom fam ahofadi ho dawuru.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Mfirihyia Apem Ahosɛpɛw Afahyɛ no—nsiesie ne ahofadi mmere ma “nguan foforo” no