Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Onitefo Yɛ N’ade Nyinaa Nimdeɛ Mu”

“Onitefo Yɛ N’ade Nyinaa Nimdeɛ Mu”

“Onitefo Yɛ N’ade Nyinaa Nimdeɛ Mu”

AKWANKYERƐ a efi Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no ‘yɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii.’ (Dwom 19:7-10) Dɛn ntia? Efisɛ “onyansafo [Yehowa] kyerɛ yɛ nkwa asuti, sɛ wɔde befi owu afiri mu.” (Mmebusɛm 13:14) Sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu afotu di dwuma a, ɛnyɛ yɛn asetra nko na ebetu mpɔn, mmom no, ɛboa ma yɛkwati mfiri a ɛde yɛn nkwa to asiane mu no nso. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ na yɛde nea yesua no di dwuma no!

Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mmebusɛm 13:15-25 no, tete Israel hene Salomo de afotu a ɛboa yɛn ma yɛde nimdeɛ di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya asetra pa ne onyinkyɛ mae. * Ɔde mmɛ ntiantia dii dwuma de kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ma yɛanya afoforo anim dom, adi nokware wɔ yɛn som adwuma mu, anya nteɛso ho adwempa, na yɛapaw yɛn nnamfo nyansam. Ɔkaa sɛnea nyansa wom sɛ yebegyaw agyapade ama yɛn mma na yɛateɛ wɔn so wɔ ɔdɔ mu nso ho asɛm.

Nimdeɛ Pa Ma Obi Anim Ba Nyam

Salomo ka sɛ: “Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofo kwan yɛ aboabo.” (Mmebusɛm 13:15) Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ mfitiase kasa a wɔde dii dwuma maa “nimdeɛ pa” anaa ntease pa no “kyerɛkyerɛ sɛnea wotumi de nyansa, atɛmpa, ne nsusuwii a nyansa wom di dwuma mu.” Ɛnyɛ den mma obi a ɔwɔ su horow a ɛte saa no sɛ obenya afoforo anim dom.

Susuw nyansakwan a ɔsomafo Paulo faa so ne ne yɔnko Kristoni Filemon dii nsɛm bere a ɔmaa Filemon akoa Onesimo, a oguanee na wabɛyɛ Kristoni no san baa ne nkyɛn bio no ho hwɛ. Paulo tuu Filemon fo sɛ omfi ayamye mu nsan nye Onesimo, sɛnea anka obegye ɔno ankasa Paulo no. Nokwarem no, Paulo kae sɛ sɛ Onesimo de Filemon ka biara a, obetua ama no. Yiw, anka Paulo betumi de ne tumi adi dwuma de ahyɛ Filemon sɛ omfi ayamye mu nye Onesimo. Nanso, ɔsomafo no pawee sɛ obedi asɛm no ho dwuma wɔ anifere ne ɔdɔ kwan so. Saa a Paulo yɛe no maa onyaa ahotoso sɛ Filemon begye atom, na aka no mpo ma wayɛ pii asen nea wabisa no sɛ ɔnyɛ no. So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛne mfɛfo gyidifo di nsɛm wɔ saa kwan yi ara so?—Filemon 8-21.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, nkontompofo kwan yɛ aboabo anaa “mmonkyemmɔnka.” (New International Version) Ɔkwan bɛn so? Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, nea asɛm a wɔde di dwuma wɔ ha kyerɛ ne “denneennen anaa pintinn, a wɔde ka nsɛmmɔnedifo akwan a ɛyɛ katee na tema nnim ho asɛm. . . . Onipa a wasi ne bo sɛ obedi bɔne, otirimɔdenfo a ɔyɛ anibiannaso na ɔmpɛ akwankyerɛ a nyansa wom a afoforo de ma no no, nam ɔsɛe kwan so.”

Salomo toa so sɛ: “Onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea trɛw n’agyimisɛm mu.” (Mmebusɛm 13:16) Onitefo a wɔka ne ho asɛm wɔ ha no nkyerɛ obi a ɔyɛ ɔdaadaafo. Anitew a wɔka ho asɛm wɔ ha no ne nimdeɛ wɔ abusuabɔ na wɔde toto obi a ɔyɛ ɔbadwemma ho, nea odwen nsɛm ho yiye ansa na wayɛ biribi. Sɛ obi a ɔyɛ onitefo hyia kasatia anaa atɛnnidi mpo a, ɔto ne tɛkrɛma nnareka. Ɔbɔ mpae srɛ Nyankopɔn sɛ ɔmmoa no ma ɔnna honhom kronkron aba no adi na amma ne bo amfuw antra so. (Galatifo 5:22, 23) Obi a ɔyɛ ɔbadwemma mma obi foforo anaa tebea no nkyerɛ no nea ɔnyɛ. Mmom no, ɔhyɛ ne ho so na ɔkwati ntɔkwaw a wɔn a wɔn bo fuw ntɛmtɛm taa ko bere a obi afom wɔn no.

Onitefo de nimdeɛ di dwuma nso bere a ɔresisi gyinae ahorow no. Onim sɛ gyinae a wosi no nyansam nnyina nsɛm a wɔbɔ tirim ka so, ennyina nkate, anaa nea nnipa dodow yɛ so. Enti, ogye bere de hwehwɛ tebea a aba no mu. Ɔhwehwɛ nokwasɛm a ɛwɔ hɔ nyinaa mu na wahwɛ nea obetumi de ayɛ adwuma. Afei, ɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu na ɔpaw mmara anaa nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu a ɛfa ne tebea no ho de di dwuma. Obi a ɔte saa no kwan bɛteɛ.—Mmebusɛm 3:5, 6.

“Ɔsomafo Nokwafo Sa Ɔyare”

Sɛ Yehowa Adansefo no, wɔde Onyankopɔn nkrasɛm ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛmmɔ ho dawuru. Nsɛm a ɛwɔ mmebusɛm a edi so no mu no boa yɛn ma yɛkɔ so di nokware wɔ yɛn adwuma a yɛyɛ no mu. Ɛka sɛ: “Ɔbɔfo bɔne hwe amane mu, na ɔsomafo nokwafo sa ɔyare.”Mmebusɛm 13:17.

Nea osi so dua wɔ ha ne su horow a ɔsomafo no kura no. Na sɛ ɛba sɛ ɔsomafo no nam kwammɔne so kyea anaa kyinkyim nkrasɛm no nso ɛ? So wɔremmu no atɛn? Susuw odiyifo Elisa somfo Gehasi, a ofi pɛsɛmenkominya mu kaa nkontomposɛm kyerɛɛ Siria sahene Naaman no ho hwɛ. Naaman kwata a na wasa no yɛɛ Gehasi. (2 Ahene 5:20-27) Na sɛ ɔsomafo no ankɔ so anni nokware na ogyae asɛm no ka koraa nso ɛ? Bible no ka sɛ: “Sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu, na ne mogya de, wo nsam na [me Yehowa] mebisa.”—Hesekiel 33:8.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔsomafo nokwafo sa ne ho ne wɔn a wotie no no yare. Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.” (1 Timoteo 4:16) Susuw ayaresa a Ahenni ho asɛmpa a wofi nokwaredi mu bɔ ho dawuru de ba no ho hwɛ. Ɛkanyan nnipa komapafo na ɛde wɔn kɔ nokware a ɛma wɔde wɔn ho no mu. (Yohane 8:32) Na sɛ nkurɔfo antie asɛm no mpo a, ɔsomafo nokwafo ‘begye ne kra nkwa.’ (Hesekiel 33:9) Mommma yemmmu yɛn ani nngu ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yɛnka asɛm no so da. (1 Korintofo 9:16) Na momma bere nyinaa yɛnhwɛ ‘mpae mu nka asɛm no’ na mommma yenngugu nsɛm a yɛka no mu da sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo betie nti.—2 Timoteo 4:2.

“Nea Obu Animka no Nya Anuonyam”

So ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ ɔbadwemma po afotu biara a mfaso wɔ so a wɔde ma no no? Mmebusɛm 13:18 ka sɛ: “Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso, na nea obu animka no nya anuonyam.” Nyansa wom sɛ yebegye animka a yemmisaa ho asɛm mpo atom. Ebia afotu pa a yesusuw sɛ yenhia so betumi aba yɛn mfaso kɛse. Afotu a ɛte saa a yɛde bedi dwuma no betumi ama yɛakwati komam yaw na aboa ma yɛatwe yɛn ho afi asiane ho. Po a yɛbɛpo animka no de ahohorabɔ bɛba yɛn so.

Nkamfo a ɛyɛ ne kwan so de hyɛ yɛn den, na nokwarem no, ɛhyɛ nkuran. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nkaanim nso kwan na yegye tom. Susuw nkrataa abien a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no ho hwɛ. Bere a ɔkamfoo Timoteo wɔ ne nokwaredi ho no, ɔde afotu pii nso maa no wom. Paulo fi ayamye mu tuu aberantewaa no fo wɔ gyidi ne ahonim pa a obenya, sɛnea ɔne afoforo bedi nsɛm wɔ asafo no mu, onyamesom pa a obenya na wapene nea ɔwɔ so, sɛnea ɔbɛtete afoforo, sɛnea obesiw ɔwae ano, na wawie ne som adwuma no ho. Ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ asafo no mu hwehwɛ afotu fi wɔn a wɔwɔ suahu pii no hɔ na wɔde di dwuma.

“Wo ne Anyansafo Mmɔ”

Ɔhene nyansafo no ka sɛ: “Akɔnnɔde a adɔ kɔn yɛ ɔkra dɛ, na bɔne mu fi yɛ nkwasea akyide.” (Mmebusɛm 13:19) Ɛdefa nea saa abebusɛm yi kyerɛ ho no, nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Bere a obi adu ne botae bi ho anaa ne nsa aka nea ɔpɛ no, ɛma ne ho yɛ no frɔmm. . . Esiane sɛ du a obi bedu botae bi ho yɛ suahu a ɛyɛ anigye sen biara nti, ɛsɛ sɛ bɔne mu fi akyide ma nkwaseafo. Akwammɔne nkutoo so na nkwaseafo betumi afa adi wɔn akɔnnɔ ho dwuma, na sɛ wɔka sɛ wobefi bɔne mu a, ɛnde na wɔrentumi nnya anigye a wɔn kɔn dɔ sɛ wobenya no.” Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yebenya nsusuwii a ɛteɛ!

Hwɛ sɛnea wɔn a yɛne wɔn bɔ fekuw no wɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ yɛn nsusuwii, nea yɛpɛ ne nea yɛmpɛ so! Salomo ka nokwasɛm bi a ɛnsakra da ho asɛm bere a ɔka eyi no: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Nokwarem no, yɛn fekubɔ, sɛ́ ɛnam anigyede so, Intanɛt so, anaa nhoma a yɛkenkan so no, wɔ nkɛntɛnso wɔ sɛnea yɛte anaa onipa ko a yɛyɛ so. Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yɛpaw yɛn nnamfo nyansam!

‘Gyaw Agyapade Ma Wo Mma’

Israel hene no ka sɛ: “Bɔne tiw nnebɔneyɛfo, na treneefo de, ɔde papa tua wɔn ka.” (Mmebusɛm 13:21) Adetrenee akyi a yebedi so wɔ akatua, efisɛ Yehowa dwen atreneefo ho. (Dwom 37:25) Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ “bere ne asiane” to yɛn nyinaa. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) So yebetumi ayɛ biribi de asiesie yɛn ho ama tebea bi a yɛnhwɛ kwan?

Salomo ka sɛ: “Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma.” (Mmebusɛm 13:22a) Agyapade a ɛsom bo bɛn na awofo gyaw ma wɔn mma sɛɛ yi, sɛ wɔboa wɔn mma ma wonya Yehowa ho nimdeɛ na wɔne no nya abusuabɔ pa no! Nanso, so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, awofo bɛyɛ abusua no honam fam yiyedi ho nhyehyɛe ato hɔ esiane sɛ wobetumi awu mpofirim nti? Wɔ mmeae pii no, ebia mmusua ti betumi ayɛ insurance (ahyiakwa ho sika) ho nhyehyɛe, ayɛ nsamansew na wɔde sika asie.

Dɛn na yebetumi aka afa adebɔneyɛfo agyapade ho? Salomo toa so sɛ: “Ɔdebɔneyɛfo ahonyade de, wotia ma ɔtreneeni.” (Mmebusɛm 13:22b) Sɛ yɛde mfaso horow a atreneefo nya nnɛ no to nkyɛn a, eyi bɛbam bere a Yehowa bɔhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” ho anya mmamu no. (2 Petro 3:13) Enkosi saa bere no, na wasɛe adebɔneyɛfo dedaw na “ahobrɛasefo benya asase no adi.”—Dwom 37:11.

Onipa a ɔyɛ ɔbadwemma de nimdeɛ di dwuma, sɛ onni ahode pii mpo a. Mmebusɛm 13:23 ka sɛ: “Ahiafo adɔw ma aduan pii ba, nanso atɛntrenee nni hɔ a, wɔpra kɔ.” Mmɔdenbɔ ne Onyankopɔn nhyira ma ade ketewaa a ohiani wɔ no dɔɔso. Nanso, wɔamfa atɛntrenee anni dwuma a, atɛnkyea betumi ama obi ahwere ahode.

‘Fa Nteɛso Ma’

Nnipa a wɔnyɛ pɛ hia nteɛso, na wohia fi wɔn mmofraase. Israel hene no ka sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.”Mmebusɛm 13:24.

Abaa yɛ tumi agyirahyɛde. Wɔ Mmebusɛm 13:24 no, ɛkyerɛ tumi a awofo wɔ. Wɔ asɛm yi mu no, nteɛso abaa a wɔde bedi dwuma no nkyerɛ bere nyinaa sɛ wobetwa abofra no abaa. Mmom no, egyina hɔ ma nteɛso, ɛmfa ho ɔkwan biara a wɔfa so de ma no. Wɔ tebea bi mu no, ebia ayamye mu a wofi ka abofra bi anim no betumi ama wasesa ne subammɔne. Ebia ebehia sɛ wɔde animka a emu yɛ den nso ma abofra foforo. Mmebusɛm 17:10 ka sɛ: “Nkaanim hyɛn nhumufo mu kyɛn sɛ mmaa ɔha hyɛn ɔkwasea mu.”

Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nyansa kyerɛ awofo kwan bere nyinaa bere a wɔde nteɛso rema no na ama mmofra no anya so mfaso. Ɔwofo a ɔwɔ dɔ mmu n’ani ngu ne ba mfomso so. Mmom no, ɔhwehwɛ mfomso no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu ase ansa na agye ntini dodo. Nokwarem no, ɔwofo a ɔwɔ dɔ tie Paulo afotu yi: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4.

Na sɛ ɔwofo bi ma biribiara ho kwan na wamfa nteɛso a ehia amma nso ɛ? So daakye ne mma bɛda no ase wɔ biribiara ho kwan a ɔmae no ho? Dabida! (Mmebusɛm 29:21) Bible ka sɛ: “Abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” (Mmebusɛm 29:15) Sɛ awofo amfa wɔn tumi anni dwuma a, ɛbɛkyerɛ anibiannaso anaa ɔdɔ a wonni. Nanso, sɛ wofi ayamye mu da wɔn tumi adi na wosi pi a, ɛkyerɛ sɛ wofi ɔdɔ mu dwen wɔn mma ho.

Obi a ɔyɛ ɔbadwemma na ɔteɛ a ɔde nokware nimdeɛ di dwuma no benya so mfaso. Salomo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔtreneeni bedidi ma ne kra amee, na abɔnefo yafunu bɛda mpan.” (Mmebusɛm 13:25) Yehowa nim nea eye ma yɛn wɔ asetra afã nyinaa mu—yɛn abusua mu nsɛm, yɛne afoforo ntam abusuabɔ, yɛn som adwuma, anaa bere a wɔde nteɛso ama yɛn no. Na sɛ yefi nyansam de afotu a ɛwɔ N’asɛm mu di dwuma a, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya asetra kwan a eye kyɛn so.

[Ase hɔ asɛm]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Sɛ obi a ɔyɛ onitefo hyia kasatia a ɛmfata a, ɔto ne tɛkrɛma nnareka

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ahenni dawurubɔfo nokwafo yɛ nneɛma pa pii

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Ɛwom sɛ nkamfo hyɛ yɛn nkuran de, nanso ɛsɛ sɛ yegye nteɛso nso tom

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ɔwofo a ɔwɔ dɔ mmu n’ani ngu ne ba mfomso so